Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra Ntetee wɔ Wiase a Wɔyɛ Nea Wɔpɛ Mu

Mmofra Ntetee wɔ Wiase a Wɔyɛ Nea Wɔpɛ Mu

Mmofra Ntetee wɔ Wiase a Wɔyɛ Nea Wɔpɛ Mu

SO WOAHU sɛ abofra bi rehaw ne maame anaa ne papa sɛ ɔntɔ agode bi a ɔnyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtɔ mma no pɛn? Anaa woahu abofra bi a ɔpɛ sɛ ofi adi kodi agoru bere a n’awofo ka kyerɛ no sɛ, “Nkɔ baabiara” no? Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, wubetumi ahu sɛ abofra no yiyedi nti na awofo no pɛ sɛ wɔyɛ saa. Nanso mpɛn pii no, esiane sɛ abofra no de su teɛteɛm hwehwɛ nea ɔpɛ nti, awofo no de amemenemfe yɛ nea ɔpɛ ma no.

Ɛte sɛ nea awofo pii gye di sɛ, sɛ wɔyɛ nea wɔn mma pɛ biara ma wɔn a, na ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ awofo pa. Sɛ nhwɛso no, wobisabisaa mmofra 750 a wɔadi fi mfe 12 kosi 17 wɔ Amerika no nsɛm. Bere a wobisaa wɔn sɛ sɛ wɔpɛ biribi na wɔn awofo ampene so a, wɔyɛ dɛn no, ɛkame ayɛ sɛ mmofra no mu ɔha mu nkyem 60 kae sɛ wɔkɔ so bisa. Wɔn mu ɔha mu nkyem 55 hui sɛ, sɛ wɔfa saa kwan yi so a, wɔn awofo taa pene so. Ebia wɔn awofo te nka sɛ sɛ wɔma wɔyɛ nea wɔpɛ a, ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn, nanso saa na ɛkyerɛ ankasa?

Susuw Bible mu bɛ yi ho hwɛ: “Sɛ obi gyigye n’akoa so fi ne mmofraase a, akyiri nna mu no ɔbɛyɛ bonniayɛfo.” (Mmebusɛm 29:21, NW) Ɛwom sɛ wo ba nyɛ akoa de, nanso wunnye ntom sɛ nnyinasosɛm a ɛwom no fa mmofra ntetee nso ho? Sɛ wugyigye mmofra so ma wɔn nea wɔpɛ biara a, sɛ wonyin a, ɛbɛma wɔayɛ ‘bonniayɛ’—wɔbɛsɛe, na wɔrenkyerɛ biribiara ho anisɔ.

Mmom no, Bible tu awofo fo sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so.” (Mmebusɛm 22:6) Awofo a wɔdɔ wɔn mma de akwankyerɛ yi yɛ adwuma ma enti wɔhyehyɛ mmara a ntease wom, na wɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma bere nyinaa. Wɔn adwene nyɛ wɔn sɛ sɛ wɔma wɔn mma yɛ nea wɔpɛ biara a, na ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn; saa ara nso na sɛ mmofra su teɛteɛm, woguan wɔn ho, anaa wɔde abufuw hwehwɛ nea wɔpɛ a, wɔmfa mma wɔn. Mmom no, wogye Yesu asɛm a nyansa wom yi tom: “Ɛno ara ne sɛ momma mo Yiw nyɛ yiw, na mo Dabi nyɛ dabi.” (Mateo 5:37) Ɛnde, mmofra ntetee gye dɛn? Susuw mfatoho bi a tumi wom yi ho hwɛ.

‘Wɔte sɛ Ɔbran Nsam Bɛmma’

Sɛnea Bible yɛ ɔwofo ne ne ba ntam abusuabɔ ho mfatoho no ma yehu sɛ abofra hia n’awofo akwankyerɛ. Dwom 127:4, 5 ka sɛ: “Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmeranteberem mmabanin te ne no. Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotoku ma.” Enti wɔde mmofra toto bɛmma ho, na wɔde ɔwofo toto ɔbran ho. Sɛnea bɛmmatofo nim sɛ ne bɛmma no ankasa ntumi ntow ne ho nkɔbɔ baabi a ɔpɛ sɛ ɛbɔ no, saa ara na awofo a wɔwɔ ɔdɔ nso hu sɛ mmofra ntetee gye mmɔdenbɔ. Wɔpɛ sɛ wɔn mma no du botae bi ho—wonyin yɛ mpanyin pa na wonya anigye wɔ wɔn asetra mu. Wɔpɛ sɛ wɔn mma no tumi paw nea eye, wohu nyansa na wɔkwati ɔhaw a ɛho nhia, na wodu botae a mfaso wɔ so ho. Nanso sɛ awofo pɛ sɛ wɔn mma nya eyinom a, egye mmɔdenbɔ.

