Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NSƐM A WOBISABISA | YAN-DER HSUUW

Nyinsɛn mu Ɔbenfo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Nyinsɛn mu Ɔbenfo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

ƆBENFO Yan-Der Hsuuw yɛ panyin wɔ Taiwan National Pingtung Suapɔn mu. Ɔwɔ sukuu no fa a wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ nkokoaa a wɔhyɛ yafunu mu ho. Ná ogye di sɛ nkwa bae ara kɛkɛ, nanso bere a ɔbɛyɛɛ nyansahufo no, nhwehwɛmu a ɔyɛe maa no sesaa n’adwene. Nyan! kyerɛwfo bi ne no twetwee nkɔmmɔ.

Yɛsrɛ wo ka wo ho asɛm kakra kyerɛ yɛn.

Yɛwoo me afe 1966 mu, na Taiwan na minyinii. Ná m’awofo yɛ Taofo ne Buddhafo, na na yɛsom nananom a wɔawuwu. Na yɛbɔ ahoni mpae, na na yennye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ.

Adɛn nti na wusuaa nkokoaa ho ade?

Bere a meyɛ abofra no, na m’ani gye mmoa ho paa, enti na mepɛ sɛ meyɛ adwuma a ɛbɛma matumi aboa mmoa ne nnipa a wɔrehu amane. Ɛno maa mikosuaa mmoa ho ade, na na m’adwene ne sɛ mɛyɛ mmoa dɔkota daakye. Nanso akyiri yi, mikosuaa nkokoaa a wɔda wɔn maame yam ho ade. Ná minim sɛ wei bɛma mahu sɛnea nkwa fii ase.

Ɛdɛn na ɛmaa w’adwene yɛɛ wo sɛ nkwa bae ara kɛkɛ?

Sukuu a mekɔe no, saa na wɔkyerɛkyerɛɛ me, na me nso migye dii.

Ɛbaa no sɛn na wohyɛɛ ase kenkan Bible?

Nneɛma mmienu nti na meyɛɛ saa. Nea edi kan, mihuu sɛ nkurɔfo som anyame pii, enti ɛtɔ da a na mibisa me ho sɛ, ‘Anyame no mu hena na ɔwɔ tumi paa?’ Afei nso mehyɛɛ no nsow sɛ Bible yɛ nhoma a nnipa dodow no ara kan. Wei maa mede me ho kɔhyɛɛ Bible adesua kuw bi mu.

Afe 1992 no, mekɔɔ Katolek Suapɔn a ɛwɔ Leuven, Belgium. Da bi, mekɔɔ Katolek asɔre dan mu kɔsrɛɛ sɔfo no sɛ ɔmmoa ma mente Bible ase, nanso wampɛ ammua.

Ɛyɛɛ dɛn na wunyaa Bible ho nsɛmmisa ho mmuae?

Bere a mitwaa mfe mmienu wɔ Belgium no, mihyiaa Yehowa Danseni ababaa bi a ɔde Ruth. Ɔyɛ Polandni, na na ɔresua China kasa de aboa sukuufo a wɔka saa kasa no ama wɔasua Onyankopɔn ho ade. Ná mabɔ asɛm no ho mpae akyɛ, enti m’ani gyei sɛ mihyiaa no.

Ɔmaa mihuu sɛ Bible nyɛ nyansahu nhoma, nanso ɛka nyansahu ho asɛm. Ɛho nhwɛso ne Dawid mpaebɔ no. Ɔka kyerɛɛ Nyankopɔn sɛ: “Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me, na wɔkyerɛw m’akwaa nyinaa wɔ wo nhoma mu, nna a wɔnwenee no, nanso na emu biako mpo nnya mmae.” (Dwom 139:16) Dawid asɛm no yɛ kasakoa nanso ɛyɛ nokware. Ansa na nkakrankakra mogyatɔw bɛdan nnipa mua no, na ɛho nhyehyɛe nyinaa wɔ hɔ. Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no maa migye dii paa sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm ampa. Afei mihuu sɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ na ɛwɔ hɔ; ɔno ne Yehowa. 1

Dɛn na ɛmaa wogye dii sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nnipa?

Adwene a nyansahufo de yɛ nhwehwɛmu ne sɛ wobehu nokwasɛm, na ɛnyɛ sɛ wobenya biribi afoa wɔn nsusuwii so. Bere a meresua nyinsɛn ne nkokoaa ho nsɛm no, m’adwene sesaa koraa. Mihui sɛ obi na ɔbɔɔ nnipa. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a, sɛ engineer bi reyɛ afiri a, ɔyɛ ɛho nneɛma ma ebiara tumi hyɛ baabi a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ pɛpɛɛpɛ na atumi ayɛ adwuma yiye. Saa ara na nyinsɛn te. Nanso nokwasɛm ne sɛ nnipa ho nneɛma yɛ nwonwa sen afiri koraa.

Nanso yɛreka yi, ɛyɛ ɔbarima nkwammoaa baako ne ɔbea badwoa baako pɛ na efi ne nyinaa ase, anaa meboa?

Ɛyɛ nokware. Mfiase no, nkwammoaa no yɛ ketekete; wuntumi mfa w’ani paa nhu. Nanso nkakrankakra emu kyekyɛ; baako no mu kyɛ bɛyɛ mmienu, na ɛno nso mu akyekyɛ abɛyɛ nnan, na abɛyɛ nwɔtwe na atoa so saa. Nokwasɛm ne sɛ, mfiase no, dɔnhwerew 12 kosi 24 biara, nkwammoaa no nya mmɔho. Saa bere no, nkwammoaa titiriw bi a wɔfrɛ no stem cell fi ase yi ne ti. 2 Nkwammoaa a yɛreka ho asɛm yi, ahorow ahorow bɛyɛ 200 na ɛka bom dan nipa. Ɛno bi na ɛma akokoaa no nya mogya, dompe, adwene, ne nea ɛkeka ho. Nkwammoaa titiriw yi (stem cell) betumi ayɛ emu biara.

Nyinsɛn ho ade a misuae no maa mihui sɛ obi na ɔbɔɔ nnipa

Nkwammoaa biara ne adwuma a ɛyɛ. Ebi kɔyɛ ani anaa nsa ne nea ɛkeka ho. Nyansahufo bɛn paa na obetumi anya adwene de ayɛ biribi a ɛte saa? Nanso ɔbea nyinsɛn ara pɛ na akokoaa no ho nsɛm nyinaa wɔ ne DNA mu dedaw. Mehwɛ wei nyinaa a, mihu sɛ Onyankopɔn na ɔhyɛɛ da yɛe.

Ɛyɛɛ dɛn na wobɛyɛɛ Yehowa Danseni?

Sɛ mɛka a, ɛyɛ ɔdɔ. Yesu Kristo kaa sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yohane 13:35) Saa ɔdɔ no nyɛ animhwɛ. Ɛnhwɛ baabi a wufi anaa w’amammerɛ. Nokwasɛm ne sɛ, bere a me ne Yehowa Adansefo bɔe na metee saa ɔdɔ no ase.

^ 2. Ɔbenfo Yan-Der Hsuuw ahonim nti, abɛɛfo kwan a wɔfa so yɛ mogyatɔw ho nhwehwɛmu no, ɔmfa ne ho nhyem.