Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Bible no Ka Yesu Ho Nsɛm Nyinaa Kyerɛ Yɛn?

So Bible no Ka Yesu Ho Nsɛm Nyinaa Kyerɛ Yɛn?

So Bible no Ka Yesu Ho Nsɛm Nyinaa Kyerɛ Yɛn?

So ebetumi aba sɛ Yesu anwu wɔ Golgota sɛnea Bible ka no, na mmom onyaa ne ti didii mu? So ɛyɛ nokware sɛ ɔwaree Maria Magdalene, na ɔne no woo mma? Anaasɛ na ɔyɛ onipa nwonwafo a ɔde nneɛma kame ne ho na ɔpoo asase so anigyede biara? So ebetumi aba sɛ ɛnyɛ nea yɛkenkan wɔ Bible mu no na ɔkyerɛkyerɛe?

YƐTAA te Yesu ho nsɛm a ɛte saa nnansa yi, efisɛ woyi bi wɔ sini a agye din mu, na ebi nso wɔ nhoma ahorow a nnipa pii kenkan mu. Nsɛm a wɔabɔ wɔn tirim aka yi akyi no, efi afeha a ɛto so abien ne abiɛsa Y.B. mu tɔnn na wɔakyerɛw nhoma pii a egyina atosɛm so a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Yesu ho nokwasɛm a enni Nsɛmpa no mu. So nsɛm a ɛte saa no betumi ayɛ nokware? So yebetumi anya ahotoso sɛ Bible no ka Yesu ho nokwasɛm nyinaa kyerɛ yɛn?

Ansa na yebebua saa nsɛm no, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw nsɛntitiriw abiɛsa yi ho. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yehu mmarima a wɔkyerɛw Nsɛmpa no ho nokwasɛm ne bere a wɔkyerɛwee; nea ɛto so abien no, ɛsɛ sɛ yehu nea ɔma wogyee nhoma ahorow no toom sɛ ɛka Kyerɛwnsɛm no ho, ne ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ saa; na nea ɛto so abiɛsa no, ehia sɛ yehu wɔn a wɔkyerɛw atosɛm no ne sɛnea wɔn nhoma ahorow no yɛ soronko wɔ nhoma ahorow a wogye toom sɛ ɛyɛ nokware no ho. *

Bere Bɛn na Wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no, na Henanom na Wɔkyerɛwee?

Ebinom ka sɛ Kristo wui akyi bɛyɛ mfe awotwe ansa na wɔrekyerɛw Mateo Asɛmpa no, kyerɛ sɛ bɛyɛ afe 41 Y.B. mu. Nhomanimfo pii susuw sɛ ɛnyɛ saa bere no na mmom ɛno akyi koraa ansa na wɔrekyerɛw, nanso nnipa dodow no ara gye tom sɛ wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no wɔ afeha a edi kan Y.B. mu mu.

Bere a wɔrekyerɛw Nsɛmpa no, na nnipa a wonim Yesu, na wohuu ne wu ne ne wusɔre no mu binom da so ara te ase; na na wobetumi adi ho adanse. Afei nso sɛ na mfomso bi wom a, anka wɔbɛka. Bible ho ɔbenfo F. F. Bruce ka sɛ: “Ade titiriw a na ɛwɔ asɛnka adwuma a na asomafo no yɛ ho ne sɛ, na wɔwɔ ahotoso sɛ wɔn atiefo no nim nea na wɔka no; na na wɔnka kɛkɛ sɛ ‘Yɛyɛ nneɛma yi ho adansefo,’ na mmom na wɔka nso sɛ ‘sɛnea mo ara munim no’ de si wɔn asɛm so dua (Asomafo Nnwuma 2:22).”

Henanom na wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no? Ná asomafo 12 no mu binom ka ho. Ná wɔne Bible akyerɛwfo afoforo te sɛ Yakobo, Yuda, ne ebia Marko wɔ hɔ bere a wɔde Kristofo asafo no sii hɔ wɔ Pentekoste, afe 33 Y.B. mu no. Ná saa akyerɛwfo yi nyinaa, a Paulo ka ho, ne tete Kristofo asafo no sodikuw no, a asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem na wɔwom no, bom yɛ adwuma.—Asomafo Nnwuma 15:2, 6, 12-14, 22; Galatifo 2:7-10.

