Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛmfa Koma Koro Nkɔ So Nni Nokware

Momma Yɛmfa Koma Koro Nkɔ So Nni Nokware

Momma Yɛmfa Koma Koro Nkɔ So Nni Nokware

“Mɛnantew wo nokware mu. Ma me koma koro ma ensuro wo din.”—DW. 86:11, NW.

1, 2. (a) Sɛnea Dwom 86:2, 11 (NW) kyerɛ no, sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi Yehowa nokware? (b) Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yefi ase sua sɛ yebefi yɛn komam adi nokware?

DƐN nti na Kristofo binom kɔ so di nokware mfe pii ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn gu afiase anaasɛ wɔtaa wɔn, nanso akyiri yi ahonyade tumi daadaa wɔn ma wɔyɛ bɔne? Ne nyinaa gyina nea ɛwɔ yɛn komam ankasa so. Dwom 86 de nokwaredi bata koma koro ho; ɛno kyerɛ koma mũ, koma a ɛnyɛ ntanta. Odwontofo Dawid bɔɔ mpae sɛ: “Hwɛ me kra so ɛ, na meyɛ ɔnokwafo. Gye w’akoa a mede me ho ato wo so—wone me Nyankopɔn.” Dawid san bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, kyerɛkyerɛ me wo kwan. Mɛnantew wo nokware mu. Ma me koma koro ma ensuro wo din.”—Dw. 86:2, 11, NW.

2 Sɛ yɛamfi yɛn koma nyinaa mu amfa yɛn ho anto Yehowa so a, ɛrenyɛ den koraa sɛ nneɛma foforo ne yɛne afoforo ntam abusuabɔ betumi asɛe nokware a yedi ma nokware Nyankopɔn no. Akɔnnɔ bɔne te sɛ atopae a wɔde ahyehyɛ fam wɔ ɔkwan a yɛnam so no so. Ɛwom sɛ ebia yɛakɔ so adi Yehowa nokware wɔ tebea ahorow a emu yɛ den mu de, nanso Satan mfiri betumi ayi yɛn. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yesua sɛ yebefi yɛn koma mu adi Yehowa nokware seesei ansa na yɛahyia sɔhwɛ ahorow! Bible ka sɛ: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.” (Mmeb. 4:23) Yebetumi anya eyi ho asuade ahorow afi asɛm a ɛtoo odiyifo bi a ofi Yuda a Yehowa somaa no kɔɔ Israel hene Yerobeam nkyɛn no mu.

‘Ma Menkyɛ Wo Ade’

3. Yerobeam yɛɛ n’ade dɛn wɔ atemmusɛm a Onyankopɔn diyifo no ka kyerɛɛ no no ho?

3 Yɛ asɛm no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Ná Onyankopɔn nipa no kaa asɛm bi a emu yɛ den kyerɛɛ Ɔhene Yerobeam a na wahyehyɛ nantwi ba som wɔ Israel mmusuakuw du ahemman a na ɛwɔ atifi fam no nkyɛe. Ɔhene no bo fuwii yiye. Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ wɔnkyere Onyankopɔn nipa no. Nanso, Yehowa bɔɔ ne somfo no ho ban. Ɔhene no nsa a ɔde abufuw teɛɛ no sensenee, na afɔremuka no mu paee prɛko pɛ. Amonom hɔ ara na Yerobeam suban sesae. Ɔsrɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: ‘Pa Yehowa wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa yi nyɛ yiye mma me.’ Odiyifo no srɛ maa ɔhene no, na ne nsa no yɛɛ yiye.—1 Ahe. 13:1-6.

4. (a) Dɛn nti na na asɛm a ɔhene no kae no betumi asɔ odiyifo no nokwaredi ahwɛ ankasa? (b) Mmuae bɛn na odiyifo no de mae?

