Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wodɔ Me Sen Eyinom Anaa?”

“Wodɔ Me Sen Eyinom Anaa?”

“Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom anaa?” —YOH. 21:15.

NNWOM: 128, 45

1, 2. Petro kɔɔ po anadwo bi koyii mpataa. Ɛno akyi no, asuade bɛn na onyae?

YESU asuafo baason de anadwo mũ nyinaa kɔɔ mpataayi wɔ Galilea Po no so, nanso wɔannya hwee. Ná Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no gyina mpoano hɔ rehwɛ wɔn. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “‘Montow asau no ngu ɔkorow no nifa na mubenya bi.’ Ɛnna wɔtowee, na mpataa no dodow nti na wontumi ntwe bio.”—Yoh. 21:1-6.

2 Ɛno akyi no, Yesu yɛɛ anɔpa aduan maa wɔn. Bere a wodidi wiei no, Yesu dan n’ani kyerɛɛ Simon Petro, na ɔkae sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom anaa?” Dɛn ho asɛm na na Yesu reka? Ná Petro ani gye mpataayi ho paa. Enti ɛbɛyɛ sɛ nea ɛmaa Yesu bisaa saa asɛm no ne sɛ, na ɔpɛ sɛ ohu ade a Petro ani gye ho kɛse. So na Petro ani gye mpataa ne mpataayi adwuma no ho sen Yesu ne ne nkyerɛkyerɛ anaa? Petro buae sɛ: “Yiw, Awurade, wunim sɛ mepɛ w’asɛm.” (Yoh. 21:15) Akyinnye biara nni ho sɛ, Petro dii asɛm a ɔkae no so. Efi saa bere no, Petro daa no adi sɛ ɔdɔ Kristo. Ɔyeree ne ho yɛɛ asɛnka adwuma no, na akyiri yi, ɔbɛyɛɛ edum wɔ Kristofo asafo no mu.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ wɔn ho yiye wɔ ho?

3 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Petro no mu? Ehia sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma ɔdɔ a yɛwɔ ma Kristo no ano annwo na biribiara antwetwe yɛn adwene amfi Ahenni adwuma no so. Ná Yesu nim paa sɛ wiase yi mu dadwen betumi ahyɛ yɛn so. Yesu kae wɔ ogufo no ho mfatoho no mu sɛ, ebinom begye “ahenni no ho asɛm” no, na mfiase no, wobenya nkɔso. Nanso akyiri yi, ‘wiase yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa bemia asɛm no.’ (Mat. 13:19-22; Mar. 4:19) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛanhwɛ yiye a, asetenam nneɛma ho dadwen betumi adaadaa yɛn koma na ama nsi ne ahokeka a yɛde som Yehowa no ano abrɛ ase. Enti, Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetena mu dadwen anhyɛ mo koma so da, na da no ammɛto mo mpofirim.”—Luka 21:34.

4. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Kristo no mu yɛ den? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

4 Sɛnea Petro yɛe bere a onyaa asuade fii Yesu a na wɔanyan no afi awufo mu nkyɛn no, yɛn nso yɛyere yɛn ho de adwuma a Kristo de ama yɛn no di kan wɔ yɛn asetena mu. Yɛyɛ saa de da no adi sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Kristo no mu yɛ den. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so de saa adwuma no adi kan wɔ yɛn asetena mu? Ɛwom ara a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn na ɛho hia me paa wɔ asetena mu? Dɛn na ɛma m’ani gye paa? Ɛyɛ asetena mu nneɛma anaa nneɛma a ɛfa Yehowa som ho?’ Nea ɛbɛma yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae no, momma yensusuw nneɛma mmiɛnsa bi ho nhwɛ. Saa nneɛma mmiɛnsa no ne, honam fam adwuma, anigyede, ne ahonyade. Sɛ yɛkɔ so de saa nneɛma no di kan wɔ yɛn asetena mu a, ebetumi ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Kristo no ano adwo, na ama Yehowa som adwuma no ho anigye a yɛwɔ nso ano abrɛ ase.

ƐNSƐ SƐ YƐDE HONAM FAM ADWUMA DI KAN WƆ YƐN ASETENA MU

5. Asɛyɛde bɛn na Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ mmusua ti wɔ?

5 Ná mpataayi nyɛ biribi a Petro yɛ de gyigye n’ani kɛkɛ. Mmom no, ɛno na na ɔyɛ de hwɛ n’abusua. Mmusua ti a wɔwɔ hɔ nnɛ nim asɛyɛde a Kyerɛwnsɛm no de ama wɔn. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma wɔn mmusua nsa ka wɔn honam fam ahiade. (1 Tim. 5:8) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwumaden na ama wɔatumi adi saa asɛyɛde no ho dwuma. Nanso, nna a edi akyiri yi mu no, honam fam adwuma taa de adwinnwen bɛto nnipa so.

