Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Ɛbɛma Yɛn Tamfo Owu Afi Hɔ?

Dɛn Na Ɛbɛma Yɛn Tamfo Owu Afi Hɔ?

ƐWOM, asoɔden a yɛn awofo a wodi kan Adam ne Hawa yɛe no ama bɔne ne owu aka nnipa nyinaa. Nanso wei nsesaa nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no. Onyankopɔn aka no mpɛn pii wɔ n’Asɛm Bible mu sɛ nea enti a ɔbɔɔ nnipa no nsesae.

  • “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”​Dwom 37:29.

  • “Ɔbɛmene owu akosi daa, na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpopa obiara aniwam nusu.”​Yesaia 25:8.

  • “Ɔtamfo a otwa to a obetu no agu ne owu.”​1 Korintofo 15:26.

  • “Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”​Adiyisɛm 21:4.

Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ‘bɛmene owu’ ama yɛn tamfo owu afi hɔ koraa? Yɛahu sɛ Bible aka no pefee sɛ ‘treneefo bɛtena ase daapem.’ Nanso Bible san ka sɛ “ɔtreneeni biara nni asase so a adepa nko ara na ɔyɛ.” (Ɔsɛnkafo 7:20) Enti wohwɛ a, esiane sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa tena ase daa nti, ɔbɛka sɛ enhia sɛ yedi ne mmara so bio sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa abɔnefo betumi atena ase daa anaa? Dabida! Ɔrenyɛ saa da, efisɛ ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ (Tito 1:2) Ɛnde dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ na ama nea enti a ɔbɔɔ nnipa no abam de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn?

ONYANKOPƆN ‘BƐMENE OWU AKOSI DAA.’​—YESAIA 25:8

ONYANKOPƆN TUAA AGYEDE NO SƐNEA ƐBƐYƐ A OWU BEFI HƆ

Yehowa Nyankopɔn dɔ nnipa, enti wayɛ nhyehyɛe a ɔde begye yɛn afi owu mu. Nea ɔyɛe ne sɛ otuaa agyede bi. Dɛn ne agyede? Sɛ obi sɛe biribi a, ɛsɛ sɛ ɔde biribi a ɛne nea wasɛe no no bo yɛ pɛ si ananmu, na ama atɛntrenee ayɛ adwuma. Saa dekode a ɔde si ananmu no na wɔfrɛ no agyede. Esiane sɛ nnipa nyinaa yɛ abɔnefo na wɔatɔn yɛn ahyɛ owu ase nti, Bible ka no pefee sɛ: “Wɔn mu biara ntumi nnye onua, na ɔrentumi mma Onyankopɔn mpatade mfa nnye no; (wɔn kra gye bo yɛ den enti wɔrentumi ntua da).”—Dwom 49:7, 8.

Sɛ onipa a ɔyɛ ɔbɔnefo wu a, ɔno ara ne bɔne na otumi tua ho ka; ɔrentumi nnye n’ankasa ne ho mfi owu mu, na saa ara nso na ɔrentumi ntua afoforo bɔne ho ka. (Romafo 6:7) Ná yehia obi a ɔyɛ pɛ a bɔne biara nni ne ho na ɔde ne nkwa abɔ afɔre de apata yɛn bɔne, na ɛnyɛ n’ankasa ne bɔne.—Hebrifo 10:1-4.

Nhyehyɛe a ɛte saa pɛpɛɛpɛ na Onyankopɔn yɛ maa yɛn. Ɔsomaa ne Ba Yesu fii soro ma wɔwoo no asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ a bɔne biara nni ne ho. (1 Petro 2:22) Yesu kaa sɛ, ɔbae sɛ ‘ɔde ne kra rebɛyɛ agyede de agye nnipa bebree.’ (Marko 10:45) Yesu wu maa yɛn de tuaa yɛn bɔne ho ka sɛnea ɛbɛyɛ a obegye yɛn afi owu nsam.—Yohane 3:16.

BERE BƐN NA WOBEYI OWU AFI HƆ?

Ɛnnɛ, Bible nkɔmhyɛ aba mu, na yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. Wei kyerɛ sɛ yɛte wiase bɔne yi “nna a edi akyiri” mu. (2 Timoteo 3:1) Nna a edi akyiri no bɛkɔ akowie “atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da” no mu. (2 Petro 3:3, 7) Nanso ɔsɛe no ba a, nnipa a wɔdɔ Onyankopɔn no benya wɔn ti adidi mu na wɔanya “daa nkwa.”—Mateo 25:46.

Yesu baa asase so ‘de ne kra bɛyɛɛ agyede de gyee nnipa bebree.’​—Marko 10:45

Wobenyan nnipa ɔpepem pii aba nkwa mu, na wobenya hokwan atena ase daa. Bere a Yesu kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu no, onyanee obi a wawu. Ná okunafo bi babarima a odi no bakoro awu. Okunafo no asɛm ‘yɛɛ Yesu mmɔbɔ,’ enti onyanee ne ba no baa nkwa mu bio. (Luka 7:11-15) Afei nso ɔsomafo Paulo kaa sɛ: “Mewɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu . . . sɛ bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.” Saa anidaso nwonwaso yi ma yehu ampa sɛ Onyankopɔn dɔ nnipa pa ara.—Asomafo Nnwuma 24:15.

Nnipa ɔpepepem pii betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛtena ase daa. Bible ka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.” (Dwom 37:29) Saa bere no, asɛm a ɔsomafo Paulo kae bɛyɛ mfe 2,000 ni no bɛbam, na ɛbɛma nnipa ani agye kɛse na wɔn koma atɔ wɔn yam. Paulo kaa sɛ: “Owu, wo nkonimdi wɔ he? Owu, wo nwowɔe wɔ he?” (1 Korintofo 15:55) Ebedu saa bere no, na owu a ɛda amansan kɔn mu no afi hɔ korakora!