Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Wɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso no mu no, so na ɔrekyerɛ sɛ wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ soro ɛmfa ho sɛ na wonnya ntuu abɔfo bɔne no mfii hɔ no?

Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 6:10 no, Yesu kae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” Ná wobetumi ate saa abisade yi ase wɔ akwan abien so. Nea edi kan no, abisade a ɛne sɛ Onyankopɔn apɛde nyɛ asase so sɛnea na ɛreyɛ wɔ soro dedaw no, ne nea ɛto so abien no, adesrɛ a ɛne sɛ n’apɛde nyɛ wɔ soro ne asase so nyinaa koraa no. Ntease a ɛwɔ Yesu nsɛm “w’ahenni mmra” a edi anim mu no kyerɛ sɛ ntease a ɛto so abien no ne Kyerɛwnsɛm no hyia paa. Na ɛda tebea a na ɛwɔ hɔ bere a na Yesu wɔ asase so ne ɛno akyi bere tenten no adi. Ɔkwan bɛn so?

Adiyisɛm nhoma no twe adwene si nsɛm soronko abien a efi Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ wɔ soro mu aba no so. Nea edi kan no ka ɔsoro ankasa, na nea ɛto so abien no ka asase no. Adiyisɛm 12:7-9, 12 ka sɛ: “Ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui. Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”

Wɔnam Satan ne adaemone a wotuu wɔn fii soro wɔ 1914 mu so yii ahonhom atuatewfo nyinaa fii saa atrae hɔ, na ɛde anigye kɛse brɛɛ Yehowa honhom mu mma abɔfo anokwafo a wɔdɔɔso paa sen honhom mu abɔde a wɔtew atua no. (Hiob 1:6-12; 2:1-7; Adiyisɛm 12:10) Enti, abisade a na ɛwɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso no mu a ɛfa ɔsoro ho no nyaa mmamu. Wɔn a wɔkaa saa ɔsoro atrae hɔ no dii Yehowa nokware na wɔde wɔn ho hyɛɛ ne tumidi ase koraa.

Ɛsɛ sɛ wosi so dua sɛ ansa na ɛno reba no, bere a na abɔfo bɔne no da so tumi kɔ soro mpo no, na wɔatwa wɔn afi Onyankopɔn abusua mu na na wɔde anohyeto ahorow pɔtee ato wɔn so. Sɛ nhwɛso no, Yuda nhoma no nkyekyɛm 6 no da no adi sɛ wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na “ɔde daa ahama akyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu” no dedaw. Saa ara nso na 2 Petro 2:4 ka sɛ: “Onyankopɔn ankora abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no so, na mmom ɔde esum kabii ahama kyeree wɔn guu asaman amanehunu bun mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmu.” *

Nea ɛne wɔn gyinabea a wɔwɔ sɛ wɔn a wɔatwa wɔn afi Onyankopɔn mma mu bere a na wɔda so ara wɔ soro no bɔ abira koraa no, abɔfo bɔne no adi asase so tumi kɛse. Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm frɛ Satan “wi yi ase sodifo,” na ɛfrɛ adaemone no “wiase yi sum mu atumfo.” (Yohane 12:31; Efesofo 6:11, 12; 1 Yohane 5:19) Esiane Ɔbonsam tumi nti, otumi de “wiase ahenni ne emu anuonyam” kyerɛɛ Yesu sɛ sɛ ɔkotow sɔre no a, ɔde bɛma no. (Mateo 4:8, 9) Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, sɛ Onyankopɔn Ahenni ‘ba’ a, ɛde nsakrae titiriw bɛba asase so.

Onyankopɔn Ahenni a ‘ɛreba’ no de nneɛma nhyehyɛe foforo koraa bɛba asase so ha. Ahenni no bebubu nnipa nniso nyinaa, na ɛbɛyɛ asase so nniso koro pɛ. Bere koro no ara mu no, ne manfo a wosuro Nyankopɔn no bɛyɛ “asase foforo.” (2 Petro 3:13; Daniel 2:44) Ahenni no bɛsan ayi bɔne afi adesamma asoɔmmerɛwfo mu, na awiei koraa no ɛbɛdan asase no nyinaa paradise, na ɛnam saayɛ so ayi Satan tumidi biara afi hɔ koraa.—Romafo 8:20, 21; Adiyisɛm 19:17-21.

Bere a Mfirihyia Apem no aba awiei, na Mesia Ahenni no ayɛ Onyankopɔn apɛde ama no awiei no, “ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.” (1 Korintofo 15:28) Afei wɔde sɔhwɛ a etwa to bɛba, na ɛno akyi no, wɔayi Satan, ne adaemone ne nnipa atuatewfo biara a wɔbɛdaadaa wɔn no afi hɔ koraa wɔ “owuprenu no” mu. (Adiyisɛm 20:7-15) Ɛno akyi no, abɔde a wonim nyansa a wɔwɔ soro ne asase so nyinaa de anigye bɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Yehowa tumidi a ɔdɔ wom no ase. Ɛno bɛma nsɛm a ɛwɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso no mu no anya mmamu koraa wɔ nneɛma nyinaa mu.—1 Yohane 4:8.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Ɔsomafo Petro de twa a wotwaa wɔn fii honhom fam abusuabɔ mu yi toto gu a wɔde wɔn gu “afiase” ho. Nanso, na ɛnyɛ daakye “bun” mu a wɔde adaemone no begu mfirihyia apem no ho asɛm na Petro reka.—1 Petro 3:19, 20; Luka 8:30, 31; Adiyisɛm 20:1-3.