Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mari Tete Hemmaa Wɔ Anhweatam So

Mari Tete Hemmaa Wɔ Anhweatam So

Mari Tete Hemmaa Wɔ Anhweatam So

ANDRÉ PARROT, Franseni bi a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no kae sɛ: “Bere a me ne m’ayɔnkofo hyɛɛ ademude a yehui ho fa wiei no, mede anigye mmoroso kɔɔ me dan mu saa anadwo no.” Wɔ January , 1934 mu, wɔ Tell Hariri, a ɛbɛn kurow ketewa Abu Kemal a ɛwɔ Eufrate so wɔ Siria no, Parrot ne ne kuw no tuu ohoni bi fii fam a wɔakyerɛw so sɛ: “Lamgi-Mari, Mari hene, Enlil sɔfo panyin.” Wɔn ani gyee ademude a wohui no ho yiye.

Awiei koraa no, wohuu Mari kurow no! Na dɛn nti na kurow a wɔahu yi ho hia Bible asuafo?

Dɛn Nti na Kurow Yi Ho Hia?

Ɛwom, na wɔahu afi tete nkyerɛwee ahorow mu sɛ na kurow bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Mari, nanso beae pɔtee a na ɛwɔ no de, na wonnim. Sɛnea Sumeriafo akyerɛwfo kyerɛ no, na Mari ne ahene abusua ahenkurow a na edi Mesopotamia nyinaa so. Wɔkyekyeree Mari wɔ Eufrate asukɔn so, na na ɛda aguadi kwan titiriw a efi Persia Faka ho kɔ Asiria, Mesopotamia, Anatolia, ne Mediterranea Mpoano no nkwantanan so. Wɔde nneɛma a nnua, nnade, ne abo ka ho—a na ne nyinaa ho yɛ nã paa wɔ Mesopotamia—no faa kurow no mu. Tow a wogyigyee wɔ aguade yi ho no maa Mari nyaa mpɔntu, na ɛmaa ɔde ne tumi no bunkam ɔmantam no nyinaa so. Nanso, bere a Sargon a ofi Akkad dii Siria so nkonim no, Mari tumidi no baa awiei.

Sargon nkonimdi no akyi bɛyɛ mfe 300 no, asraafo bedii Mari so toatoaa so. Wɔ wɔn nniso ase no, kurow no nyaa nkɔso kakra. Nanso ebeduu kurow no sodifo a otwa to, Zimri-Lim so no, na Mari mpɔntu akɔ fam. Zimri-Lim bɔɔ mmɔden sɛ ɔnam asraafo akodi ahorow, apam ahorow, ne aware apam ahorow so bɛhyɛ n’ahemman no mu den. Nanso bɛyɛ 1760 A.Y.B. mu no, Ɔhene Hammurabi a ofi Babilon no dii kurow no so nkonim na ɔsɛee no, na ɔde nea Parrot frɛɛ no sɛ “tete wiase no mu anibuei a na anya nkɔanim sen biara no” baa awiei.

Bere a Hammurabi asraafo dɔm no sɛee Mari no, wɔyɛɛ wɔn a ɛnnɛyi wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ne abakɔsɛm akyerɛwfo mmoa kɛse bi a na wonnim. Wɔrebubu ntayaa afasu no, wɔkataa adan bi so ma ɛkɔɔ soro mita 5 wɔ mmeae bi, ma mmere rekɔ so no, akora adan no so ma ansɛe. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ahu asɔrefie ne ahemfie ahorow a abubu, a adwinni pii ne nkyerɛwee mpempem pii a ɛtwe adwene si tete anibuei so ka ho.

Dɛn nti na Mari amamfõ no ho hia yɛn? Susuw bere a na tete agya Abraham te ase no ho. Wɔwoo Abraham wɔ afe 2018 A.Y.B. mu, mfe 352 wɔ Nsuyiri kɛse no akyi. Efi ne so kosi Noa so no yɛ awo ntoatoaso du. Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ma ofii ne kurow Ur mu, na ɔkɔɔ Haran. Wɔ 1943 A.Y.B. mu, bere a na Abraham adi mfe 75 no, ofii Haran kɔɔ Kanaan asase so. Italiani Paolo Matthiae a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ka sɛ: “Tu a Abraham tu fii Ur kɔɔ Yerusalem [wɔ Kanaan] no sii wɔ Mari bere so.” Enti, Mari a wɔahu no ho hia efisɛ ɛboa yɛn ma yehu wiase ko a Onyankopɔn somfo nokwafo Abraham traa mu no. *Genesis 11:10–12:4.

Dɛn na Amanfõ no Da no Adi?