4 Afei, Yerobeam ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn nipa no sɛ: “Wo ne me nkɔ ofie, na kodwudwo wo ho, na mɛkyɛ wo ade.” (1 Ahe. 13:7) Afei, dɛn na na odiyifo no bɛyɛ? So na ɛsɛ sɛ ɔpene so ma ɔhene no som no hɔho bere a na waka atemmusɛm akyerɛ no awie no? (Dw. 119:113) Anaasɛ, na ɛnsɛ sɛ ɔne ɔhene no kɔ ɛmfa ho sɛ na ɛte sɛ nea ɔhene no anu ne ho no? Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yerobeam yɛ ɔdefo a obetumi ayɛ ne nnamfo adɔe. Sɛ na Onyankopɔn diyifo no anibere ahonyade a, ɛnde ɛda adi sɛ na asɛm a ɔhene no ka kyerɛɛ no no betumi ayɛ sɔhwɛ a emu yɛ den ama no. Nanso, na Yehowa ahyɛ odiyifo no sɛ: “Nnidi na nnom, na nsan mfa ɔkwan a wonam so kɔe no so.” Enti, odiyifo no buaa no pefee sɛ: “Sɛ wode wo fi fã bɛma me po a, me ne wo renkɔ, na merennidi na merennom wɔ ha.” Afei, odiyifo no fii Betel, na wamfa ɔkwan a ɔfaa so kɔɔ hɔ no so. (1 Ahe. 13:8-10) Komam a yebefi adi nokware ho asuade bɛn na yenya fi gyinae a odiyifo no sii no mu?—Rom. 15:4.

‘Ma Nea Wowɔ Nnɔɔso Mma Wo’

5. Ɔkwan bɛn so na ahonyade akyi a yebedi betumi asɔ yɛn nokwaredi ahwɛ?

5 Ebia, ɛbɛyɛ yɛn sɛ ahonyade a yebedi akyi ntumi nsɔ yɛn nokwaredi hwɛ, nanso ebetumi asɔ ahwɛ. So yɛwɔ Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛma yɛn nsa aka nea yehia ankasa no mu ahotoso? (Mat. 6:33; Heb. 13:5) Sɛ́ anka yɛbɛpere sɛ yɛbɛfa ɔkwan biara so anya nneɛma bi a ebetumi ama yɛn ho “adwo” yɛn wɔ asetram a yɛn nsa ntumi nka no seesei no, so yebetumi agyae akyi di? (Monkenkan Filipifo 4:11-13.) So ɛyɛ a ɛyɛ yɛn sɛ yɛmfa Onyankopɔn som adwuma no nto nkyɛn na ama yɛatumi anya nea yehia seesei? So nokwaredi a yɛde som Yehowa no ne ade a ɛho hia yɛn paa wɔ yɛn asetram? Mmuae a yɛbɛma no begyina sɛ́ yefi yɛn koma nyinaa mu na ɛreyɛ Onyankopɔn som adwuma no anaa ɛnte saa so titiriw. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mfaso kɛse wɔ onyamesom pa ne nea obi wɔ a ɔma n’ani sɔ so. Efisɛ yɛamfa hwee amma wiase, na yentumi nso mfa hwee mfi mu nkɔ. Enti sɛ yɛwɔ yɛn ano aduan ne nkataho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.”—1 Tim. 6:6-8.

6. ‘Akyɛde’ bɛn na wobetumi aka sɛ wɔde bɛma yɛn, na dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasi gyinae sɛ yebegye anaasɛ yɛrennye?

6 Sɛ nhwɛso no, yɛn adwumawura betumi aka akyerɛ yɛn sɛ ɔbɛbɔ yɛn aba so na wama yɛn akatua kɛse ne nneɛma foforo. Anaasɛ, ebia yɛahu sɛ sɛ yetu kɔ ɔman foforo so anaa ɔmantam foforo mu kɔhwehwɛ adwuma a, yebetumi anya akatua kɛse. Mfiase no, ebia yebetumi abu hokwan a ɛtete saa no sɛ ɛyɛ Yehowa nhyira. Nanso, so ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn nsusuwii mu hwɛ ansa na yɛasi ho gyinae? Asɛntitiriw a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ni, “Ɔkwan bɛn so na gyinae a mesi no bɛka me ne Yehowa ntam abusuabɔ?”

7. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yeyi ahonyade ho anigye biara fi yɛn koma mu?

