Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔbɔe Anaa?

Yɛn Nipadua

Nea Ɛma Ekuro Tumi Wu

Rɔba bɛn na nyansahufo reyɛ de asuasua sɛnea ekuro wu?

Asaase So Mmoa

Ɛpo Mu Ahweaa Ho Nhwi

Mmoa a wɔte nsu a ɛyɛ nwini mu bebree wɔ sradeɛ pii wɔ wɔn wedeɛ mu a ɛmma awɔw nkɔ wɔn mu. Nanso ɛpo mu ahweaa deɛ, biribi foforo na ɛboa no.

Agyinamoa Ano Mfemfem—Sɛnea Ɛyɛ Adwuma

Adɛn nti na nyansahufo ahwɛ agyinamoa ano mfemfem so reyɛ robot foforo?

Sɛnea Ɔkraman Te Nneɛma Hua

Sɛnea ɔkraman te nneɛma hua no, dɛn na nyansahufo ahu wɔ ho a enti wɔrebɔ mmɔden sɛ wobesua na wɔayɛ mfiri bi a ɛte nneɛma hua saa?

Pɔnkɔ Nan

Adɛn nti na mfiridwumafo ntumi nyɛ pɔnkɔ nan no bi?

Mmoa Ne Afifide a Ɛwɔ Nsu Mu

Bonsu Nsa

Hwɛ sɛnea wubetumi anya aboa kɛse yi nsa a ɛyɛ adwuma anwonwakwan so no so mfaso.

Bonsu Wedeɛ a Ɛno Ara Tumi Siesie Ne Ho

Nnwumakuw a wɔde po so ahyɛn yɛ adwuma no, biribi wɔ bonsu wedeɛ ho a ɛho hia wɔn pa ara. Ɛyɛ dɛn?

Sɛnea Bonsu De Ne Sũ Hwehwɛ Ade

Bonsu yi tumi de ne sũ hu nneɛma a atwa ne ho ahyia, na nyansahufo rebɔ mmɔden sɛ wobesuasua.

Ɛpo Mu Ɔsa Were a Etumi Dannan

Dɛn na ɛma aboa a ɔda po mu yi were tumi yeyere na emu san gow?

Gluu a Ɛpo Mu Aboa Bi a Yɛfrɛ No Ɔworaba No Yɛ

Wɔkyerɛ sɛ gluu a ɛboa ma ɔworaba tumi fam biribi ho no, etumi kyere ade yiye sen gluu biara a nnipa ayɛ no koraa. Nanso, nea ɛma ɔworaba tumi fam nneɛma a afɔw ho de, nnansa yi ara na nyansahufo atumi ahu.

Adɔde Nan

Adɔde wɔ nan nteaanteaa bi a ɛte sɛ ahama. Ɔde fam biribi ho a, ɛyɛ den sɛ ɔbɛwae. Nyansahufo hu sɛnea ne nan no yɛ adwuma a, ɛbɛma wɔahu kwan foforo anaa kwampa a wɔbɛfa so de nneɛma afomfam dan ho, ne sɛnea wɔde ntini bɛfam dompe ho.

Sɛnea Ɛpo Mu Mmoa Bi Konkuro Te

Sɛnea ɛpo mu mmoa konkuro te nti, etumi bɔ mmoa a ɛhyɛ mu no ho ban.

Ɛyɛ Dɛn na Posena Tumi Sesa Ne Kɔla Ntɛmntɛm Saa?

Abenfo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ atade bi a ebetumi asesa kɔla ntɛmntɛm wɔ anibu baako mu.

Hawaii Posena Bo a Ɛsɔ Kanea

Aboa yi wɔ ɔno ara ne kanea—nanso ɔnsɔ mfa nhwɛ ade, na mmom ɛboa ma ɔde ne ho hinta.

Posena Nsa a Ɛyɛ Nwonwa

Abenfo ahwɛ so ayɛ robɔt bi a ne nsa tumi yɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa pa ara.

Posena Bi a N’akyi “Tumi Hu Ade”

Kenkan po mu posena bi ho nneɛma a ɛyɛ nwonwa ho asɛm.

Ɛpo Mu Pɔnkɔ Dua

Ɛpo mu pɔnkɔ yɛ apataa bi a de dua yɛ soronko koraa na yebetumi ahwɛ ne dua no so na yɛatu mpɔn wɔ robɔt yɛ mu.

