Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afoforo Bɛyɛ Dɛn Aboa?

Afoforo Bɛyɛ Dɛn Aboa?

“SƐ WUHIA biribi a ka kyerɛ me.” Saa na yɛn mu pii ka kyerɛ yɛn adamfo anaa yɛn busuani bi a ne ho nipa awu foforo. Na ɛyɛ yɛn aniberesɛm. Yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de aboa. Nanso so ɛyɛ a nea ade atɔ n’ani no frɛ yɛn ka kyerɛ yɛn sɛ: “Masusuw biribi a wubetumi ayɛ de aboa me ho”? Ɛntaa mma saa. Ɛda adi pefee sɛ sɛ yebetumi aboa nea ɔredi awerɛhow no na yɛakyekye ne werɛ ankasa a, ɛho behia sɛ yɛn ara yɛyɛ nneɛma bi.

Bible abebusɛm bi se: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu no te sɛ sika aduaba a egu dwetɛ anwenne mu.” (Mmebusɛm 15:23; 25:11) Nyansa wom sɛ wubehu nea ɛsɛ sɛ woka ne nea ɛnsɛ sɛ woka, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ woyɛ. Nea edidi so yi yɛ nyansahyɛ ahorow bi a egyina Kyerɛwnsɛm so a aboa ebinom a wɔn biribi awu.

Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ . . . 

Tie: Yakobo 1:19 ka sɛ yɛnyɛ “ntɛm ntie asɛm.” Ade biako a mfaso kɛse wɔ so a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛte nka ama nea ne biribi awu no denam tie a wubetie no so. Ebia ebehia sɛ ebinom a wɔn biribi awu ka wɔn dɔfo a wawu no ho asɛm, ka akwanhyia anaa ɔyare a ekum no, anaasɛ sɛnea wɔte nka fi bere a owui no ho. Enti bisa sɛ: “Wobɛpɛ sɛ woka ho asɛm?” Ma wonsi ɛno ho gyinae. Bere a aberante bi rekaakae nea ɛkɔɔ so bere a ne papa wui no, ɔkae sɛ: “Bere a afoforo bisaa me nea esii na wɔyɛɛ asõ tiei no, ɛboaa me ankasa.” Fi boasetɔ ne mmɔborohunu mu tie, bere a ɛho nhia sɛ wote nka sɛ ɛsɛ sɛ woma no ɛho mmuae anaa ano aduru bi. Ma wɔnka nea wɔpɛ sɛ wɔka ho asɛm biara.

Ma wɔn awerɛhyem: Ma wɔn awerɛhyem sɛ wɔyɛɛ nea wobetumi biara (anaa biribi foforo biara a wunim sɛ ɛyɛ nokware na ɛhyɛ nkuran). Ma wɔn awerɛhyem sɛ nkate a wɔanya no—awerɛhow, abufuw, afobu, anaa nkate foforo bi—nyɛ ade a ɛyɛ nwonwa koraa. Ka afoforo a wunim wɔn a wotumi dii awerɛhow a ɛte saa so ho asɛm kyerɛ wɔn. Mmebusɛm 16:24 se ‘nsɛm a ɛyɛ dɛ sa nnompe yare.’—1 Tesalonikafo 5:11, 14.

Tu wo ho ma: Ɛnyɛ nna kakraa bi a nnamfo ne abusuafo pii wɔ hɔ no nko na ɛsɛ sɛ wutu wo ho ma, na mmom asram bi akyi a afoforo asan kɔ wɔn daa dwumadi ahorow so mpo no. Saa kwan yi so no, woda wo ho adi sɛ “ɔyɔnko berɛbo” a ɔbata n’adamfo ho wɔ “ahohia da” mu. (Mmebusɛm 17:17) Teresea a ne ba wui wɔ kar akwanhyia mu no ka sɛ: “Yɛn nnamfo no hwɛ maa yenyaa biribi yɛe anwummere biara sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnka yɛn nkutoo wɔ fie mpɛn pii. Ɛno boaa yɛn ma yetumi gyinaa yɛn awerɛhow no ano.” Afe afe nna bi te sɛ ayeforohyia da anaa obi wuda tumi yɛ ahohia bere ma wɔn a wɔn biribi awu no mfe pii. Dɛn nti na wonhyɛ saa nna no nsow wɔ wo kalenda so sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ edu hɔ a wubetumi atu wo ho ama, na sɛ ɛho behia a, woafi mmɔborohunu mu aboa?

