Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 11

Wobɔ Asu Wie Mpo a, Kɔ So Hyɛ “Suban Foforo” No

Wobɔ Asu Wie Mpo a, Kɔ So Hyɛ “Suban Foforo” No

“Monhyɛ suban foforo . . . no.”—KOL. 3:10.

DWOM 49 Ma Yehowa Koma Ntɔ Ne Yam

NEA YƐREBESUA *

1. Suban a yɛwɔ no, dɛn paa na ɛma yenya?

 SƐ AFEI ara na yɛabɔ asu oo, sɛ yɛbɔɔ asu akyɛ oo, yɛn nyinaa pɛ sɛ yenya suban a Yehowa ani gye ho. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, nneɛma a yedwen ho no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye. Adɛn ntia? Efisɛ nea yedwen ho no, ɛno ne ade titiriw a ɛma yenya suban a yɛwɔ no. Sɛ daa yedwen nea honam no pɛ ho a, ɛremma yɛn kasa ho ntew, na yɛbɛyɛ nneɛma bɔne nso. (Efe. 4:17-19) Nanso, sɛ yedwen nneɛma pa ho a, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe bɛsɔ yɛn Agya Yehowa ani.—Gal. 5:16.

2. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Adesua a edi wei anim mu no, yehui sɛ ɛnyɛ dɛn ara a nsusuwii bɔne bi betumi awura yɛn adwene mu. Nanso yɛpɛ a, ɛnna yɛbɛyɛ nea aba yɛn adwene mu no. Ansa na yebetumi abɔ asu no, kasa ne nneyɛe a Yehowa kyi no, ɛsɛ sɛ yegyae. Ɛno ne ade a edi kan a ɛho hia paa sɛ yɛyɛ de yi suban dedaw no gu. Nanso sɛ yebetumi asɔ Yehowa ani yiye a, ɛsɛ sɛ yetie ahyɛde yi nso: “Monhyɛ suban foforo” no. (Kol. 3:10) Adesua yi mu no, yebebua nsɛmmisa a edidi so yi: Dɛn ne “suban foforo” no? Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ suban foforo no a yɛrenyi ngu hɔ?

DƐN NE “SUBAN FOFORO” NO?

3. Sɛnea Galatifo 5:22, 23 kyerɛ no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi wɔ “suban foforo” no, na ɔkwan bɛn na ɔfa so hyɛ?

3 Sɛ obi wɔ “suban foforo” no a, ɛkyerɛ sɛ, osuasua sɛnea Yehowa dwen nneɛma ho na ɔyɛ n’ade. Sɛ obi sow Onyankopɔn honhom aba no, na ɔma honhom kronkron nya n’adwene, ne nkate, ne ne nneyɛe so tumi a, ɛkyerɛ sɛ wahyɛ suban foforo no. (Kenkan Galatifo 5:22, 23.) Obi a ɔte saa no dɔ Yehowa ne ne nkurɔfo. (Mat. 22:36-39) Sɛ ɔrehyia sɔhwɛ mpo a, ɔde anigye gyina mu. (Yak. 1:2-4) Ɔyɛ asomdwoe nipa. (Mat. 5:9) Ɔwɔ afoforo ho abotare, na ne yam ye. (Kol. 3:13) N’ani gye adepa ho, na ɔyɛ nso. (Luka 6:35) Ɔde ne nneyɛe kyerɛ sɛ ɔwɔ ne soro Agya no mu gyidi paa. (Yak. 2:18) Sɛ obi gyigye no mpo a, ɔda odwo adi; sɛ biribi sɔ no hwɛ sɛ ɔnkɔyɛ bɔne a, otumi hyɛ ne ho so.—1 Kor. 9:25, 27; Tito 3:2.

4. Sɛ yebetumi ahyɛ suban foforo no a, su ahorow a ɛwɔ Galatifo 5:22, 23 no, wohwɛ a, ɛsɛ sɛ yenya ne nyinaa bom anaa ɛsɛ sɛ yenya no mmaako mmaako? Kyerɛkyerɛ mu.