Nnomaa

Nnomaa Kɔla—Nea Enti a Ɛmpa Da

Nnomaa kɔla a ɛmpa da no, ɔkwan bɛn so na ɛreboa ama wɔayɛ paint ne ntade a ne kɔla mpa?

Ɔpatu Ntaban

Ɔpatu ntaban yɛ nwonwa, wobetumi ahwɛ so ayɛ mfiri a ɛtwe anyinam ahoɔden fi mframa mu, na anyɛ dede pii.

Nnomaa a Wɔn Ntaban Ano Akoa

Wiemhyɛn ho abenfoɔ asua biribi afiri nnomaa yi hɔ, na wɔakora sika a anka ɛbɛtɔ pɛtro galon ɔpepepem 2 wɔ afe baako mu.

Emperor Penguin Ntakra

Dɛn na nyansahufo ahu afa anomaa yi ntakra ho?

Nea Ɛma Suborɔkokɔ a Okyinkyin Tumi Kyɛ Wɔ Wim

Hu nea enti a anomaa yi betumi atu afa wim nnɔnhwerew pii a ɔmmɔ ne ntaban mu biako mpo!

Asukɔnkɔn a Wɔfrɛ no Bar-Tailed Godwit—Nea Ɛma Otumi Tu Kɔ Baabi a Ɔnyera Kwan

Sua sɛnea anomaa yi tumi de nnawɔtwe tu kɔtena baabi foforo a ɛyɛ ade biako a ɛyɛ nwonwa yiye a nnipa ahu no ho ade.

Mmoa a Wɔwea

Koterɛ Nkasɛɛ-Nkasɛɛ

Ɛyɛ dɛn koraa na koterɛ yi twe nsuo fa ne nan mu kɔ ne wedeɛ mu kɔpue n’anom a ɛnwunu ngu fam?

Ɔketew Dua

Ɛbɛyɛ dɛn na ɔketew yi ahuruw akɔfam ɔfasu ho?

Dɛnkyɛm Apantan

Sɛ dɛnkyɛm de ne se si biribi mu a, ahoɔden a ɔde ka mu no, gyata ne ɔsebɔ mpo mma. Nanso ne nkatedeɛ yɛ nam sen nnipa nsa ano koraa. Adɛn ntia?

Ɔwɔ Wedeɛ

Dɛn na ɛma ɔwɔ wedeɛ yɛ den ma otumi foro dua a ɛho wewerɛwewerɛ na otumi tu bɔn wɔ anhwea mu?

Apɔtorɔ a Ɔwo Fa N’anom

Adɛn nti obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ka sɛ entumi mma sɛ ɔkwan a apɔtorɔ no fa so wo no, biribi na ɛdannan nkakrankakra maa ɛyɛɛ saa?

Nkoekoemmoa

Sɛnea Wowa Tumi Tu Kosi Baabi Pɛpɛɛpɛ

Dɛn na ɛwɔ wowa ho a nyansahufo pɛ sɛ wɔyɛ bi wɔ robɔt a etumi tu mu?

Ɛwoɔkyɛm

Ɛyɛɛ dɛn na nwowa huu ɛwoɔkyɛm so mfasoɔ berɛ a nyansahufoɔ antumi ankyerɛkyerɛ mu kɔsii afe 1999?

Nea Enti a Ntɛtea Mmɔ Mpee So

Ntɛtea mmɔ mpee so a obi nkɔ mma obi mma. Wɔyɛ dɛn tumi yɛ saa?

Ntɛtea Kɔn

Ɛyɛ dɛn na ntɛtea tumi soa nneɛma a emu yɛ duru sen ɔno ankasa koraa?

Nea Kakapɛ De Prapra Ne Nkatebɛn Ho

Sɛ saa aboawa yi betumi atena nkwa mu a, ehia sɛ ɔprapra ne nkatebɛn ho. Ɔyɛ dɛn tumi yɛ saa adwuma a ɛho hia yi?

Sahara Ntɛtea Hyɛnhyɛn

Sɛ yɛka mmoa a wotumi ɔhyew paa wɔ asase so a, yɛrentumi nnya saa ntɛtea yi. Dɛn na ɛboa ntɛtea yi ma otumi gyina ɔhyew a ano yɛ den paa saa no ano?

