Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɛnyɛ Nokware!”

“Ɛnyɛ Nokware!”

ƆBARIMA bi a ɔwɔ New York (U.S.A.) ka sɛ: “Ná me ba Jonathan rekɔsra ne nnamfo wɔ baabi a ɛne yɛn ntam kwan yɛ akwansin kakraa bi. Ná me yere Valentina mpɛ sɛ ɔkɔ hɔ. Ná osuro kar pii a ɛwɔ kwan no so no bere nyinaa. Nanso na Jonathan ani gye ɛlɛktrɔnik nneɛma ho, na na ne nnamfo no wɔ sotɔɔ bi a wɔyɛ ho adwuma wɔ hɔ a obetumi anya mu suahu pii. Ná mewɔ fie wɔ west Manhattan, New York. Ná me yere rekɔsra n’abusuafo wɔ Puerto Rico. Mekaa no me tirim sɛ, ‘Aka kakra ma Jonathan aba fie.’ Afei obi bɔɔ pon no mu. ‘Ɛnyɛ obiara sɛ ɔno.’ Ná ɛnyɛ ɔno. Ná ɛyɛ polisifo ne ayaresabea adwumayɛfo bi. Polisini panyin no bisae sɛ, ‘So wunim ahyɛnkafo krataa yi wura?’ ‘Yiw, me ba no dea, ɛyɛ Jonathan dea.’ ‘Yɛwɔ awerɛhosɛm bi ma wo. Kar akwanhyia bi asi, na . . . wo ba no, . . . wo ba no awu.’ Nea midii kan kae ne sɛ, ‘Ɛnyɛ nokware!’ Saa awerɛhosɛm no maa yefii ase dii yaw wɔ yɛn komam, na mfe pii a atwam no nyinaa akyi no, emfii hɔ koraa.”

‘Yɛwɔ awerɛhosɛm bi ma wo. Kar akwanhyia bi asi, na . . . wo ba no, . . . wo ba no awu.’

Agya bi a ɔwɔ Barcelona (Spain) kyerɛw sɛ: “Ná yɛn abusua no wɔ anigye wɔ 1960 mfe no mu wɔ Spain. Ná me yere María ne yɛn mma baasa na wɔwɔ hɔ, David a wadi mfe 13, Paquito a wadi mfe 11, ne Isabel a wadi mfe 9.

“Da bi a Paquito fi sukuu baa fie wɔ March 1963 mu no, ɔkae sɛ ne ti yɛ no yaw paa. Ná yenhu nea ama ɔyare—nanso ankyɛ na yehui. Nnɔnhwerew abiɛsa akyi no owui. Mogya a enwini guu ne tirim na ɛma owui prɛko pɛ.

“Paquito wui no mfe 30 atwam. Nanso, yɛda so di ne wu no ho yaw de besi nnɛ. Entumi mma da sɛ awofo bi ba bewu a wɔnte nka sɛ wɔahwere biribi—bere tenten a ɛbɛsen ne mma foforo a wɔwɔ no mfa ho.”

Saa osuahu abien a ɛfa awofo a wɔn mma wui ho yi kyerɛ awerɛhow a emu yɛ den a obi di no bere tenten, bere a ne ba wu no. Hwɛ sɛnea dɔkta bi asɛm a ɔkyerɛwee yi yɛ nokware: “Abofra wu taa yɛ awerɛhow na ɛyɛ yaw yiye sen ɔpanyin wu efisɛ abofra ne abusua muni a wɔnhwɛ kwan koraa sɛ obewu. . . . Sɛ abofra biara wu a, ɛma wɔhwere daakye ho anidaso ahorow, abusuabɔ ahorow [nsenom, mmanana], ne osuahu ahorow . . . a wonnya nnyae.” Na saa ara na ɔbea biara a wapɔn yafunu nso betumi ate nka sɛ wahwere ade kɛse.

Ɔbea bi a ne kunu awu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná me kunu Russell yɛ ɔyarehwɛfo wɔ Pacific akono wɔ Wiase Ko II no mu. Onyaa ne ti didii mu wɔ akodi a ɛyɛ hu ahorow a ohui bi mu. Ɔsan baa United States bio wɔ tebea a asomdwoe pii wom mu. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Asɛm no ho ɔsomfo. Bere a ɔwɔ ne mfe 60 mu no, ofii ase nyaa komayare ho sɛnkyerɛnne bi. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ adwumayɛ mu. Afei, da bi, wɔ July 1988 mu no, komayare kɛse soo ne mu, na owui. Ne wu no yɛɛ me pasaa. Mantumi ne no anni nkra mpo. Ɛnyɛ sɛ na ɔyɛ me kunu kɛkɛ. Ná ɔyɛ m’adamfo paa. Ná me ne no abɔ bra mfe 40. Afei de ɛbɛyɛɛ sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ ankonam wɔ ɔkwan soronko so.”

Eyinom yɛ awerɛhosɛm a da biara ɛto mmusua mpempem pii wɔ wiase nyinaa no kakraa bi. Sɛnea wɔn a wɔn biribi wu no mu fã kɛse bɛka akyerɛ wo no, sɛ owu fa wo ba, wo kunu, wo yere, w’awofo mu biako, anaa w’adamfo a, ɛyɛ “ɔtamfo a otwa to” ampa, sɛnea Kristoni kyerɛwfo Paulo frɛɛ no no. Mpɛn pii no, ade a edi kan a nnipa fi awosu mu yɛ wɔ komatude yi ho ne sɛ wotumi gye ho kyim ka sɛ, “Ɛnyɛ nokware! Minnye nni.” Wɔtaa yɛ nneɛma foforo wɔ ɛno akyi sɛnea yebehu no.—1 Korintofo 15:25, 26.

