Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Bɔ Wo Ho Ban Fi Nsɛmmɔnedi Ho!

Bɔ Wo Ho Ban Fi Nsɛmmɔnedi Ho!

“Sɛ ade sa a, me nnamfo taa kogya me kodu fie. Nanso dakoro anwummere bi de, na mabrɛ paa nti mefaa taksi.

“Ofirikafo no amfa me ankɔ fie. Mmom, ɔman de n’ani kyerɛɛ nwura bi mu, na ɔyɛe sɛ ɔbɛto me mmonnaa. Mede ahoɔden a mewɔ nyinaa teɛɛm, na opinii n’akyi. Ɔyɛe sɛ ɔresan aba me so no, meteɛteɛm na miguanee.

“Mmere bi a atwam no, na metaa bisa me ho sɛ, ‘Nteɛteɛm de, mfaso bɛn na ɛwɔ so?’ Nanso mabehu sɛ etumi boa paa!”—KARIN. *

WƆ AMAN pii so no, wubetumi atɔ nsɛmmɔnedifo afiri mu bere biara. Sɛ nhwɛso no, wɔ ɔman bi mu no, ɔtemmufo bi kae sɛ: “Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, obiara nni hɔ a nsɛmmɔnedifo de ne ho akyɛ no.” Wɔ mmeae bi no, ebia na nsɛmmɔnedi nnɔɔso. Sɛ ɛte saa mpo a, ɛnyɛ papa sɛ wubegyaagyaa wo ho ama asɛm afa w’ase.

Sɛ́ ebia nsɛmmɔnedi dɔɔso anaa ɛnnɔɔso wɔ baabi a wote no, wobɛyɛ dɛn abɔ wo ne w’adɔfo ho ban afi nsɛmmɔnedifo ho? Ɔkwan biako a eye paa ne sɛ wubetie Bible mu nnyinasosɛm yi: “Onyansafo hu asiane a ɛbɛba na ɔkwati, nanso ɔkwasea bu n’ani gu so na ohu amane.” (Mmebusɛm 22:3, New Century Version) Nokwarem no, polisifo hyɛ nyansa sɛ, ɛsɛ sɛ yedi kan hwɛ yɛn ho yiye na yɛankɔtɔ nsɛmmɔnedifo afiri mu.

Ɛnyɛ nea efi nsɛmmɔnedi mu ba ara ne sɛ wobepira wo anaa wobewia wo nneɛma. Wɔn a wodi wɔn nsɛmmɔne no mu pii nya adwene ne nkate fam ɔhaw. Enti hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de bɔ yɛn ho ban! Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, susuw nea wubetumi ayɛ de abɔ wo ho ban wɔ nneɛma anan yi ho—dwowtwa, nna mu basabasayɛ, kɔmputa so nsɛmmɔnedi, ne korɔn a wɔbɔ wɔ obi din mu.

 DWOWTWA

Ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ korɔn a wɔnam ahunahuna anaa ɔhyɛ so bɔ.

Ɛka nnipa dɛn? Bere a akorɔmfo werɛmfo tew sii mmɔnten so wɔ Britain no, akyiri yi ɔtemmufo bi kae sɛ, wɔn a wowiaa wɔn no mu biara ampira de, nanso wonyaa adwenemhaw. Ɔtoaa so sɛ: “Wɔn mu binom ka sɛ ɛda so ara haw wɔn na wontumi nna, na ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa ka sɛ, nea ɛtoo wɔn no aka wɔn asetena.”

Dɛn na wubetumi ayɛ?