6. Ɔhaw ahorow bɛn na nkurɔfo rehyia wɔ adwumam nnɛ?

6 Esiane sɛ nnwuma a ɛwɔ hɔ nnɔɔso na nnipa bebree na wɔrepere ho nti, adwumayɛfo pii te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nnɔnhwerew pii yɛ adwuma. Ɛtɔ da a, akatua ketewaa bi na wogye. Afei nso, nnwumakuw ahorow bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wɔde adwumayɛfo kakraa bi bɛyɛ nneɛma pii. Ɛno ma adwumayɛfo no brɛ kɛse, ɛma wɔyɛ basaa, na etumi bɔ wɔn yare mpo. Adwumayɛfo a wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ adwumaden a ɛte saa ama wɔn adwumakuw no, wotumi yi wɔn adi fi adwuma no mu.

7, 8. (a) Hena paa na ɛsɛ sɛ yedi no nokware? (b) Asuade titiriw bɛn na onua bi a ɔwɔ Thailand nyae wɔ adwuma a ɔyɛ ho?

7 Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti, Yehowa Nyankopɔn paa na ɛsɛ sɛ yedi no nokware, na ɛnyɛ yɛn adwumawura. (Luka 10:27) Nea enti a yɛyɛ honam fam adwuma ne sɛ yɛn nsa bɛka nneɛma a yehia na ama yɛatumi ayɛ yɛn som adwuma no. Nanso, sɛ yɛanhwɛ yiye a, honam fam adwuma betumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛsom Yehowa yiye. Nhwɛso bi ni. Onua bi a ɔwɔ Thailand kae sɛ: “Adwuma a na meyɛ ne sɛ, na misiesie kɔmputa. Ná m’ani gye adwuma no ho paa, nanso na mede nnɔnhwerew pii na ɛyɛ saa adwuma no. Ɛno nti, na minnya bere pii nyɛ nneɛma a ɛbɛma me ne Yehowa abusuabɔ mu ayɛ den. Awiei koraa no, mibehui sɛ, sɛ metumi de Ahenni adwuma no adi kan wɔ m’asetenam a, gye sɛ mesesa adwuma a na meyɛ no.” Dɛn na onua yi yɛe?

8 Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a mede bɛyɛ afe totoo nneɛma no, misii gyinae sɛ mɛtɔn ice cream wɔ abɔnten so. Mfiase no, me sikasɛm yɛɛ basaa, na ɛmaa m’abam bui. Sɛ mihyia wɔn a na me ne wɔn yɛ adwuma no bi a, na wɔserew me. Ná wobisa me nea enti a magyae kɔmputa ho adwuma a meyɛ wɔ baabi a ɛhɔ dwo na menenam abɔnten so retɔn ice cream. Mebɔɔ Yehowa mpae, na mesrɛɛ no sɛ ɔmmoa me mma mintumi nnyina tebea a merehyia no ano. Mesrɛɛ no nso sɛ, ɔmmoa me mma mintumi nnu botae a mede asi m’ani so sɛ mepɛ sɛ minya bere pii de yɛ ɔsom adwuma no ho. Ankyɛ na nneɛma fii ase sɛ ɛreyɛ yiye. Mibehuu ice cream a nkurɔfo a wɔtɔ m’ade no ani gye ho paa. Saa ara nso na mibehuu sɛnea wɔyɛ ice cream yiye. Ankyɛ, da biara, na mitumi tɔn ice cream a meyɛ no nyinaa ma ɛsa. Me sikasɛm yɛɛ yiye koraa sen bere a na meyɛ kɔmputa ho adwuma no. M’ani gye paa, efisɛ adwinnwen ne kɔdaanna a adwuma a na meyɛ no kan no de bɛtoo me so no nyinaa afi hɔ. Nea ɛyɛ me dɛ paa ne sɛ, seesei mabɛn Yehowa kɛse.”—Kenkan Mateo 5:3, 6.

