Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monyɛn Onyankopɔn Nguankuw A Wɔhyɛ Mo Nsa No”

“Monyɛn Onyankopɔn Nguankuw A Wɔhyɛ Mo Nsa No”

“Monyɛn Onyankopɔn Nguankuw A Wɔhyɛ Mo Nsa No”

“Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom mumfi mo pɛ mu.”—1 PET. 5:2.

1. Bere a Petro kyerɛw ne krataa a edi kan no, ɔhaw bɛn na na Kristofo rehyia?

ƐYƐ bere a na aka kakra ma Nero de ɔtaa aba Kristofo a na wɔwɔ Roma no so no na ɔsomafo Petro kyerɛw ne krataa a edi kan no. Ná ɔpɛ sɛ ɔhyɛ ne mfɛfo gyidifo no den. Ná Ɔbonsam “nenam” repɛ Kristofo amene wɔn. Sɛ na wobetumi agyina pintinn ako atia no a, na ehia sɛ ‘wɔma wɔn ani da hɔ,’ na ‘wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wom no ase.’ (1 Pet. 5:6, 8) Ná ɛho hia nso sɛ wɔkɔ so yɛ biako. Ná ɛrenyɛ papa koraa sɛ ‘wɔbɛkeka wɔn ho na wɔamemene wɔn ho,’ efisɛ na saa a wɔbɛyɛ no betumi ama ‘wɔasɛe wɔn ho wɔn ho.’—Gal. 5:15.

2, 3. Hena na ɛsɛ sɛ yɛko tia no, na dɛn na yɛrebesusuw ho wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu?

2 Yɛn nso yɛwɔ ɔhaw a ɛte saa ara mu nnɛ. Ɔbonsam rehwehwɛ hokwan a ɛbɛma wanya yɛn amene yɛn. (Adi. 12:12) ‘Ahohiahia kɛse a efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii’ nso rebobɔ ba. (Mat. 24:21) Sɛnea na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu hwɛ yiye na akasakasa amma wɔn mu no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhwɛ yiye. Nea ɛbɛyɛ na amma saa no, ɛtɔ mmere bi a ehia sɛ asafo mu mpanyimfo boa yɛn.

3 Momma yensusuw nea asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ na ama wɔanya hokwan a wɔde ama wɔn sɛ ‘wɔnyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ wɔn nsa’ no ho anisɔ kɛse ho. (1 Pet. 5:2) Ɛno akyi no, yebesusuw ɔkwampa a wobetumi afa so ayɛ nguanhwɛ adwuma no yiye ho. Wɔ adesua a edi hɔ mu no, yɛbɛhwehwɛ ɔkwan a asafo no mufo betumi afa so ‘ada obu adi akyerɛ wɔn a wɔyɛ adwumaden na wodi nguan no anim’ no mu. (1 Tes. 5:12) Saa nsɛm yi a yebesusuw ho no bɛboa yɛn ma yɛagyina pintinn ako atia yɛn Tamfo kɛse no, na yɛahu sɛ ɛyɛ ɔno na yɛne no redi asi.—Efe. 6:12.

Monyɛn Onyankopɔn Nguankuw No

4, 5. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo bu nguankuw no dɛn? Ma ɛho mfatoho.

4 Petro hyɛɛ mpanyimfo a na wɔwɔ Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no nkuran sɛ wonnya adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nguankuw a wɔhyɛ wɔn nsa no ho no bi. (Monkenkan 1 Petro 5:1, 2.) Ɛwom sɛ na wobu Petro sɛ ɔyɛ odum wɔ asafo no mu de, nanso ɔne mpanyimfo no ankasa sɛ obi a ɔkorɔn sen wɔn. Mmom no, otuu wɔn fo sɛ ne mfɛfo mpanyimfo. (Gal. 2:9) Sɛnea Petro yɛe no, saa ara na Sodikuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no nso tu asafo mu mpanyimfo fo sɛ wɔmmɔ mmɔden nni asɛyɛde a emu yɛ duru a ɛne sɛ wɔnyɛn Onyankopɔn nguankuw no ho dwuma.

