Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SO WƆBƆE?

Asukɔnkɔn a Wɔfrɛ no Bar-Tailed Godwit—Nea Ɛma Otumi Tu Kɔ Baabi a Ɔnyera Kwan

Asukɔnkɔn a Wɔfrɛ no Bar-Tailed Godwit—Nea Ɛma Otumi Tu Kɔ Baabi a Ɔnyera Kwan

SƐNEA bar-tailed godwit tumi tu kɔtena baabi foforo no yɛ ade biako a ɛyɛ nwonwa yiye a nnipa ahu. Ebetumi agye anomaa no bɛboro nnawɔtwe na watwa kwan kilomita 11,000 akɔ baabi foforo.

Susuw ho hwɛ: Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu gye di sɛ biribi a ɛwɔ asase mu a ɛte sɛ twebo na ɛkyerɛ nnomaa bi kwan ma wɔkɔ baabi a wɔpɛ sɛ wɔkɔ no. Ɛte sɛ nea wɔde afiri bi a ɛkyerɛ nnipa kwan kɔ baabi ahyɛ wɔn tirim. Ebetumi aba nso sɛ owia hann ne nsoromma a epue wɔ soro anadwo no na ɛkyerɛ godwit no kwan ma otu kɔ mmeae foforo. Ɛte sɛ nea godwit tumi hu ahum a ɛrebetu a ebetumi aboa no ma watu akɔ baabi no. Nanso, abenfo ntumi nkyerɛkyerɛ sɛnea nnomaa yi tumi twa kwantenten yi mu pefee. Abɔde a nkwa wom ho nimdefo Bob Gill ka sɛ: “Mfe 20 ni a masua wɔn ho ade, nanso ɛda so ara yɛ me nwonwa yiye.”

Wususuw Ho Dɛn? So adannandi na ɛma godwit no tumi tu kɔ baabi a ɔnyera kwan? Anaasɛ obi na ɔbɔe?