Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yehowa Suro Ɛno Ne Nyansa’

‘Yehowa Suro Ɛno Ne Nyansa’

‘Yehowa Suro Ɛno Ne Nyansa’

“ASƐM no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.” (Ɔsɛnkafo 12:13) Tete Israel Hene Salomo a Onyankopɔn honhom kaa no no de ne nsɛm no baa awiei wɔ ɔkwan a emu dɔ yiye yi so! Tete agya Hiob nso huu sɛnea Onyankopɔn suro som bo fa ma enti ɔkae sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, NW] suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho fi ne nhumu.”—Hiob 28:28.

Bible ka hia a ehia kɛse sɛ yesuro Yehowa no ho asɛm. Dɛn nti na nyansa wom sɛ yenya osuro pa ma Onyankopɔn? Ɔkwan bɛn so na yɛn mu biara nya Onyankopɔn suro so mfaso sɛ nokware somfo? Mmebusɛm ti 14 nkyekyɛm 26 kosi 35 bua nsɛmmisa yi. *

“Ahodaso a Emu Yɛ Den” Fibea

Salomo ka sɛ: “[Yehowa, NW] suro mu wɔ ahodaso a emu yɛ den, na ɔbɛyɛ guankɔbea ama ne mma.” (Mmebusɛm 14:26) Obi a osuro Nyankopɔn de ne ho to Yehowa, nokware Nyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ no nkutoo so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ onipa a ɔte saa de ahotoso hwɛ nea ɛbɛba daakye kwan! Obedi nna amee na wanya nhyira.

Nanso, dɛn na yebetumi aka afa wɔn a wɔde wɔn ho to wiase no so—emu nnwuma ahorow, ahyehyɛde, nkyerɛkyerɛ, ne emu nneɛma so no? Biribiara a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka daakye no so betwa tiaa, efisɛ Bible ka sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Esiane eyi nti, so ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ ‘yɛbɛdɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase’ no?—1 Yohane 2:15.

Nneɛma bɛn na awofo a wosuro Onyankopɔn betumi ayɛ na wɔanya ‘guankɔbea ama wɔn mma’? Odwontofo no too dwom sɛ: “Mma, mommra, monyɛ aso mma me! Mɛkyerɛ mo [Yehowa, NW] suro.” (Dwom 34:11) Sɛ awofo nam wɔn nhwɛso ne akwankyerɛ a wɔde ma wɔn mma so ma wobesuro Onyankopɔn a, ebia wobenyin abɛyɛ mmarima ne mmea a wɔwɔ Yehowa mu ahotoso.—Mmebusɛm 22:6.

Salomo toa so sɛ: [Yehowa, NW] suro yɛ nkwa nsuti, na wɔde fi owu afiri mu.” (Mmebusɛm 14:27) Yehowa suro yɛ “nkwa nsuti” efisɛ nokware Nyankopɔn no na ‘ɔma nkwa.’ (Yeremia 2:13) Sɛ yesua Yehowa ne Yesu Kristo ho ade a, ebetumi ama yɛanya daa nkwa. (Yohane 17:3) Onyankopɔn a yebesuro no no nso yi yɛn fi owu afiri mu. Ɔkwan bɛn so? Mmebusɛm 13:14 ka sɛ: “Onyansafo kyerɛ yɛ nkwa asuti, sɛ wɔde befi owu afiri mu.” Sɛ yesuro Yehowa na yedi ne mmara so, ma N’asɛm kyerɛ yɛn anammɔn kwan a, so ɛremmɔ yɛn ho ban mfi nneyɛe ne nkate a ebetumi ama yɛawu mpofirim ho?

