Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NSƐM A WƆBISABISA | ƆBENFO GENE HWANG

Nkontaabufoɔ Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Nkontaabufoɔ Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Wɔwoo Ɔbenfo Gene Hwang afe 1950 wɔ Taiwan kuro bi a wɔfrɛ no Tainan mu. Ɔyɛ obi a wakwadare nkontaabu mu, na ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ National Chung Cheng Suapɔn mu wɔ Taiwan ne Cornell Suapɔn mu wɔ U.S.A. Ɔka nkontaabu mu akukudam a wɔagye din paa no ho, na ɛnnɛ mpo ɔda so ara de ne nimdeɛ yɛ adwuma. Bere a ɔyɛ aberanteɛ no, na ɔgye di sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ adeɛ na mmom nneɛma nyinaa baa kɛkɛ. Nanso akyiri yi n’adwene sesaeɛ. Nyan! kyerɛwfo bisaa no adwuma a ɔyɛ ne ɔsom a ɔwom.

Woyɛ aberanteɛ no, dɛn na wosuaeɛ?

Wɔkyerɛkyerɛɛ me wɔ sukuu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ adeɛ, nanso wɔankyerɛ nea ɛyɛe a nkwa baeɛ. M’awofo de wɔn ho kɔhyɛɛ Taofo som mu. Metiee Taofo nkyerɛkyerɛ na mebisaa akyerɛkyerɛfo no nsɛm pii. Nanso mmuaeɛ a wɔde maa me no pii ansen m’asom.

Dɛn na ɛmaa wosuaa nkontaabu kɔɔ akyi saa?

Mekɔ sukuu no, na m’ani gye nkontaabu ho paa. Enti meduu suapɔn no, mesuaa ho ade kɔɔ akyi. Nea ɛma nkontaabu yɛ me anika koraa ne sɛ ɛyɛ kwantiaa bi a yɛde kyerɛkyerɛ biribi mu.

Ɛyɛɛ dɛn na w’ani bɛgyee Bible ho?

Afe 1978 mu no, me yere Jinghuei ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible. Ɛtɔ da a na metie wɔn nkyerɛkyerɛ no bi. Saa bere no na yɛwɔ United States. Afei ara na na me yere Jinghuei anya nyansahu mu abasobɔde. Ná me nso meresua nkontaabu wɔ Purdue Suapɔn mu wɔ Indiana.

Ná wohu Bible sɛn?

Bere a mekenkan Bible no, mehuu sɛnea wɔsiesiee asase no maa nnipa, na m’ani gyee ho paa. Mebɛhuu sɛ nnansia a Genesis nwoma no ka sɛ wɔde bɔɔ ade no mu da hɔ; ɛnyɛ anansesɛm. * Ɛno mpo no, mannye anni sɛ obi na ɔbɔɔ adeɛ.

Adɛn ntia?

Sɛ megye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ te sɛ nea merepo ɔsom a wɔde twaa me funuma

Ná mempɛ sɛ mɛpo nea m’awofo de akyerɛkyerɛ me. Sɛ megye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ te sɛ nea merepo ɔsom a wɔde twaa me funuma. Efisɛ Taofo kyerɛkyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn anaa Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ.

Ɛyɛɛ dɛn na afei wosesaa w’adwene?

Bere biara a mɛdwene nkwa ho no, mehu sɛ ɛnyɛ ade ketewa. Mehu sɛ nea ɛdii kan bae no amma kwa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛsɛ sɛ adeɛ a nkwa wom tumi yɛ ne sɛso. Nanso sɛ wei bɛyɛ yie a, ɛsɛ sɛ ɛnya nneɛma bi a ɛbɛma atumi ayɛ ne sɛso. Nkwaboaa biara hia biribi te sɛ dan kɛse bi a mfidie ahorow ahorow wom a ebiara yɛ n’adwuma kama. Ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na biribi a nkwa nnim adan abɛyɛ abɔde a nkwa wom prɛko pɛ? Obi a menim nkontaabu deɛ, na ɛyɛ den sɛ mɛte wei ase. Efisɛ nneɛma ntumi mma kɛkɛ saa.

Ɛdeɛn na ɛma wohwehwɛɛ Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ mu?

Mfiase no, na Yehowa Adansefo ne me sua adeɛ nkakrankakra nanso na menkentene me ho. Afe 1995 mu no, mekɔɔ Taiwan, na yareɛ bi kɔbɔɔ me wɔ hɔ. Ná me yere wɔ United States, enti na obiara nni hɔ a ɔbɛhwɛ me. Me yere frɛɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Taiwan. Wɔbɛtoo me sɛ meda ayaresabea mantwea baabi. Mpa a ɛde mpa koraa na mennya bi nna so. Adansefo no mu baako kɔpɛɛ hotɛl bi maa me. Daa na ɔbɛsra me, na akyiri yi ɔde me kɔɔ ayaresabea foforo kɔhwɛɛ me yareɛ.

Nea Yehowa Adansefo no yɛe no kaa me paa. Nokwasɛm ni, medwenee nneɛma a na wɔadi kan ayɛ ama m’abusua no ho paa. Adansefo no gyidi ma wɔyɛ soronko koraa. Enti me ne wɔn suaa Bible bio. Afe a ɛdi hɔ no ara na mebɔɔ asu.

Enti w’adwuma ne wo gyidi hyia?

Aane! Nnansa yi ara mede me nimdeɛ aboa nyansahufo ama wɔayɛ nkwammoaa ho nhwehwɛmu. Wei ama m’ate adebɔ ase yie, na mahu sɛ Ɔbɔadeɛ no nyansa mu dɔ.

Wobɛtumi ama nhwɛso baako?

Wo deɛ yɛnhwɛ sɛnea abɔde tumi yɛ ne sɛso. Abɔde bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ nini nyɛ bereɛ. Ɛwɔ nkwammoaa baako pɛ, na ɛwɔ hɔ a na emu akyɛ mmienu. Nanso mmoa ne nnua pii deɛ, anini ne abereɛ hyia ansa na wɔanya wɔn sɛso. Adɛn nti na wei yɛ nwonwa?

Yɛadi kan ahu sɛ abɔde bi wɔ hɔ a ɛno ara na ɛkyɛ ne mu nya ne sɛso. Ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na abɔde a ɛte saa atumi adanedane ara abɛyɛ aboa a ɛhia anini ne abereɛ ansa na anya ne sɛso? Sɛ anini ne abere hyia a, nea ɛkeka bom ma wɔnya wɔn sɛso no yɛ nwonwa araa ma ɛyɛ den sɛ wɔn a wɔnnye nni sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ adeɛ no bɛtumi akyerɛkyerɛ mu. Wei ma mehu sɛ Onyankopɔn na ɔde ne nyansa yɛɛ ne nyinaa.

^ nky. 11 Wopɛ sɛ wohu mmere a wɔde bɔɔ adeɛ no ho nsɛm pii a, hwɛ nwoma a wɔato din Was Life Created? Yehowa Adansefo na wɔtintimiiɛ. Ɛsan wɔ www.jw.org.