Nyamesom gyee ntini wɔ Mari sɛnea ɛyɛe wɔ Mesopotamia no. Na wobu no sɛ ɛyɛ onipa asɛyɛde sɛ ɔsom anyame no. Na wɔhwehwɛ anyame no hɔ akwankyerɛ ansa na wɔasi gyinae biara a ɛho hia. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu asɔrefie ahorow asia a abubu no nkae. Nea ɛka ho ne Agyata Asɔrefie (a ebinom susuw sɛ ɛyɛ Dagan, Bible mu Dagon no asɔrefie) ne Ishtar, abawo nyamewa no asɔrefie, ne owia nyame Shamash. Na asɔrefie no biara wɔ nyame a wɔde afɔrebɔde ne mpaebɔ ma no. Anyame no akyidifo de wɔn ankasa mfonini a anim yɛ sereserew a ɛrebɔ mpae sisii benkyi so wɔ asɔrefie hɔ a wogye di sɛ sɛ wofi hɔ mpo a, wɔn mfonini no toa wɔn som no so. Parrot kae sɛ: “Sɛnea anyame no akyidifo no de mfonini di dwuma wɔ ɔsom mu no te sɛ nea Katolekfo de kyɛnere di dwuma wɔ wɔn som mu nnɛ no, nanso anyame no akyidifo no fam no, mfonini no gyina hɔ ma nyamesomni no ankasa.”

Amamfõ no mu nea ɛyɛ nwonwa sen biara a wohui wɔ Tell Hariri ne ahemfie a emu nneɛma dɔɔso a wɔde onipa a otwa to a ɔtraa hɔ, Ɔhene Zimri-Lim din frɛ hɔ no. Franseni Louis-Hugues Vincent a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no taa ka ho asɛm sɛ “tete apuei fam adansi mu abohene.” Na ne kɛse boro hekta 2.5, na na adan ne abangua 300 na ɛwom. Wɔ tete mmere mu mpo no, na wobu saa ahemfie yi sɛ wiase no mu anwonwade ahorow no mu biako. Georges Roux kaa wɔ ne nhoma, Ancient Iraq, no mu sɛ, “na ahemfie no agye din ara ma Ugarit, a ɛwɔ Siria mpoano, no so Hene antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛma ne babarima atwa kwan kilomita 600 akɔ ɔman no mu a n’atirimpɔw no ara ne sɛ ɔrekɔhwɛ ‘Zimri-Lim fie.’”

Na nsrahwɛfo hyɛn ahemfie a ɛyɛ den no mu denam ɔkwan biako pɛ a wɔayɛ aban atenten wɔ fã ne fã so ansa na wɔadu abangua bi a emu sõ so. Mari hene a otwa to Zimri-Lim, traa ahengua a wɔde asi sumpi so dii nsɛm a ɛfa asraadi, aguadi, ɔman no mu nsɛm; ne atemmusɛm ho dwuma; na ogyee nsrahwɛfo ne aban nanmusifo nso. Na dabere wɔ hɔ ma ahɔho, na ɔhene no maa wɔn aduan ne nsa, gyee wɔn ani wɔ apontow akɛse ase. Nea na wodi no bi ne nantwinam, guannam, adowa, mpataa ne ntakraboanam a wɔatõtõ bi, ahow bi, na wɔanoa bi—a ne nyinaa wɔde aanwo forɔe a ɛyɛ huam ne mfunne ahorow ahorow ne kyiis agugu so. Na nnɔkɔnnɔkɔwade yɛ nnuaba a nsu wom ne nea nsu nnim, anaa nea wɔde asikre afa ho ne keeki a wɔato wɔ kankyee nwonwaso mu keka nnuan no ho. Wɔmaa ahɔho no bia anaa bobesa de kum wɔn sukɔm.

Na ahotew ho nhyehyɛe wɔ ahemfie hɔ. Wohuu aguaree a na hweaseammɔ akɛse a wɔda mu guare wom ne tiafi a wɔkotow so. Na wɔde ama aka adan yi afasu ase ne fam. Mfe 3,500 akyi ni no, nsuka a wɔde ntayaa ayɛ ne dɔte nnurubɛn a wɔde ama aka mu a na wɔde nsufĩ fa mu no da so ara yɛ adwuma a ɛnsɛe. Sɛ owuyare bi bɔ mmea baasa wɔ mmea adehye atrae hɔ a, wɔde akwankyerɛ katee di dwuma. Na woyi ɔbea yarefo no fi nnipa mu de no kɔ beae foforo. “Ɛnsɛ sɛ obiara nom ne kuruwa ano, didi ne pon so, anaa ɔtra n’akongua so.”

