Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMABUN

Sɛ Nneɛma Sesa a, Dɛn na Wobɛyɛ?

Sɛ Nneɛma Sesa a, Dɛn na Wobɛyɛ?

ƆHAW NO

  • Wo papa adwuma nti, ɛsɛ sɛ mo nyinaa tu kɔtena baabi foforo.

  • Wo yɔnko berɛbo retu akɔ akyirikyiri baabi.

  • Wo nua panyin refi fie akɔware.

Sɛ wuhyia tebea a ɛte saa a, dɛn na wobɛyɛ?

Dua a mframa bɔ a ɛkyea nanso emmu no, osu tɔ nso a, emmu. Sɛnea mframa bɔ a dua tumi kyea nanso emmu no, saa ara na sɛ nneɛma sesa sɛ dɛn mpo a, wubetumi “akyea” nanso woremmu. Nanso ansa na yɛbɛka ɔkwan a wubetumi afa so agyina nsakrae ano no, susuw nneɛma kakra a ɛsɛ sɛ wuhu fa nsakrae ho no ho hwɛ.

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Nsakrae deɛ, ɛyɛ dɛn ara a, ɛbɛba. Bible mu nokwasɛm yi fa nnipa nyinaa ho. Ɛne sɛ: “Asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.” (Ɔsɛnkafo 9:11) Sɛnea ɛte biara no, wubehu sɛnea nokwasɛm yi te. Ɛwom, ɛnyɛ nneɛma a yɛnhwɛ kwan nyinaa na ɛyɛ bɔne. Nsakrae bi wɔ hɔ a, mfiase no ɛte sɛ nnome, nanso ebewie ase no, na adan nhyira ankasa. Nnipa dodow no ara mpɛ nsakrae, enti wonyae a, anka nneɛma te sɛ nea ɛte no ara. Enti sɛ biribi sakra wɔ wɔn asetena mu a, na ahaw wɔn.

Sɛ nneɛma sesa a, ebetumi ama mmabun ateetee. Adɛn ntia? Aberante bi a ne din de Alex * ka sɛ, “Efisɛ w’ankasa, nsakrae rekɔ so wɔ wo mu dedaw. Enti sɛ asetena sesa a, na asɛm no asɛe koraa.”

Ade foforo a enti ɛte saa ni: Sɛ nneɛma sesa ma mpanyimfo a, wobetumi de wɔn asetenam osuahu atwitwa wɔn ho. Nanso mmabun deɛ, wonni asetenam osuahu pii a wɔde betwitwa wɔn ho.

Bere dane a, dane wo ho bi. Sɛ nneɛma sesa na woamma w’abam ammu a, wunya ahoɔden de gyina nsakrae no ano. Obi a nneɛma nhaw no ntɛmntɛm no betumi agyina tebea foforo biara ano na sɛ nneɛma yɛ te sɛ nea ayɛ hu mpo a, onsuro. Sɛ asɛm to mmabun a wɔwɔ akokoduru a, wɔntaa mfa wɔn anibere nnkɔsoɛ nnubɔne anaa nsanom bebrebe so.

NEA WUBETUMI AYƐ

Gye nea ɛbɛba biara tom. Wunyae a, anka asɛm biara remfa w’ase da wɔ abrabɔ mu, nanso ɛrentumi mma saa da. Ɛyɛ dɛn ara a, wo nnamfo betu akɔtena baabi foforo anaasɛ wɔbɛkɔ aware; wo nuanom benyinyin na obiara afi fie; biribi betumi asi ama w’abusua atu akɔtena baabi foforo ma woagyaw wo nnamfonom hɔ. Wobɛkɔ akɔyɛ ɔhɔho koraa wɔ baabi foforo. Sɛ ɛba saa a, ɛho renhia sɛ wudi ho abooboo, mmom ɛsɛ sɛ wugye nea aba biara tom.Bible mu asɛm: Ɔsɛnkafo 7:10.

Hwɛ w’anim tẽẽ. Sɛ woma nneɛma a atwam no haw wo a, ɛte sɛ nea woreka kar na wode w’ani asi ahwehwɛ a ɛma wuhu w’akyi no so. Ɛwom ara na sɛ woyɛ saa a, mfaso wɔ so nanso ehia paa sɛ wohwɛ w’anim tẽẽ. Sɛ nneɛma sesa wɔ w’asetena mu a, saa ara na ɛsɛ sɛ woyɛ. Bɔ mmɔden sɛ wode w’adwene besi daakye so. (Mmebusɛm 4:25) Sɛ́ mfatoho no, botae bɛn na wubetumi de asi w’ani so bosome baako anaa bosome nsia a ɛda w’anim no?

Nya nneɛma ho adwempa. Ɔbaa bi a ne din de Laura ka sɛ: “Sɛ wowɔ nneɛma ho adwene pa a, ɛboa ma wutumi gyina nsakrae ano. Tebea biara a wowɔ mu no, nya ho adwene pa.” Sɛ yɛka sɛ kyerɛ mfaso baako a ebetumi afi tebea foforo a woakɔ mu aba no mu a, dɛn na anka wobɛka?Bible mu asɛm: Ɔsɛnkafo 6:9.

Ababaawa bi a ne din de Victoria ka sɛ, bere a ɔyɛ abofra no, ne nnamfo nyinaa tu fii baabi a na wɔte no. Ɔkaa sɛ, “Meyɛɛ ankonam araa ma minyae a anka biribiara te sɛ nea na ɛte. Nanso nea mihu ne sɛ, saa bere no paa na mifii ase nyinii. Mibehui sɛ, nnipa asetena deɛ, nsakrae mpa mu. Afei, ɛbɛdaa adi sɛ metumi anya nnamfo foforo.”Bible mu asɛm: Mmebusɛm 27:10.

Sɛ woma nneɛma a atwam no haw wo a, ɛte sɛ nea woreka kar na wode w’ani asi ahwehwɛ a ɛma wuhu w’akyi no so

Yɛ nneɛma ma afoforo. Bible ka sɛ: “Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.” (Filipifo 2:4) Sɛ wopɛ sɛ wo ho tɔ wo paa a, ɛnde sɛ wuhu sɛ obi ho akyere no a, boa no. Anna ka sɛ: “Bere a merenyin no, mibehui sɛ, sɛ meboa obi a ne ho akyere no a, ɛboa m’ankasa!”

^ nky. 11 Wɔasesa edin ahorow no.