  • Akorɔmfo hwehwɛ hokwan a wɔde bewia ade; ma w’ani mmra wo ho so

    Ma w’ani mmra wo ho so. Akorɔmfo hwehwɛ hokwan a wɔde bewia nkurɔfo bere nyinaa. Nnipa a wɔn ani nna wɔn ho so na wɔtaa wia wɔn. Enti sɛ wuhu sɛ obi retetɛw wo a, ma w’ani mmra wo ho so. Ɛnsɛ sɛ wonom nsã boro so anaa wofa nnubɔne na ama w’ani so ada hɔ ahu nea ɛrekɔ so. Nhoma bi a ɛka akwahosan ho nsɛm ka sɛ, “Sɛ obi nom nsã anaa nnubɔne a, ontumi nsusuw nneɛma ho yiye na ama wahu asiane a ebetumi ato no.”
  • Bɔ w’agyapade ho ban. Toto wo kar apon ne wo fie apon ne mfɛnsere mu yiye. Nnye obi a wunnim no nkɔ wo fie. Fa wo nneɛma a ɛsom bo sie; mfa nkyerɛkyerɛ. Mmebusɛm 11:2 ka sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” Akorɔmfo—a mmofra a wɔnenam basabasa ka ho—taa de wɔn ani si nnipa a wɔtaa de agude a ne bo yɛ den ne ɛlɛtrɔnik mfiri hyehyɛ wɔn ho so.
  • Hwehwɛ akwankyerɛ. “Ɔkwasea akwan teɛ n’ani so, na nea otie afotu no yɛ onyansafo.” (Mmebusɛm 12:15) Sɛ woretu kwan a, tie akwankyerɛ a amannifo ne polisifo de bɛma wo no. Wobetumi akyerɛ wo mmeae a ɛnsɛ sɛ wokɔ ne sɛnea wobɛbɔ wo ne wo nneɛma ho ban.

NNA MU BASABASAYƐ

Ɛyɛ dɛn? Nna mu basabasayɛ nyɛ mmonnaato nko ara, na mmom ɛfa obi a wohunahuna no anaa wɔhyɛ no ne no da nso ho.

Ɛka nnipa dɛn? Obi a wɔtoo no mmonnaa kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ɛnyɛ bere a wɔreto wo mmonnaa no nko ara ne asɛm no. Wo werɛ remfi da, ɛbɛkɔ so ahaw wo, na ɛbɛma w’asetena nyinaa ayɛ basaa. Ɛka w’adɔfo nyinaa nso.” Nokwarem no, ɛnyɛ nea wɔato no mmonnaa no na wadi mfomso. Mmom asodi no da mmonnaatofo no so.

Dɛn na wubetumi ayɛ?

  • Mmu w’ani ngu wo nkate so. Polisifo asoɛe a ɛwɔ North Carolina, U.S.A no de afotu ma sɛ, “Sɛ wowɔ baabi na wo ho nteɛ wo anaasɛ obi a wuhu no wɔ hɔ ama ehu aka wo a—fi hɔ. Sɛ wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wufi hɔ a, mma obiara nsesa w’adwene.”
  • Si pi; wonam a hwɛ w’anim tẽẽ. Mmonnaatofo de wɔn ani si wɔn a wɔn ani nna wɔn ho so na wonni ahobammɔ biara no so. Enti sɛ wonam a, ntwitwa w’ani na ma w’ani nna hɔ.
  •   Yɛ tebea no ho biribi ntɛm. Teɛm. (Deuteronomium 22:25-27) Guan anaa yɛ biribi ma nsɛmmɔnedifo no ho nnwiriw no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, guan fi hɔ na frɛ polisi. *

KƆMPUTA SO NSƐMMƆNEDI

Ɛyɛ dɛn? Kɔmputa so nsɛmmɔnedi kɔ so wɔ Intanɛt so. Ebi ne towtua ne nsiakyibaa mu nsisi, credit card mu nsisi, ne adetɔnfo a wogye nkurɔfo sika di. Nea ɛka ho nso ne kɔmputa so apoobɔ ne ɛso adetɔn a wonni mu nokware.

Ɔkwan bɛn so na ɛka nkurɔfo? Ɛma nkurɔfo—ne ɔman mũ no nyinaa—hwere sika pii. Susuw eyi ho hwɛ. Sandra nsa kaa e-mail bi a osusuw sɛ efi ne sikakorabea hɔ a ɛreka akyerɛ no sɛ ɔmfa ne ho nsɛm foforo mmrɛ wɔn. Bere a ɔde menaa wɔn simma kakraa bi akyi no, obehui sɛ wɔayi U.S. dɔla 4,000 afi ne sika mu akɔ sikakorabea bi a ɛwɔ amannɔne, na eyi maa ne koma tui. Ntɛm ara na Sandra hui sɛ wɔabɔ no apoo.

