Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFA 9

Nokware Som So Betumi Aba Wo Mfaso Daa!

Nokware Som So Betumi Aba Wo Mfaso Daa!

1. Sɛ ‘yɛbɛn Onyankopɔn a’ dɛn na ebesi?

YEHOWA dɔ wɔn a wɔsom no no. Sɛ wosom Yehowa a, obehyira wo nnɛ ne daakye. Bible no ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”​—Yakobo 4:8.

2. Yɛbɛyɛ dɛn abɛn Onyankopɔn, na ɔkwan bɛn so na eyi bɛka yɛn mpaebɔ?

2 Sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ wusua N’asɛm no na wode yɛ adwuma. Sɛ wobɔ mpae ma ɛne Yehowa apɛde hyia a, obetie wo mpaebɔ no na wabua. Kristoni ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn. Bio nso, sɛ yenim sɛ otie biribiara a yebisa no a, yenim sɛ yɛn nsa bɛka nea yɛabisa no.”​—1 Yohane 5:14, 15.

3-7. Yɛbɛyɛ dɛn anya nyansa a efi Nyankopɔn nkyɛn, na ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa yɛn?

3 Bio nso, bere a wobɛn Onyankopɔn no, ɔbɛma wo nyansa a wode bedi asetena mu nsɛm ho dwuma. Bible no ka sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn.”​—Yakobo 1:5.

4 Ɔkwan bɛn so na nyansa a efi Onyankopɔn nkyɛn no betumi aboa wo? Ade biako ne sɛ, ebetumi aboa wo ma woahu nneɛma a ɛnsɔ Yehowa ani. Afei nso wubetumi ahu nea enti a nneɛma yi nye ne nea wobɛyɛ a woremfa wo ho nkɔhyɛ mu. Nimdeɛ a ɛte saa no betumi abɔ wo ho ban afi ɔhaw pii a ɛtaa to nkurɔfo no ho. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn afotu a ɛfa yɛn abrabɔ a yɛbɛma ɛho atew ho no bɔ Nyankopɔn nkurɔfo ho ban fi nyinsɛn a wɔmpɛ, nyarewa a wonya fi nna mu, ne aware a anigye nnim anaa awaregu ho.

5 Dɛn bio na nyansa a efi Nyankopɔn nkyɛn no betumi ayɛ ama wo? Ebetumi aboa wo ma woanya nea ɛsen biara wɔ asetra mu. Ebetumi aboa wo ma woasisi gyinae pa, te sɛ ɔkwan a wobɛfa so de wo sika adi dwuma yiye. Wubetumi de botae ahorow a mfaso wɔ so asisi w’anim na woapo botae ahorow a ɛso mfaso sua no.

6 Nyansa a efi Onyankopɔn nkyɛn no betumi aboa wo nso ma wo ne afoforo ntam abusuabɔ ayɛ yiye. Wubetumi anya abusua asetra a anigye wom. Wubetumi ne afoforo anya adamfofa a edi mu na ɛtra hɔ daa, na wubetumi anya obu afi wɔn a wɔnsom Nyankopɔn mpo nkyɛn.

7 Bio nso, nyansa a efi Nyankopɔn nkyɛn a wubenya no bɛma w’asetra atu mpɔn. Ɛbɛboa wo ma woagyina asetenam nsɛnnennen ne abasamtu ahorow ano. Bio nso, wubenya daakye ho adwene a ɛteɛ na ɛkari pɛ. Adwempa a wubenya no nso bɛma woanya adwene ne honam mu akwahosan pa.​—Mmebusɛm 14:30; Yesaia 48:17.

8. Sɛ wosom Onyankopɔn a, dɛn na worensuro?

8 Sɛ wosom nokware Nyankopɔn no a, wobɛde wo ho afi ehu a ɛhaw wɔn a wɔnsom no no ho. Esiane sɛ wunim sɛ nkwa nni awufo a wɔwɔ adamoa mu no mu nti, worensuro wɔn a wɔawuwu no. Esiane sɛ wowɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wobenyan awufo no mu awerɛhyem nti, worensuro sɛ wubewu. Na esiane sɛ wunim sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sen biara nti, worensuro bayi anaa abayisɛm.​—Yohane 8:32.