Sɛ wuhu sɛ wohia biribi ankasa a, mma wommmisa ansafi wo pɛ mu di tebea no ho dwuma a ɛfata

Fi wo pɛ mu di tebea no ho dwuma a ɛfata: So nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wudi ho dwuma ma wɔn? So wohia obi ma wahwɛ wɔn mma? So nnamfo ne abusuafo a wɔaba hɔ hia baabi a wɔbɛtena? Wɔn a wɔn biribi awu foforo ho taa yeraw wɔn araa ma wonhu nea ehia sɛ wɔyɛ mpo, na kampɛsɛ wɔaka nea afoforo betumi ayɛ de aboa akyerɛ wɔn. Enti sɛ wuhu sɛ wohia biribi ankasa a, mma wommmisa ansa; fi wo pɛ mu di ho dwuma. (1 Korintofo 10:24; fa toto 1 Yohane 3:17, 18 ho.) Ɔbea bi a na ne kunu awu kae sɛ: “Nnipa pii ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɛ wuhia biribi a ka kyerɛ me.’ Nanso m’adamfo bi anka saa. Ɔkɔɔ pia no mu koyiyii mpa no so nnaso a ɔbarima no wui wɔ so no horo too so. Ɔfoforo nso faa bokiti, nsu, ne samina, na ɔhoroo kuntu a ɛsɛw fam hɔ a me kunu fe guu mu no. Adapɛn kakraa bi akyi no, asafo mu ɔpanyin bi hyɛɛ adwuma atade faa ne nnwinade bae, na ɔkae sɛ, ‘Minim sɛ biribi wɔ hɔ a ebehia sɛ mebobom. Ebi wɔ he?’ Hwɛ sɛnea mifi komam wɔ anisɔ ma saa barima no sɛ ɔbobɔɔ pon a na ɛsensɛn hɔ no mu na osiesiee anyinam ahoɔden nhama bi maa me no!”—Fa toto Yakobo 1:27 ho.

Nya ahɔhoyɛ su: Bible no kae yɛn sɛ: “Mommma mo werɛ mmfi ahɔhoyɛ.” (Hebrifo 13:2) Wɔn a wodi awerɛhow titiriw na ɛsɛ sɛ yɛkae yi ahɔhoyɛ adi kyerɛ wɔn. Sɛ́ anka wobɛka sɛ wobetumi aba wo nkyɛn bere biara a wɔpɛ no, hyɛ bere ne da pɔtee bi a wɔmfa mmra. Sɛ wɔka sɛ wɔmma a, mma w’abam mmmu ntɛm. Ebia ebehia nkuranhyɛ kakraa bi. Ebetumi aba sɛ osuro a wɔwɔ sɛ ebia na wɔantumi anhyɛ wɔn ho so wɔ afoforo anim nti na wɔampene nsa a woto frɛɛ wɔn no so. Anaa ebia wɔn ahonim bebu wɔn fɔ sɛ wobedidi agye wɔn ani wɔ bere a ɛte saa mu. Kae ɔbea ɔhɔhoyɛfo Lidia a Bible ka ne ho asɛm no. Ɔtoo nsa frɛɛ Luka ne afoforo sɛ wɔmmra ne fie akyi no, Luka ka sɛ, “Ɔyɛe ara ma yɛkɔɔ hɔ.”—Asomafo Nnwuma 16:15.

Nya boasetɔ ne ntease: Mma nsɛm a wɔn a wɔn biribi awu ka no mfiase no nnyɛ wo nwonwa dodo. Kae hu sɛ ebia na wɔn bo afuw na wɔte afobu nka. Sɛ wɔn bo fuw wo a, ebegye nhumu ne boasetɔ wɔ wo fam na woamma anhaw wo. Bible no hyɛ nyansa sɛ: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre.”—Kolosefo 3:12, 13.

Kyerɛw krataa: Ade a nkurɔfo taa bu wɔn ani gu so ne mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔbɛkyerɛw awerɛkyekye krataa. Ɛso mfaso ne dɛn? Cindy a kokoram kum ne maame bua sɛ: “M’adamfo bi kyerɛw me krataa bi a ɛma denhyɛ. Ɛno boaa me ankasa, efisɛ na mitumi san kenkan no mpɛn pii.” Ebia na ‘nsɛm kakraa bi’ na ɛwɔ krataa a ɛte saa a wode ma hyɛden no mu, nanso ɛsɛ sɛ efi wo komam. (Hebrifo 13:22) Wubetumi aka wom sɛ wudwen wɔn ho, na wo nso wowɔ ade titiriw bi a wode kae nea wawu no, anaa wubetumi aka sɛnea nea wawu no nyaa w’asetena so nkɛntɛnso.

