Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Samuel Nhoma a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw

Samuel Nhoma a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Samuel Nhoma a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw

SO Yehowa tumidi a yebegye atom no hwehwɛ sɛ yɛyɛ osetie a edi mu? So bere nyinaa na obi a okura ne mudi mu no yɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so? Onipa bɛn na nokware Nyankopɔn no hu no sɛ ɔyɛ ne “koma so barima”? (1 Samuel 13:14) Bible mu nhoma a ɛne Samuel nhoma a Ɛto so Abien no de nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛtɔ asom ma.

Adiyifo baanu a wɔne Gad ne Natan a na wɔbɛn tete Israel hene Dawid no na wɔkyerɛw Samuel nhoma a Ɛto so Abien no. * Wɔkyerɛw wiei wɔ afe 1040 A.Y.B. mu de rekɔ Dawid mfe 40 ahenni no awiei, nhoma no mu nsɛm fa abusuabɔ a na ɛda Dawid ne Yehowa ntam ho titiriw. Saa nsɛm a ɛyɛ anigye yi ka sɛnea ɔman a akodi ayɛ hɔ pasaa no bɛdanee ahemman a ayɛ biako na edi yiye wɔ ɔhene kokodurufo bi ase ho asɛm. Nnipa nkate a emu yɛ den a wɔda no adi na ahyɛ nsɛm a egye adwene yi mu ma.

DAWID “KƆƆ SO YƐƐ KƐSE ARA”

(2 Samuel 1:1–10:19)

Sɛnea Dawid yɛɛ n’ade wɔ asɛm a ɔte faa Saul ne Yonatan wu ho no daa nkate a na ɔwɔ ma wɔn ne Yehowa no adi. Wɔpaw Dawid sɛ Yuda abusua no so hene wɔ Hebron. Wɔde Saul ba Is-Boset sii Israelfo a aka no so hene. Dawid “kɔɔ so yɛɛ kɛse ara,” na wɔ mfe ason ne fã bi akyi no, wɔde no sii Israel nyinaa so hene.—2 Samuel 5:10.

Dawid kogyee Yerusalem fii Yebusifo nsam na ɔde yɛɛ n’ahenkurow. Mmɔden a odii kan bɔe sɛ obeyi apam adaka no akɔ Yerusalem no kowiee asiane mu. Nanso, mmɔden a ɔbɔe ne mprenu so no yɛɛ yiye, na Dawid de anigye sawee. Yehowa ne Dawid yɛɛ ahenni bi ho apam. Dawid dii n’atamfo so bere a Onyankopɔn kɔɔ so dii n’akyi no.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:18—Dɛn nti na na wɔde Yoab ne ne nuabarimanom baanu no maame din frɛ wɔn sɛ Seruia mma baasa? Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔtaa kan anato fi agya no so. Enti ebetumi aba sɛ Seruia kunu no wui ntɛm, anaasɛ wobuu no sɛ ɛmfata sɛ wɔde ne din hyɛ Kyerɛw Kronkron no mu. Ebetumi aba sɛ, esiane sɛ na Seruia yɛ Dawid nuabea nti na wɔde ne din hyɛɛ nhoma no mu no. (1 Beresosɛm 2:15, 16) Anuanom baasa no agya ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ ara ne bere a wokosiee no wɔ Betlehem no.—2 Samuel 2:32.

5:1, 2—Bere a wokum Is-Boset akyi no, bere tenten ahe na edii ansa na wosii Dawid hene wɔ Israel? Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Is-Boset fii ne mfe abien ahenni no ase bere a wokum Saul bere tiaa bi akyi no, ɛbɛyɛ saa bere no ara mu na Dawid fii n’ahenni ase wɔ Hebron. Dawid fi Hebron dii Yuda so mfe ason ne fã. Bere a wɔma odii hene wɔ Israel nyinaa akyi bere tiaa bi no, oyii n’ahenkurow no kɔɔ Yerusalem. Enti, mfe bɛyɛ anum bi twaam wɔ Is-Boset wu akyi ansa na Dawid bɛyɛɛ ɔhene wɔ Israel nyinaa.—2 Samuel 2:3, 4, 8-11; 5:4, 5.

