Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSƐM A WOBISABISA | RACQUEL HALL

Yudani Bea Bi Kyerɛ Nea Enti a Ɔsan Susuw Ne Gyidi Ho Mu

Yudani Bea Bi Kyerɛ Nea Enti a Ɔsan Susuw Ne Gyidi Ho Mu

Racquel Hall maame yɛ Yudani a ofi Israel, na ne papa yɛ Austriani a wasesa ne som aba Yudasom mu. Ná ne nananom yɛ Sionfo a wotu kɔtenaa Israel wɔ afe 1948 mu. Saa afe no na nnɛyi Israel nyaa fahodi. Nyan! kyerɛwfo bisaa Racquel nea ɛma ɔsan hwehwɛɛ Yudafo gyidi a na okura no mu.

Ka wo ho asɛm kyerɛ yɛn.

Wɔwoo me wɔ afe 1979 mu wɔ United States. Bere a midii mfe abiɛsa no, m’awofo gyaa aware. Me maame tetee me sɛ Yudani, na ɔde me kɔɔ Yudafo sukuu anaa yeshiva. Midii mfe ason no, yetu kɔɔ Israel kodii afe biako, na mekɔɔ sukuu wɔ baabi a adwumayɛfo te a wɔfrɛ hɔ kibbutz. Ɛno akyi no, me ne Maame tu kɔɔ Mexico.

Ɛwom sɛ na hyiadan biara nni baabi a yɛte no de, nanso mekɔɔ so yɛɛ Yudasom mu amane ahorow no. Homeda biara mesɔ kyɛnere, kenkan yɛn Torah, na mede siddur anaa mpaebɔ nhoma no bɔ mpae. Na metaa ka kyerɛ me sukuufo no sɛ me som ne ɔsom a edi kan bae. Ná menhwɛɛ nhoma a wɔtaa frɛ no Apam Foforo a ɛtwe adwene si Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ ne ne som adwuma so no mu da. Nokwasɛm ne sɛ, Maame bɔɔ me kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ mekenkan, efisɛ na osuro sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛwom no betumi asɛe m’adwene.

Dɛn na ɛkaa wo ma wokenkan Apam Foforo no?

Midii mfe 17 no, mesan kɔɔ United States kowiee me nhomasua wɔ hɔ. Ɛhɔ na m’adamfo bi a ose ɔyɛ Kristoni ka kyerɛɛ me sɛ, sɛ minni Yesu a, mensɛ hwee wɔ wiase.

Mibuaa no sɛ, “Nnipa a wogye Yesu di no ayera.”

Obisaa me sɛ, “Woakenkan Apam Foforo no pɛn?”

Mibuae sɛ, “dabi.”

Ɔkae sɛ, “Sɛ saa a, ɛnde na nyansa nnim sɛ wobɛkasa atia biribi a wunnim ho hwee?”

 N’asɛm no kaa me yiye, efisɛ bere nyinaa na meka sɛ nyansa nnim sɛ wobɛkasa atia biribi a wunnim ho hwee. Afei mefɛree, na migyee ne Bible kɔɔ fie kofii ase kenkan Apam Foforo no.

Nea wokenkanee no kaa wo dɛn?

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, mibehui sɛ Apam Foforo akyerɛwfo no yɛ Yudafo. Bio nso, bere a mekɔ so kenkan no, dodow no ara na mihui sɛ Yesu yɛ Yudani ɔyamyefo a ɔbrɛ ne ho ase a ɔpɛ sɛ ɔboa nnipa, na ɛnyɛ sɛ obedidi wɔn ho. Mekɔɔ nhomakorabea mpo kogyee nhoma a ɛka ne ho nsɛm. Nanso, emu biara antumi amma manhu sɛ ɔne Mesia no. Ebi mpo kae sɛ ɔyɛ Onyankopɔn—nanso na minhu ntease biara wɔ saa asɛm no mu. Wohwɛ a, hena na Yesu bɔɔ no mpae no—n’ankasa? Ɛno da nkyɛn a, Yesu wui. Nanso, Bible ka wɔ Onyankopɔn ho sɛ: ‘Wo de, wunnwu.’ *

Woyɛɛ dɛn nyaa saa nsɛmmisa no ho mmuae?