“Ɔhene Kɛseyɛ”

Mfe a Salomo de dii ade no mu fã kɛse no ara mu no, na ɔyɛ ɔhene a osuro Yehowa na odi ne mmara so. Eyi boaa no ma n’ahenni kɔɔ yiye. Dɛn na ɛma ɔhene bi ahenni si no yiye? Mmebusɛm 14:28 bua sɛ: “Ɔman dodowyɛ mu na ɔhene kɛseyɛ wɔ, na nkurɔfo sã a, ɛma otitiriw sɛe.” Sɛnea ɔhene bi mamfo di yiye so na yegyina kyerɛ sɛ n’ahenni asi yiye. Sɛ ne manfo no mu dodow no ara pɛ sɛ wɔkɔ so som no a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ sodifo pa. Ná Salomo wɔ ɔmanfo fi ‘po Kɔkɔɔ no so kosi Mediterranea po no so, de fi Eufrate asubɔnten no so kosi asase ano.’ (Dwom 72:6-8) Wonyaa asomdwoe ne ahode a ɛso bi nni wɔ ne nniso ase. (1 Ahene 4:24, 25) Salomo ahenni sii no yiye. Nanso, sɛ ɔhene bi manfo sɔre tia no a, ɛyɛ animguase ma no.

Ɛnde dɛn na yebetumi aka afa anuonyam a Salomo Ɔkɛse, Mesia Ahenni no so Hene Yesu Kristo benya no ho? Susuw asomfo a nnɛ mpo ɔwɔ no ho hwɛ. Efi asase ano ha kosi asase ano nohoa no, mmarima ne mmea bɛboro ɔpepem asia a wosuro Onyankopɔn na mprempren wɔapaw sɛ wɔbɛsom wɔ Kristo nniso ase. Wɔwɔ Yesu mu gyidi na wɔde biakoyɛ resom Onyankopɔn teasefo no. (Yohane 14:1) Mfirihyia Apem Nniso no mmra awiei no, na wɔanyan obiara a ɔwɔ Onyankopɔn nkae mu. Enti nnipa atreneefo a anigye ahyɛ wɔn ma na wɔn ani sɔ wɔn Hene no na wɔbɛhyɛ paradise asase so ma. Hwɛ, ɛno bɛyɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Kristo nniso asi yiye! Momma yenkura yɛn Ahenni anidaso a ɛyɛ anigye no mu.

Honhom ne Honam Fam Mfaso

Osuro pa a yebenya ama Onyankopɔn no bɛma yɛanya akomatɔyam ne asomdwoe. Eyi te saa efisɛ atɛmpa ne ntease a obi wɔ no nso ka nyansa ho. Mmebusɛm 14:29 ka sɛ: “Nea n’abufuw yɛ nyaa no wɔ ntease pii, na honhom mu katirikatirifo ma agyimisɛm so.” Ntease boa yɛn ma yehu sɛ sɛ yɛanni abufuw so a ɛbɛsɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Wɔka sɛ “nitan, ntawntawdi, ahoɔyaw, bobɔne, mansotwe” ka nnwuma a ɛremma obi ‘nnya Onyankopɔn ahenni’ no ho. (Galatifo 5:19-21) Wotu yɛn fo sɛ mma yɛmfa abufuw a ɛyɛ ne kwan so de mpo nhyɛ yɛn mu. (Efesofo 4:26, 27) Abotare a obi nni betumi ama no aka agyimisɛm bi anaa wayɛ ade a nyansa nnim na akyiri yi waka sɛ mihui a anka.

Bere a Israel hene no reka sɛnea abufuw betumi apira obi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa, na nitan yɛ nnompe mu porɔw.” (Mmebusɛm 14:30) Nyarewa a abufuw de ba no bi ne obi home a ensi so yiye, mogya mmoroso, berɛbo mu yare, ne akitegya a ɛsɛe. Nnuruyɛfo san ka sɛ abufuw na ɛde nyarewa te sɛ akisikuru, ntehyewa, honam ani nyarewa, ne yafunum nyarewa ba anaa ɛma saa nyarewa yi yɛ kɛse. Nea ɛne eyi bɔ abira no, “koma a ɛwɔ asomdwoe ma ɔhonam nkwa.” (Mmebusɛm 14:30; New International Version) Ɛno nti, nyansa wom sɛ yedi “nneɛma a ɛde asomdwoe ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn ho yɛn ho den akyi.”—Romafo 14:19.

Onyankopɔn Suro Boa Yɛn ma Yɛnhwɛ Nnipa Anim

Salomo ka sɛ: “Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so no bɔ ne yɛfo ahohora, na nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ no anuonyam.” (Mmebusɛm 14:31) Onipa a osuro Onyankopɔn nim sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ onipa biara. Ɛno nti obu ɔbrɛfo sɛ ne yɔnko nipa, na sɛnea ɔne no di nsɛm no ka adesamma Bɔfo no. Sɛ yebetumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam a, ɛnsɛ sɛ yesisi obiara anaa yɛhwɛ obi anim. Ɛnsɛ sɛ wobu ani gu Kristoni a onni bi honhom fam ahiade so. Ɛsɛ sɛ yɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no bi kyerɛ asikafo ne ahiafo nyinaa.

