Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kyerɛ Osu A Ɛtɔ Ho Anisɔ

Kyerɛ Osu A Ɛtɔ Ho Anisɔ

Kyerɛ Osu A Ɛtɔ Ho Anisɔ

SƐ OSU ntɔ a, anka yɛbɛyɛ dɛn? Ɛwom, sɛ osu tɔ boro so a, ebetumi ama nsu ayiri asɛe nneɛma. Afei nso, ɛnyɛ bere nyinaa na nnipa a wɔte mmeae a ɛhɔ yɛ nwini anaa osu taa tɔ wɔ hɔ no ani begye osutɔ ho. (Esra 10:9) Na nnipa ɔpepem pii a wɔte mmeae a ɔpɛ wɔ hɔ na ɛhɔ yɛ hyew no nso ɛ? Sɛ ɛba sɛ osu tɔ a, ɛma wɔn ani gye paa!

Saa na na ɛte wɔ mmeae a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu te sɛ Asia Kumaa, baabi a ɔsomafo Paulo yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Bere a ɔsomafo Paulo wɔ hɔ no, ɔka kyerɛɛ Likaoniafo no sɛ: ‘Onyankopɔn annyae ne ho adansedi efisɛ ɔyɛɛ papa, maa mo osu fii soro ne mmere a aduan ba, na ɔde aduan ne abotɔyam hyɛɛ mo koma mã.’ (Asomafo Nnwuma 14:17) Hyɛ no nsow sɛ Paulo dii kan kaa osutɔ ho asɛm, efisɛ sɛ osu antɔ a afifide rentumi nyɛ yiye, na yɛrennya “mmere a aduan ba.”

Bible no ka nsɛm pii fa osutɔ ho. Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase osutɔ no pue bɛboro mpɛn ɔha wɔ Bible no mu. So wobɛpɛ sɛ wuhu akyɛde soronko yi ho nsɛm pii? Afei nso, so wobɛpɛ sɛ wohyɛ gyidi a wowɔ wɔ sɛnea Bible ka nyansahu mu nsɛm pɛpɛɛpɛ no mu den?

Nea Bible Ka wɔ Osutɔ Ho

Yesu Kristo twee adwene sii biribi titiriw a sɛ enni hɔ a, anka osu rentɔ so. Ɔkae sɛ: ‘Mo Agya ma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu treneefo ne abɔnefo so.’ (Mateo 5:45) So wohyɛɛ no nsow sɛ Yesu bɔɔ owia din ansa na ɔreka osutɔ ho asɛm? Ná eyi fata efisɛ owia no ma afifide ahoɔden a ɛde nyin na ɛsan ma nsu di kyinhyia wɔ asase so nso. Nokwarem no, ɛyɛ ɔhyew a efi owia mu ba no na ɛma ɛpo nsu pii foro kɔ soro ma ɛdan huhuro wɔ wim, na ɛtɔ gu asase so sɛ nyankonsu afe biara no. Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ owia no nti, ɔfata sɛ wɔfrɛ no nea ɔboaboa nsu ano ma osu tɔ.

Bible ka sɛnea nsu di kyinhyia no ho asɛm sɛ: ‘Onyankopɔn boaboa nsukoko ano; Ɛtɔ sɛ osu ne obosu, Na ɛsosɔ fi omununkum mu; Ɛtɔ gu adesamma so bebree.’ (Hiob 36:26-28) Efi bere a wɔkyerɛw nsɛm yi a ɛne nyansahu hyia mfe mpempem pii a atwam ni no, nnipa de bere pii ahwehwɛ sɛnea osu di kyinhyia no mu. Nhoma bi a wotintimii wɔ afe 2003 mu no ka sɛ: “Ɛde besi nnɛ, yennya ntee sɛnea amununkum mu nsu nketenkete no dan nsukoko no ase.”—Water Science and Engineering.