8:2—Moabfo baahe na wokum wɔn wɔ wɔne Israelfo akodi no akyi? Na Dawid nam susuw a obesusuw no so betumi ahu wɔn dodow sen sɛ ɔbɛkan wɔn. Ɛte sɛ nea Dawid maa Moabfo no dedaa fam sesaa so akuwakuw. Afei, ɔde susuhama susuw kuw biara. Ɛda adi sɛ, ɔkyɛɛ Moabfo no mu abiɛsa kum nkyem abien, na ogyaw nkyem biako.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

2:1; 5:19, 23. Dawid srɛɛ Yehowa ansa na ɔrekɔtra Hebron ne afei bere a ɔne n’atamfo no rekodi ako no. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ ansa na yɛasisi gyinae a ɛka yɛn honhom mu yiyedi no.

3:26-30. Aweredi de ɔhaw na ɛba.—Romafo 12:17-19.

3:31-34; 4:9-12. Aweredi ne nitan a na enni Dawid fam no yɛ nhwɛsode ma yɛn.

5:12. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn n’akwan na wakyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so ne no anya abusuabɔ pa.

6:1-7. Ɛwom sɛ na Dawid wɔ adwempa, nanso mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔde Adaka no besi teaseɛnam so no too Onyankopɔn mmara ma enti odii nkogu. (Exodus 25:13, 14; Numeri 4:15, 19; 7:7-9) Adaka no a Usa soo mu sɛnea ɛbɛyɛ na anhwe ase no nso kyerɛ sɛ adwempa a obi wɔ no nsesa nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ no.

6:8, 9. Bere a Dawid hyiaa tebea a ɛsɔ gyidi hwɛ no, nea edi kan no ne bo fuwii, afei ehu kaa no—ebia ɔbɔɔ Yehowa sobo mpo wɔ nea esii no ho. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ sɛ yebu Yehowa ahyɛde so na nsɛnnennen fi mu ba a, yɛremfa ho sobo biara nto Yehowa so.

7:18, 22, 23, 26. Dawid ahobrɛase, ɔsom a edi mu a ɔde maa Yehowa, ne anigye a onyae sɛ ɔbɛma Onyankopɔn din so no yɛ su a ɛsɛ sɛ yesua.

8:2. Nkɔm bi a wɔhyɛ too hɔ bɛyɛ mfe 400 bi a atwam no anya ne mmamu. (Numeri 24:17) Yehowa asɛm bam bere nyinaa.

9:1, 6, 7. Dawid dii ne bɔhyɛ so. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden di bɔ a yɛhyɛ no so.

YEHOWA DE BƆNE BAA NEA WASRA NO NO SO

(2 Samuel 11:1–20:26)

Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Hwɛ, mɛma bɔne asɔre wo fi aba wo so, na magye wo yerenom w’anim mede mama wo yɔnko, na ɔne wo yerenom adeda awia ketee.” (2 Samuel 12:11) Asɛm yi fa dɛn ho? Ɛfa bɔne a Dawid ne Bat-Seba yɛe no ho. Ɛwom sɛ bere a Dawid nuu ne ho no wɔde kyɛɛ no de, nanso wankwati nea efi bɔne no mu bae no.

Nea edi kan no abofra a Bat-Seba woo no no wui. Afei Dawid babea Tamar a na ɔyɛ ɔbaabun no nua Amnon a ɔyɛ n’agya ba no too no mmonnaa. Tamar nua Absalom a ɔne no fi agya ne ɛna koro no kum Amnon de dii ne so werɛ. Absalom pam n’ankasa agya tiri so gyee ahenni no fii ne nsam na ɔdaa ne ho adi sɛ ɔhene wɔ Hebron. Eyi hyɛɛ Dawid ma oguan fii Yerusalem. Absalom ne n’agya ayefamnom a ogyaw wɔn sɛ wɔnhwɛ fie no mu du nyaa nna mu kyɛfa. Ɛyɛ bere a Absalom wui no ansa na Dawid san bedii ne hene. Benyaminni Seba ɔsɔretia no kowiee ne wu mu.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

14:7—Dɛn na “me nsramma” no gyina hɔ ma? Wɔde nsramma a ɛredɛw nkakrankakra no di dwuma de kyerɛ asefo a wɔte ase.