Nanso, ansa na yebesusuw awerɛhodi ho no, momma yemmua nsɛmmisa bi a ɛho hia. Sɛ obi wu a, ɛno ne n’awiei anaa? So anidaso bi wɔ hɔ sɛ yebetumi asan ahu yɛn adɔfo no bio?

Anidaso Bi wɔ hɔ Ankasa

Bible kyerɛwfo Paulo kae sɛ anidaso wɔ hɔ sɛ yɛbɛde yɛn ho afi “ɔtamfo a otwa to” a ɔne owu no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Wobetu owu agu.’ “Ɔtamfo a otwa to a obeyi no afi hɔ ne owu.” (1 Korintofo 15:26, The New English Bible) Dɛn nti na Paulo tumi gye dii pii saa? Efisɛ nea ɔkyerɛkyerɛɛ no saa no yɛ obi a na wɔanyan no afi awufo mu, Yesu Kristo. (Asomafo Nnwuma 9:3-19) Ɛno nti nso na Paulo tumi kyerɛwee sɛ: “Na sɛnea ɛnam onipa [Adam] so na owu bae no, saa ara na ɛnam onipa [Yesu Kristo] so na owusɔre nso bae. Na sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.”—1 Korintofo 15:21, 22.

Bere a Yesu hyiaa okunafo bi a ofi Nain, na ohuu ne ba barima a wawu no, ne werɛ how yiye. Bible kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Bere a [Yesu bɛn] kurow [Nain] no pon ano no, hwɛ! wɔsõ ɔbarima bi a ne maame di no bakoro a wawu de no refi adi. Ná ɔbea no yɛ okunafo nso. Na nnipadɔm pii a wofi kurow no mu nso ka ne ho. Bere a Awurade ani bɔɔ no so no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Gyae su.’ Enti ɔbɛn funu adaka no de ne nsa kosoo mu, na wɔn a wokurakura mu no gyinae, na ɔkae sɛ: ‘Aberante, mise wo sɛ, sɔre!’ Na aberante a wawu no sɔre tenaa ase, na ofii ase kasae, na ɔde no maa ne maame. Afei ehu kaa wɔn nyinaa, na wofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: ‘Wɔama odiyifo kɛse bi so yɛn mu,’ na ‘Onyankopɔn ama n’ani aba ne nkurɔfo so.’” Hyɛ sɛnea Yesu yam hyehyee no maa okunafo no, na onyanee ne ba no nsow! Susuw nea ɛno kyerɛ wɔ daakye ho!—Luka 7:12-16.

Ɛhɔ no, nnipa de wɔn ani hui sɛ Yesu anyan owufo bi a werɛ remfi da. Ɔde eyi sii owusɔre a na wahyɛ ho nkɔm dedaw ansa na ɔrebɛyɛ adeyɛ yi—owusɔre a ɛde nnipa bɛba nkwa mu wɔ asase so wɔ “ɔsoro foforo” bi nniso ase—so dua. Saa bere no Yesu kae sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.”—Adiyisɛm 21:1, 3, 4; Yohane 5:28, 29; 2 Petro 3:13.

Petro ne nnipa 12 a wɔne Yesu tutuu akwan no mu binom nso huu owusɔre bi. Wɔtee Yesu a na wɔanyan no no kasa ankasa wɔ Galilea Po no nkyɛn. Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mommra mmedidi.’ Nanso asuafo no mu biako mpo annya akokoduru ammisa no sɛ: ‘Woyɛ hena?’ efisɛ na wonim sɛ ɛyɛ Awurade. Yesu bɛfaa paanoo no de maa wɔn, na ɔde nam no nso maa wɔn saa ara. Eyi ne ne mprɛnsa so a na Yesu ayi ne ho adi akyerɛ asuafo no fi bere a wonyan no fii awufo mu no.”—Yohane 21:12-14.

Enti, Petro tumi de ahotoso a edi mu kyerɛwee sɛ: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, efisɛ ne mmɔborɔhunu nti ɔnam nyane a wɔnyanee Yesu Kristo fii awufo mu no so awo yɛn foforo kɔ anidaso a nkwa wom mu denam nyan a wonyan Yesu Kristo fii awufo mu no so.”—1 Petro 1:3.

Ɔsomafo Paulo daa anidaso a emu yɛ den adi bere a ɔkaa eyi no: “Migye nea Mmara no ka na wɔakyerɛw wɔ Adiyifo no mu no di; na mewɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu, a wɔn nso wɔ saa anidaso no ara bi, sɛ bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.”—Asomafo Nnwuma 24:14, 15.

Enti nnipa ɔpepem pii betumi anya anidaso a ɛwɔ nnyinaso sɛ wɔbɛsan ahu wɔn adɔfo wɔ asase so bio, na mmom wɔ tebea soronko koraa mu. Tebea no bɛyɛ dɛn? Yɛbɛka anidaso a egyina Bible so a ɛwɔ hɔ ma yɛn adɔfo a wɔawu no ho nsɛm pii wɔ nhomawa yi fã a etwa to a ne ti asɛm ne “Anidaso a Enni Huammɔ ma Awufo” no mu.

Nanso nea edi kan no, momma yensusuw nsɛm a wubetumi abisa bere a woredi wo dɔfo bi a woahwere no ho awerɛhow no ho: So saa ara na obiara di awerɛhow? Mɛyɛ dɛn atumi agyina m’awerɛhow no ano? Dɛn na afoforo betumi ayɛ de aboa me na matumi agyina ano? Mɛyɛ dɛn atumi aboa afoforo a wɔredi awerɛhow? Na ne titiriw no, Dɛn na Bible no ka wɔ anidaso bi a enni huammɔ ma awufo ho? So mɛsan ahu wɔn a medɔ wɔn no bio? Na mehu wɔn wɔ he?