Sɛ bɛmmatofo bi betumi atow bɛmma ma adu ne botae ho a, dɛn na ehia? Ɛsɛ sɛ osiesie bɛma no yiye, ɔbɔ ho ban yiye, na ɔtow no ahoɔden so ma edu ne botae ho. Saa ara nso na sɛ mmofra betumi anyin abɛyɛ mpanyin pa a, ehia sɛ wosiesie wɔn, wɔbɔ wɔn ho ban, na wɔkyerɛ wɔn kwan. Ma yensusuw nneɛma abiɛsa a ehia wɔ mmofra ntetee mu no ho mmiako mmiako.

Siesie Bɛmma no Yiye

Wɔ Bible mmere mu no, na wɔtɔ wɔn bo ase siesie mmɛmma a na mmɛmmatofo tow no yiye. Ná ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nsa sen abaa a ɛbɛyɛ sɛ wɔde dua a emu yɛ hare yɛ no ma ɛtene sɛnea ɛsɛ. Ná ɛsɛ sɛ ano no yɛ feaa. Ná wɔde ntakra hyehyɛ agyan abaa no to sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔretow mmɛmma no a, ɛbɛkɔ tẽẽ.

Awofo pɛ sɛ wɔn mma yɛ te sɛ saa mmɛmma a ɛtene no—wɔyɛ nea ɛteɛ na wɔamman. Enti awofo a wonim nyansa no mmu wɔn ani ngu wɔn mma mfomso a anibere wom so, na mmom wofi ɔdɔ mu boa wɔn ma wosiesie. Esiane sɛ “agyimisɛm kyekyere abofra koma ho” nti, adwuma a ɛte saa pii wɔ abofra biara ho. (Mmebusɛm 22:15) Enti Bible tu awofo fo sɛ wɔnteɛ wɔn mma so. (Efesofo 6:4) Nokwarem no, nteɛso ho hia paa wɔ abofra adwene ne ne suban a wɔbɛteɛteɛ ho.

Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ Mmebusɛm 13:24 ka sɛ: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.” Wɔ asɛm yi mu no, nteɛso abaa no gyina hɔ ma akwan a wɔfa so teɛ abofra so. Sɛ ɔwofo bi fi ɔdɔ mu teɛ ne ba so a, na ɔresiesie mfomso a sɛ egye ntini wɔ abofra no mu a ɛbɛhaw no paa bere a wanyin no. Nokwarem no, sɛ wɔanteɛ abofra so a, na wɔnnɔ no; sɛ wɔteɛ no so a na wɔdɔ no.

Ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ nso boa ne ba ma ɔte nea enti a ɔhyehyɛ mmara ma no no ase. Enti nteɛso nkyerɛ mmara a wɔhyehyɛ ne ɛho asotwe nko, na mmom nea ehia paa ne sɛ wɔbɛma abofra no ate mmara no ase. Bible ka sɛ, “Nea obu mmara no yɛ ɔba nyansafo.”—Mmebusɛm 28:7.

Ntakra a bɛmmatofo de hyehyɛ ne bɛmma to no boa ma sɛ ɔtow a ɛkɔ tẽẽ. Saa ara na Bible nkyerɛkyerɛ a efi nea ɔhyehyɛɛ abusua no hɔ no betumi aboa mmofra bere a wɔafi fie mpo ma wɔanya so mfaso wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu. (Efesofo 3:14, 15) Ɛnde, awofo bɛyɛ dɛn ahu sɛ wɔn mma bata nkyerɛkyerɛ a ɛte saa ho?

Hyɛ afotu a Onyankopɔn de maa Israelfo a na wɔyɛ awofo wɔ Mose bere so no nsow: “Nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye.” (Deuteronomium 6:6, 7) Enti ehia sɛ awofo yɛ nneɛma abien. Nea edi kan no, ehia sɛ wɔn ankasa sua Onyankopɔn Asɛm na wɔde yɛ adwuma, na ama wɔabɛdɔ Onyankopɔn mmara. (Dwom 119:97) Sɛ wɔyɛ saa a, wobetumi de kyerɛwsɛm no fã a ɛto so abien no ayɛ adwuma—sɛ́ wɔde Onyankopɔn mmara ‘bɛkyerɛkyerɛ’ wɔn mma. Ɛno hwehwɛ sɛ awofo de mmara a ɛte saa kyerɛkyerɛ wɔn mma yiye na wɔyɛ no mpɛn pii, na wɔnam saayɛ so de adua wɔn komam.