4 Sɛ yebetumi ahyɛ suban foforo no a, su ahorow a ɛwɔ Galatifo 5:22, 23, ne nea ɛwɔ kyerɛwnsɛm afoforo mu no, gye sɛ yenya ne nyinaa. * Saa su ahorow no nte sɛ ataade a wohyɛ wei nnɛ a, ɔkyena na woahyɛ foforo no. Nokwasɛm ne sɛ, su ahorow yi bebree sesɛ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ wodɔ wo yɔnko ampa a, wubenya ne ho abotare, na woada ayamye adi akyerɛ no. Afei nso, sɛ wubetumi ayi wo yam ayɛ papa a, ɛsɛ sɛ woda odwo adi, na wohyɛ wo ho so.

YƐBƐYƐ DƐN AHYƐ SUBAN FOFORO NO?

Nkakrankakra, sɛ yetumi dwen nneɛma ho te sɛ Yesu a, ɛbɛma yɛatumi asuasua no yiye, na ɛbɛma yɛada ne suban adi kɛse (Hwɛ nkyekyɛm 5, 8, 10, 12, 14)

5. “Kristo adwene” a yebenya no kyerɛ sɛn, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua Yesu asetena ho ade? (1 Korintofo 2:16)

5 Kenkan 1 Korintofo 2:16. Sɛ yebetumi ahyɛ suban foforo no a, ɛsɛ sɛ yenya “Kristo adwene.” Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea na Yesu dwen nneɛma ho, na yesuasua no. Su ahorow a ɛka bom yɛ Onyankopɔn honhom no aba no, Yesu daa ne nyinaa adi pɛpɛɛpɛ. Sɛnea ahwehwɛ papa ma yehu sɛnea yɛte pɛpɛɛpɛ no, saa ara na Yesu daa Yehowa suban adi pɛpɛɛpɛ. (Heb. 1:3) Nkakrankakra, sɛ yetumi dwen nneɛma ho te sɛ Yesu a, ɛbɛma yɛatumi asuasua no yiye, na ɛbɛma yɛada ne suban adi kɛse.—Filip. 2:5.

6. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛhyɛ suban foforo no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?

6 Wohwɛ a, yebetumi asuasua Yesu ama ayɛ yiye? Ebia wobɛka sɛ: ‘Yesu de, na bɔne biara nni ne ho, enti merentumi nyɛ te sɛ ɔno da!’ Sɛ saa na wote nka a, kae nea edidi so yi. Nea edi kan, wɔbɔɔ wo wɔ Yehowa ne Yesu suban so. Ɛwom sɛ worentumi nsuasua wɔn pɛpɛɛpɛ, nanso wopɛ a, wubetumi asuasua wɔn sɛnea ɛsɛ. (Gen. 1:26) Nea ɛtɔ so mmienu, Onyankopɔn honhom kronkron no, ɛno ne tumi a ɛsen biara wɔ amansan yi mu. Honhom kronkron no betumi aboa wo ma woayɛ nneɛma a wonna nsoo ho dae mpo. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, Yehowa nhwɛ kwan sɛ suban ahorow a ɛka bom yɛ honhom aba no, wobɛda ne nyinaa adi pɛpɛɛpɛ seesei. Nea ɛwom ne sɛ, Yehowa ayi mfe 1,000 asi hɔ a ɔde bɛtete wɔn a wɔbɛtena asaase so no ama bɔne biara afi wɔn ho. (Adi. 20:1-3) Nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ nnɛ ne sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara, na yɛahwehwɛ ne hɔ mmoa.

7. Dɛn na yɛrebesusuw ho?

7 Nneɛma pɔtee bɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Yesu? Yebesusuw Onyankopɔn honhom aba no afã nnan ho tiawa. Emu biara no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yesu daa saa su no adi, ne nea yebetumi asua afi mu. Sɛ yɛresusuw ho a, yɛbɛhwɛ nsɛmmisa bi a ɛbɛboa yɛn ama yɛahwehwɛ yɛn ho mu. Wei bɛma yɛahu sɛ yɛahyɛ suban foforo no anaa.

8. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ɔdɔ adi?

