Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hu Nsonsonoe a Ɛda Wɔn a Wɔsom Yehowa Ne Wɔn a Wɔnsom No Ntam

Hu Nsonsonoe a Ɛda Wɔn a Wɔsom Yehowa Ne Wɔn a Wɔnsom No Ntam

“Mubehu nsonsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam.”​—MAL. 3:18.

NNWOM: 127, 101

1, 2. Ɔhaw bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo rehyia nnɛ? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

NNURUYƐFO pii hwɛ nkurɔfo a wɔyare nsanyare. Wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn a wɔyare no nti na wɔhwɛ wɔn. Sɛ wɔrehwɛ ayarefo no a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a yare a wɔpɛ sɛ wɔsa no rensan wɔn. Yɛn nso, nnipa a wɔn suban ne wɔn nneyɛe ne Onyankopɔn deɛ nhyia no, yɛn mu pii ne wɔn na ɛte, na yɛne wɔn yɛ adwuma. Wei betumi ayɛ ɔhaw ama yɛn.

2 Nna a edi akyiri yi mu no, nnipa pii abrabɔ asɛe. Krataa a ɛto so mmienu a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo no, ɔkaa nneyɛe bi a nkurɔfo a wɔne Onyankopɔn ntam atetew bɛda no adi. Bere a yɛrebɛn wiase yi awiei no, nkurɔfo bɛda saa nneyɛe no adi kɛse. (Kenkan 2 Timoteo 3:1-5, 13.) Ɛwom sɛ ebia saa suban yi a nnipa pii bɛda no adi no bɛma yɛn ho adwiriw yɛn deɛ, nanso anhwɛ a yebesuasua saa suban ne nneyɛe a nkurɔfo da no adi no. (Mmeb. 13:20) Adesua yi mu no, yebehu sɛ ɛsono nneyɛe a nkurɔfo da no adi wɔ nna a edi akyiri yi mu, ɛnna ɛsono nea Onyankopɔn nkurɔfo nso da no adi. Yɛbɛsan ahu ɔkwan a yɛbɛfa so abɔ yɛn ho ban, na bere a yɛreboa nkurɔfo ama wɔabehu Yehowa no, yɛansuasua nneyɛe bɔne.

3. Henanom na suban a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:2-5 no fa wɔn ho?

3 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” Afei, ɔbobɔɔ subammɔne 19 a nkurɔfo bɛda no adi saa bere no mu. Subammɔne a Paulo bobɔɔ din no, ɛte sɛ nea ɛwɔ Romafo 1:29-31 no. Nanso, krataa a ɔkyerɛw Timoteo no mu no, ɔde nsɛmfua bi dii dwuma a ebi nni Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu baabiara bio. Bere a Paulo rebobɔ subammɔne no din no, ofii ase sɛ “efisɛ nnipa bɛyɛ . . .” Nanso, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔda saa suban yi adi. Kristofo suban da nsow koraa.​—Kenkan Malaki 3:18.

SƐNEA YEBU YƐN HO

4. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ ahomaso?

4 Bere a Paulo kae sɛ nnipa pii bɛyɛ ahopɛ, anaa wɔbɛdɔ wɔn ho dodo na wɔayɛ sikanibere no, ɔsan kae sɛ ebinom bɛyɛ ahohoahoa, ahantan, ne ahomaso. Mpɛn pii no, nnipa a wɔda saa suban yi adi no susuw sɛ wɔkyɛn afoforo. Ebia nea ɛma wɔn adwene yɛ wɔn saa ne wɔn ahoɔfɛ, nneɛma a wotumi yɛ, wɔn sika, anaa dibea a wɔwɔ. Nnipa a wɔwɔ suban a ɛte saa no, sɛ nkurɔfo kamfo wɔn na wɔhoahoa wɔn a, wɔn ani gye ho paa. Nhomanimfo bi kyerɛw asɛm a edi so yi faa obi a ɔyɛ ahomaso ho. Ɔkae sɛ: “Onipa a ɔte saa bu ne ho araa ma ɔsom ne ho wɔ ne komam.” Ebinom aka sɛ ahomaso yɛ subammɔne paa, na ɛno nti nnipa a wɔyɛ ahantan mpo hu sɛ obi yɛ ahomaso a, wɔn ani nnye ne ho.

5. Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa asomfo anokwafo binom mpo bɛyɛɛ ahomaso?

5 Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa kyi ahomaso, na ɔtan “ani a ɛtra ntɔn” nso. (Mmeb. 6:16, 17) Sɛ obi yɛ ahomaso a, ɔrentumi mmɛn Onyankopɔn. (Dw. 10:4) Ahomaso yɛ Ɔbonsam suban. (1 Tim. 3:6) Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, Yehowa asomfo anokwafo binom mpo bɛyɛɛ ahomaso. Yuda hene Usia dii nokware mfe pii. Bible ka sɛ: “Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so de no kɔɔ ɔsɛe mu; wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokware, na ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ aduhuam afɔremuka no so.” Akyiri yi, Ɔhene Hesekia nso bɛyɛɛ ahomaso bere tiaa bi.​—2 Be. 26:16; 32:25, 26.

6. Dɛn na anka ebetumi ama Dawid ayɛ ahomaso, nanso adɛn nti na wamma ne ho so?

6 Ebinom ahoɔfɛ, edin a wɔagye, nnwom a wonim bɔ, wɔn ahoɔden, anaa dibea a wɔwɔ nti, wɔayɛ ahomaso. Ná Dawid wɔ saa nneɛma yi nyinaa bi; nanso, ɔbrɛɛ ne ho ase ne nkwa nna nyinaa. Bere a Dawid kum Goliat na Ɔhene Saul de ne babea maa no aware no, Dawid kae sɛ: “Hena ne me, na me nkurɔfo, me papa abusua yɛ dɛn wɔ Israel na mabɛyɛ ɔhene ase?” (1 Sam. 18:18) Dɛn na ɛboaa Dawid ma ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase? Ná Dawid nim sɛ, nea ɛma onyaa suban pa, nea ɛma otumi yɛɛ nneɛma pii, na onyaa hokwan ahorow ne sɛ, Onyankopɔn ‘brɛɛ ne ho ase’ tiee no. (Dw. 113:5-8) Dawid hui sɛ adepa biara a ɔwɔ no, Yehowa na ɔde ama no.​—Fa toto 1 Korintofo 4:7 ho.

7. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛabrɛ yɛn ho ase?

7 Ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase sɛnea Dawid yɛe no. Ahobrɛase yɛ suban a ɛyɛ fɛ, enti sɛ yehu sɛ Yehowa a ɔyɛ Ɔsorosoroni wɔ amansan yi mu da saa suban no adi a, ɛka yɛn koma paa. (Dw. 18:35) Yetie Onyankopɔn afotu yi: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre.” (Kol. 3:12) Yenim nso sɛ ɔdɔ, “entu ne ho, ɛnhoman.” (1 Kor. 13:4) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ebetumi atwe nkurɔfo aba Yehowa nkyɛn. Sɛnea ɔyerenom nam wɔn abrabɔ pa so betumi anya wɔn kununom a ɔkasa nka ho no, saa ara na sɛ Onyankopɔn nkurɔfo brɛ wɔn ho ase a, ebetumi atwetwe nkurɔfo aba ne nkyɛn.​—1 Pet. 3:1.

SƐNEA YƐNE AFOFORO TENA

8. (a) Ɛnnɛ, ebinom bu awofo so asoɔden sɛn? (b) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no tu mmofra fo sɛ wɔnyɛ?