5 Ɔsomafo no kyerɛwee sɛ, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ‘yɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ wɔn nsa no.’ Ná ɛho hia paa sɛ mpanyimfo no hu sɛ nguankuw no yɛ Yehowa ne Yesu Kristo dea. Ná ɛsɛ sɛ mpanyimfo no bu sɛnea wɔhwɛ Onyankopɔn nguankuw no so no ho akontaa. Fa no sɛ w’adamfo paa bi ka kyerɛ wo sɛ ɔrekɔ baabi nti hwɛ ne mma ma no. So worenhwɛ wɔn so yiye na womma wɔn aduan? Sɛ mmofra no mu biako yare a, so woremfa no nkɔ ayaresabea mma wɔnhwɛ no? Saa ara na ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu ‘hwɛ Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa Ba mogya tɔe no so yiye.’ (Aso. 20:28) Mpanyimfo no ma ɛtena wɔn adwenem sɛ wɔde Kristo Yesu mogya a ɛsom bo no na ɛtɔɔ nguan no mu biara. Esiane sɛ mpanyimfo no bebu wɔn adwuma no ho akontaa nti, wɔma nguan no aduan, wɔbɔ wɔn ho ban, na wɔhwɛ wɔn so.

6. Asɛyɛde bɛn na na wɔn a wɔhwɛ nguan wɔ tete mmere mu no wɔ?

6 Wo de, susuw asɛyɛde a na wɔn a wɔhwɛ nguan ankasa so wɔ wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no ho hwɛ. Ná ɛsɛ sɛ wɔfa ɔhyew mu awia ne awɔw mu anadwo de hwɛ nguan no. (Gen. 31:40) Wɔde wɔn nkwa mpo too hɔ maa nguan no. Aberantewa Dawid gyee ne nguan fii nkekaboa te sɛ gyata ne sisi anom. Dawid kae sɛ ‘osoo’ mmoa no mu biara ‘abogye bɔɔ no hwee hɔ kum no.’ (1 Sam. 17:34, 35) Hwɛ akokoduru paa a Dawid daa no adi! Na hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ anka aboa no betumi akyere no awe! Nanso, ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa de gyee oguan no.

7. Ɔkwan bɛn na asafo mu mpanyimfo betumi afa so ahwim oguan bi afi Satan anom wɔ sɛnkyerɛnne kwan so?

7 Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo bɔ nguankuw no ho ban fi tow a Ɔbonsam tow hyɛ wɔn so te sɛ gyata no ho. Ebia saa a wɔbɛyɛ no bɛhwehwɛ sɛ wohwim oguan bi fi Ɔbonsam anom wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Sɛnea yɛbɛka no no, akekaboa no abogye a mpanyimfo no beso mu no betumi ama wɔagye oguan no. Mpanyimfo no betumi ne anuanom a wɔn ani nna hɔ a Satan mfiri reyɛ ayi wɔn no asusuw nsɛm ho. (Monkenkan Yuda 22, 23.) Nanso, asafo mu mpanyimfo ankasa ntumi nni asɛyɛde yi ho dwuma a Yehowa mmoa nka ho. Mpanyimfo no yɛ oguan a wapira no brɛbrɛ, na wɔkyekyere n’akuru de Onyankopɔn Asɛm no a ɛte sɛ nku no twetwe no ma ne ho dwo no.

8. Ɛhe na asafo mu mpanyimfo kyerɛ nguankuw no kwan kɔ, na ɔkwan bɛn na wɔfa so yɛ saa?

8 Obi a ɔhwɛ nguan ankasa san kyerɛ nguan no kwan kɔ baabi a ɛfata a wobenya aduan ne nsu. Saa ara na asafo mu mpanyimfo kyerɛ nguankuw no kwan kɔ asafo no mu, na wɔhyɛ nguankuw no nkuran sɛ wɔnkɔ asafo nhyiam daa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adidi yiye na wɔanya “aduan bere a ɛsɛ mu.” (Mat. 24:45) Ebia ɛho behia sɛ mpanyimfo no gye bere pii de boa wɔn a wɔyare wɔ honhom fam no ma wogye Onyankopɔn Asɛm no tom ma ɛhyɛ wɔn den. Ebia oguan bi a wafom kwan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsan aba nguankuw no mu. Sɛ́ anka mpanyimfo no bepoopoo wɔn ani akyerɛ nea wafom no, wɔde ntoboase kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm kyerɛ no, na wɔkyerɛ no ɔkwan a obetumi afa so de abɔ ne bra.

9, 10. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no fa so hwɛ wɔn a wɔyare wɔ honhom fam no?