7 Satan wiase no kɔ so hyɛ ahonyade akyi a yebedi ho nkuran bere nyinaa. (Monkenkan 1 Yohane 2:15, 16.) Ɔbonsam botae ne sɛ ɔbɛsɛe yɛn koma. Enti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yeyi ahonyade ho anigye biara a ɛwɔ yɛn komam no fi hɔ koraa. (Adi. 3:15-17) Anyɛ den amma Yesu koraa sɛ ɔbɛpo wiase yi mu ahenni nyinaa a Satan kae sɛ ɔde bɛma no no. (Mat. 4:8-10) Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho, efisɛ sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” (Luka 12:15) Nokwaredi bɛboa yɛn ma yɛde yɛn ho ato Yehowa so sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa yɛn ho so.

Odiyifo Akwakoraa Bi “Daadaa No”

8. Ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ Onyankopɔn diyifo no nokwaredi hwɛe?

8 Sɛ Onyankopɔn diyifo no hwɛɛ so kɔɔ ne kwan a, anka asɛmmɔne biara anto no. Nanso, ankyɛ koraa na ohyiaa sɔhwɛ foforo. Bible ka sɛ: “Odiyifo akwakoraa bi te Betel, na ne mma kɔkaa nea nokware Nyankopɔn nipa no yɛe” saa da no nyinaa kyerɛɛ no. Bere a odiyifo akwakoraa no tee ara pɛ na ɔkae sɛ wɔnhyehyɛ afurum mma no na ontiw Onyankopɔn diyifo no. Ankyɛ na ohuu odiyifo no sɛ ɔte dua kɛse bi ase regye n’ahome, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛnkɔ fie na kodidi.” Bere a nokware Nyankopɔn nipa no kae sɛ ɔrenkɔ no, akwakoraa no kae sɛ: “Me nso meyɛ odiyifo te sɛ wo ara, na ɔbɔfo bi nam Yehowa asɛm so aka akyerɛ me sɛ, ‘Ma ɔnsan ne wo mmra wo fie na ommedidi na ɔnnom nsu.’” Nanso, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ɔdaadaa no.”—1 Ahe. 13:11-18, NW.

9. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa adaadaafo ho, na henanom na wɔsɛe wɔne wɔn ntam?

9 Ɛwom sɛ yennim adwene a na odiyifo akwakoraa no kura de, nanso na asɛm a ɔkae no yɛ atoro. Ebia bere bi, na akwakoraa no yɛ Yehowa diyifo nokwafo. Nanso, saa bere yi de, na wabɛyɛ ɔdaadaafo. Kyerɛwnsɛm no kasa tia su a ɛte saa denneennen. (Monkenkan Mmebusɛm 6:16, 17.) Adaadaafo sɛe wɔne Yehowa ntam, na mpɛn pii no, wɔsɛe wɔne afoforo nso ntam.

“Ɔne” Akwakoraa no “Sanee”

10. Dɛn na Onyankopɔn diyifo no yɛe wɔ nsa a akwakoraa no to frɛɛ no no ho, na dɛn na efii mu bae?

10 Ná anka ɛsɛ sɛ odiyifo a ofi Yuda no tumi hu sɛ odiyifo akwakoraa no redaadaa no. Ná anka obetumi abisa ne ho sɛ, ‘Dɛn nti na Yehowa bɛsoma ɔbɔfo bi ma wakɔka asɛm foforo akyerɛ obi sɛ ɔmmɛka nkyerɛ me?’ Ná anka odiyifo no betumi abisa Yehowa ma wakyerɛkyerɛ asɛm no mu akyerɛ no, nanso Kyerɛwnsɛm no nka sɛ ɔyɛɛ saa. Mmom no, “ɔne [akwakoraa] no sanee, na okodidii ne fi, na ɔnom nsu.” Yehowa ani annye nea ɔyɛe no ho. Bere a awiei koraa no odiyifo a wɔadaadaa no no sii kwan so sɛ ɔrekɔ Yuda no, gyata bi kum no. Hwɛ sɛnea odiyifo no adwuma baa awiei awerɛhow mu!—1 Ahe. 13:19-25. *