Yesu de ahyɛde maa n’akyidifo no sɛ wɔntoa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ofii ase no so. (Mateo 28:19, 20) Ɔkae mpo sɛ: “Nea otie mo no tie me nso.” (Luka 10:16) Bio nso, ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ Onyankopɔn honhom anaa N’adeyɛ tumi no bɛma wɔn ahoɔden a wohia na wɔde ayɛ adwuma no. Enti sɛ asomafo no anaa Bible akyerɛwfo afoforo—mmarima a ɛda adi sɛ Onyankopɔn honhom wɔ wɔn so—no kyerɛw nhoma a, na tete Kristofo no gye tom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm.

Bible akyerɛwfo binom dii adanse sɛ Onyankopɔn honhom na ɛkaa wɔn mfɛfo akyerɛwfo no, na wɔn nsɛm no yɛ nokware. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Petro twee adwene sii Paulo nkrataa a ɔkyerɛwee no so, na ɔkae sɛ ɛka “Kyerɛwnsɛm a aka no” ho. (2 Petro 3:15, 16) Paulo nso gye toom sɛ Onyankopɔn honhom na ɛkaa asomafo no ne Kristofo adiyifo afoforo no.—Efesofo 3:5.

Enti ɛda adi pefee sɛ, Nsɛmpa no yɛ nokware na yebetumi de yɛn ho ato so. Ɛnyɛ atetesɛm anaa anansesɛm bi kɛkɛ. Ɛyɛ abakɔsɛm a nnipa dii ho adanse, na Onyankopɔn honhom kronkron na ɛkaa wɔn a wɔkyerɛwee no.

Hena na Ɔkyerɛɛ Nhoma a Wobetumi De Aka Bible no Ho?

Nhoma akyerɛwfo binom aka sɛ bere a wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no wiei no, edii mfe pii ansa na Ɔhempɔn Constantine rema asɔre bi tumi ma wɔapaw nhoma ahorow no mu nea ɛsɛ sɛ wɔde ka Bible no ho. Nanso, adanse a ɛwɔ hɔ no kyerɛ sɛ ɛnte saa.

Sɛ nhwɛso no, hyɛ nea Asɔre Abakɔsɛm ho Ɔbenfo a wɔfrɛ no Oskar Skarsaune kae no nsow: “Ɛnyɛ asɔre bagua biara anaa onipa bi na ɔkyerɛɛ nhoma a ɛsɛ sɛ wɔde ka Apam Foforo no ho ne nea ɛsɛ sɛ woyi fi mu . . . Nea wogyinaa so yɛɛ saa no mu da hɔ na ntease wom: Ná wobu nsɛm a asomafo no anaa Bible akyerɛwfo afoforo kyerɛwee wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no sɛ edi mũ. Wɔamfa nhoma afoforo ne nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ ‘nsɛmpa’ no anka ho . . . Wɔboaboaa Nsɛmpa no ano wiei mfe pii akyi ansa na Constantine reba, na ɛno akyi koraa ansa na ɔrehyehyɛ asɔre a ɔmaa no tumi no. Ɛyɛ Kristofo asafo no mufo a wɔn gyidi nti wɔyɛɛ wɔn ayayade no na wɔkyerɛɛ nhoma ko a ɛsɛ sɛ wɔde ka Apam Foforo no ho, na ɛnyɛ asɔre bi a wɔmaa no tumi akyiri yi.”

Ɔbenfo foforo bi a wɔfrɛ no Ken Berding a osua Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ho ade no kaa sɛnea wɔboaboaa nhoma a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no ho asɛm sɛ: “Ɛnyɛ asɔre no na wɔhyehyɛɛ Nsɛmpa no; na mmom, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛka asɔre no ho asɛm sɛ ɛpenee nhoma ahorow a na Kristofo no agye atom sɛ ɛka Onyankopɔn Asɛm ho no so.”

Nanso, so ɛyɛ afeha a edi kan mu Kristofo a wɔbrɛ wɔn ho ase no na wɔpaw nhoma ahorow no? Bible no ka sɛ na biribi a ɛho hia paa—a ɛwɔ tumi—reyɛ adwuma.

Sɛnea Bible kyerɛ no, honhom akyɛde a wɔde maa Kristofo asafo no mufo anwonwakwan so no bi ne “honhom mu nsɛm mu nhumu.” (1 Korintofo 12:4, 10) Enti wɔmaa saa Kristofo no mu binom tumi soronko a ɛbɛma wɔahu nsonsonoe a ɛwɔ nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nokware a efi Onyankopɔn hɔ ne nea ɛyɛ atoro no mu. Ne saa nti, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya ahotoso sɛ nhoma ahorow a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no fi Onyankopɔn hɔ ankasa.

