Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubegyina Awerɛhodi Ano

Sɛnea Wubegyina Awerɛhodi Ano

Sɛnea Wubegyina Awerɛhodi Ano

“Na [Yakob] mmabarima nyinaa ne ne mmabea nyinaa sɔree sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wamma wɔankyekye ne werɛ, na ose: Mede awerɛhow yi ara mɛkɔ me ba nkyɛn wɔ asaman. Na n’agya suu no.”—GENESIS 37:35.

BERE a wɔka kyerɛɛ agya panyin Yakob sɛ ne babarima awu no, odii awerɛhow paa. Ná onim sɛ ɔde awerɛhow bɛkɔ owu mu. Sɛnea Yakob tee nka no, saa ara na ebia wobɛte nka sɛ wubedi wo dɔfo a wawu no ho yaw akosi owu mu. So awerɛhow kɛse a ɛte saa a wudi no kyerɛ sɛ wunni Onyankopɔn mu gyidi? Ɛnte saa koraa!

Bible ka Yakob ho asɛm sɛ ɔbarima a na ɔwɔ gyidi. Na ɛsan ka ne ho asɛm sɛ na ne gyidi mu yɛ den te sɛ ne nanabarima Abraham, ne n’agya Isak. (Hebrifo 11:8, 9, 13) Bere bi mpo, ɔne ɔbɔfo bi tentamee sɛnea ɛbɛyɛ a obenya Onyankopɔn nhyira! (Genesis 32:24-30) Ɛda adi sɛ na Yakob yɛ ɔbarima a ɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛ den paa. Ɛnde dɛn na yebetumi asua afi awerɛhow a Yakob dii no mu? Ebia na obi wɔ Onyankopɔn mu gyidi a emu yɛ den, nanso awerɛhow ne yawdi betumi ahyɛ no so. Sɛ obi a yɛdɔ no wu a, ɛnyɛ nwonwa sɛ yebedi awerɛhow.

Dɛn Ne Awerɛhodi?

Yebetumi adi awerɛhow wɔ akwan pii so, nanso wɔ nnipa pii fam no, wodi yaw paa. Susuw nea ɛtoo Leonardo, bere a na wadi mfe 14, na komayare kum ne papa mpofirim no ho hwɛ. Leonardo werɛ remfi ɛda a ne sewaa kaa ne papa wu ho asɛm kyerɛɛ no no da. Mfiase no, wannye anni. Ohuu ne papa amu no wɔ ayi no ase, nanso na ɛyɛ no sɛ daeso bi. Asram asia twaam, nanso na Leonardo ntumi nsu. Mpɛn pii no, na ɛyɛ no sɛ ne papa befi adwumam aba. Edii afe ansa na ɔregye adi sɛ ne papa awu ankasa. Bere a ohuu saa no, ɔtee nka paa sɛ wayɛ ankonam. Nneɛma nketenkete bi te sɛ efie a ɔbɛba a ɔmmɛto obiara no, ma ɔkae ampa sɛ ne papa awu. Sɛ ɛba saa a, na ɔtaa su. N’ani gyinaa ne papa yiye!

Nea ɛtoo Leonardo yi ma yehu sɛ, obi betumi adi awerɛhow paa. Anigyesɛm ne sɛ awerɛhodi a ɛte saa no to betumi atwa. Nanso, ebia ebegye bere. Sɛnea sɛ obi pira paa a, egye bere ansa na kuru no awu no, saa ara na sɛ ɔdɔfo bi wu a, egye bere ansa na awerɛhow no to atwa. Ebetumi agye asram, mfe, anaa bere tenten mpo ansa na yɛagyae awerɛhow no di. Nanso bere bi akyi no, awerɛhow kɛse a na wudi no ano betumi abrɛ ase, na nkakrankakra wubehu sɛ anidaso nnya nsae.