Nea nyansahufo nim ne sɛ, huhuro a ɛkɔ amununkum mu no na ɛdan nsukoko a ɛtɔ gu asase so sɛ nsu no. Ɛsɛ sɛ amununkum mu nsu nketenkete yi ɔpepem biako anaa nea ɛboro saa ka bom na ayɛ nsuko biako. Eyi yɛ nwonwa na ebetumi agye nnɔnhwerew pii. Nyansahu nhoma bi ka sɛ: “Wɔde nkyerɛkyerɛmu pii ama wɔ sɛnea amununkum mu nsu nketenkete keka bom yɛ nsukoko no ho. Wɔda so ara de bere pii reyɛ sɛnea amununkum mu nsu nketenkete no dan nsukoko no mu nhwehwɛmu.”—Hydrology in Practice.

Ɛnde na Ɔbɔadeɛ a ɔhyehyɛɛ sɛnea osu tɔ no betumi abisa ne somfo Hiob nsɛm a edidi so yi: “Nyankonsu wɔ agya anaa? Na hena na ɔwoo obosu? Hena na ɔde nyansa hyɛɛ omununkum mu? . . . Hena na obetumi de nyansa akan omununkum pɛpɛɛpɛ, Na obetumi ahwie ɔsoro nkuruwa mu nsu?” (Hiob 38:28, 36, 37) Wobisaa saa asɛm yi, mfe bɛyɛ 3,500 atwam, nanso nyansahufo da so ara nte ase.

Ɔkwan Bɛn so na Nsu Di Kyinhyia?

Ná Hela nyansapɛfo susuw sɛ nsu a ɛtene wɔ asubɔnten mu no mfi osu a ɛtɔ mu, na mmom ɛbɛyɛ sɛ ɛpo nsu na ɛfa asase ase foro kɔ mmepɔw atifi tene kogu asubɔnten mu. Bible nkyerɛase nhoma bi ka sɛ na Solomon gye nsusuwii a ɛte saa no tom. Susuw nsɛm a honhom kaa Solomon ma ɔkyerɛwee yi ho hwɛ: “Nsubɔnten nyinaa sen kogu po mu, nanso ɛpo nyɛ mã da. Baabi a nsubɔnten no fi ba no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ, na asan afi hɔ aba.” (Ɔsɛnkafo 1:7) So na nea Solomon kyerɛ ankasa ne sɛ ɔkwan bi so no, ɛpo nsu na ɛnam asase ase foro kɔ mmepɔw atifi na ɛtene kogu asubɔnten mu? Ansa na yebebua saa asɛm no, ma yɛnhwɛ adwene a na Solomon kuromfo wɔ wɔ kyinhyia a nsu di no ho. So na wɔn nsusuwii nteɛ?

Solomon wui akyi bɛboro mfe 70 no, Onyankopɔn diyifo Elia kyerɛe sɛ onim baabi a osu fi tɔ. Wɔ Elia bere so no, ɔpɛ a ano yɛ den sii asase no so bɛboro mfe abiɛsa. (Yakobo 5:17) Yehowa Nyankopɔn de eyi twee ne nkurɔfo aso efisɛ na wɔapo no akodi Kanaanfo osutɔ nyame Baal akyi. Nanso, Elia boaa Israelfo no ma wonyaa adwensakra, enti onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛbɔ mpae ma osu atɔ. Elia rebɔ mpae no, ɔka kyerɛɛ ne somfo no sɛ ɔnhwɛ “po fam.” Bere a Elia somfo no ka kyerɛɛ no sɛ ohu “omununkum ketewa bi a ne kɛse te sɛ onipa nsam sɛ efi po mu reforo kɔ soro” no, Elia hui sɛ Onyankopɔn atie ne mpaebɔ no. Ɛhɔ ara na “omununkum maa wim yɛɛ tumm, na mframa bɔe na osu kɛse fii ase tɔe.” (1 Ahene 18:43-45) Enti, Elia kyerɛe sɛ ɔte sɛnea nsu di kyinhyia no ase. Ná onim sɛ omununkum bɛboaboa ano wɔ ɛpo so, na apuei mframa abɔ ma abɛfa Bɔhyɛ Asase no so. Ɛde besi nnɛ, saa kwan no ara so na osu nam tɔ gu asase no so.