Ɛda adi sɛ mfiase pɛɛ na honhom kronkron boa ma wogyee Bible mu nhoma ahorow no toom sɛ ɛyɛ nokware. Ɛreba afeha a ɛto so abien Y.B. mu awiei no, nhoma akyerɛwfo bi kaa nhoma ahorow a wogye toom sɛ ɛka Bible ho no ho asɛm. Nanso ɛnyɛ saa akyerɛwfo yi na wɔkyerɛɛ nhoma ahorow a ɛsɛ sɛ wɔde ka Bible no ho; mmom nea wɔyɛe ara ne sɛ wodii nea Onyankopɔn nam n’ananmusifo a ɔde ne honhom kyerɛɛ wɔn kwan ma wogye toom no ho adanse.

Tete nsaano nkyerɛwee ahorow no nso boa ma yenya adanse a ɛkyerɛ sɛ nhoma ahorow a wogye tom nnɛ no yɛ nokware. Nsaano nkyerɛwee a wɔde kyerɛw Hela Kyerɛwnsɛm no bɛboro 5,000 na ɛwɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no mu, na wɔkyerɛw emu bi wɔ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa mu. Wɔ mfeha a edi kan Y.B. mu no, nkyerɛwee yi a na wogye tom sɛ ɛyɛ nokware no na wɔhwɛɛ so kyerɛw bi kyekyɛe, na ɛnyɛ atosɛm a na wɔabɔ wɔn tirim akyerɛw no.

Nanso, adanse a ɛsen biara ne nea Bible no ankasa de ma no. Nhoma ahorow a wogye tom yi ne “nsɛm a eye no nhwɛsode” a ɛwɔ Bible mu, ne Bible no fã a aka no nyinaa hyia. (2 Timoteo 1:13) Ɛhyɛ akenkanfo nkuran sɛ wɔnnɔ Yehowa na wɔnsom no, na ɛbɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛntwe yɛn ho mfi gyidihunu, adaemonesɛm, ne abosonsom ho. Abakɔsɛm a ɛwom ne emu nkɔmhyɛ nyinaa yɛ nokware. Na ɛhyɛ akenkanfo nkuran sɛ wɔnnɔ wɔn mfɛfo nnipa. Nsɛm yi ma Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nhoma ahorow no da nsow. So yebetumi aka saa afa nhoma ahorow a ɛnyɛ nokware no ho?

Ɔkwan Bɛn so na Nhoma Horow a Ɛnyɛ Nokware no Da Nsow?

Nsonsonoe wɔ nhoma horow a ɛnyɛ nokware ne nhoma horow a wogye tom sɛ ɛka Bible ho no mu. Wɔkyerɛw nhoma horow a ɛnyɛ nokware yi wɔ Yesu awo akyi, wɔ bɛyɛ afeha a ɛto so abien no mfinimfini mu, nanso na wɔakyerɛw nhoma horow a wogye tom no dedaw. Sɛnea nhoma horow a ɛnyɛ nokware no ka Yesu ne Kristosom ho asɛm no ne nea ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no nhyia.

Sɛ nhwɛso no, nsɛm a ɛnyɛ nokware a wɔakyerɛw wɔ Toma Asɛmpa no mu no keka nsɛm bi a ɛmfata, na wɔkyerɛ sɛ Yesu na ɔkae. Wɔka sɛ Yesu kae sɛ ɔbɛdan Maria ayɛ no ɔbarima na ama watumi akɔ ɔsoro Ahenni no mu. Toma Asɛmpa a Ɛfa Nkokoaa ho no ka sɛ bere a Yesu sua no, na ɔyɛ nea ɔpɛ biara ma enti ɔhyɛɛ da kum abofra bi. Paulo Nnwuma ne Petro Nnwuma a ɛnyɛ nokware no hyɛ nkurɔfo sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi ɔbarima ne ɔbea ntam nna ho, na ɛka mpo sɛ asomafo no hyɛɛ mmea bi nkuran sɛ wonnyae wɔn kununom. Yuda Asɛmpa no ka sɛ Yesu serewee n’asuafo no bere bi a na wɔrebɔ aduan ho mpae akyerɛ Onyankopɔn no. Nsɛm a ɛte saa ne nea Bible no ankasa ka nhyia.—Marko 14:22; 1 Korintofo 7:3-5; Galatifo 3:28; Hebrifo 7:26.