Bible mu nokware nkasa ntia ne ho, na na masi me bo sɛ mɛhwehwɛ nokware no. Enti mifi me koma nyinaa mu de nusu bɔɔ Onyankopɔn mpae a saa bere yi de, manhwɛ me siddur no mu. Miwiee mpaebɔ no ara pɛ, na metee sɛ obi rebɔ me pon mu. Ná ɛyɛ Yehowa Adansefo baanu bi. Wɔmaa me wɔn nhoma a wɔde sua Bible no biako. Nhoma yi ne nkɔmmɔ afoforo a akyiri yi me ne Adansefo no bɔe no ma mibehui sɛ wɔn gyidi no gyina Bible so. Sɛ nhwɛso no, Adansefo no bu Yesu sɛ “Onyankopɔn Ba” * ne “Onyankopɔn abɔde mfiase,” na ɔnyɛ Baasakoro bi fã. *

Ɛno akyi pɛɛ no, mesan kɔɔ Mexico ne Adansefo no kɔtoaa Mesia ho nkɔmhyɛ adesua no so. Nkɔmhyɛ dodow a mihui no maa me ho dwiriw me! Nanso, na m’adwenem da so ara yɛ me nãã kakra. Mibisaa me ho sɛ: ‘So Yesu nkutoo na nsɛm yi fa ne ho?’ anaa ‘Ɔyɛ obi a n’ani atew a wahyɛ da reyɛ ne ho saa?’

Dɛn na ɛma wubegye dii?

Adansefo no de nkɔmhyɛ ahorow a ɔdaadaafo biara rentumi nhyɛ da nyɛ ne ho saa kyerɛɛ me. Sɛ nhwɛso no, bɛboro mfirihyia 700 ansa na wɔrewo Mesia no, odiyifo Mika kae sɛ wɔbɛwo no wɔ Betlehem, wɔ Yudea. * Hena na obetumi ayɛ ama wɔawo no wɔ baabi? Yesaia kyerɛwee sɛ, wobekum Mesia no sɛ nsɛmmɔnedifo a wobu no animtiaa, nanso wobesie no adefo mu. * Nkɔmhyɛ yi nyinaa baam wɔ Yesu so.

Adanse a etwa to no fa Yesu anato ho. Bible kae sɛ Mesia no bɛyɛ Ɔhene Dawid aseni. * Esiane sɛ tete Yudafo no koraa wɔn abusua ne wɔn man no anato ho kyerɛwtohɔ so nti, sɛ na Yesu mfi Dawid anato mu a, anka n’atamfo bɛka ma obiara ate! Nanso wɔanyɛ saa efisɛ na biribiara nni hɔ a wobegyina so aka sɛ Yesu mfi Dawid abusua mu. Nnipakuw bi mpo frɛɛ no “Dawid ba.” *

Wɔ afe 70 Y.B.—Yesu wu akyi mfe 37 no—Roma asraafo sɛee Yerusalem, na wɔn anato ho kyerɛwtohɔ no yerae anaasɛ ɛsɛee koraa. Ne saa nti, sɛ wobehu abusua a Mesia no fi mu a, na ɛsɛ sɛ opue ansa na afe 70 Y.B. adu.

Eyi a wuhui no kaa wo dɛn?

Wɔhyɛɛ nkɔm wɔ Deuteronomium 18:18, 19 sɛ, Onyankopɔn bɛma odiyifo bi so wɔ Israel te sɛ Mose. Onyankopɔn kae sɛ, obiara a “wantie m’asɛm a ɔbɛka wɔ me din mu no, mɛma wayi n’ano.” Bible no nyinaa a misuae kɔɔ akyiri saa no ma migye toom sɛ, Yesu a ofi Nasaret no ne saa odiyifo no.