Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na Bible ka sɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔto obi mmonnaa a ɛsɛ sɛ ɔteɛteɛm?

Obi a mmonaatofo bi nyɛɛ ɔno ankasa basabasa no ntumi nte sɛnea ebetumi asɛe obi asetra ankasa no ase da. Asɛm no tumi bɔ ɔmanehunufo no hu araa ma ebetumi ahaw no ne nkwa nna a aka nyinaa. * Kristoni ababaa bi a mmonnaatofo bi tow hyɛɛ no so mfe bi a atwam no ka sɛ: “Mintumi nka ehu a ɛkaa me saa anadwo no anaa ehu a ɛsɛ sɛ midi so fi saa bere no besi nnɛ no ho asɛm.” Ntease wom sɛ nnipa pii mpɛ sɛ wosusuw asɛm a ɛyɛ hu yi ho mpo. Nanso, mmonnaato ho asiane yɛ ade a ɛwɔ wiase bɔne yi mu ankasa.

Bible mfɛre ho sɛ ɛbɛka mmonnaato ne tow a wɔtow hyɛɛ afoforo so pɛe sɛ wɔto wɔn mmonnaa wɔ tete mmere mu no ho asɛm. (Genesis 19:4-11; 34:1-7; 2 Samuel 13:1-14) Na ɛde afotu nso ma wɔ nea ɛsɛ sɛ obi yɛ bere a wɔtow hyɛ no so pɛ sɛ wɔto no mmonnaa no ho. Yehu nea Mmara no ka fa ho no ho asɛm wɔ Deuteronomium 22:23-27. Eyi fa tebea horow abien ho. Nea edi kan no, ɔbarima bi huu ababaa bi wɔ kurow mu na ɔne no dae. Sɛ saa mpo a, ɔbea no anteɛteɛm, anaasɛ wansu anhwehwɛ mmoa. Ne saa nti, wɔkyerɛe sɛ ɔbea no di fɔ sɛ “ɔwɔ kurow mu na wanteɛm.” Sɛ ɔteɛteɛɛm a anka nnipa a wɔbɛn hɔ no betumi abegye no. Nea ɛto so abien no, ɔbarima bi huu ababaa bi wɔ wuram, na ‘ɔkyeree no ne no dae.’ Ɔbea no “teɛɛm, na obi a obegye no nni hɔ.” Nea ɛnte sɛ ɔbea a yedii kan kaa ne ho asɛm no, ɛda adi pefee sɛ ɔbea yi ampene otuafo no nneyɛe no so. Ɔbea no ko tiaa no denneennen, su hwehwɛɛ mmoa, nanso wodii no so. Teɛ a ɔbea no teɛteɛɛm no daa no adi sɛ wampene so; onni fɔ wɔ bɔne no ho.

Ɛwom sɛ Kristofo nni Mose Mmara no ase nnɛ de, nanso nnyinasosɛm a yɛaka ho asɛm wɔ ha yi ma yenya akwankyerɛ bi. Asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no kyerɛ sɛnea ko a wɔko tia ne teɛ a wɔteɛteɛm hwehwɛ mmoa no ho hia. Wɔda so ara bu teɛ a wɔteɛteɛm bere a obi pɛ sɛ ɔto ɔbea bi mmonnaa no sɛ adeyɛ a mfaso wɔ so. Nsɛmmɔnedi anosiw ho nimdefo bi kae sɛ: “Sɛ wɔtow hyɛ ɔbea bi so a, n’akode a ɛda so ye sen biara ne nteɛteɛm.” Sɛ ɔbea bi teɛteɛm a ebetumi atwetwe afoforo a wobetumi aboa no, anaasɛ ebetumi ama mmonnaatofo no abɔ hu na wagyae no. Kristoni ababaa bi a mmonnaatofo bi tow hyɛɛ no so kae sɛ: “Mede m’ahoɔden nyinaa teɛteɛɛm, na ogyaee. Bere a ɔsan baa me so bio no, meteɛteɛɛm tuu mmirika guanee. Bere bi a atwam no na metaa susuw ho sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na nteɛteɛm betumi aboa me bere a ɔbarima hoɔdenfo bi kyere me a adwene biako pɛ na ɛwɔ ne tirim no?’ Nanso, mahu sɛ ɛyɛ adwuma paa!”