Dɛn na wubetumi ayɛ?

  • Nnye biribiara nni! Mma Intanɛt dwumadibea bi a ɛte sɛ nea wɔyɛ ade paa no nnaadaa wo, na ma ɛntena w’adwenem sɛ sikakorabea papa biara nni hɔ a wɔbɛka akyerɛ wo sɛ fa wo kokoam nsɛm mena wɔn wɔ Intanɛt so. Ansa na wobɛtɔ biribi anaa wode wo sika bɛhyɛ adwuma bi mu wɔ Intanɛt so no, yɛ ho nhwehwɛmu. Mmebusɛm 14:15 ka sɛ, “Ogyimfo gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ n’anammɔn yiye.” Sɛ wo ne adwumakuw bi a ɛwɔ amannɔne redi nkitaho a, hwɛ yiye paa. Anyɛ saa na ɔhaw bi sɔre a, ɛbɛyɛ den ama wo.
  • Hwehwɛ adwuma biara nhyehyɛe mu. Bisa wo ho sɛ: ‘Adwumakuw no wɔ ɔfese ankasa? Wɔn telefon nɔma no yɛ adwuma? So ɛka bi wɔ nea meretɔ no ho a minnim? Sɛ metɔ wɔn ade a, bere bɛn na wɔde bɛbrɛ me? Sɛ mempɛ a metumi asan de akɔma wɔn agye me sika?’
  • Sɛ wɔtɔn biribi a ɛyɛ fow dodo a, hwɛ yiye. Adifudepɛfo ne wɔn a wɔpɛ nneɛma kwa no na Intanɛt so nsɛmmɔnedifo taa de wɔn ani si wɔn so. Nea wɔde daadaa nkurɔfo no bi ne sɛ, wobetumi ayɛ adwuma ketewaa bi na wɔanya sika puduo bi, anaasɛ wɔbɛbɔ wo bosea bere a wo sikasɛm mpo nnye, anaa wode sika ketewaa bi bɛhyɛ adwuma bi mu na woanya mfaso pii. U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Aguadi So (FTC) ka sɛ, “Ansa na wode wo sika bɛhyɛ adwuma bi mu no, susuw nneɛma ho yiye. Adwuma a wɔkyerɛ sɛ mfaso wɔ so paa no, ɛno na ɛtaa yɛ hu paa. Mma obi mpia wo nkɔhyɛ adwuma bi mu ansa na woahu nokware a ɛwom.”

KORƆN A WƆBƆ WƆ OBI DIN MU

Ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ ɔkwammɔne a wɔfa so nya obi ho kyerɛwtohɔ na wɔde kowia sika anaa wɔde di nsɛmmɔne afoforo.

Ɔkwan bɛn so na ɛka nkurɔfo? Akorɔmfo betumi de wo din akogye credit card anaa bosea anaa wɔde wo ho nsɛm akora sika wɔ sikakorabea afoforo. Na afei, wɔabɔ ka wɔ wo din mu! Sɛ akyiri yi wotwa wo ka no mu koraa a, ɛbɛsɛe wo sikasɛm ho kyerɛwtohɔ mfe pii. Obi a asɛm yi bi too no no ka sɛ, “Sɛ wɔka sɛ wunni nokware wɔ wo sikasɛm mu a, ɛka wo biribiara—ɛsen sɛ wɔawia wo sika mpo.”

Dɛn na wubetumi ayɛ?