Bere a ɔhene nyansafo no reka Onyankopɔn suro so mfaso foforo ho asɛm no, ɔkae sɛ: ‘Esiane ɔbɔnefo bɔne nti, wobesum no akyene, nanso ɔtreneeni benya guankɔbea wɔ ne mudi mu.’ (Mmebusɛm 14:32) Ɔkwan bɛn so na wosum ɔbɔnefo kyene? Bible ho animdefo bi kyerɛ sɛ nea eyi kyerɛ ne sɛ sɛ amanehunu to no a, ne ho ntumi ntɔ no. Nanso sɛ amanehunu to obi a osuro Onyankopɔn a, onya guankɔbea wɔ Onyankopɔn a okura ne mudi mu ma no no mu. Esiane sɛ ɔwɔ Yehowa mu ahotoso kɛse kosi owu mu nti, ɔde akokoduru ka nea Hiob kae yi ara bi sɛ: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.”—Hiob 27:5.

Sɛ yebetumi akura yɛn mudi mu a, ɛhwehwɛ sɛ yenya nyansa na yesuro Onyankopɔn. Ɛhefa na yebetumi anya nyansa? Mmebusɛm 14:33 ma ho mmuae sɛ: “Nyansa te nhumufo komam, na nea ɛwɔ nkwasea mu beyi adi.” Yiw, yebetumi ahu nyansa wɔ nhumufo komam. Nanso ɔkwan bɛn so na nyansa da adi wɔ nkwaseafo ntam? Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ, “ɔkwasea de ahopere ka nea osusuw sɛ ɛyɛ nyansasɛm nanso ɛkɔdan agyimisɛm.”

‘Ɛma Ɔman So’

Israel hene no retwe adwene afi sɛnea Yehowa suro ka ankorankoro akɔ sɛnea ɛka ɔman mu no nyinaa so no, ɔkae sɛ: “Trenee ma ɔman so, na nkurɔfo ahohora ne bɔne.” (Mmebusɛm 14:34) Hwɛ sɛnea saa nnyinasosɛm yi daa adi pefee wɔ Israel man no mu! Bere a Israelfo no yɛɛ aso maa Onyankopɔn nnyinasosɛm a ɛkorɔn no, ɔmaa wɔn so sen aman a na atwa wɔn ho ahyia no nyinaa. Nanso asoɔden a Israel kɔɔ so yɛe no maa wɔn anim guu ase na awiei koraa no Yehowa poo wɔn. Nnyinasosɛm yi fa Onyankopɔn nkurɔfo ho nnɛ. Kristofo asafo no da nsow wɔ wiase no ho efisɛ wodi Onyankopɔn trenee nnyinasosɛm so. Nanso sɛ yɛbɛkɔ so akura saa gyinabea a ɛkorɔn yi mu a, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bɔ bra a ɛho tew. Yɛkɔ so yɛ bɔne a, ɛde animguase nkutoo na ɛba yɛn so na ɛbɛma wɔabɔ asafo no ne Onyankopɔn ahohora.

Salomo reka nea ɛma ɔhene ani gye ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɔhene ani sɔ akoa nimdefo, na ne bo fuw nea ɔyɛ aniwude.” (Mmebusɛm 14:35) Mmebusɛm 16:13 ka sɛ: ‘Ɔhene anisɔde ne ano trenee, na nea ɔka nea ɛteɛ no, ɔdɔ no.’ Yiw, yɛn Kannifo ne yɛn Hene Yesu Kristo ani gye bere a yɛyɛ adetrenee na yɛda nhumu adi de yɛn ano yɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. Sɛnea ɛte biara no, momma yɛnkɔ so nyɛ pii wɔ saa adwuma no mu bere a yenya nokware Nyankopɔn suro so mfaso no.

[Ase hɔ asɛm]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Wubetumi akyerɛkyerɛ obi Onyankopɔn suro