Wɔ awerɛhosɛm a ɛne sɛ wodi ɔbea no so na wɔto no mmonnaa mu mpo no, ko a ɔko tia ne teɛ a ɔteɛteɛm hwehwɛ mmoa no nyɛ ɔkwa. Mmom no, ɛda adi sɛ ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa ko tiaa otuafo no. (Deuteronomium 22:26) Ɛmfa ho sɛ ɔwɔ amanehunu yi mu no, obetumi akɔ so anya ahonim a ɛho tew, anya obu ama ne ho, na wanya awerɛhyem sɛ ne ho tew wɔ Onyankopɔn anim. Ahude no betumi ama wahaw wɔ nkate fam, nanso nim a onim sɛ ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa de ko tiaa ntua no bɛboa no kɛse ma ne ho asan no nkakrankakra.

Nea ɛbɛma yɛate asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 22:23-27 ase no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ asɛntiaa yi nka tebea horow nyinaa ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, ɛnka bere a ɔbea a wɔtow hyɛ no so no ntumi nteɛteɛm esiane sɛ ɔyɛ mum, ade atɔ no so, anaasɛ ehu abunkam no so anaasɛ wɔde nsa anaa ade akata n’ano mma ontumi nteɛteɛm nti no ho asɛm. Nanso, esiane sɛ Yehowa tumi hu nneɛma nyinaa mu, a adwenhorow ka ho nti, ofi ntease ne atɛntrenee mu di nsɛm a ɛtete saa ho dwuma efisɛ “n’akwan nyinaa yɛ trenee.” (Deuteronomium 32:4) Onim nea ɛkɔɔ so no, ɛne mmɔden a ɔmanehunufo no bɔe de ko tiaa otuafo no ankasa no yiye. Enti, ɔmanehunufo a wantumi anteɛteɛm nanso ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa de ko tiae no betumi agyae asɛm no mu ama Yehowa.—Dwom 55:22; 1 Petro 5:7.

Ɛno mpo no, Kristofo mmea bi a wɔatow ahyɛ wɔn so ato wɔn mmonnaa no kɔ so di yaw a wɔte nka sɛ wodi fɔ. Sɛ wosusuw nea ɛkɔɔ so no ho a, wɔte nka sɛ anka na ɛsɛ sɛ wɔyɛ pii de siw ano. Nanso, sɛ anka wobenu wɔn ho no, wɔn a wɔrehu amane saa no betumi abɔ Yehowa mpae, ahwehwɛ ne mmoa, na wɔanya n’adɔe a ɛdɔɔso no mu ahotoso.—Exodus 34:6; Dwom 86:5.

Enti, Kristofo mmea a mprempren wɔreko tia nkate fam yaw a efi ntua a mmonnaatofo bi de baa wɔn so no betumi anya ahotoso sɛ Yehowa te ɛyaw a wodi no ase koraa. Onyankopɔn Asɛm ma wɔn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” (Dwom 34:18) Mmoa foforo a ɛbɛma wɔatumi agyina ehu a aka wɔn no ano no betumi afi mmoa a wɔn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu fi ntease ne ayamye mu de ma wɔn a wobegye atom no so. (Hiob 29:12; 1 Tesalonikafo 5:14) Afei nso, mmɔden a amanehunufo no ankasa bɛbɔ de wɔn adwene asi nneɛma pa so no bɛboa wɔn ma wɔanya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no.”—Filipifo 4:6-9.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Ɛwom sɛ asɛm yi fa mmea a wɔpɛ sɛ wɔto wɔn mmonnaa ho de, nanso nnyinasosɛm a yɛaka ho asɛm no fa mmarima a wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn saa nso ho.