8 Paulo kaa sɛnea nna a edi akyiri mu no, nkurɔfo ne afoforo bɛtena. Ɔkae sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmofra bɛyɛ wɔn awofo so asoɔden. Ɛwom sɛ ɛtɔ da a, nkurɔfo pene saa subammɔne no so, na mpo wɔhyɛ ho nkuran wɔ nhoma, sini, ne television so dwumadi ahorow mu. Nanso asoɔden sɛe abusua a ɛno ne adesamma fapem no. Nnipa nim saa asɛm yi fi tete. Nhwɛso bi ni. Tete Hela (Greece) no, sɛ ɔbarima bi bɔ n’awofo a, na hokwan ahorow a ɔwɔ sɛ ɔman ba no fi ne nsa; wɔ Romafo mmara mu no, sɛ obi bɔ ne papa a, na wɔfa no sɛ wadi awu. Hebri Kyerɛwnsɛm ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa tu mmofra fo sɛ wonni wɔn awofo ni.​—Ex. 20:12; Efe. 6:1-3.

9. Dɛn na ɛbɛboa mmofra ama wɔatie wɔn awofo asɛm?

9 Sɛ mmofra dwinnwen nea wɔn awofo ayɛ ama wɔn ho a, ebetumi abɔ wɔn ho ban na wɔanyɛ asoɔden. Sɛ wɔte ase sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya no pɛ sɛ wɔyɛ osetie a, ɛbɛma wɔn ani asɔ wɔn awofo. Sɛ mmofra ka nsɛm pa fa wɔn awofo ho a, wobetumi aboa wɔn mfɛfo ama wɔn nso ani asɔ wɔn awofo. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ awofo nni tema ma wɔn mma a, ebetumi ayɛ den ama mmofra no sɛ wobefi wɔn komam atie wɔn. Nanso, sɛ abofra hu sɛ n’awofo dɔ no paa, na sɛ mpo biribi yɛ no sɛ ɔnyɛ wɔn so asoɔden a, ɔdɔ no bɛka no ama wayɛ osetie ama wɔn. Austin ka sɛ: “Ɛwom sɛ ɛtɔ da a na biribi yɛ me sɛ minwia me ho nyɛ bɔne, nanso na m’awofo ma me akwankyerɛ pa; wɔhyɛ mmara bi a na wɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ me, na na wɔne me bɔ nkɔmmɔ bere nyinaa. Wei boaa me ma meyɛɛ osetie. Mihui sɛ wodwen me ho, na ɛno nti, na mepɛ sɛ meyɛ nea ɛsɔ wɔn ani.”

10, 11. (a) Subammɔne bɛn na ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo nnɔ wɔn ho wɔn ho? (b) Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo dɔ wɔn yɔnko nnipa sɛn?

10 Paulo bobɔɔ subammɔne foforo a ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo nnɔ wɔn ho wɔn ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a ɔkaa “awofo so asoɔdenfo” ho asɛm wiei no, ɔde bonniayɛfo toaa so. Efisɛ, sɛ obi yɛ bonniayɛ a n’ani nsɔ nea afoforo ayi wɔn yam ayɛ ama no. Paulo san kae sɛ, nkurɔfo bɛyɛ wɔn a wonni nokware. Nkurɔfo bɛyɛ wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, kyerɛ sɛ, wɔmpɛ sɛ wɔne afoforo besiesie wɔn ntam. Afei, ɔsan kae sɛ nkurɔfo bɛyɛ wɔn a wɔka abususɛm ne wɔn a woyi afoforo ma, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔkasa tia afoforo twa wɔn adapaa ma ebi ka Onyankopɔn mpo. Ɔkaa dinsɛefo nso ho asɛm; nkurɔfo a wɔkeka afoforo ho nsɛmmɔne de sɛe wɔn din. *

11 Wɔn a wɔsom Yehowa da ɔdɔ kann adi kyerɛ wɔn yɔnko nnipa. Wɔnte sɛ nnipa dodow no ara a wɔwɔ hɔ nnɛ a wonni dɔ no. Efi tete nyinaa, wɔn a wɔsom Yehowa da ɔdɔ kann adi. Yesu kae sɛ, Mose Mmara no mu no, ahyɛde a na ɛho hia sen biara ne dɔ Onyankopɔn. Nea ɛto so mmienu ne dɔ wo yɔnko, ɛno nso yɛ a·gaʹpe dɔ. (Mat. 22:37-39) Yesu san kae sɛ, suban a ɛbɛma nkurɔfo ahu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo ne ɔdɔ a wɔbɛdodɔ wɔn ho. (Kenkan Yohane 13:34, 35.) Nokware Kristofo bɛda ɔdɔ a ɛte saa adi akyerɛ wɔn atamfo mpo.​—Mat. 5:43, 44.