8 Esiane sɛ Yesu dɔ Yehowa paa nti, ɔyɛɛ nea n’Agya pɛ, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn. (Yoh. 14:31; 15:13) Sɛnea Yesu bɔɔ ne bra wɔ asaase so no kyerɛ sɛ, na ɔdɔ nnipa paa. Sɛ nkurɔfo sɔre tia no oo, sɛ wɔansɔre antia no oo, da biara na ɔda ɔdɔ ne ayamhyehye adi. Ade titiriw a ɔyɛ de kyerɛe sɛ ɔdɔ nkurɔfo ne sɛ, ɔkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. (Luka 4:43, 44) Afei nso, Yesu fii ne pɛ mu huu amane, na abɔnefo kum no yayaayaw. Ɔyɛɛ wei de kyerɛe sɛ ɔwɔ ɔdɔ kann ma Onyankopɔn ne nnipa. Nea ɔyɛe no abue kwan ama yɛn nyinaa sɛ yebetumi anya daa nkwa.

9. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua ɔdɔ a Yesu daa no adi no?

9 Yɛdɔ Yehowa, yɛn Agya a ɔwɔ soro no. Ɛno nti na yehyiraa yɛn ho so maa no, na yɛbɔɔ asu no. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu, na yɛne nnipa di no yiye de kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɔrentumi nnɔ Onyankopɔn a onhu no no.” (1 Yoh. 4:20) Enti, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Medɔ nnipa paa? Ɛyɛ a meda ayamhyehye adi kyerɛ nkurɔfo, na sɛ wɔne me anni no yiye nso ɛ? So ɔdɔ kanyan me ma mede me bere ne me sika boa nkurɔfo ma wosua Yehowa ho ade? Sɛ nnipa dodow no ara nkyerɛ mmɔden a mebɔ no ho anisɔ anaa sɛ wɔsɔre tia me mpo a, mifi me pɛ mu kɔ so boa wɔn anaa? Metumi ayɛ me nhyehyɛe yiye, na manya bere pii de ayɛ asuafoyɛ adwuma no anaa?’—Efe. 5:15, 16.

10. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔyɛ asomdwoe nipa?

10 Ná Yesu yɛ asomdwoe nipa. Bere a nkurɔfo ne no anni no yiye no, wanyɛ bi antua wɔn ka. Nanso wamfa anso hɔ ara. Otuu anammɔn hwehwɛɛ asomdwoe, na ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wonsiesie wɔn ntam akasakasa biara. Ɛho nhwɛso ni. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ Yehowa gye wɔn som tom a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ siesie wɔne wɔn nua ntam nsɛmnsɛm biara. (Mat. 5:9, 23, 24) Ná asomafo no taa gye akyinnye wɔ wɔn mu nea ɔyɛ kɛse ho. Ne nyinaa mu no, Yesu boaa wɔn ma wosiesiee wɔn ntam.—Luka 9:46-48; 22:24-27.

11. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛpɛ asomdwoe?

11 Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremma akasakasa mma yɛne afoforo ntam a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ yɛpɛ asomdwoe. Ɛsɛ sɛ yetu anammɔn siesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm biara, na yɛhyɛ yɛn nuanom nkuran sɛ wɔn nso nsiesie akasakasa biara a ɛwɔ wɔne afoforo ntam. (Filip. 4:​2, 3; Yak. 3:​17, 18) Yebetumi abisa yɛn ho nsɛm a edidi so yi: ‘Mayɛ krado sɛ mede biribiara bɛto nkyɛn na ama matumi asiesie me ne afoforo ntam anaa? Sɛ me nua bi yɛ ade ma ɛyɛ me yaw a, ɛyɛ a minya ne ho menasepɔw? Sɛ ɛyɛ me sɛ onii no na ɔkɔfaa ɔhaw no bae mpo a, ɛyɛ a midi kan tu anammɔn siesie me ne ne ntam, anaa ɛyɛ a metwɛn sɛ ɔno mmom bedi kan ayɛ saa? Sɛ mente-me-ho-ase wɔ ebinom ntam, na wobetumi asiesie a, ɛyɛ a mehyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ saa anaa?’

12. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔwɔ ayamye?

12 Ná Yesu yam ye. (Mat. 11:28-30) Bere a ohyiaa tebea a emu yɛ den mpo no, ɔyɛɛ nkurɔfo brɛbrɛ, na wamma n’asɛm anyɛ twann. Ɔyɛɛ wei de kyerɛe sɛ ne yam ye. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Foinikeni bea bi srɛɛ no sɛ, ɔnsa ne ba yare no, mfiase no, na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ, nanso bere a ohui sɛ ɔbea no wɔ gyidi kɛse no, ɔsaa ne ba no yare. (Mat. 15:22-28) Ɛwom sɛ na Yesu yam ye, nanso sɛ ehia sɛ ɔde afotu ma a, na ɔntwentwɛn ne nan ase. Ɛtɔ da a, wɔn a ɔdɔ wɔn no, na ɔde ne nan si fam teɛ wɔn so de kyerɛ sɛ ne yam ye. Ɛho nhwɛso baako ni. Bere bi a na Petro mpɛ sɛ Yesu yɛ Yehowa apɛde no, Yesu kaa n’anim wɔ asuafo no nyinaa anim. (Mar. 8:32, 33) Ɔkaa Petro anim no, na ɛnyɛ ne botae ne sɛ ɔregu n’anim ase. Mmom, na ɔde retete no na ayɛ kɔkɔbɔ ama asuafo a aka no sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ade a wɔmmaa wɔn ho kwan sɛ wɔnyɛ. Ɛnyɛ dɛn ara a, Petro ani wui, nanso nteɛso no boaa no.

13. Yɛbɛyɛ dɛn afi yɛn komam ada ayamye adi?

13 Sɛ wubetumi afi wo komam ada ayamye adi akyerɛ wɔn a wodɔ wɔn a, ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ wutu wɔn fo. Sɛ ehia sɛ woyɛ saa a, suasua Yesu na fa w’afotu no gyina nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu so. Yɛ wɔn brɛbrɛ. Nya wɔn ho adwempa, na nya awerɛhyem sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔdɔ wo no betie afotu a wuyi wo yam de ma wɔn no. Bisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Sɛ mihu sɛ obi a medɔ no reyɛ biribi a ɛmfa kwan mu a, menya akokoduru ne no aka ho asɛm? Sɛ ɛho hia sɛ mitu obi fo a, me ne no kasa abodwo so, anaa mede abufuw na ɛyɛ? Dɛn na ɛyɛ a ɛkanyan me ma mitu obi fo? Esiane sɛ onii no ahyɛ me abufuw nti na mepɛ sɛ mitu no fo, anaa mepɛ sɛ meboa no?

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa papayɛ adi?

14 Ná ɛnyɛ sɛ Yesu nim nea ɛyɛ papa kɛkɛ, mmom, na ɔyɛ nso. Yesu dɔ n’Agya, enti bere nyinaa na ɔde adwempa yɛ adepa. Sɛ yehu sɛnea papayɛ boa nkurɔfo a, ɛma yehu sɛ ɛyɛ suban pa. Sɛ obi yɛ nipa pa a, bere nyinaa ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa so aboa afoforo. Sɛ yenim sɛnea yɛbɛyɛ adepa a, na yenwiei; ɛsɛ sɛ yɛde adwempa yɛ nneɛma pa. Ebia obi bebisa sɛ, ‘So obi betumi de adwemmɔne ayɛ adepa?’ Yiw, obetumi. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu kaa sɛ, nkurɔfo bi wɔ hɔ a sɛ wɔyɛ ahiafo adɔe a, wɔbɔ no dawuru. Papayɛ a ɛte saa nsɔ Yehowa ani.—Mat. 6:1-4.

15. Yɛbɛyɛ dɛn afi yɛn komam ayɛ papa?

15 Sɛ yɛde adwempa yɛ adepa nko ara a, ɛnna yebetumi aka sɛ yefi yɛn komam ayɛ papa. Enti wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Minim adepa, na ɛyɛ a meyɛ nso? Adwene bɛn na ɛyɛ a mede yɛ adepa?’