Ɛda adi sɛ Bible mmara a wɔde bɛkyerɛkyerɛ anaa ɔdɔ mu a wobefi ateɛ mmofra so wɔ wɔn mfomso a anibere wom ho no ntwaa mu. Eyinom yɛ akwan a ɛho hia a awofo betumi afa so asiesie “mmɛmma” a ɛsom bo no ma biribiara akɔ tẽẽ ma wɔanyin yiye.

Bɔ Bɛmma no Ho Ban

Ma yɛnsan nsusuw mfatoho a ɛwɔ Dwom 127:4, 5 no ho bio. Kae sɛ na bɛmmatofo no de mmɛmma ‘ahyɛ n’agyan kotoku ma.’ Sɛ na wonya siesie mmɛmma no wie a, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho ban. Enti na bɛmmatofo no de hyehyɛ n’agyan kotoku mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensɛe anaa ɛremmubu. Bible ka Mesia no ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ ɔyɛ agyan a ɛho akokwaw a n’agya de “siee ne kotoku mu.” (Yesaia 49:2) Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn, Agya a ɔwɔ ɔdɔ a obiara ne no nsɛ no bɔɔ ne dɔba, Yesu ho ban fii ɔhaw biara ho kosii sɛ bere a wɔahyɛ ato hɔ sɛ Mesia no bewu no duu so. Ɛno mpo no, Onyankopɔn bɔɔ ne Ba no ho ban, ma enti owui no wanka amena mu, na mmom onyanee no kɔɔ soro sɛ ɔntra ase daa.

Saa ara na awofo pa nso pɛ sɛ wɔbɔ wɔn mma ho ban fi asiane a ɛwɔ wiase a aporɔw yi mu ho. Ebia awofo remma wɔn mma kwan mma wɔnyɛ nneɛma bi a ebetumi de wɔn ato asiane mu. Sɛ nhwɛso no, awofo pa fa asɛm yi aniberesɛm: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33) Sɛ awofo bɔ mmofra ho ban fi wɔn a wommu abrabɔ pa ho mmara a ɛwɔ Bible mu no ho a, ɛda adi sɛ ɛremma mmofra no nni mfomso pii a ebetumi ahaw wɔn anaa ebekum wɔn mpo.

Ɛnyɛ bere nyinaa na ebia mmofra bɛkyerɛ wɔn awofo ahobammɔ ho anisɔ. Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a, ebia wɔn ani rennye ahobammɔ a ɛte saa ho, efisɛ mpɛn pii no awofo mpene nneɛma bi a mmofra no pɛ sɛ wɔyɛ so. Nhomakyerɛwfo bi a wakyerɛw mmofra ntetee ho nhoma ahorow no ka sɛ: “Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na mmofra kyerɛ nea wɔn awofo yɛ ma wɔn ho anisɔ, na ebia saa bere a wɔyɛ mmofra no wɔrenkyerɛ ho anisɔ de, nanso mmofra pɛ sɛ wɔn awofo tete wɔn yiye ma wɔbɛyɛ mpanyin pa daakye. Sɛ yɛde yɛn nan si fam hyehyɛ mmara a ɛfata a, yebetumi ayɛ saa.”

Nokwarem no, sɛ wobɔ wo mma ho ban fi biribiara a ebetumi asɛe wɔn asomdwoe, ɛbɛma wɔn ho aba asɛm, anaa ɛremma wonnya Onyankopɔn anim dom ho a, ɛyɛ ɔkwan titiriw a wode kyerɛ sɛ wodɔ wɔn. Sɛ wonyin a, ebia wɔbɛte nea enti a woyɛɛ saa no ase, na wɔn ani bɛsɔ ɔdɔ mu a wufi bɔɔ wɔn ho ban no.

