Ɔsɛnkafo 6:1-12

  • Ahonyade a anigye nka ho (1-6)

  • Nea wowɔ no, fa gye w’ani nnɛ (7-12)

6  Awerɛhosɛm* foforo bi nso wɔ hɔ a mahu wɔ wiase, na ɛto nnipa nyinaa. Ɛne sɛ: 2  Nokware Nyankopɔn no ma obi nya sika ne ahonyade ne anuonyam, na nea ɔpɛ biara, ne nsa ka;* nanso nokware Nyankopɔn no mma ontumi mfa nnye n’ani, na mmom ɔhɔho na ɔde gye n’ani. Eyi yɛ ahuhude ne amanehunu kɛse. 3  Sɛ onipa wo ɔha, na ɔtena ase mfe pii, na ɔbɔ akwakoraa, na sɛ ne nyinaa akyi no, wantumi* amfa nneɛma pa a ɔwɔ no annye n’ani ansa na wakɔ ɔdamoa mu a, metumi aka sɛ abofra a wɔapɔn* no mpo ye sen no.+ 4  Wammɛyɛ hwee; esum mu na ɔkɔe, na esum akata ne din so. 5  Ɛwom sɛ wanhu owia da, na onnim biribiara de, nanso eye ma no koraa* sen nea odi kan no.+ 6  Sɛ obi di mfe mpem abien, na wannye n’ani a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Ɛnyɛ faako na obiara rekɔ?+ 7  Brɛ a onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ de hyɛ n’anom ma;+ nanso ɔmmee da.* 8  Dɛn na onyansafo de kyɛn ɔkwasea,+ na sɛ ohiani nim sɛnea ɔbɛsonsɔn ne ho* a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? 9  Eye sɛ nea w’ani hu no, wobɛma w’ani agye ho sen sɛ wubekyinkyin* adi w’akɔnnɔ akyi. Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.* 10  Nea aba biara, ɛwɔ din dedaw, na sɛnea onipa te nso, obiara nim; ɔrentumi ne nea ɔwɔ tumi sen no no ntwe manso. 11  Sɛ nsɛm* dɔɔso a, ahuhude nso dɔɔso; na mfaso bɛn na ɛde brɛ nnipa? 12  Hena na onim ade a eye paa sɛ onipa yɛ wɔ ne nkwa nna kakra a mfaso biara nni so no mu, ne nkwa nna a etwam te sɛ sunsuma no?+ Hena na obetumi akyerɛ onipa nea ebesi wɔ wiase wɔ ne kɔ akyi?

Ase Hɔ Nsɛm

^ Anaa “Amanehunu.”
^ Anaa “nea ne kɔn dɔ biara mmɔ ne kra.”
^ Anaa “ne kra antumi.”
^ Anaa “abofra a wawu wɔ ne maame yam.”
^ Nt., “ɔwɔ ahotɔ pii.”
^ Anaa “ne kra mmee da.”
^ Nt., “sɛnea ɔbɛnantew ateasefo anim.”
^ Anaa “wo kra bekyinkyin.”
^ Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “nneɛma.”