11. Nhwɛso pa bɛn na Ahia yɛe?

11 Nanso, odiyifo Ahia a wɔsomaa no sɛ ɔnkɔsra Yerobeam sɛ ɔhene no kɔɔ so dii nokware kosii ne nkwakoraabere mu. Bere a Ahia bɔɔ akwakoraa na n’ani furae no, Yerobeam somaa ne yere sɛ onkobisa Ahia sɛ wɔn babarima a ɔyare no ho bɛtɔ no anaa? Ahia de akokoduru hyɛɛ nkɔm sɛ Yerobeam ba no bewu. (1 Ahe. 14:1-18) Nhyira pii a Ahia nyae no mu bi ne hokwan a onya de boa ma wɔkyerɛw Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no. Ɔkwan bɛn so na ɔboae? Akyiri yi, ɔsɔfo Esra faa ne nhoma no mu nsɛm bi kyerɛwee.—2 Be. 9:29.

12-14. (a) Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a ɛtoo odiyifo aberante no mu? (b) Kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde ahwɛyiye ne mpaebɔ susuw afotu a egyina Bible so a asafo mu mpanyimfo de ma yɛn no ho mu.

12 Bible nka nea enti a odiyifo aberante no anni kan ammisa Yehowa hɔ biribi ansa na ɔresan ne akwakoraa no akodidi na wanom. So ebetumi aba sɛ asɛm a na ɔrepɛ atie na akwakoraa no ka kyerɛɛ no? Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? Ɛsɛ sɛ yegye di koraa sɛ Yehowa mmara teɛ. Na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebedi so ɔkwan biara so.

13 Sɛ ebinom repɛ afotu a, asɛm a wɔpɛ sɛ wɔte na wotie. Sɛ nhwɛso no, ebia onua bi benya adwuma bi a ebetumi agye ɛbere a obenya ama n’abusua, ne nea ɔde bɛyɛ Onyankopɔn som adwuma no. Ebia, ɔbɛhwehwɛ afotu afi asafo mu panyin bi hɔ. Na ebia ɔpanyin no bedi kan aka biribi a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔbɛkyerɛ onua no ɔkwan a ɔbɛfa so ahwɛ n’abusua. Ɛno akyi no, ebia ɔpanyin no ne onua no besusuw asiane a adwuma a ɔrekɔyɛ no betumi ama ato no wɔ Onyankopɔn som mu no ho. So asɛm a edi kan a ɔpanyin no kae no nkutoo na onua no bɛkae, anaasɛ obesusuw nea ɔka kaa ho no ho anibere so? Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ onua no susuw nea ɛbɛboa no paa ma watumi asom Onyankopɔn no ho.

14 Susuw asɛm foforo yi nso ho hwɛ. Onuawa bi betumi akobisa asafo mu panyin bi sɛ, so ɛsɛ sɛ ɔne ne kunu a ɔnyɛ gyidini tetew wɔn aware mu? Akyinnye biara nni ho sɛ ɔpanyin no bɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ onuawa no sɛ gyinae a obesi sɛ ɔne ne kunu no bɛtetew wɔn aware no mu anaasɛ wɔrentetew mu no yɛ n’ankasa asɛm. Ɛno akyi no, ebia ɔpanyin no ne no besusuw Bible mu afotu a ɛfa asɛm no ho ho. (1 Kor. 7:10-16) So onuawa no besusuw asɛm a ɔpanyin no aka no ho anibere so? Anaasɛ wayɛ n’adwene dedaw sɛ ɔne ne kunu no bɛtetew mu? Ɛbɛyɛ papa sɛ ɔde mpaebɔ susuw afotu a egyina Bible so a ɔde ama no no ho ansa na wasi gyinae.

Munnya Ahobrɛase

15. Dɛn na yesua fi mfomso a Onyankopɔn diyifo no dii no mu?

15 Dɛn bio na yebetumi asua afi mfomso a odiyifo a ofi Yuda no dii no mu? Mmebusɛm 3:5 ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu.” Sɛ́ anka odiyifo a ofi Yuda no bɛkɔ so de ne ho ato Yehowa so sɛnea na wayɛ wɔ bere bi a atwam no, saa bere yi de, ɔde ne ho too n’ankasa ho so. Mfomso a odii no ma ɔhweree ne nkwa ne din pa a na wanya wɔ Onyankopɔn anim no. Hwɛ sɛnea n’asɛm no si so dua sɛ, ɛho hia sɛ yɛde ahobrɛase ne nokwaredi som Yehowa!