DƐN NA YƐBƐYƐ NA YƐN SUBAN FOFORO NO ANSƐE?

16. Da biara, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?

16 Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛbɔ asu wie a, ɛkyerɛ sɛ yɛahyɛ suban foforo no awie. Yɛn suban foforo no te sɛ “ataade foforo.” Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ so yiye. Ade baako a yebetumi ayɛ ne sɛ, da biara yɛbɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ada Onyankopɔn honhom aba no adi. Adɛn ntia? Efisɛ, Yehowa yɛ Onyankopɔn a bere nyinaa ɔde ne honhom no yɛ adwuma. (Gen. 1:2) Enti ɛsɛ sɛ honhom aba no afã no nyinaa kanyan yɛn ma yɛyɛ biribi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ, osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Gyidi a nnwuma nka ho awu.” (Yak. 2:26) Enti Onyankopɔn honhom aba no afã a aka nyinaa nso, ɛsɛ sɛ nnwuma bata ho. Bere biara a yɛbɛyɛ biribi de akyerɛ sɛ yɛresow honhom no aba no, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom no reyɛ adwuma wɔ yɛn so.

17. Sɛ yɛantumi anna honhom aba no adi a, ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛn?

17 Kristofo a wɔbɔɔ asu akyɛ mpo, ɛnyɛ bere nyinaa na wotumi da honhom aba no adi. Nea ɛho hia paa ne sɛ woremfa ahwease nyɛ nna. Yɛnhwɛ mfatoho yi. Sɛ w’ataade a wopɛ paa tew a, ntɛmpa ara wobɛtow agu? Daabi. Mmom yegye di sɛ, sɛ wopam na ɛbɛyɛ yiye a, ɛnde wobɛto wo bo ase apam. Ɛno akyi no, wobɛyɛ ahwɛyiye paa. Enti da koro bi sɛ woantumi annya abotare, anaa woantumi anna ɔdɔ ne ayamye adi ankyerɛ obi a, mma w’abam mmmu. Sɛ wufi wo komam pa onii no kyɛw a, mubetumi asiesie mo ntam, na mode yiye ato yiye. Afei fa yɛ wo botae sɛ, woremma biribi a ɛte saa nsi bio.

18. Awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

18 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yesu ayɛ nhwɛso ama yɛn! Sɛ yɛbɔ mmɔden suasua sɛnea na odwen nneɛma ho na ɔyɛ n’ade no a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade te sɛ ɔno. Sɛ yɛkɔ so suasua Yesu a, ɛbɛma yɛatumi ahyɛ suban foforo no yiye. Adesua yi mu no, yɛahwɛ Onyankopɔn honhom aba no afã nnan pɛ. Adɛn na wompɛ bere nnɔ afã a aka no mu asukɔ? Afei dwinnwen ho hwɛ sɛ woreda saa suban no adi wɔ w’abrabɔ mu anaa. Sɛ wohwɛ Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no fã a yɛato din “Kristofo Abrabɔ,” na wohwɛ “Honhom No Aba” ase a, wubenya ɛho nsɛm pii. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ woyɛ wo fam de a, Yehowa bɛboa wo ma woahyɛ suban foforo no a worenyi ngu hɔ.

DWOM 127 Onipa Kõ a Ɛsɛ sɛ Meyɛ

^ Sɛ yɛn suban te sɛn oo, sɛ ɛte sɛn oo, yebetumi ahyɛ “suban foforo” no. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so teɛteɛ yɛn adwene na yɛyere yɛn ho suasua Yesu. Adesua yi mu no, sɛnea na Yesu dwen, ne sɛnea na ɔyɛ n’ade no, yɛbɛhwɛ ɛho nhwɛso ahorow bi. Afei nso, adesua yi bɛma yɛahu sɛnea yɛbɔ asu wie mpo a, yebetumi akɔ so asuasua no.

^ Su pa a Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ama yɛanya no, Galatifo 5:22, 23 no mmobɔ ne nyinaa. Sɛ wopɛ wei ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa June 2020 Ɔwɛn-Aban mu no.