Saa bere no ara mu no, wɔkyerɛ sɛ awerɛhodi ho hia na ama yaw a wudi no ano abrɛ ase, na ɛboa ma wugye tebea foforo a woakɔ mu no tom. Baabi a kan na wuhu nnipa no, wobɛhwɛ hɔ no na obiara nni hɔ. Ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra a onii no nka ho. Awerɛhodi betumi aboa wo ma woada wo nkate adi. Nokwarem no, ɛsono sɛnea obiara di awerɛhow. Nanso ɛte sɛ nea obiara gye asɛm yi tom: Sɛ woka awerɛhow a wudi no hyɛ a, ebetumi aka w’adwene, wo nkate ne wo nipadua. Ɛnde wobɛyɛ dɛn adi awerɛhow wɔ ɔkwampa so? Bible de afotu bi a mfaso wɔ so ma. *

Sɛnea Wogyina Awerɛhodi Ano

Nnipa pii a wɔn dɔfo bi awu pɛn no ahu sɛ, sɛ wɔkasa a, etumi boa ma wɔn ho tɔ wɔn. Sɛ nhwɛso no, hyɛ nsɛm a Hiob a Bible ka ne ho asɛm sɛ ne mma du wuwui, na ogyinaa ɔhaw afoforo nso ano kae no nsow. Ɔkae sɛ: “Me nkwa yɛ me kra nwini, megyaa m’apinisi mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhow mu.” (Hiob 1:2, 18, 19; 10:1) Hyɛ no nsow sɛ, na ehia sɛ Hiob ‘gyaa’ n’apinisi mu. Ná ɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “mɛkasa.”

Paulo a ne maame wui no ka sɛ: “Bere a me maame wui no, ade biako a ɛboaa me ne sɛ, na meka ne ho asɛm.” Enti sɛ woka sɛnea wote nka no kyerɛ w’adamfo a wowɔ ne mu ahotoso a, ebetumi aboa wo. (Mmebusɛm 17:17) Bere a Yone maame wui akyi no, ɔka kyerɛɛ ne nuanom Kristofo sɛ wɔntaa mmɛsra no. Ɔkae sɛ, “Sɛ wokasa a, ɛboa ma yaw no brɛ ase.” Ebia wo nso wubehu sɛ, sɛ woka sɛnea wote nka no kyerɛ obi a ɔbɛyɛ aso atie wo yiye a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wubegyina awerɛhodi no ano.

Akyerɛw nso betumi aboa ma woadi awerɛhow so. Nnipa binom a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka sɛnea wɔte nka no bɛpɛ sɛ wɔkyerɛw wɔn nsɛm wɔ krataa so. Bere a Saul ne Yonatan wui no, ɔnokwafo Dawid kyerɛw awerɛhow dwom bi a emu nsɛm daa yaw kɛse a odii no adi. Awiei koraa no wɔkyerɛw kwadwom a otwae no wɔ Samuel nhoma a ɛto so abien a ɛwɔ Bible mu no mu.—2 Samuel 1:17-27.

Sɛ obi su nso a, ɛboa ma yaw a odi no brɛ ase. Bible ka sɛ: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ, . . . osũ wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 4) Nokwasɛm ne sɛ, ɔdɔfo bi wu yɛ “osũ bere.” Sɛ wo werɛ how a, mma ɛnyɛ wo fɛre sɛ wubesu. Bible ma yehu mmarima ne mmea anokwafo a awerɛhow nti, wosuu wɔ baguam. (Genesis 23:2; 2 Samuel 1:11, 12) Bere a Yesu Kristo bɛn baabi a wosiee n’adamfo Lasaro a na owui nkyɛe no, “nusu guu” no.—Yohane 11:33, 35.

Egye boasetɔ na obi atumi adi awerɛhow so, efisɛ ebia sɛnea wote nka no betumi asakrasakra. Kae sɛ ɛnyɛ aniwu sɛ wubesu. Onyankopɔn asomfo anokwafo bi ahu sɛ sɛ awerɛhow nti wusu a, ɛfata, na ɛho hia na ama yaw a wudi no abrɛ ase.