9 Sɛ woyare a, oduruyɛfo bɛn na wobɛkɔ akohu no? So wobɛkɔ akohu nea ɔrennya bere ntie wo yiye na ɔyɛ ntɛm kyerɛkyerɛw nnuru ma wo sɛnea ɛbɛyɛ a obenya kwan ahwɛ ɔyarefo a odi hɔ no? Anaasɛ wobɛkɔ akohu oduruyɛfo a ɔbɛtɔ ne bo ase atie wo yiye, na wakyerɛkyerɛ nea ɛbɛyɛ sɛ ɛrehaw wo no mu akyerɛ wo, na wakyerɛ wo akwan a wobetumi afa so asa yare no?

10 Saa ara na asafo mu mpanyimfo betumi atie onipa a ɔyare wɔ honhom fam no na wɔaboa no ma ne kuru no awu, na sɛ wɔboa no saa a, ɛte sɛ nea ‘wɔasra no ngo Yehowa din mu.’ (Monkenkan Yakobo 5:14, 15.) Hwɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm no betumi ama ɔyarefo no ho atɔ no te sɛ nea balsam ngo a efi Gilead ma obi ho tɔ no no. (Yer. 8:22; Hes. 34:16) Sɛ onipa a wadi mfomso no de Bible mu nnyinasosɛm bɔ ne bra a, ebetumi aboa no ma wasan asi gyinae asom Yehowa yiye. Nokwarem no, sɛ mpanyimfo no tie nea ɛhaw oguan a ɔyare no, na wɔne no bɔ mpae a, ɛboa no paa.

Ɛnyɛ Ɔhyɛ So na Mmom Mumfi Mo Pɛ Mu

11. Dɛn na ɛka asafo mu mpanyimfo ma wofi wɔn pɛ mu yɛn Onyankopɔn nguankuw no?

11 Afei, Petro kaee mpanyimfo no nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔ nguanhwɛ adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ‘fi wɔn pɛ mu’ yɛn Onyankopɔn nguankuw no, na ‘ɛnyɛ ɔhyɛ so.’ Dɛn na ɛka asafo mu mpanyimfo ma wofi wɔn pɛ mu som wɔn nuanom? Ma yemmisa sɛ, dɛn na ɛkaa Petro ma ɔyɛn Yesu nguan no na ɔmaa wɔn aduan? Ade titiriw a ɛma ɔyɛɛ saa ne ɔdɔ a na ɔwɔ ma Awurade ne pɛ a na ɔpɛ n’asɛm no. (Yoh. 21:15-17) Esiane ɔdɔ a mpanyimfo no wɔ ma Awurade nti, ‘wɔntena ase mma wɔn ho bio, na mmom wɔtena ase ma nea owu maa wɔn no.’ (2 Kor. 5:14, 15) Saa ɔdɔ a mpanyimfo no wɔ ma Awurade yi, ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn nuanom no na ɛka wɔn ma wɔde wɔn ahoɔden, wɔn ahode, ne wɔn bere som nguankuw no. (Mat. 22:37-39) Ɛnyɛ amemenemfe na mpanyimfo no de som nguan no, na mmom wofi wɔn pɛ mu na ɛyɛ saa.

12. Paulo som anuanom koduu he?

12 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no som nguankuw no kodu he? Sɛ mpanyimfo no rehwɛ nguan no a, wosuasua ɔsomafo Paulo a ɔno nso suasuaa Yesu no. (1 Kor. 11:1) Esiane sɛ na Paulo ne nnipa a wɔka ne ho no dɔ Tesalonikafo no nti, “ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko” na wɔn ani gyee ho sɛ wɔde bɛma wɔn, ‘na mmom wɔn ankasa kra nso.’ Bere a wɔreyɛ saa no, wɔyɛɛ wɔn brɛbrɛ “sɛnea ɔbaatan ma n’ani kũ n’ankasa mma ho no.” (1 Tes. 2:7, 8) Ná Paulo nim sɛnea ɔbaatan te nka ma ne mma. Ɔbaatan bɛyɛ nea ne mma hia biara ama wɔn, a nea ɛka ho bi ne sɛ ɔbɛsɔre ɔdasum ama wɔn aduan.

13. Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no kyekyɛ wɔn bere mu pɛpɛɛpɛ de yɛ?