Kyerɛ Bɛmma no Kwan

Hyɛ no nsow sɛ Dwom 127:4, 5 de ɔwofo toto “ɔbran” ho. So eyi kyerɛ sɛ agya no nkutoo na obetumi atete mmofra no yiye? Dabida. Nokwarem no, aba a ɛwɔ mfatoho yi mu no fa agyanom ne ɛnanom—ne awofo a wonni ahokafo nyinaa ho. (Mmebusɛm 1:8) Asɛmfua “ɔbran” no kyerɛ sɛ na ehia ahoɔden paa na obi atumi atow bɛmma afi ne ta mu. Wɔ Bible mmere mu no, ɛtɔ mmere bi a na wɔde kɔbere dura ta ho, na wɔkyerɛ sɛ na ɔsraani ‘kuntun ta’ no mu, na ebia ɔde ne nan si ta no so sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de ahama asɔ ta no so. (Yeremia 50:14, 29) Ɛda adi sɛ na egye ahoɔden ne mmɔdenbɔ pii na watumi atwe ahama a emu ayere tann no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtow mmɛmma no abɔ baabi a ɔpɛ sɛ ɛbɔ!

Mmofra ntetee nso gye mmɔdenbɔ pii. Wɔn ankasa ntumi ntete wɔn ho sɛnea bɛmma ntumi ntow ne ho nkɔbɔ baabi a wɔpɛ sɛ ɛbɔ no. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ, ɛte sɛ nea awofo pii mpɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho mmɔden sɛnea ɛfata. Wɔpɛ nea ɛho dwo. Wɔma television, sukuu, ne wɔn mma atipɛnfo kyerɛkyerɛ wɔn papa ne bɔne, abrabɔ pa, ne ɔbarima ne ɔbea nna ho ade. Wɔma wɔn mma nea wɔpɛ biara. Na sɛ wɔhwɛ na wɔn mma reguan wɔn ho dodo a, wɔpene wɔn abisade so ma wɔn—nea wɔtaa de yi wɔn ho ano ne sɛ, wɔmpɛ sɛ wɔn mma no teetee. Nokwarem no, biribiara a wɔn mma no pɛ a wɔyɛ ma wɔn no mmom na ɛbɛhaw wɔn mma no paa daakye.

Mmofra ntetee yɛ adwumaden. Onyankopɔn Asɛm a wubefi wo koma mu de ayɛ saa adwuma no gye mmɔdenbɔ ankasa, nanso ɛso mfaso dɔɔso. Awofo ho nsɛmma nhoma bi kae sɛ: “Nhwehwɛmu . . . ama ada adi sɛ mmofra a wɔn awofo dɔ wɔn nanso wɔde wɔn nan si fam boa wɔn na wɔtete wɔn no bɔ mmɔden wɔ sukuu mu, wɔne afoforo tumi bɔ yiye, wonya wɔn ho mu ahotoso, na wɔwɔ anigye koraa sen mmofra a wɔn awofo yɛ nea wɔpɛ biara ma wɔn anaa wɔhyɛ wɔn so dodo no.”

Mfaso a ɛsen saa mpo wɔ hɔ. Yedii kan susuw Mmebusɛm 22:6 no fã a edi kan no ho: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so.” Kyerɛwsɛm no toa so ka asɛm a ɛka koma yi: “Sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” So saa abebusɛm yi kyerɛ sɛ ɛbɛba mu saa ɔkwan biara so? Ɛnte saa ankasa. Wo ba no wɔ hokwan sɛ sɛ onyin a, n’ankasa paw nea ɔpɛ. Nanso kyerɛwsɛm yi ma awofo awerɛhyem a ɔdɔ wom. Ɛno ne nea ɛwɔ he?

Sɛ wode Bible mu afotu tete wo mma a, na worema wɔn anya tebea a eye a ɛbɛma biribi pa afi mu aba—wo mma benyin anya anigye, akomatɔyam, na wɔayɛ mpanyin pa. (Mmebusɛm 23:24) Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, siesie “mmɛmma” a wɔsom bo no, bɔ wɔn ho ban, na bɔ mmɔden kyerɛ wɔn kwan. Sɛ woyɛ saa a, worennu wo ho da.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Sɛ awofo yɛ nea wɔn mma pɛ biara ma wɔn a, so ɛkyerɛ ɔdɔ?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ kyerɛ nea enti a ɔhyehyɛ mmara ma abusua no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Awofo pa bɔ wɔn mma ho ban fi wiase a aporɔw yi mu asiane ho

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Mmofra ntetee yɛ adwumaden nanso ɛso mfaso dɔɔso