Treneefo Benya Asase no Adi

9-11. Henanom na wɔbɛtena Paradise, na henanom na wɔrentena mu?

9 Sɛ wobɛn Onyankopɔn a, worensuro nea ɛbɛba daakye. Sɛnea yɛahu no, Bible no aka ɔhaw pii a yehu wɔ asase so nnɛ no ho asɛm. Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ saa nneɛma yi bɛtra hɔ bere tiaa bi; ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛma asase yi adan paradise.​—Luka 21:10, 11, 31; 23:43.

10 Wɔn a wɔbɛn Yehowa na wɔsom no no nkutoo na wɔbɛtra Paradise. Bible ka sɛ: “Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio; na wohwehwɛ ne tenabea a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”​—Dwom 37:10, 11.

11 Wɔn a wofi asoɔden mu bu wɔn ani gu Onyankopɔn trenee mmara horow so no bɛhwere wɔn nkwa koraa. (2 Tesalonikafo 1:8, 9) Wɔrentra ase bio. Wɔbɛsɛe wɔne Satan ne n’adaemone no koraa. (Adiyisɛm 20:10, 14) Nanso wɔn a wosua Yehowa ho ade na wɔsom no no benya asase so Paradise mu anigye.

Daakye a Ɛyɛ Anigye!

12. Dɛn na Bible no ka fa daakye ho?

12 Yehowa de nneɛma a ɛyɛ anigye asie ama wɔn a wɔdɔ no no! Wode hwɛ nea N’asɛm no ka fa Paradise asase so asetra ho:

  • Aduan pii a wobedi: “Asase no so nnɔbae bɛdɔɔso; ebebu so akodu mmepɔw atifi.”​—Dwom 72:16.

  • Adan pa: “Wobesisi adan atena mu.”​—Yesaia 65:21.

  • Adwuma a ɛyɛ anigye: “Wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee. Wɔrenyɛ adwumahunu.”​—Yesaia 65:22, 23.

  • Yare nni hɔ: “ɔmanfo no mu biara renka sɛ: “Meyare.”​—Yesaia 33:24.

  • Dɛmdi nni hɔ: “Saa bere no anifuraefo ani bebue na asotifo aso ate asɛm. Ɛbere no mu na apakye behuruw sɛ ɔforote na mum tɛkrɛma de anigye abɔ ose.”​—Yesaia 35:5, 6.

  • Ɛyaw, awerɛhow, ne owu nni hɔ: “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”​—Adiyisɛm 21:4.

  • Ɔko nni hɔ: “[Onyankopɔn] ma akodi gyae kosi asase ano.”​—Dwom 46:9.

  • Daa nkwa: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”​—Dwom 37:29.

13. Hena nkutoo na obetumi ayɛ asase yi paradise, na dɛn ntia?

13 Nnipa rentumi mfa nneɛma a ɛte saa mma, nanso Yehowa wɔ tumi a ɔde bɛyɛ nea waka sɛ ɔbɛyɛ biara. Biribiara rentumi nsiw no kwan wɔ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ho. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn fam de, asɛm biara nni hɔ a ɛrentumi mma mu.”​—Luka 1:37.

14. Wobɛyɛ dɛn anantew daa nkwa kwan no so?

14 Yehowa nam N’adansefo so de hokwan rema nnipa a wɔwɔ baabiara sɛ ‘wɔmfa ɔpon teateaa no mu’ na wɔmfa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. Ɛmmra sɛ wobɛka nnipa a wɔwɔ anigye a wogye nsa a wɔto frɛ wɔn so no ho. Ɛmmra sɛ wobɛsom nokware som na woanya Yehowa nhyira daa!​—Mateo 7:13, 14.