  • Bɔ wo kokoam nsɛm ho ban. Sɛ Intanɛt so na wofa de sika to sikakorabea anaa wototɔ nneɛma a, sesa wo passwords bere ne bere mu, titiriw sɛ ɛnyɛ w’ankasa kɔmputa  na wode dii dwuma a. Sɛnea yɛadi kan aka no, ma w’ani nna hɔ yiye wɔ e-mail biara a ɛbɛka sɛ fa wo kokoam nsɛm bi mena no ho.Ɛnyɛ kɔmputa nkutoo na wɔn a wɔbɔ korɔn wɔ nkurɔfo din mu no de di dwuma. Wɔbɔ mmɔden biara sɛ wobenya kokoam nsɛm a ehia paa te sɛ wo sikasɛm ho kyerɛwtohɔ, kyɛk, credit card, ne wo social security nɔma. Enti kora saa nneɛma yi so yiye, na tetew krataa a wo ho nsɛm wom nyinaa mu ansa na woatow akyene. Enti sɛ wususuw sɛ wo nkrataa bi ayera anaa wɔawia a, kɔka ho asɛm ntɛm ara.
  • Ma w’ani nkɔ wo sika ho. Nea FTC ka ne sɛ, “Sɛ woma w’ani kɔ wo sika ho a, ɛbɛyɛ den sɛ obi de wo din bewia wo sika.” Ɛde ka ho sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ owia wo na wuhu no ntɛm a, ebetumi aboa wo paa.” Enti taa kɔhwɛ sika dodow a wowɔ wɔ sikakorabea na hwɛ sɛ ebia obi ayi bi a wunnim anaa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma wo sikakorabea no mfa wo sikasɛm ho kyerɛwtohɔ mmrɛ wo bere biara, na hwɛ sika a wɔatew afi wo sika mu.

Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wugye biribiara di wɔ nnɛ wiase yi mu. Wɔn a wɔhwɛ wɔn ho yiye no mpo tumi tɔ asiane mu. Eyi nyinaa akyi no, sɛ yɛde Bible mu nyansahyɛ ahorow di dwuma a, ɛbɛboa yɛn paa. “Nnyaw nyansa, na ɛbɛkora wo so. Dɔ no, na ɛbɛbɔ wo ho ban.” (Mmebusɛm 4:6) Nea ɛsen ne nyinaa no, Bible hyɛ bɔ sɛ, nsɛmmɔnedi nyinaa bɛba awiei.

Ɛrenkyɛ, Nsɛmmɔnedi Bɛba Awiei

Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn beyi nsɛmmɔnedi afi hɔ? Susuw nea edidi so yi ho hwɛ:

  • Onyankopɔn sɛ oyi nsɛmmɔnedi fi hɔ. “Me Yehowa, medɔ atɛntrenee, na mikyi dwowtwa ne amumɔyɛ.”—Yesaia 61:8.
  • Ɔwɔ tumi a obetumi ama nsɛmmɔnedi agyae. “Ne tumi korɔn. Ɔteɛ, obu atɛntrenee na oye.”—Hiob 37:23, New Life Version.
  • Wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsɛe nsɛmmɔnedifo na wakora treneefo so. “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ.” “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”—Dwom 37:9, 29.
  • Wahyɛ n’anokwafo sɛ ɔbɛma wɔanya wiase foforo a asomdwoe wom. “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11.

So saa nsɛm no ka wo koma? Sɛ saa a, yɛsrɛ wo gye bere fa hwehwɛ na hu pii wɔ nea Bible ka fa nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma no ho. Nhoma biara nni hɔ a nyansa wom saa. Na nhoma biara nso nni hɔ a ɛma yɛn anidaso ankasa sɛ daakye nsɛmmɔnedi befi hɔ. *

Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, ɔde wiase foforo a asomdwoe wom a nsɛmmɔnedi nnim bɛba

^ nky. 5 Wɔasesa din ahorow no.

^ nky. 22 Wɔn a wɔto wɔn mmonnaa no mu dodow no ara nim mmonnaatofo no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ “How Can I Protect Myself From Sexual Predators?” (Mɛyɛ Dɛn Abɔ Me Ho Ban Afi Mmonnaatofo Ho?) a ɛwɔ kratafa 228 wɔ Questions Young People Ask—Answers That Work, Volume 1 nhoma no mu no. Wubetumi ahu nhoma yi wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org.

^ nky. 44 Wubetumi ahu Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw ho nsɛm pii wɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mu. Gye bi fi Yehowa Adansefo hɔ kwa anaa kenkan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org.