Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere bɛn na frɛ a wɔfrɛ Kristofo ma wokonya ɔsoro anidaso no ba awiei?

Bible mma saa asɛmmisa no ho mmuae tee. Nanso, yenim sɛ wofii ase sraa Yesu akyidifo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ akodi ahene wɔ soro no wɔ afe 33 Y.B. mu. (Asomafo Nnwuma 2:1-4) Yɛsan nso nim sɛ wɔ asomafo no wu akyi no, nokware Kristofo a wɔasra wɔn a wɔne “awi” no ne atoro Kristofo a wɔne “nwura” no ‘nyinaa nyin’ boom. (Mateo 13:24-30) Afei, efi afe 1800 mfe no awiei no, Kristofo a wɔasra wɔn no fii ase yɛɛ asɛnka adwuma no denneennen. Wɔ afe 1919 mu no, wofii ase twaa “asase no so nneɛma” a na wɔn a wɔasra wɔn a wotwa to a wɔbɛboaboa wɔn ano no ka ho.—Adiyisɛm 14:15, 16.

Efi afe 1800 mfe no awiei kosi afe 1931 mu no, na nea enti a wɔyɛ asɛnka adwuma no titiriw ne sɛ wɔbɛboaboa Kristo nipadua no mufo a wɔaka no ano. Wɔ afe 1931 mu no, Bible Asuafo no faa edin a egyina Bible so a ɛne Yehowa Adansefo no too wɔn ho so, na wɔ Borɔfo Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ November 15, 1933 mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, saa din soronko yi gyina hɔ ma “denari” a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne mfatoho a ɛwɔ Mateo 20:1-16 mu no. Ná wogye di sɛ nnɔnhwerew 12 a wɔkaa ho asɛm wɔ mfatoho no mu no yɛ mfe 12 a efii ase wɔ afe 1919 kosi afe 1931 mu no. Wɔ afe 1931 akyi mfe pii no, na wogye di sɛ wɔn a wɔpaw wɔn sɛ wɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni mu no aba awiei, na wɔn a wɔfrɛɛ wɔn wɔ afe 1930 ne afe 1931 mu sɛ wɔne Kristo nkodi ade no ne wɔn a ‘wotwa to’ a wɔfrɛɛ wɔn. (Mateo 20:6-8) Nanso, wɔ afe 1966 mu no, yebenyaa ntease foforo wɔ mfatoho no ho, na ɛbɛdaa adi pefee sɛ mfatoho no ne wɔn a wɔasra wɔn no paw a ɛbɛba awiei no nni hwee yɛ.

Wɔ afe 1935 mu no, wɔbɛtee ase sɛ “nnipakuw kɛse” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9-15 no ne “nguan foforo” no, na wɔne Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase yi so a wɔbɛboaboa wɔn ano wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, na wobetwa Harmagedon sɛ nnipakuw. (Yohane 10:16; 2 Timoteo 3:1; Adiyisɛm 21:3, 4) Efi afe 1935 reba no, na atirimpɔw a wɔde yɛ asuafoyɛ adwuma no ne sɛ wɔbɛboaboa nnipakuw kɛse no ano. Enti, efi afe 1966 akyi titiriw no, na wogye di sɛ ɔsoro frɛ no aba awiei wɔ afe 1935 mu. Ɛte sɛ nea na saa ntease yi yɛ nokware, efisɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ afe 1935 akyi no mu dodow no ara tee nka sɛ wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so. Ɛno akyi no, na wogye di sɛ sɛ na wɔfrɛ obi ma obenya anidaso sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro a, na ɛkyerɛ sɛ wɔde no ahyɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔanni nokware no bi ananmu.

Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ wɔn a wɔasra wɔn no mu bi yɛ bɔne na wannu ne ho na ofi nokware no mu a, Yehowa frɛ obi foforo hyɛ n’ananmu. (Romafo 11:17-22) Nanso, ɛda adi sɛ wɔn a wɔasra wɔn ankasa a wonni nokware no nnɔɔso. Nanso, bere rekɔ so no, Kristofo binom a wɔbɔɔ asu wɔ afe 1935 akyi no aka sɛ honhom no adi wɔn adanse sɛ wɔanya ɔsoro anidaso. (Romafo 8:16, 17) Enti, ɛte sɛ nea yentumi nhyɛ da pɔtee a Kristofo a wɔfrɛ wɔn ma wokonya ɔsoro anidaso no bɛba awiei.

Sɛ obi te nka wɔ ne komam seesei sɛ wɔasra no, na ofi ase di abodoo nom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase a, ɛsɛ sɛ yebu no dɛn? Ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia no. Ɛyɛ ɔno ne Yehowa ntam asɛm. (Romafo 14:12) Nanso, Kristofo a wɔasra wɔn ankasa no nyɛ biribi mfa nkyerɛ sɛ wɔyɛ soronko. Wonnye nni sɛ sra a wɔasra wɔn no ma wonya “nhumu” soronko a ɛboro nea nnipakuw kɛse no mufo bi a wɔn ho akokwaw wɔ no so. Wonnye nni sɛ wɔwɔ honhom kronkron sen nea wɔn mfɛfo nguan foforo no wɔ no; na saa ara nso na wɔnhwɛ kwan sɛ afoforo bɛsom wɔn, anaasɛ wonnya adwene bi sɛ abodoo a wodi ne bobesa a wɔnom no ma wɔsen mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ asafo no mu no. Wɔde ahobrɛase kae sɛ mmarima a na wɔde honhom asra wɔn a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu bi amfata sɛ wɔsom sɛ asafo mu mpanyimfo anaa asomfo. (1 Timoteo 3:1-10, 12, 13; Tito 1:5-9; Yakobo 3:1) Ná Kristofo a wɔasra wɔn no mu bi mpo yɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu. (1 Tesalonikafo 5:14) Ɛwom sɛ wɔsraa anuanom mmea de, nanso wɔankyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu.—1 Timoteo 2:11, 12.

Enti, Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn mfɛfo nguan foforo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ den wɔ Onyankopɔn som mu, sɛ wɔbɛsow honhom aba no, na wɔaboa ma asomdwoe atra asafo no mu. Kristofo nyinaa, wɔn a wɔasra wɔn ne nguan foforo no, yere wɔn ho yɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no wɔ Sodikuw no akwankyerɛ ase. Kristofo a wɔasra wɔn no ani sɔ adwuma yi bere tenten a Onyankopɔn ma wɔn kwan sɛ wɔntra asase so sɛ Yehowa asomfo no.