Wo ne wɔn mmɔ mpae: Mmu mfaso a ɛwɔ mpae a wo ne wɔn a wɔn biribi awu bɛbɔ anaa wobɛbɔ ama wɔn no adewa. Bible ka sɛ: ‘Ɔtreneeni adesrɛ wɔ tumi kɛse.’ (Yakobo 5:16) Sɛ́ nhwɛso no, te a wɔbɛte sɛ wobɔ mpae ma wɔn no betumi aboa wɔn ma adwene a ɛnteɛ a ebia wɔwɔ te sɛ afobu abrɛ ase.—Fa toto Yakobo 5:13-15 ho.

Nea Ɛnsɛ sɛ Woyɛ . . . 

Ayaresabea hɔ a wobɛkɔ no betumi ahyɛ wɔn a wɔn biribi awu no nkuran

Ntwe wo ho esiane sɛ wunnim nea ɛsɛ sɛ woka anaa woyɛ nti: Ebia yebenya adwene no sɛ, ‘Migye di sɛ saa bere yi wɔpɛ sɛ ɛka wɔn nkutoo.’ Nanso ebia na pɛ ara na yɛmpɛ sɛ yɛbɛbɛn wɔn esiane sɛ yesuro sɛ yɛbɛka anaa yɛbɛyɛ biribi a ɛnteɛ nti. Nanso, nnamfo, abusuafo, anaa mfɛfo gyidifo a wɔbɛkwati sɛ wɔne nea ne biribi awu no bɛbɔ no bɛma wayɛ ankonam, na ama n’awerɛhow no ayɛ kɛse. Kae sɛ mpɛn pii no asɛm tiawa a wɔka ne biribi ketewaa bi a wɔyɛ de boa na wɔnam so da ayamye pii adi. (Efesofo 4:32) Ne nkyɛn a wobɛkɔ kɛkɛ no betumi ahyɛ no nkuran. (Fa toto Asomafo Nnwuma 28:15 ho.) Bere a Teresea rekaakae da a ne babea no wui no, ɔka sɛ: “Anni dɔnhwerew biako na nnamfo bɛyɛɛ ayaresabea hɔ ma; mpanyimfo no nyinaa ne wɔn yerenom bae. Ná mmea no bi ahyehyɛ wɔn ti a wonyiyii, na na ebinom nso hyɛ adwuma atade. Wogyaee nea na wɔreyɛ biara baa hɔ ntɛm. Wɔn mu pii ka kyerɛɛ yɛn sɛ na wonhu asɛm a wɔnka, nanso na ɛno mfa ho efisɛ ba a wɔbae no na na ehia.”

Nhyɛ wɔn sɛ wonnyae awerɛhow di: Ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛka sɛ, ‘Ayɛ yiye, nsu bio.’ Nanso ebia ɛbɛyɛ papa mmom sɛ woma wosu. Bere a Katherine resusuw ne kunu wu ho no, ɔka sɛ: “Misusuw sɛ ɛho hia sɛ wɔma wɔn a wɔn biribi awu no kwan ma wɔda wɔn nkate adi na woyi fi wɔn mu.” Kwati su a ɛne sɛ wobɛkyerɛ afoforo sɛnea ɛsɛ sɛ wɔte nka. Na mfa no sɛ ɛsɛ sɛ wohyɛ wo ho so na wɔatumi aboa wɔn. Mmom no, Bible hyɛ nyansa sɛ “mo ne wɔn a wosu nsu.”—Romafo 12:15.

Mpere wo ho ntu wɔn fo sɛ wɔntow nea wawu no ntade ne ne ho nneɛma ngu kosi sɛ wɔn ankasa bɛyɛ saa: Ebia yɛbɛte nka sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛtow nneɛma a ɛma wɔkae nea wafi mu no agu, efisɛ ɔkwan bi so no ɛma awerɛhow a wodi no kyɛ. Nanso ebia asɛm a wɔka sɛ “Ani anhu a ɛnyɛ tan” no nyɛ nokware wɔ ha. Ɛho behia sɛ nea ade atɔ n’ani no yi nea wafi mu no ho adwene fi ne tirim nkakrankakra. Kae sɛnea Bible no kaa nea tete agya Yakob yɛe bere a wɔdaadaa no ma obegye dii sɛ aboa bɔne bi akum ne babarima kumaa Yosef no ho asɛm. Bere a wɔde Yosef batakari a mogya akeka mu no bɛkyerɛɛ Yakob no, ‘osuu ne ba no nna pii. Ne mmabarima ne ne mmabea nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wamma kwan.’—Genesis 37:31-35.