13 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no kyekyɛ wɔn bere mu pɛpɛɛpɛ na wɔde bi srasra nguan no hyɛ wɔn den, na wɔde bi nso di asɛyɛde a wɔwɔ wɔ wɔn ankasa mmusua mu ho dwuma. (1 Tim. 5:8) Ɛbere a mpanyimfo no de boa asafo no yɛ bere a ɛsom bo a anka wobetumi de aboa wɔn mmusua. Ɔkwan biako a mpanyimfo no betumi afa so adi asɛyɛde abien yi nyinaa ho dwuma pɛpɛɛpɛ ne sɛ wɔbɛto nsa afrɛ afoforo ma wɔabɛtena wɔn Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no mu bere ne bere mu. Mfe bi a atwam no, na Masanao a ɔyɛ asafo mu panyin wɔ Japan no to nsa frɛ anuanom a wɔyɛ asigyafo ne mmusua a agya no nni asafo no mu ma wɔbɛtena n’abusua adesua mu. Bere bi akyi no, wɔn a ɔboaa wɔn no bi bɛyɛɛ asafo mu mpanyimfo, na wosuasua nhwɛso pa a Masanao yɛe no.

Monnyɛ Adifudepɛ—Monyɛn Nguankuw no Anigye So

14, 15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ yiye na wɔanyɛ “adifudepɛ,” na wɔbɛyɛ dɛn atumi asuasua Paulo wɔ eyi mu?

14 Petro san hyɛɛ asafo mu mpanyimfo nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛn nguankuw no wɔ “adifudepɛ” so “na mmom anigye so.” Adwuma a mpanyimfo no yɛ gye wɔn bere pii, nanso wɔnhwɛ kwan sɛ wobenya sika biara afi mu. Petro hui sɛ ehia sɛ ɔbɔ ne mfɛfo mpanyimfo no kɔkɔ wɔ asiane a ɛwom sɛ wɔbɛhwɛ nguankuw no so “adifudepɛ” so no ho. Yehu saa asiane no wɔ sɛnea nyamesom akannifo a wɔwɔ “Babilon Kɛse no” mu no pɛ akɛsesɛm no mu, na saa a wɔyɛ no ma nnipa pii di hia. (Adi. 18:2, 3) Mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔanyɛ saa.

15 Paulo yɛɛ nhwɛso pa maa Kristofo asafo mu mpanyimfo. Ɛwom sɛ na ɔyɛ ɔsomafo, na na anka obetumi ayɛ “adesoa kɛse” ama Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no de, nanso ‘wanni obiara aduan kwa.’ Mmom no, ‘ɔyɛɛ adwumaden brɛe awia ne anadwo.’ (2 Tes. 3:8) Asafo mu mpanyimfo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ, a ahwɛfo akwantufo nso ka ho, yɛ nhwɛso pa a ɛte saa ara wɔ eyi mu. Ɛwom sɛ sɛ wɔn mfɛfo gyidifo som wɔn hɔho a, wɔma kwan de, nanso ‘wɔmfa adesoa kɛse’ nto obiara so.—1 Tes. 2:9.

16. Dɛn na nguankuw no a wɔyɛn wɔn “anigye so” no kyerɛ?

16 Asafo mu mpanyimfo yɛn nguankuw no “anigye so.” Sɛnea woyi wɔn yam boa nguankuw no ma yehu anigye a wɔde yɛ saa no. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ wɔhyɛ nguan no sɛ wɔnsom Yehowa; na saa ara nso na mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ nyɛ biribi a ɛbɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔne wɔn ho wɔn ho asi akan wɔ ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no mu. (Gal. 5:26) Mpanyimfo no nim sɛ ɛsono sɛnea oguan biara te. Na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛboa wɔn nuanom ma wɔde anigye asom Yehowa.

Munnni Nguankuw no So Bakoma, Mmom Monyɛ Nhwɛso Mma Wɔn

17, 18. (a) Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a na ɛyɛ den ma asomafo no sɛ wɔbɛte nea Yesu kyerɛkyerɛ faa ahobrɛase ho no ase? (b) Tebea a ɛte saa ara bɛn na ebetumi ato yɛn nso?

17 Sɛnea yɛadi kan asusuw ho no, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ma ɛtena wɔn adwenem sɛ nguankuw a wɔreyɛn wɔn no yɛ Onyankopɔn dea, na ɛnyɛ wɔn dea. Wɔhwɛ yiye sɛ ‘wɔrenni Onyankopɔn agyapade so bakoma.’ (Monkenkan 1 Petro 5:3.) Ɛtɔ mmere bi a, adwene a ɛnteɛ a na Yesu asomafo no wɔ nti, na wɔpere ɔsom hokwan ho. Ná wɔpɛ sɛ wonya dibea akɛse te sɛ wɔn a wodi amanaman no so no.—Monkenkan Marko 10:42-45.