19:29—Dɛn nti na Dawid yɛɛ n’ade saa wɔ Mefiboset nkyerɛkyerɛmu no ho? Bere a Dawid tiee Mefiboset no, ɛbɛyɛ sɛ osusuwii sɛ odii mfomso sɛ ogyee Siba asɛm no toom saa ara. (2 Samuel 16:1-4; 19:24-28) Ɛda adi pefee sɛ, eyi hyɛɛ Dawid abufuw na wampɛ sɛ ɔte asɛm no ho hwee bio.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

11:2-15. Dawid sintɔ ho kyerɛwtohɔ a emu da hɔ pefee no di adanse sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu.

11:16-27. Sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kata so sɛnea Dawid yɛe no. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Yehowa na yɛhwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ.—Mmebusɛm 28:13; Yakobo 5:13-16.

12:1-14. Natan yɛɛ nhwɛso pa maa mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ asafo no mu no. Ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn a wɔyɛ bɔne no na wɔteɛ wɔn akwan. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no de ahokokwaw di asɛyɛde yi ho dwuma.

12:15-23. Adwempa a Dawid nyae wɔ nea ɛtoo no ho no boaa no ma ɔyɛɛ n’ade nyansam wɔ asiane ho.

15:12; 16:15, 21, 23. Bere a ɛbɛdaa adi sɛ Absalom bedi hene no, ahomaso ne anibere maa ɔfotufo nimdefo Ahitofel bɛyɛɛ ɔfatwafo. Sɛ yenim nyansa na ahobrɛase ne nokwaredi nka ho a, ebetumi asum yɛn afiri.

19:24, 30. Mefiboset kyerɛɛ anisɔ ankasa wɔ adɔe a Dawid daa no adi no ho. Ofi ne pɛ mu brɛɛ ne ho ase maa ɔhene no gyinaesi a na ɛfa Siba ho no. Ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne n’ahyehyɛde no ka yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase.

20:21, 22. Onipa biako nyansa betumi ayi asiane a ebetumi ato nnipa pii no afi hɔ.—Ɔsɛnkafo 9:14, 15.

MOMMA YƐNHWE ‘YEHOWA NSAM’

(2 Samuel 21:1–24:25)

Ɔkɔm sii mfe abiɛsa esiane mogyahwiegu a Saul ma ɛbae denam Gibeonfo a okunkum wɔn no so nti. (Yosua 9:15) Sɛnea ɛbɛyɛ na Gibeonfo no adi saa mogyahwiegu no so werɛ no, wɔkae sɛ wɔmma wɔn Saul mma baason ma wonkum wɔn. Dawid de wɔn hyɛɛ Gibeonfo no nsa na osu kɛse tɔe ma ɔkɔm no to twae. Filistifo abran baanan ‘totɔe wɔ Dawid ne ne nkoa nsam.’—2 Samuel 21:22.

Dawid yɛɛ bɔne a emu yɛ duru denam hyɛ a ɔhyɛe ma wɔkan nnipa sɛnea mmara mma kwan no so. Onuu ne ho na ɔpaw sɛ ɔbɛhwe ‘Yehowa nsam.’ (2 Samuel 24:14) Nea efii mu bae ne sɛ, owuyare kunkum nnipa 70,000. Dawid dii Yehowa ahyɛde so na ɔhaw no to twae.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

21:8—Dɛn nti na wobetumi aka sɛ Saul babea Mikal wɔ mma baanum, bere a 2 Samuel 6:23 ka sɛ owui a na onni ba no? Nkyerɛkyerɛmu a wogye tom wɔ baabiara ne sɛ, mma no yɛ Mikal nuabea Merab a ɔwaree Adriel no mma. Ɛda adi sɛ, Merab wuu ntɛm na Mikal a na onni ba no tetee mmofra no.

21:9, 10—Bere tenten ahe na Rispa de wɛn ne mmabarima baanu ne Saul nenanom baanum a Gibeonfo kunkum wɔn no? Wɔsɛn saa nnipa baason yi wɔ “twabere nna a edi kan”—March anaa April mu. Wogyaw wɔn afunu no guguu bepɔw bi so. Rispa wɛn afunu ason no awia ne anadwo kosii sɛ Yehowa nam ɔkɔm a ɔmaa ɛto twae no so kyerɛe sɛ n’abufuw no abrɛ ase. Na biribiara nkyerɛ sɛ anka osu kɛse bi bɛtɔ ansa na twabere no awie du wɔ October mu. Enti, ɛbɛyɛ sɛ Rispa wɛnee asram anum anaa asia. Ɛno akyi no, Dawid siee mmarima no nnompe.

