Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Atuboa a Ɔte sɛ Abɛbɛ Ho Nsɛm

Atuboa a Ɔte sɛ Abɛbɛ Ho Nsɛm

NTUMMOA bi wɔ hɔ a wɔte sɛ mmɛbɛ. Wɔfrɛ wɔn Cicadas. Wɔwɔ asase so baabiara, gye sɛ Antarctica. Sɛ wokɔ America atifi fam baabi a, wubehu cicadas soronko bi wɔ hɔ. Wɔn a wosua ntummoa ho ade kyerɛ sɛ wɔn ho yɛ nwonwa paa.

Susuw ho: Sɛ edu osutɔ bere mu a, saa ntummoa yi pue prɛko pɛ wɔ nnawɔtwe kakraa bi ntam. Sɛ owia bɔ kakra a, wɔworɔw wɔn ho, wosu yɛ dede paa, wotu, wɔto nkosua, na ɛno akyi no, wowu. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, efi bere a nkosua no bɛpae kosi bere a wɔn mma nketewa no benyin no tumi di bɛyɛ mfe 13 anaa mfe 17. Bere a wɔhyɛ dɔte mu kosi sɛ wobepue no, dɛn na ɛkɔ so?

Sɛ yebenya asɛm yi ho mmuae a, ɛsɛ sɛ yehu saa ntummoa yi ho nsɛm kakra. Sɛ wopue fi fam a, anini ne abere no hyiam na ɛno akyi no, wɔto nkosua bɛyɛ 400 kosi 600. Ɛyɛ a wɔto wɔn nkosua no gu nnua nkonmu. Ɛno akyi no, ɛnkyɛ na wɔawu. Nnawɔtwe kakraa bi akyi no, nkosua no paapae ma osã no fi tɔ fam. Sɛ wɔtɔ fam saa a, wowurawura dɔte mu. Afei, wɔtwe nnua ntini mu nsu mfe bebree. Mfe 13 anaa 17 akyi no, osã no dan cicadas na wɔsan fi wɔn abrabɔ ase bio.

Nhoma bi ka sɛ, sɛnea cicadas yɛ wɔn ade no, “nyansahufo ntumi ntee ase nwiei. . . . Ɛde besi nnɛ mpo, wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu nea nti a cicadas yɛ wɔn ade saa, efisɛ ɛyɛ wɔn nwonwa.” (Nature magazine) Ɛyɛ biribi a ɛda nsow koraa wɔ mmoadoma mu.

Wosusuw ho sɛn? Wugye di sɛ, sɛnea cicadas yɛ wɔn ade no, ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔɔ no saa?