12. Dɛn na Yesu yɛe a ɛma yehu sɛ na ɔdɔ afoforo?

12 Yesu kyerɛe sɛ na ɔdɔ afoforo paa. Otutuu akwan kɔɔ nkurow so kɔkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa kyerɛɛ nkurɔfo. Ɔsaa anifuraefo, mmubuafo, akwatafo, ne asotifo yare. Onyanee awufo. (Luka 7:22) Ɛwom sɛ na nnipa pii tan Yesu deɛ, nanso ɔde ne nkwa mpo bɔɔ afɔre maa yɛn. Yesu daa ɔdɔ a n’Agya wɔ no bi adi pɛpɛɛpɛ. Wokɔ wiase baabiara a, Yehowa Adansefo da Onyankopɔn dɔ no bi adi kyerɛ afoforo.

13. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ afoforo no betumi atwetwe wɔn abɛn Yehowa?

13 Sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ afoforo a, ɛtwe wɔn bɛn yɛn soro Agya no. Nhwɛso bi ni. Bere a ɔbarima bi a ofi Thailand kɔɔ ɔmantam nhyiam bi ase no, ohui sɛ Onyankopɔn nkurɔfo dodɔ wɔn ho, na ɛkaa ne koma. Ɔkɔɔ fie no, ɔkae sɛ wɔne no mmesua Bible mprenu nnawɔtwe biara. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ n’abusuafo nyinaa, na nhyiam no akyi abosome nsia pɛ no, ɔyɛɛ ne dwumadi a edi kan wɔ Ahenni Asa so; ɔkenkan Bible. Ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ nkurɔfo no, nea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛ yɛrebɔ ho mmɔden no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Mereyɛ nea metumi biara sɛ mɛboa m’abusuafo, m’asafo mufo, ne wɔn a mihyia wɔn wɔ asɛnka mu anaa? Mebɔ mmɔden sɛ mehu afoforo sɛnea Yehowa hu wɔn?’

MPATAKU NE NGUAMMAA

14, 15. Suban a ɛte sɛ mmoa deɛ bɛn na nnipa pii da no adi, nanso dɛn na ebinom ayɛ de asesa wɔn suban?

14 Nkurɔfo reda subammɔne foforo adi wɔ nna a edi akyiri yi mu. Wei nso ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo twe wɔn ho fi nnipa a wɔte saa ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nnipa a wonsuro Onyankopɔn mpɛ papa, anaa sɛnea Bible nkyerɛase bi ka no, “wokyi papa,” anaa “wɔmpɛ adepa biara.” Ɛma wɔyɛ nkurɔfo a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka. Wɔn mu binom bɛyɛ asobrakye, anaa nkurɔfo a wɔyɛ ade a wonnwen ho, na wɔyɛ wɔn ade basabasa.

15 Nnipa pii a kan no na wɔn suban te sɛ mmoa deɛ asesa wɔn suban. Saa nsakrae yi, wɔkaa ho asɛm fɛfɛɛfɛ wɔ Bible nkɔmhyɛ mu. (Kenkan Yesaia 11:6, 7.) Sɛ yɛkan a, yebehu nkekaboa te sɛ mpataku ne agyata a wɔne afieboa te sɛ nguammaa ne anantwi mma te asomdwoe mu. Dɛn na ama wɔte asomdwoe mu? Bible ka sɛ: “Efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã.” (Yes. 11:9) Esiane sɛ mmoa ntumi nsua Yehowa ho ade nti, nkɔmhyɛ yi mmamu fa nnipa suban a Onyankopɔn bɛboa wɔn ama wɔasesa ho.

