Samuel Nhoma a Ɛto So Abien 8:1-18

  • Dawid nkonimdi (1-14)

  • Wɔn a na wɔdeda nnwuma ano wɔ Dawid ahenni mu (15-18)

8  Akyiri yi, Dawid dii Filistifo no so nkonim+ brɛɛ wɔn ase,+ na Dawid gyee Meteg-Amma fii Filistifo no nsam.  Odii Moabfo so nkonim,+ na ɔma wɔdedaa fam. Ɔde susuhama susuw wɔn mu nkyem abien sɛ wonkunkum wɔn, na osusuw nkyem baako sɛ wɔntena nkwa mu.+ Na Moabfo bɛyɛɛ Dawid nkoa a wotua tow ma no.+  Dawid dii Soba hene Hadadeser a ɔyɛ Rehob ba no so nkonim.+ Saa bere no, na Hadadeser resan akɔko agye Asubɔnten Eufrate ho nkurow no adi so tumi.+  Dawid ko faa n’asraafo 1,700 a wɔtete apɔnkɔ so ne n’asraafo 20,000 a wɔnam fam. Ɛnna Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa srɛ akyi ntini ma ɛkaa apɔnkɔ no mu 100.+  Bere a Siriafo a wɔwɔ Damasko+ no bae sɛ wɔrebɛboa Soba hene Hadadeser no, Dawid kunkum Siriafo mmarima 22,000.+  Afei Dawid de asraafodɔm koguu Siriafo a wɔwɔ Damasko no asaase so, na Siriafo bɛyɛɛ Dawid nkoa a wotua tow ma no. Baabiara a Dawid kɔe no, Yehowa ma odii nkonim.*+  Afei nso, Dawid gyee sika kɔkɔɔ akyɛm fii Hadadeser asomfo hɔ, na ɔde baa Yerusalem.+  Hadadeser nkurow Beta* ne Berota nso, Ɔhene Dawid faa kɔbere bebree fii hɔ kɔe.  Hamat+ hene Toi* tee sɛ Dawid adi Hadadeser asraafodɔm no nyinaa so nkonim.+ 10  Enti Toi somaa ne ba Hadoram kɔɔ Ɔhene Dawid nkyɛn sɛ onkobisa no sɛnea ne ho te, na ɔmma no amo sɛ ɔne Hadadeser ako adi no so nkonim, na ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne kɔbere nneɛma nyinaa bi kɔmaa no. (Nea ɛwom ne sɛ, na Hadadeser taa ne Toi di ako.) 11  Ɔhene Dawid hyiraa nneɛma yi nyinaa so maa Yehowa. Saa ara na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ogye fii amanaman a odii wɔn so nkonim no nyinaa nkyɛn nso, ohyiraa so;+ 12  onya fii Siria ne Moab,+ Ammonfo, Filistifo,+ ne Amalekfo+ nsam, ne Soba hene Rehob ba Hadadeser+ hɔ. 13  Bere a Dawid kokunkum Edomfo 18,000 wɔ Nkyene Bon no mu+ bae no, ɛma ogyee din. 14  Ɔde asraafodɔm koguu Edom; ɔde asraafodɔm no koguu Edom baabiara, na Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa.+ Baabiara a Dawid kɔe no, Yehowa ma odii nkonim.*+ 15  Dawid kɔɔ so dii Israel nyinaa so hene;+ Dawid buu atɛn na odii asɛntrenee+ maa ne man nyinaa.+ 16  Ná Seruia ba Yoab+ na ɔda asraafo no ano, na Ahilud ba Yehosafat+ nso ne ɔhene krakye. 17  Ahitab ba Sadok+ ne Abiatar ba Ahimelek na na wɔyɛ asɔfo, na na Seraia ne ɔkyerɛwfo. 18  Ná Yehoiada ba Benaia+ na ɔda Keretifo ne Peletifo+ no ano, na Dawid mma no nso yɛ ɔman asoafo.*

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Yehowa gyee no.”
Ɛno ara na wɔfrɛ no Tibhat wɔ 1Be 18:8 no. Fa toto Teba ho wɔ Ge 22:24.
Ɔno ara na wɔfrɛ no Tou wɔ 1Be 18:9, 10 no.
Anaa “Yehowa gyee no.”
Nt., “asɔfo.”