Dɛn na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?

Dɛn na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?

Nea Bible ka

 Onyankopɔn Ahenni bɛba abɛsi wiase ahenni nyinaa anan na ɛbɛdi asase nyinaa so. (Daniel 2:44; Adiyisɛm 16:14) Afei sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba a . . .

  •   Ɛbɛyi abɔnefoɔ a wɔn nneyɛe bɔne pira yɛn no nyinaa afi hɔ. “Abɔnefo de, wobetwa wɔn afi asase so.”​—Mmebusɛm 2:22.

  •   Akodi nyinaa bɛfi hɔ. “[Onyankopɔn ma] akodi gyae kosi asase ano.”​—Dwom 46:9.

  •   Obiara bɛnya asetena pa ne ahobammɔ wɔ asase so. “Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma ase, na obiara renyi wɔn hu.”​—Mika 4:4.

  •   Asase bɛdan paradise. “Sare ne asase kesee ani begye, na asase pradada bedi ahurusi na apae sɛ nhwiren.”​—Yesaia 35:1.

  •   Obiara bɛnya adwuma pa ayɛ ama ne koma atɔ ne yam. “Wɔn a [Onyankopɔn apaw] wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee.”​—Yesaia 65:21-23.

  •   Yare bɛfi hɔ. “Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”​—Yesaia 33:24.

  •   Nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ bɛfi hɔ. “Ma ne honam nyɛ frɔmfrɔm nsen mmofra de; ma ɔnsan nkɔ ne mmeranteberem ahoɔden mu.”​—Hiob 33:25.

  •   Awufo bɛnyan aba nkwa mu bio. “Wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne na wɔafi adi.”​—Yohane 5:28, 29.