Bible nnyinasosɛm tumi sesa nnipa! (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Ɔkwan bɛn so na Bible aboa nkurɔfo ama wɔasesa wɔn suban?

16 Nnipa pii wɔ hɔ a kan no, na wɔyɛ keka te sɛ mpataku, nanso seesei wɔne afoforo te asomdwoe mu. Wubetumi akenkan wɔn suahu no bi wɔ asɛm a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa” a ɛba toatoa so wɔ jw.org. Wɔn a wɔabehu Yehowa na wɔresom no no nte sɛ wɔn a wɔde nyamesom pa adura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nyɛ adwuma no. Nkurɔfo a wɔwɔ saa subammɔne no yɛ wɔn ho sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛe nkyerɛ saa. Mmom no, nnipa bi a kan no na wɔyɛ keka ‘ahyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu.’ (Efe. 4:23, 24) Sɛ nkurɔfo resua Onyankopɔn ho ade a, wohu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde ne gyinapɛn bɔ wɔn bra. Wei ka wɔn ma wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn gyidi, wɔn suban, ne wɔn nneyɛe mu. Nsakrae a ɛte saa no nna fam, nanso Onyankopɔn honhom bɛboa wɔn a wofi wɔn komam pɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no.

“DAN WO HO FI SAA NNIPA YI HO”

17. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛansuasua wɔn a wɔda subammɔne adi no?

17 Seesei ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu nsonsonoe a ɛda wɔn a wɔresom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnsom no no ntam. Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛsom Onyankopɔn no hwɛ yiye na yɛansuasua subammɔne a afoforo da no adi no. Ɛyɛ papa sɛ yetie Yehowa afotu a ɛka sɛ yɛnnan yɛn ho mfi wɔn a 2 Timoteo 3:2-5 ka wɔn ho asɛm no ho. Nokwasɛm ne sɛ, yɛrentumi ntwe yɛn ho mfi nkurɔfo a wɔwɔ subammɔne no ho korakora. Ebia yɛne wɔn bɛyɛ adwuma, yɛne wɔn bɛkɔ sukuu, anaa yɛne wɔn bɛtena. Nanso, wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe deɛ, yebetumi atwe yɛn ho afi ho. Yebetumi ayɛ wei a, gye sɛ yɛhyɛ yɛne Yehowa adamfofa mu den. Nea yɛbɛyɛ ne sɛ, yɛbɛyere yɛn ho asua Bible, na yɛne wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsom Yehowa no afa nnamfo denneennen.

18. Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn kasa ne yɛn nneyɛe aboa afoforo ama wɔabɛsom Yehowa?

18 Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho nso boa afoforo ma wɔbɛsom Yehowa. Hwehwɛ hokwan a wode bedi adanse, na srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa na nya asɛm a ɛtɔ asom nka wɔ ne bere mu. Ɛsɛ sɛ yɛma afoforo hu sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Yɛyɛ saa a, yɛn nneyɛe pa bɛhyɛ Onyankopɔn mmom anuonyam na ɛnyɛ yɛn ankasa. Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn sɛ “yenkyi bɔne ne wiase akɔnnɔ, na yɛn adwenem nna hɔ na yɛmfa trenee ne onyamesom pa ntena wiase nhyehyɛe yi mu.” (Tito 2:11-14) Sɛ yesuasua Onyankopɔn na yɛyɛ nea ɔpɛ a, afoforo behu. Ebia wɔn mu binom bɛka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”​—Sak. 8:23.

^ nky. 10 Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “dinsɛefo” anaa “ɔnototofo” no ne di·aʹbo·los. Bible mu no, wɔde saa abodin no gyina hɔ ma Satan, otirimɔdenfo a ɔsɛe Onyankopɔn din no.