Nka sɛ, ‘Wobɛwo foforo’: Ɔbea bi a ne ba wui ka sɛ: “Ná ɛyɛ me abufuw sɛ nkurɔfo ka kyerɛɛ me sɛ mɛwo foforo no.” Ebia na wɔde adwempa na ɛka saa de, nanso ɔwofo a ɔredi awerɛhow fam no, nsɛm a wɔka de kyerɛ sɛ obetumi awo foforo de asi abofra a wawu no ananmu no betumi ayɛ “sɛ nkrante a ɛwowɔ.” (Mmebusɛm 12:18) Abofra biara ntumi nsi ɔfoforo ananmu da. Dɛn ntia? Efisɛ ɛsono wɔn mu biara.

Nhyɛ da nkwati sɛ wobɛbɔ nea wafi mu no din: Ɛna bi ka sɛ: “Ná nnipa pii mmɔ me ba Jimmy din anaa wɔnka ne ho asɛm mpo. Nokwasɛm ne sɛ, na ɛhaw me kakra sɛ afoforo yɛ saa.” Enti nhyɛ da nsakra nkɔmmɔbɔ no bere a wɔbɔ nea wawu no din no. Bisa onii no sɛ ɔpɛ sɛ ɔka ne dɔfo no ho asɛm anaa. (Fa toto Hiob 1:18, 19 ne 10:1 ho.) Wɔn a wɔn biribi awu binom ani sɔ sɛ wɔbɛte sɛ nnamfo reka esu atitiriw bi a na nea wawu no wɔ a na ɛma wɔn ani gye ne ho.—Fa toto Asomafo Nnwuma 9:36-39 ho.

Mpere wo ho nka sɛ, ‘Eye sɛ ɛbaa no saa’: Ɛnyɛ bere nyinaa na mmɔden a wobɛbɔ sɛ wobɛhwehwɛ biribi a eye wɔ owu no ho ‘kyekye nnipa a wɔahaw no werɛ.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Bere a ababaa bi rekaakae bere a ne maame wui no, ɔkae sɛ: “Ná afoforo ka sɛ, ‘Onni amanehunu mu’ anaasɛ ‘Anyɛ yiye koraa no n’asom adwo no.’ Nanso na mempɛ sɛ mete saa nsɛm no.” Wɔn a wɔn biribi awu no betumi ate saa nsɛm yi ase sɛ ɛnsɛ sɛ wodi awerɛhow anaasɛ wɔnhweree ade kɛse biara. Nanso, ebia na wɔn werɛ ahow kɛse efisɛ wɔn ani agyina wɔn dɔfo no kɛse.

Ɛbɛyɛ papa sɛ wonka sɛ, ‘Minim sɛnea wote nka’: Wunim sɛnea ɔte nka ampa? Sɛ́ nhwɛso no, wubetumi ahu sɛnea ɔwofo bi a ne ba awu te nka, bere a w’ankasa wunhyiaa adehwere a ɛte saa da? Sɛ ebi ato wo pɛn mpo a, hu sɛ afoforo nte nka sɛnea wotee nka no ara. (Fa toto Kwadwom 1:12 ho.) Nanso, bere a ɛfata no, ebia ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɛka nea ɛmaa wutumi gyinaa wo dɔfo bi wu ano. Ɔbea bi a ne babea wui nyaa awerɛhyem bere a ɔbea foforo a ɔno nso babea awu kaa sɛnea n’ankasa tumi sii ne dedaw mu bio kyerɛɛ no no. Ɔbea no kae sɛ: “Abeawa a wawu no maame amfi n’asɛm no ase sɛ, ‘Minim sɛnea wote nka.’ Nea ɔyɛe ara ne sɛ ɔkaa sɛnea ɔno ankasa tebea yɛe, na mede me de no totoo ho.”

Mmoa a wode bɛma obi a ne biribi awu no gye mmɔborohunu, nhumu, ne ɔdɔ kɛse wɔ wo fam. Ntwɛn mma nea ne biribi awu no mmma wo nkyɛn ansa. Ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ woka ara ne sɛ, “Sɛ wuhia biribi a . . . ” W’ankasa hwehwɛ saa “biribi” no, na fi wo pɛ mu yɛ biribi a ɛfata.

Nsɛmmisa bi da so wɔ hɔ: Bible anidaso a ɛfa owusɔre ho no nso ɛ? Dɛn na ebetumi akyerɛ ama wo ne nea wodɔ no a wawu no? Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ ɛyɛ anidaso a yebetumi de yɛn ho ato so?