9. Dɛn na yɛbɛyɛ na ama yɛakɔ so anya honam fam adwuma ho adwene a ɛfata?

9 Nsiyɛ yɛ suban pa, na adwumaden so wɔ mfaso. (Mmeb. 12:14) Nanso, sɛnea onua a yɛkaa ne ho asɛm wɔ nkyekyɛm a edi wei anim no hui no, ɛnsɛ sɛ yɛde honam fam adwuma di kan wɔ yɛn asetena mu. Yesu kae sɛ: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa [honam fam nneɛma a ehia paa no] bɛka ho ama mo.” (Mat. 6:33) Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ yɛwɔ honam fam nneɛma ho adwene a ɛfata anaasɛ ɛnte saa no, ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ mede honam fam adwuma a meyɛ toto Yehowa som adwuma ho a, ɛte sɛn? Yehowa som adwuma ho hia me paa, anaasɛ ɛyɛ me anihaw mpo?’ Sɛ yedwinnwen sɛnea yɛte nka wɔ honam fam adwuma a yɛyɛ ho, na yɛde toto sɛnea yɛte nka wɔ Yehowa som adwuma ho a, ebetumi aboa yɛn ama yɛahu ade a yɛn ani gye ho paa.

10. Nneɛma a ɛho hia a yɛde besisi yɛn anim ho asuade titiriw bɛn na Yesu yɛ maa yɛn?

10 Yesu ma yehuu nea ɛfata sɛ yɛde di kan bere a yɛresisi gyinae afa honam fam nneɛma ne honhom fam nneɛma ho. Bere bi, Yesu kɔsraa Maria ne ne nuabea Marta wɔ wɔn fie. Ɛhɔ ara na Marta de ahopere yɛe sɛ ɔrekɔyɛ aduan ama Yesu. Nanso Maria de, ɔkɔtenaa Yesu nan ase tiee no. Bere a Marta nwiinwii ka kyerɛɛ Yesu sɛ Maria agyaw adwuma no agu no so no, Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ: ‘Maria apaw nea ɛyɛ papa, na wɔrennye mfi ne nsam.’ (Luka 10:38-42) Yesu maa Marta nyaa asuade titiriw bi. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so paw “nea ɛyɛ papa,” kyerɛ sɛ, yɛde Yehowa som adwuma no di kan wɔ yɛn asetena mu. Sɛ yɛyɛ saa a, honam fam nneɛma rentumi ntwetwe yɛn adwene, na yebetumi akɔ so ada ɔdɔ adi akyerɛ Kristo.

ADWENE A YƐWƆ WƆ AHOMEGYE NE ANIGYEDE HO

11. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa home a yɛbɛhome na yɛadwudwo yɛn ho no ho?

11 Yɛde bere pii yɛ adwumaden, enti ɛtɔ da a, ehia sɛ yegye yɛn ahome na yedwudwo yɛn ho. Onyankopɔn Asɛm no ka sɛ: “Onipa wɔ hɔ yi, biribi pa bi nni hɔ mma no sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa, ne brɛ mu.” (Ɔsɛnk. 2:24) Yesu hui sɛ ɛwom ara a, ɛsɛ sɛ nnipa home. Bere bi a Yesu asuafo no yeree wɔn ho kodii adanse no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi nhome kakra.”—Mar. 6:31, 32.

12. Ahomegye ne anigyede ho kɔkɔbɔ bɛn na ehia sɛ yetie? Ma ɛho nhwɛso.

12 Nokwasɛm ne sɛ, ehia paa sɛ yegye yɛn ahome na yegye yɛn ani nso. Nanso, sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn ani a yebegye no betumi abɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetena mu. Asomafo no bere so no, adwene a na nnipa pii kura ne sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (1 Kor. 15:32) Ɛnnɛ, saa suban no abu so wɔ mmeae pii wɔ wiase. Nhwɛso bi ni. Mfe bi a atwam no, aberante bi a na ɔwɔ Europa Atɔe fam fii ase kɔɔ Kristofo nhyiam. Nanso, na n’ani gye anigyede ho araa ma enti ogyaee Yehowa nkurɔfo a ɔne wɔn bɔ no. Bere bi akyi no, obehui sɛ anigyede a ɔde di kan wɔ n’asetena mu no de ɔhaw ne abasamtu nko ara na abrɛ no. Enti ɔma wɔne no suaa Bible bio, na akyiri yi, ɔbɛyɛɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo. N’asubɔ akyi no, ɔkae sɛ: “Nea ɛyɛ me yaw ne sɛ, mesɛee bere pii ansa na merehu sɛ Yehowa a mɛsom no no bɛma manya anigye koraa asen wiase anigyede a na midi akyi no.”

13. (a) Ma mfatoho fa kyerɛ asiane ahorow a ɛwɔ ahomegye ne anigyede mu. (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so anya ahomegye ne anigyede ho adwene a ɛfata?