Bere a Elia bɔɔ mpae ma osu no tɔe akyi bɛyɛ mfe ɔha no, okuani bi a wɔfrɛ no Amos sii sɛnea nsu di kyinhyia no fã titiriw bi so dua. Onyankopɔn nam Amos so hyɛɛ ɔsɛe a na ɔde bɛba Israelfo a na wɔhyɛ ahiafo so na wɔsom atoro anyame no ho nkɔm. Nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn nsɛe wɔn no, Amos ka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔnhwehwɛ Yehowa na wonnya nkwa.’ Afei Amos kyerɛkyerɛ mu sɛ Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no efisɛ ɔne Ɔbɔadeɛ, “nea ɔfrɛ po mu nsu hwie gu asase so no.” (Amos 5:6, 8) Akyiri yi, Amos tĩĩ nokwasɛm a ɛfa sɛnea nsu di kyinhyia ne beae a efi ba a ɛyɛ nwonwa no mu. (Amos 9:6) Enti, Amos kyerɛe sɛ ɛpo so titiriw na osu a ɛtɔ gu asase so no fi.

Edmond Halley kae wɔ afe 1687 mu sɛ, saa nokwasɛm yi ne nyansahu hyia. Nanso, ɛkyɛe ansa na afoforo regye Halley nsɛm no atom. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ sɛ: “Asɛm a ɛne sɛ ɛpo nsu nam Asase ase na ɛforo kɔ mmepɔw atifi tene kogu asubɔnten mu no kɔɔ so ara kosii afeha a ɛto so 18 mfiase mu hɔ.” (Encyclopædia Britannica Online) Ɛnnɛ, obiara nim ɔkwan a nsu fa so di kyinhyia no. Nhwehwɛmu koro no ara kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛpo nsu dan huhuro kɔ soro, ɛkyen wɔ wim, ɛtɔ gu Asase so sɛ nsu, na awiei koraa no, ɛtene fa asubɔnten mu kogu po mu.” Ɛda adi sɛ nsɛm a Solomon ka faa kyinhyia a nsu di ho a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Ɔsɛnkafo 1:7 no twe adwene si sɛnea omununkum ma osu tɔ no so.

Dɛn na Ɛsɛ sɛ Eyi Ma Woyɛ?

Sɛnea Bible akyerɛwfo binom kaa kyinhyia a nsu di ho asɛm pɛpɛɛpɛ no nso yɛ adanse titiriw biako a ɛboa yɛn ma yehu sɛ adesamma Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, na ɔma wɔkyerɛw Bible no. (2 Timoteo 3:16) Nokwarem no, esiane sɛ nnipa nhwɛ asase no yiye nti, ama ayɛ te sɛ nea wim tebea nyɛ papa ma enti nsu tumi yiri sɛe nneɛma, na ɔpɛ a ano yɛ den sisi wɔ mmeae bi. Nanso, Ɔboadeɛ a ɔma nsu di kyinhyia a ɔne Yehowa Nyankopɔn, fi teteete ahyɛ bɔ sɛ awiei koraa no, ɔde ne ho begye nnipa nsɛm mu na ‘wasɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.

Enkosi saa bere no, dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ Onyankopɔn akyɛde a ebi ne osu a ɛtɔ no? Wubetumi asua Onyankopɔn Asɛm Bible no, na wode nea woasua no abɔ wo bra de akyerɛ ho anisɔ. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi ahwɛ kwan sɛ wobɛtena Onyankopɔn wiase foforo no mu, baabi a wubenya hokwan akyerɛ Onyankopɔn akyɛde nyinaa ho anisɔ daa no. Nokwasɛm ne sɛ, “akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara” fi Yehowa Nyankopɔn, Nea ɔma osu tɔ no nkyɛn.—Yakobo 1:17.—w09 01/01-E.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/​Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

← ← OMUNUNKUM MU NSU

↓ ↑ ↑

OSUTƆ HUHURO A EFI AFIFIDE MU HUHURO A EFI PO MU

NSUNSUAN

FAM NSU

↓ → →

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Bere a Elia rebɔ mpae no, ne somfo no hwɛɛ “po fam”