Bɛn Onyankopɔn

Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Ɔkwan titiriw a yɛfa so bɛn Onyankopɔn ne mpaebɔ. Mmu mpaebɔ adewa da! Bible ma yɛn awerɛkyekye sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” (Dwom 34:18) Ɛsan ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu.” (Dwom 55:22) Susuw eyi ho hwɛ. Sɛnea yɛadi kan aka no, nkurɔfo pii ahu sɛ sɛ wɔka sɛnea wɔte nka kyerɛ wɔn nnamfo a wɔwɔ wɔn mu ahotoso a, ɛboa. So ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛnea yɛte nka no akyerɛ Onyankopɔn a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛkyekye yɛn werɛ no?—2 Tesalonikafo 2:16, 17.

Paulo a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kae sɛ: “Sɛ mihu sɛ midi yaw dodo, na mintumi nnyina ano bio a, na mibu nkotodwe bɔ Onyankopɔn mpae. Mesrɛɛ no sɛ ɔmmoa me.” Paulo gye di sɛ mpaebɔ boaa no. Ebia wo nso wubehu sɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no bebua mpae a wobɔ daa no, na ɔbɛma wo akokoduru ne ahoɔden ma wode agyina.—2 Korintofo 1:3, 4; Romafo 12:12.

Owusɔre Anidaso No

Yesu kae sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa. Obiara a onya me mu gyidi no, sɛ owu mpo a, ɔbɛba nkwa mu.” (Yohane 11:25) Bible kyerɛkyerɛ sɛ awufo bɛsan atra ase bio. * Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔdaa no adi sɛ obetumi anyan awufo. Bere bi onyanee abeawa bi a na wadi mfe 12. Dɛn na n’awofo yɛe? Wɔn “ani gyei kɛse.” (Marko 5:42) Wɔ ɔsoro Hene Yesu Kristo Ahenni ase no, obenyan awufo ma wɔabɛtra asase so—nanso ɛbɛyɛ wiase a asomdwoe ne trenee wom. (Asomafo Nnwuma 24:15; 2 Petro 3:13) Wode twa sɛnea ɛbɛyɛ anigye bere a awufo a wɔanyan wɔn no bɛba ne wɔn adɔfo abɛtra bio no ho mfonini hwɛ!

Claudete a ne babarima wui wɔ wimhyɛn akwanhyia mu no de ne ba, Renato, mfonini asi ne frigye so. Sɛ ɔhwɛ mfonini no a, nea ɔka wɔ ne tirim ara ne sɛ, ‘Yebehyia bio wɔ owusɔre mu.’ Leonardo twa sɛnea ne papa reba nkwa mu wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ mu no ho mfonini. Nokwasɛm ni, owusɔre anidaso no ama nkurɔfo yi ne nnipa afoforo pii a wɔn adɔfo awuwu no anya awerɛkyekye. Ebetumi ama wo nso woanya awerɛkyekye!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Sɛ wopɛ sɛ woboa mmofra ma wohu sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade bere a wɔn dɔfo bi awu a, hwɛ asɛm “Boa Wo Ba ma Onnyina Awerɛhodi Ano,” a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 18 kosi 20 no.

^ nky. 19 Sɛ wopɛ owusɔre anidaso a Bible ka ho asɛm no ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo na wotintimii no ti 7.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

“Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn”

“Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya a ɔyɛ ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.”—2 Korintofo 1:3.

Bible mu asɛm yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn betumi aboa n’asomfo anokwafo ma wɔagyina ɔhaw anaa nsɛnnennen biara a ebia wobehyia no ano. Onyankopɔn betumi afa w’adamfo anaa ɔdɔfo bi a ɔne wo wɔ gyidi koro so akyekye wo werɛ.