16, 17. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi Yehowa nokware?

16 Yɛn koma a ɛyɛ pɛsɛmenkominya no betumi adaadaa yɛn. Bible ka sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ.” (Yer. 17:9) Sɛ yebetumi akɔ so adi Yehowa nokware a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yi nipasu dedaw a ɛma yɛyɛ ahantan na yɛde yɛn ho to yɛn ho so no gu. Na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nipasu foforo a “wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu” no.—Monkenkan Efesofo 4:22-24.

17 Mmebusɛm 11:2 ka sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” Sɛ yefi ahobrɛase mu de yɛn ho to Yehowa so a, ɛbɛboa yɛn ma yɛrenyɛ mfomso a ɛbɛma yɛahu amane. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛn abam bu a, ɛnyɛ den koraa sɛ yebesi gyinae a ɛnyɛ papa. (Mmeb. 24:10) Ɔsom adwuma no fã bi betumi ayɛ den ama yɛn ma yɛafi ase ate nka sɛ nea yɛayɛ wɔ mfe a atwam no ara dɔɔso, na yɛanya adwene sɛ afoforo nso mmɛyɛ bi. Anaasɛ, yebetumi anya adwene sɛ yɛn yam a, anka yɛrebɔ yɛn bra te sɛ nea nnipa dodow no ara bɔ wɔn bra no. Nanso, sɛ ‘yɛyere yɛn ho denneennen’ na ‘yɛyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu daa’ a, ɛbɛbɔ yɛn koma ho ban.—Luka 13:24; 1 Kor. 15:58.

18. Sɛ yenhu gyinae a ɛsɛ sɛ yesi a, dɛn na yebetumi ayɛ?

18 Ɛtɔ mmere bi a, ɛho behia sɛ yesisi gyinae a anibere wom, na ebia ɛbɛyɛ den sɛ yebehu ɔkwampa a yɛmfa so. Sɛ ɛba saa a, so yɛbɛyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ? Bere biara a yebehyia tebea ahorow a ɛte saa no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛsrɛ Yehowa ma ɔboa yɛn. Yakobo 1:5 ka sɛ: “Sɛ ehia mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Nyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade” kwa. Yɛn soro Agya no bɛma yɛn honhom kronkron a yehia sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asisi gyinae pa.—Monkenkan Luka 11:9, 13.

Momma Yensi Yɛn Bo sɛ Yɛbɛkɔ so Adi Nokware

19, 20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

19 Nneɛma a emu yɛ den a esisii wɔ mfe a Salomo man fii nokware som ho no sɔɔ Onyankopɔn asomfo nokwaredi hwɛe denneennen. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn mu pii ankɔ so anni nokware. Nanso, wɔn mu binom kɔɔ so dii Yehowa nokware.

20 Da biara da, yehyia nneɛma bi a ɛsɛ sɛ yɛpaw mu bi ne gyinae ahorow a ɛsɛ sɛ yesisi, na saa nneɛma no sɔ yɛn nokwaredi hwɛ. Yɛn nso yebetumi ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ anokwafo. Momma yɛmfa koma koro nkɔ so nni Yehowa nokware bere nyinaa, na yennya ahotoso koraa sɛ ɔbɛkɔ so ahyira n’asomfo anokwafo.—2 Sam. 22:26, NW.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Bible nka sɛ ebia Yehowa na okum odiyifo akwakoraa no anaasɛ ɛnyɛ ɔno na okum no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yi ahonyade ho anigye biara fi yɛn koma mu?

• Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware ama Yehowa?

• Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware ama Onyankopɔn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

So ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛko atia sɔhwɛ ahorow?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Sɛ wɔde afotu a egyina Bible so ma wo a, so wode mpaebɔ besusuw ho?