18 Ɛnnɛ, anuanom a ‘wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma’ no bɔ mmɔden hwehwɛ wɔn mu hwɛ nea enti a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ ahwɛfo no. (1 Tim. 3:1) Ɛyɛ papa sɛ wɔn a seesei wɔresom sɛ asafo mu mpanyimfo no fi wɔn komam bisa wɔn ho sɛ ebia wɔpɛ tumidi anaa mpanyinni te sɛ nea na asomafo no bi pɛ no anaa. Sɛ na asomafo no mpo wɔ saa ɔhaw yi a, ɛnde asafo mu mpanyimfo betumi ahu nea enti a ɛho hia sɛ wɔyere wɔn ho denneeennen na amma wɔannya adwene a wiase no wɔ sɛ wɔpɛ sɛ wodi afoforo so tumi no bi.

19. Sɛ asafo mu mpanyimfo reyɛ biribi de abɔ nguankuw no ho ban a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtena wɔn adwenem?

19 Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a ehia sɛ asafo mu mpanyimfo de wɔn nan si fam, te sɛ bere a wɔrebɔ nguankuw no ho ban afi “mpataku bɔne” ho no. (Aso. 20:28-30) Paulo ka kyerɛɛ Tito sɛ ɔnkɔ so ‘ntu fo na onyi ntɛn sɛnea wɔama no tumi’ no. (Tito 2:15) Nanso, sɛ ɛho behia sɛ mpanyimfo no tu afoforo fo anaa woyi wɔn ntɛn mpo a, wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi saafo no ni. Asafo mu mpanyimfo nim sɛ sɛ́ anka wɔbɛkasa atia obi denneennen no, sɛ wɔtɔ wɔn bo ase ne no kasa a, mpɛn pii no, ɛka ne koma paa, na ɛboa no ma ɔyɛ nea ɛteɛ.

20. Dɛn na mpanyimfo no betumi ayɛ de asuasua Yesu de ayɛ nhwɛso pa?

20 Nhwɛso pa a Kristo yɛe no hyɛ asafo mu mpanyimfo nkuran ma wɔdɔ nguankuw no. (Yoh. 13:12-15) Sɛ yɛkenkan ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔnyɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ho ade a, ɛka yɛn koma. Sɛnea na ɔbrɛ ne ho ase no kaa n’asuafo no koma, na ɛhyɛɛ wɔn nkuran ma wɔbɔɔ wɔn bra sɛ nnipa a ‘wofi ahobrɛase mu bu afoforo sɛ wɔkyɛn wɔn.’ (Filip. 2:3) Nhwɛso a Yesu yɛe no hyɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso nkuran ma wosuasua no, na ɛno ma wɔn nso ani gye ho sɛ ‘wɔbɛyɛ nhwɛso ama nguankuw no.’

21. Akatua bɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ahwɛ kwan?

21 Petro kaa biribi a mpanyimfo no benya daakye ho asɛm de wiee afotu a ɔde maa wɔn no. (Monkenkan 1 Petro 5:4.) Ahwɛfo a wɔasra wɔn no ne Kristo benya “anuonyam abotiri a ɛnsɛe da” wɔ soro. Ahwɛfo nkumaa a wɔyɛ “nguan foforo” no mufo nso benya hokwan ayɛn Onyankopɔn nguankuw no wɔ asase so wɔ “oguanhwɛfo panyin” no nniso ase. (Yoh. 10:16) Adesua a edi hɔ no bɛka akwan a asafo no mufo betumi afa so aboa wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wonni asafo no anim no ho asɛm.

Ntĩmu

• Dɛn nti na na ɛfata sɛ Petro tu ne mfɛfo mpanyimfo fo sɛ wɔnyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ wɔn nsa no?

• Dɛn na na ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ de hwɛ wɔn a wɔyare wɔ honhom fam no?

• Dɛn na ɛka mpanyimfo no ma wɔyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ wɔn nsa no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ “nguan” a wɔhyɛ wɔn nsa no ho ban sɛnea nguanhwɛfo yɛe tete no