Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Dɛn nti na Yesu ammue onifuraefo bi ani prɛko pɛ?

Marko 8:22-26 ka onifuraefo bi a Yesu saa no yare wɔ Betsaida ho asɛm. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ Yesu dii kan too ntasu guu ɔbarima no ani so, na afei obisaa no nea ohu. Mmuae a ɔbarima no de mae no kyerɛe sɛ na onhu ade yiye. Ɔkae sɛ: “Mihu nnipa, efisɛ mihu biribi te sɛ nnua, nanso ɛredi akɔneaba.” Afei Yesu san de ne nsa too ɔbarima no ani so, na nea esii ni: “Ɔbarima no huu ade yiye, na ne ho tɔɔ no, na afei ohuu biribiara fann.” Ɛda adi sɛ Yesu buee ɔbarima no ani nkakrankakra. Dɛn ntia?

Bible nkyerɛkyerɛ mu pii, nanso yebesusuw biribi a ebetumi aba sɛ ɛno nti na ɔyɛɛ no saa wɔ asɛm yi mu ho. Obi a onhuu ade mfe pii anaa efi bere a wɔwoo no onhuu ade da, a afei de ohu ade bere a edi kan koraa no yɛ nsakrae kɛse. Mfatoho bi ni: Bere bi a atwam no, na wɔde mpɔnkɔ yɛ adwuma wɔ baabi a wotu fam agude wɔ asase ase. Esiane sɛ da biara na wɔwɔ sum mu nti, sɛ wopue ba asase so a, na egye wɔn da mũ nyinaa ansa na wɔatumi ahu ade yiye wɔ hann mu. Sɛ obi ani afura a, nsakrae no bɛyɛ kɛse asen saa mpo. Ɛnnɛ mmere mu, nnuruyɛfo atumi ayɛ nnipa binom a wɔn ani afura no mu kakra ani oprehyɛn ma wɔasan ahu ade. Nanso nneɛma pii a ayarefo no ani hu a ɛkɔ wɔn adwene mu no ma wɔn ho dwiriw wɔn. Esiane kɔla ahorow ne nneɛma pii a atwa wɔn ho ahyia no nti, wɔn adwene tu fra ma wontumi nhu nneɛma a wonim dedaw no mpo yiye. Bere bi akyi no, adwene no tumi te nea ani no hu ase.

Ebetumi aba sɛ na Yesu dwen onifuraefo yi ho paa enti na obuee n’ani nkakrankakra no. Awiei koraa no, ɔbarima no ‘huu biribiara fann,’ na ɛma ɔtee biribiara a ohui ase yiye.

Wɔ Yesu bere so no, dɛn nti na na ɛyɛ den sɛ obi bɛkenkan ade wɔ nhoma mmobɔwee so?

Ná aboa nhoma a wɔtaa de yɛ nhoma mmobɔwee no tenten yɛ nsateakwaa 9 kosi 11, ɛnna ne trɛw nso yɛ nsateakwaa 6 kosi 9. Ná wɔkeka nhoma yi sisi anim tare anaa wɔpam. Ebi wɔ hɔ a na wɔde nhoma atenten na ɛyɛ. Wɔde aboa nhoma asinasin 17 na ɛyɛɛ Yesaia nhoma mmobɔwee a wohui wɔ Po a Awu ho no, na nea ɛwɔ hɔ seesei no tenten yɛ anammɔn 24. Ɛbɛyɛ sɛ na Yesaia nhoma mmobɔwee a Yesu kenkanee wɔ hyiadan mu wɔ Nasaret no tenten te saa ara.—Luka 4:16, 17.

Ɛdefa eyi ho no, Alan Millard kyerɛwee wɔ ne nhoma mu sɛ: “Sɛ obi rekenkan nhoma [nhoma mmobɔwee] no a, na oso mu de ne nsa benkum bue mu, na bere a ɔrekenkan no, ɔde ne nsa nifa san bobɔ fi ano nkakrankakra. Ansa na Yesu bedu Yesaia 61 a ɔkenkanee wɔ hyiadan mu no, na wabue nhoma mmobɔwee no dodow no ara mu asan abobɔ.”—Discoveries From the Time of Jesus.

Saa bere no, na wɔnkyekyɛɛ Yesaia nhoma no mu nyɛɛ no ti ne nkyekyɛm sɛnea ɛte nnɛ no. Bere a wɔde Yesaia nhoma mmobɔwee no hyɛɛ Yesu nsa wɔ hyiadan mu wɔ Nasaret no, na ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ baabi a ɛnnɛ ɛyɛ Yesaia 61:1, 2 wɔ yɛn Bible mu no. Yesu ammrɛ ho na ohuu “baabi ko,” na ɛma yehu sɛnea na onim Onyankopɔn Asɛm no mu yiye.