Leonardo a ne papa wui no kaee asɛm bi a ɛma onyaa ahoɔden ne awerɛkyekye. Bere a ofi abɔnten beduu fie na ɔkae sɛ obiara nni hɔ no, ofii ase sui a wɔpata no a na ɛmpata. Ɔkɔɔ agodibea bi a ɛbɛn hɔ kɔtraa akongua bi so, na ɔkɔɔ so sui. Bere a ɔrete nusu no, ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa no. Prɛko pɛ na kar bi begyinaa hɔ baabi, na Leonardo hui sɛ ofirikafo no yɛ ne nua Kristoni. Ná onua no de nneɛma rekɔmema adetɔfo na ɔyera besii hɔ. Hu a Leonardo huu no kɛkɛ no ma onyaa awerɛkyekye.

Bere bi nso, na ɔbarima kunafo bi te nka sɛ wayɛ ankonam, na na wabotow paa. Ná su ara na ɔresu, efisɛ na ɛte sɛ nea n’anidaso nyinaa asa no. Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛɛ mmoa. Bere a ogu so rebɔ mpae no, ɔtee sɛ telefon refrɛ. Ná ɛyɛ ne banana. Ɔbarima no kae sɛ: “Nkɔmmɔ tiawa a yɛbɔe no ma mesan nyaa akokoduru. Mihui sɛ, frɛ a ɔfrɛɛ me no yɛ me mpaebɔ no ho mmuae.”

[Adaka wɔ kratafa 9]

Kyekye Afoforo Werɛ

“[Onyankopɔn a] ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohiahia nyinaa mu, nea ɛbɛyɛ na yɛn nso, esiane awerɛkyekye yi a yenya fi Nyankopɔn hɔ nti, yebetumi akyekye wɔn a wɔwɔ ahohiahia biara mu no werɛ.”—2 Korintofo 1:4.

Nokware Kristofo pii ate saa nsɛm no ase efisɛ wɔn ankasa anya ho suahu. Wɔahu sɛ awerɛkyekye a wonyae bere a wɔn dɔfo bi wui no aboa wɔn, ma wɔn nso wotumi kyekye afoforo werɛ.

Sɛ nhwɛso no, susuw Claudete, a ɔtaa kɔsrasra afoforo ne wɔn susuw ne gyidi a egyina Bible so no ho hwɛ. Ansa na ne babarima no rebewu no, na ɔtaa kɔsra ɔbea bi a na mogya mu kokoram akum ne babarima. Ná ɔbea no ani gye nsrahwɛ no ho, nanso na ɔte nka sɛ Claudete rente yaw a ɔredi no ase da. Nanso bere a Claudete babarima no wui ara pɛ na ɔbea no kɔsraa Claudete, na ɔka kyerɛɛ no sɛ waba rebɛhwɛ sɛ bere a afei ne ba awu yi, ɔda so ara kura ne gyidi mu anaa. Claudete gyidi a emu yɛ den no kaa ɔbea no paa, na ɔbea no ne Claudete reyɛ Bible adesua a wɔntotom, na Onyankopɔn Asɛm ama wanya awerɛkyekye pii.

Bere a Leonardo papa wui no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obesua mum kasa sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aka awerɛkyekye a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm akyerɛ wɔn a wɔyɛ mum. Wahu sɛ mmɔden a ɔrebɔ sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔyɛ mum no aboa n’ankasa kɛse. Ɔka sɛ: “Ade biako a aboa me ma matumi agyina awerɛhow a midi ano ne ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛboa wɔn a wɔyɛ mum no ma wɔasua Onyankopɔn ho ade. Mede me bere ne m’ahoɔden pii boa wɔn. Me nusu danee serew bere a mihui sɛ me Bible suani a odi kan abɔ asu no! Nokwarem no, efi bere a me papa fii mu no, eyi ne bere a edi kan a m’ani gyei paa.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Sɛ woka sɛnea wote nka a, ebetumi ama wo ho atɔ wo kakra

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Owusɔre ho nsɛm a wobɛkenkan no betumi ama woanya awerɛkyekye

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Sɛ wokyerɛw sɛnea wote nka a, ɛbɛboa wo

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Yesu de owusɔre ahyɛ wɔn a wɔkyerɛ ne mu gyidi no bɔ