Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Sɛnea Wode Nkamfoɔ a Ɛfata Bɛma Mmofra

Sɛnea Wode Nkamfoɔ a Ɛfata Bɛma Mmofra

ƆHAW NO

Nnipa bi ka sɛ nkamfoɔ biara nni hɔ a ɛsɛe mmofra. Ebinom nso se wokamfo abofra dodo a ɔbɛsɛe.

Nkamfoɔ deɛ ɛyɛ, nanso wobɛkamfo abofra a, hwɛ sɛ ɔbɛnya so mfaso. Wohwɛ a nkamfoɔ bɛn na ɛfata wo ba? Nea ɛwɔ he nso na ɛbɛtumi asɛe no? Nkamfoɔ bɛn na wo ba bɛtumi anya so mfasoɔ?

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

Yɛwɔ nkamfoɔ na yɛwɔ nkamfoɔ. Ma yɛnhwɛ bi:

Wokamfo wo ba ma no boro so a, ɔbɛsɛe. Awofo bi de nkamfoɔ a ɛmfata ma wɔn mma. Wɔn asɛm ara ne sɛ wɔpɛ sɛ mmofra no nya obu ma wɔn ho. Owura David Walsh kaa sɛ mmabun “ani ate paa, enti sɛ wode nkamfoɔ a ɛmfata ma wɔn a, wɔhu sɛ woredaadaa wɔn na wonka nokware. Ɛba saa a wɔrennye wo nni bio.” *

Sɛ ɔbɔ biribi mu mmɔden a, kamfo no. Fa no sɛ wo ba pɛ nneɛma adrɔdrɔ paa. Ɛba saa a, nea wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛkamfo no ama wayere ne ho. Nanso sɛ woanhwɛ yie a, wobɛkamfo no araa ma ayɛ no sɛ gyama nneɛma a ɔtumi yɛ no yie nko ara na ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene kɔ so. Anhwɛ a ɔrenha ne ho wɔ biribi foforo biara mu. Sɛ ɔhu sɛ ɔnyɛ adeɛ wɔ biribi foforo mu a, nea ɔbɛka ara ne sɛ, ‘Merenkɔyɛ mpo na m’anim agu ase. Kyerɛ ma mempɛ me baabi ntena!’

Ɔmia n’ani yɛ biribi a, kamfo no. Ɛnyɛ biribi a abofra no bɔ ho mmɔden nko ara na ɛsɛ sɛ wokamfo no. Mmom sɛ ɔyere ne ho sɛ ɔbɛsua biribi anaa ɔbɛkwadare wom a, kamfo no. Woyɛ saa a ɛbɛma no ahu sɛ biribiara nni hɔ a ɔmia n’ani a ɔrentumi nyɛ. Nwoma a ɛne Letting Go With Love and Confidence kaa sɛ, sɛ mmofra hu sɛ “ɛgye animia na wɔatumi ayɛ biribi yie a, ɛda a nneɛma ankɔ yie mpo, wɔn abam remmu. Wɔbɛfa no sɛ ne nyinaa yɛ adesua.”

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Kamfo ne mmɔdenbɔ, ɛnyɛ ne dom akyɛdeɛ nko ara. Sɛ wopɛ sɛ wokamfo wo ba a ɔpɛ adrɔdrɔ a, wobɛtumi aka sɛ, “Sɛ woredrɔ biribi a mehu sɛ woto bo ase yɛ no yie.” Ɛno bɛboa no akyɛn sɛ wobɛka sɛ, “Wonim adrɔdrɔ paa.” Ɛwom sɛ ne nyinaa yɛ nkamfoɔ deɛ, nanso woka sɛ ‘ɔnim adrɔdrɔ’ a, nea woreka akyerɛ no ara ne sɛ sɛ ɔntumi nyɛ biribi yie a, ɛnsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho.

Sɛ wo ba mia n’ani sɛ ɔbɛyɛ biribi na wokamfo no a, na worekyerɛ no sɛ ɔbra yɛ ɔko, enti biribiara mu ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho. Ɛno bɛtumi ama abofra no ahyɛ ne sapɔ mu nsuo na wasua nneɛma foforo.—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 14:23.

Sɛ wo ba yɛ biribi na ankɔ yie a, ma no nhu sɛ ‘akyea na ɛmmuiɛ.’ Ma wo ba no nhu sɛ mfomso wɔ obiara ho, na nnipa pa mpo tumi di mfomso mpɛn pii. (Mmebusɛm 24:16) Nanso sɛ wɔfom a, wɔmma wɔn abam mmu; mmom wɔsua biribi fi mu. Wobɛyɛ dɛn aboa wo ba ama no ahu saa nokwasɛm yi?

Sɛnea yɛaka dada no, sɛ ɔyere ne ho sɛ ɔbɛyɛ biribi a, kamfo no. Ma yɛnyɛ mfatoho bi: Fa no sɛ wotaa ka kyerɛ sɛ wo ba sɛ, “Nkontaa deɛ, obiara nto wo.” Ɛnna da koro ɔkɔyɛɛ sɔhwɛ na ɔweeɛ. Anhwɛ a ɔbɛka sɛ ne dom akyɛdeɛ afi ne nsa, enti adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔha ne ho bio?

Sɛ wo ba rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ biribi yie na wokamfo no a, ɛboa no. Ɛma ɔhu sɛ akyea koraa a ɛmmuiɛ, enti ɛnsɛ sɛ ɔma n’abam bu ntɛm. Mmom ɛsɛ sɛ ɔmia n’ani, na ɔsua biribi fi mu. Sɛ biribi na ankɔ yie a, ɔbɛhu nea ɔbɛyɛ ama nneɛma akɔ yie daakye.—Bible mu asɛm: Yakobo 3:2.

Ɔdi mfomso a ka, mfa nwadawada. Wo ba di mfomso na woto wo bo ase ka ho asɛm a, ɛbɛboa no; ɛrempira no. Sɛ wotaa kamfo wo ba na sɛ da koro ɔdi mfomso na wotu ne fo a, ɔbɛgye atom. Afei nneɛma kɔ yie ma no a n’ani bɛgye, na wo nso w’ani bɛgye.—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 13:4.

^ nky. 8 Nwoma a asɛm no fi mu ne, No: Why Kids—of All Ages—Need to Hear It and Ways Parents Can Say It.