Dɛn na Yebetumi Asua Afi Nneɛma a Wɔakora so Yi Mu?

Parrot ne ne kuw no huu cuneiform abopon 20,000 a wɔde Akkadfo kasa na akyerɛw so. Na nkyerɛwde a ɛwɔ abopon no so no fa ɔman no nkitahodi, ɛso hwɛ ne sikasɛm ho. Nanso wɔatintim nneɛma a wɔakora so yi a ɛyɛ po 28 mu nkyem abiɛsa mu biako pɛ ho asɛm. Mfaso bɛn na ɛwɔ so? Jean-Claude Margueron, a ɔyɛ wɔn a wotutuu fam hwehwɛɛ Mari Tetefo Nneɛma mu no Kwankyerɛfo ka sɛ: “Ansa na yɛrehu Mari nneɛma a wɔakora so no, na ɛkame ayɛ sɛ na yennim biribiara fa Mesopotamia ne Siria abakɔsɛm, ahyehyɛde ahorow, ne wɔn da biara da asetra ho wɔ mfirihyia apem a ɛto so abien no mfiase no mu. Nanso, esiane abopon yi nti, yɛatumi akyerɛw ɛho abakɔsɛm a edi mũ.” Sɛnea Parrot kae no, nneɛma a wɔakora so no “ma yehu nneɛma a edi nsɛ a ɛyɛ nwonwa wɔ nnipa a wɔbobɔɔ wɔn din no ne Tete Agyanom mmere so nsɛm a Apam Dedaw ka kyerɛ yɛn no ntam.”

Abopon a wohuu wɔ Mari no ma yɛte Bible nsɛm bi ase. Sɛ nhwɛso no, abopon no ma ɛda adi sɛ ɛyɛ “nokwasɛm titiriw sɛ na adehye no de ayɛ wɔn su saa bere no” sɛ wɔbɛfa wɔn atamfo yerenom ne wɔn ayefamnom. Enti afotu a ɔfatwafo Ahitofel de maa Ɔhene Dawid ba Absalom sɛ ɔnkɔ n’agya ayefamnom no ho no nyɛ ade foforo.—2 Samuel 16:21, 22.

Efi afe 1933 reba no, wɔatutu fam mpɛn 41 ahu tetefo nneɛma wɔ Tell Hariri. Nanso, efi saa bere no, Mari a ne kɛse yɛ hekta 110 no mu hekta 8 pɛ na wɔayɛ mu nhwehwɛmu. Ɛda adi sɛ, wobetumi ahu nneɛma a ɛyɛ nwonwa pii wɔ Mari, tete kurow a na ɛte sɛ ɔhemmaa wɔ anhweatam so no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Ebetumi aba nso sɛ Yudafo atukɔfo a wɔde wɔn kɔɔ Babilon wɔ Yerusalem sɛe akyi wɔ 607 A.Y.B. mu no faa Mari amamfõ ahye no so.

[Asase mfonini wɔ kratafa 10]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Mediterranea Po (Ɛpo Kɛse)

ANATOLIA

KANAAN

Yerusalem

MARI

Haran

MESOPOTAMIA

Euphrate

ASIRIA

Ur

Persia Faka

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Saa kyerɛwtohɔ yi mu na Mari Hene Iahdun-Lim hoahoaa ne ho wɔ n’adansi adwuma ho no

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Lamgi-Mari ohoni a wohui yi ama wɔatumi ahu Mari ho nsɛm a edi mũ

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Bamma a ɛwɔ ahemfie, beae a ebia wɔde nyamewa honi no sii no

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ebih-Il, Mari sohwɛfo, a ɔrebɔ mpae

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Mari amamfõ, a ɛkyerɛ dɔte ntayaa a wɔde si adan

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ahemfie aguaree bi

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Naram-Sin, a odii Mari so nkonim no, nkonimdi abopon

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Wohuu “cuneiform” abopon bɛyɛ 20,000 wɔ ahemfie no amamfõ so

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 10]

© Mission archéologique française de Tell Hariri - Mari (Syrie)

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 11]

Kyerɛwtohɔ: Musée du Louvre, Paris; ohoni: © Mission archéologique française de Tell Hariri - Mari (Syrie)

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 12]

Ohoni: Musée du Louvre, Paris; Bamma ne aguaree: © Mission archéologique française de Tell Hariri - Mari (Syrie)

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 13]

Nkonimdi abopon: Musée du Louvre, Paris; amamfõ ahemfie: © Mission archéologique française de Tell Hariri - Mari (Syrie)