24:1—Dɛn nti na nnipa a Dawid ma wɔkan wɔn no danee bɔne kɛse maa no? Na nnipa a wɔkan wɔn ankasa no nyɛ Mmara no so bu. (Numeri 1:1-3; 26:1-4) Bible no nka adwene a ɛkaa Dawid ma ɔma wɔkan nnipa no ho asɛm. Nanso, 1 Beresosɛm 12:1 kyerɛ sɛ Satan na ɔkaa no ma ɔyɛɛ saa. Sɛnea ɛte biara no, na Dawid sahene Yoab nim sɛ gyinae a Dawid sii sɛ ɔbɛkan nnipa no yɛ bɔne, enti ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wasesa n’adwene.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

22:2-51. Hwɛ sɛnea Dawid dwom no kaa Yehowa ho asɛm fɛfɛ sɛ ɔne nokware Nyankopɔn no, nea ɔfata sɛ wɔde werɛ hyɛ ne mu koraa!

23:15-17. Dawid nyaa obu a emu dɔ maa Onyankopɔn mmara a ɛfa nkwa ne mogya ho no ma saa bere yi de ɔtwee ne ho fii biribiara a ɛte sɛ nea ɛbɛma wato saa mmara no ho. Ɛsɛ sɛ yenya su a ɛte saa wɔ Onyankopɔn ahyɛde nyinaa ho.

24:10. Dawid ahonim kaa no ma onuu ne ho. So yɛn ahonim yɛ nnam ara ma ɛka yɛn wɔ saa kwan no so?

24:14. Na Dawid nim yiye sɛ Yehowa yɛ mmɔborohunufo sen nnipa. So yegye tom saa?

24:17. Dawid nuu ne ho sɛ ne bɔne no de ɔhaw aba ɔman mũ no nyinaa so. Ɛsɛ sɛ ɔbɔnefo a wanu ne ho no yam hyehye no wɔ ahohorabɔ a ebia ne nneyɛe no de aba asafo no so no ho.

Yebetumi Ayɛ ‘Onyankopɔn Koma so’ Nipa

Israel hene a ɔto so abien no bɛyɛɛ “[Yehowa, NW] koma so barima.” (1 Samuel 13:14) Dawid annye Yehowa trenee gyinapɛn ho akyinnye, na wanhwehwɛ ahofadi amfi Onyankopɔn nkyɛn. Bere biara a Dawid bɛyɛ bɔne no, ohu na ogye nteɛso tom, na ɔteɛ n’akwan. Na Dawid yɛ ɔbarima nokwaredifo. So nyansa nnim sɛ yebesuasua no, titiriw bere a yɛayɛ bɔne no?

Dawid asetram nsɛm no kyerɛ pefee sɛ Yehowa tumidi a yebegye atom no kyerɛ sɛ yebegye ne gyinapɛn a ɛfa papa ne bɔne ho no atom na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛde bedi dwuma sɛ mudi mu kurafo. Eyi yɛ ade a yebetumi ayɛ. Hwɛ anisɔ ara a yebetumi anya wɔ nea yesua fi Samuel nhoma a Ɛto so Abien no mu ho! Nsɛm a efi honhom mu a ɛwɔ nhoma no mu no wɔ nkwa na ahoɔden wom.—Hebrifo 4:12.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Ɛwom sɛ Samuel ankyerɛw ne nhoma a ɛto so abien no bi, nanso ne din na ɛda so efisɛ na Samuel nhoma abien no nyinaa yɛ nhoma mmobɔwee biako wɔ Hebrifo nhoma no mu. Samuel na ɔkyerɛw ne nhoma a Edi Kan no mu fã kɛse no ara.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Kae a Dawid kaee nea ɔde no sii hɔ sɛ ɔhene no boaa no ma ɔbrɛɛ ne ho ase

[Mfonini wɔ kratafa 18]

“Hwɛ, mɛma bɔne asɔre wo fi aba wo so”

Bat-Seba

Tamar

Amnon