Atosɛm no mu pii da nsusuwii a kuw bi a wɔfrɛ wɔn Nimdeɛ-Som mufo kura no adi. Saa kuw no mufo ka sɛ Yehowa, Ɔbɔadeɛ no, yɛ Onyankopɔn otirimɔdenfo. Wogye di nso sɛ owusɔre no nyɛ paa ara, na honam fam nneɛma nyinaa yɛ bɔne, na Satan na ɔhyehyɛɛ aware ne abawo.

Wɔde nnipa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no din ato saa nhoma yi mu pii so, nanso, ɛnyɛ wɔn na wɔkyerɛwee. So nnipa bi na wɔbɔɔ pɔw yii nhoma horow yi fii Bible no mu? Nhoma horow a ɛka atosɛm ho nimdefo, M. R. James, ka sɛ: “Ɛnyɛ obiara na ɔyɛɛ kanana yii nhoma horow yi fii Apam Foforo no mu: esiane sɛ nhoma yi ne nea Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee no nhyia nti, wɔantumi amfa anka ho.”

Bible Akyerɛwfo Bɔɔ Ɔwae a Ɛbɛba no Ho Kɔkɔ

Yehu kɔkɔbɔ pii wɔ nhoma ahorow a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee no mu sɛ na ɔwae a ebetumi asɛe Kristofo asafo no bɛba. Nokwarem no, na ɔwae no afi ase dedaw wɔ afeha a edi kan no mu, nanso asomafo no bɔɔ mmɔden sii no kwan na antrɛw. (Asomafo Nnwuma 20:30; 2 Tesalonikafo 2:3, 6, 7; 1 Timoteo 4:1-3; 2 Petro 2:1; 1 Yohane 2:18, 19; 4:1-3) Wɔ asomafo no wu akyi no, kɔkɔbɔ a ɛte saa no boa ma wohuu atosɛm a nkurɔfo kyerɛwee a ɛne Yesu nkyerɛkyerɛ bɔ abira no.

Ɛwom, animdefo ne abakɔsɛm akyerɛwfo bi betumi aka sɛ nhoma horow a ɛte saa no akyɛ. Nanso, wo de susuw ho hwɛ: Sɛ animdefo boaboa nhoma horow bi a emu nsɛm nyɛ nokware a wɔatintim wɔ yɛn bere yi mu ano, ebia nea efi nsɛmma nhoma bi a ɛka atosɛm anaa ɔsom bi a emufo yɛ katee nhoma mu, na afei wɔkora so a, dɛn na ebesi? So bere tenten a ebetwam no bɛma atosɛm a wɔaboaboa ano no abɛyɛ nokware a yebetumi de yɛn ho ato so? So atosɛm ne nsɛnhunu a ɛwɔ nhoma a wɔde asie bɛyɛ mfe 1,700 mu no bɛdan ayɛ nokware esiane sɛ akyɛ nti?

Ɛnte saa koraa! Saa ara na ɛte wɔ atosɛm a ɛne sɛ Yesu waree Maria Magdalene ne nsɛnhunu a ɛwɔ nhoma ahorow a wɔbɔɔ wɔn tirim kyerɛwee mu no ho. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye nhoma horow a ɛnka nokware yi tom bere a yɛn nsa betumi aka nea ɛka nokwasɛm no? Biribiara a Onyankopɔn pɛ sɛ yehu fa ne Ba no ho no wɔ Bible—nhoma a yebetumi de yɛn ho ato so—no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Nhoma ahorow 66 na wogye tom sɛ ɛka bom yɛ Bible no, na wogye di paa sɛ emu biara yɛ Onyankopɔn Asɛm no fã, na ɔno na ɔma wɔkyerɛwee.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/​Mfonini wɔ kratafa 26]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

YESU ASETENA BIBLE NO FÃ A WƆDE NHOMA AHOROW A WƆBƆƆ

HELA KASA KYERƐWEE WƆN TIRIM KYERƐWEE

2 A.Y.B. 33 Y.B. 41 98 130 300

[Asɛm Fibea]

Kenneth Garrett/​National Geographic Image Collection

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ɔsomafo Paulo yɛɛ anwonwade, na mpo onyan obi a wawu. Eyi ma ɛdaa adi paa sɛ Onyankopɔn honhom na ɛboaa no ma ɔkyerɛw ne nhoma ahorow no