Atuboa a Ɔte sɛ Abɛbɛ Ho Nsɛm

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, efi bere a nkosua no bɛpae kosi bere a wɔn mma nketewa no benyin no tumi di bɛyɛ mfe 13 anaa mfe 17.

Agyaakwaa Haterewa Hankrase

Ɛboa aboa no ma ɔtumi huri tenteenten a ɔnhwe fam.

Ntutummɛ Amemene

Dɛn na ɛmma ntutummɛ mpempem wɔn ho?

Sɛnea Aketekyire Aso Te Nnyigyei ma Ɛyɛ Nwonwa

Akoekoeboa ketewa yi aso te nnyigyei te sɛ onipa aso. Ɔkwan bɛn so na nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ wɔ sɛnea akoekoeboa yi te nnyigyei mu no betumi aboa nnɛyi nyansahu ne mfiridwuma?

Afofantɔ Ntaban

Blue Morpho ntaban so tromtromtrom. Nanso nneɛma bi wɔ so a wunhu, gye sɛ wode afidie hwɛ. Edi dwuma bɛn?

Afofantɔ Ntaban—Ɛtwe Awia

Afofantɔ ntaban tuntum no, enni hɔ kwa.

Sɛnea Afofantɔ Fitaa Bi a Ne Din De Cabbage White Bue Ne Ntaban Mu

Dɛn na ɛwɔ afofantɔ a ne din de cabbage white no ho a aboa wɔn a wɔyɛ mfiri ama wɔayɛ sola panɛl a etumi twe ahoɔden fi owia no mu ntɛmntɛm?

Abubummabaa Aso

Abubummabaa aso sua deɛ, nanso ɔtumi te nnyegyeeɛ sen aboa biara.

Nea Ɛma Kukurubin Hu Kwan

Deɛn na ɛboa kukurubin ma ohu ade? Deɛn na nnipa betumi ahwɛ no ayɛ?

Bogya Kanea

Ɔkwan bɛn so na aboa ketewa yi apusuw nyansahufo ma wɔatumi ama LED nkanea a ɛhyehyɛ mfiri mu no ahyerɛn kɛse?

Nnuaba Ho Ntuboa—Sɛnea Wotumi Dannan Wɔn Ho

Nnuaba ho ntuboa tumi dannan wɔn ho te sɛ wimhyɛn a asraafo de di ako. Anibu baako ntam no, wotumi dannan wɔn ho mpɛn pii.

Ananse

Ananse Aniwa a Ɛyɛ Wusii

Ɔyɛ dɛn tumi sẽsẽ hu ɔkwan a ɛda ɔne biribi ntam pɛpɛɛpɛ? Dɛn nti na nhwehwɛmufo pɛ sɛ wosua ɔkwan a ɔfa so yɛ ade?

Ananse Ntontan a Ɛkyere Ade Ho Ahintasɛm

Ananse tumi de amane yɛ ntontan a ɛyɛ den na ɛsan nso yɛ mmerɛw. Hwehwɛ ɔkwan a ɔfa so ne nea enti a ɛte saa.

Afifide

Aba Bruu Hyɛnhyɛn Bi

Pollia berry aba no nni biribiara wɔ ho a ɛyɛ bruu, nanso yɛreka afifide a ɛwɔ kɔla bruu a ɛhyerɛn paa a, saa aba yi na edi kan. Dɛn na ɛma aba yi kɔla hyerɛn saa?

Sɛnea Nnua Kyekyɛ Bere Mu

Animdefo de nhwiren bi yɛɛ nhwehwɛmu. Wɔhuu sɛ saa nhwiren yi kyekyɛ aduane a ɛdi no mu pɛpɛɛpɛ ansa na adeɛ akye, na wei yɛ nwonwa paa.

Microscopic World

Sɛnea DNA Tumi Kora Abɔde Ho Nsɛm So

Wɔato DNA din sɛ “adekorabea a ɛso bi nni.” Hu nea enti a ɛte saa.

Mmoawammoawa a Wɔnonom Fango

Sɛ yɛde mmoawammoawa yi toto nnipa ho a, hwan na wɔtumi hohoro fango a ɛmfa nsunsuanso bɔne biara mma?