13 Nea enti a yegye yɛn ahome ne sɛ, ɛbɛma yɛadwudwo yɛn ho na yɛasan anya ahoɔden. Yemmisa sɛ, bere dodow ahe na ɛsɛ sɛ yɛde gye yɛn ahome na ama yɛasan anya ahoɔden? Momma yɛnyɛ ntotoho yi nhwɛ: Yɛn mu pii ani gye ho sɛ ɛwom ara a yebedi nnɔkɔnnɔkɔwade. Nanso yenim sɛ, sɛ yedi keeki ne tɔfe daa a, ɛbɛbɔ yɛn yare. Ɛno nti, yɛtaa di aduan a ahoɔden wom. Saa ara na sɛ yɛde yɛn bere dodow no ara gye yɛn ahome na yɛde gye yɛn ani a, ɛbɛsɛe yɛne Yehowa ntam. Esiane sɛ yɛmpɛ sɛ ɛbɛba saa nti, yɛde yɛn ho hyɛ Ahenni adwuma no mu bere nyinaa. Yemmisa sɛ, yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ adwene a yɛwɔ wɔ anigyede ho no fata? Nea yebetumi ayɛ ne sɛ, yebeyi nnawɔtwe bi asi hɔ na yɛabu akontaa ahwɛ nnɔnhwerew dodow a yɛde yɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho. Saa nneɛma no bi ne asafo nhyiam a yɛkɔ, asɛnka a yɛkɔ, yɛn ankasa adesua a yɛyɛ, ne Bible a abusua no bom sua. Yebetumi de nnɔnhwerew dodow a yɛde yɛ saa nneɛma yi atoto nnɔnhwerew dodow a yɛde gye yɛn ani wɔ nneɛma bi te sɛ agokansi, nneɛma a yɛyɛ de gyigye yɛn ani, television a yɛhwɛ, anaa video so agorɔ a yedi ho. Sɛ yɛyɛ ntotoho a ɛte saa a, dɛn na yehu? Yehu sɛ ebia ɛho behia sɛ yɛtew “nnɔkɔnnɔkɔwade” no so, kyerɛ sɛ, bere a yɛde gye yɛn ani no so anaa?—Kenkan Efesofo 5:15, 16.

14. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma yɛpaw nneɛma a yɛde begye yɛn ani ne nea yɛde bedwudwo yɛn ho?

14 Ankorankoro ne mmusua ti wɔ hokwan sɛ wɔpaw anigyede a wɔpɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ nneɛma a yɛbɛyɛ de agye yɛn ani no ne akwankyerɛ a Yehowa nam Bible mu nnyinasosɛm so de ama yɛn no hyia. * Anigyede a ɛfata yɛ “Onyankopɔn akyɛde.” (Ɔsɛnk. 3:12, 13) Nokwasɛm ne sɛ, yenim sɛ ɛsono anigyede a onipa biara bɛpaw. (Gal. 6:4, 5) Ɛmfa ho anigyede a yɛbɛpaw no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛremma ɛmmɛyɛ ade a ɛho hia yɛn paa wɔ asetena mu. Yesu kae sɛ: “Baabi a w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.” (Mat. 6:21) Enti, sɛ yefi yɛn komam dɔ Yesu a, ɛbɛka yɛn ama yɛde yɛn nsusuwii, yɛn kasa, ne yɛn nneyɛe nyinaa akyerɛ sɛ Ahenni adwuma no ne ade a ɛho hia yɛn titiriw, na ɛnyɛ nneɛma a yɛyɛ no daa wɔ yɛn asetena mu no.—Filip. 1:9, 10.

NEA YƐBƐYƐ A ƐREMMA YENNI AHONYADE AKYI

15, 16. (a) Sɛ Kristoni di ahonyade akyi a, ɔkwan bɛn so na ebetumi ayɛ asiane ama no? (b) Afotu pa bɛn na Yesu de mae wɔ ahonyade ho?

15 Ɛnnɛ, nneɛma bi te sɛ ahosiesie a aba so ne abɛɛfo mfiri agye nnipa pii adwene. Enti, ɛsɛ sɛ Kristoni biara taa bisa ne ho nsɛm bi te sɛ nea edidi so yi de hwehwɛ ne mu hwɛ nneɛma a ɛho hia no paa wɔ n’asetena mu. Ɛsɛ sɛ obisa ne ho sɛ: ‘So ahonyade abɛyɛ ade a ɛho hia me araa ma enti mede bere pii yɛ nhwehwɛmu wɔ kar anaa ahosiesie a aba so ho? Ɛyɛ a mede bere pii dwinnwen nneɛma a ɛte saa ho sen bere a mede sua nneɛma a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no anaa? Nneɛma a yɛyɛ no daa wɔ yɛn asetena mu ho abehia me araa ma minnya bere pii mfa mmɔ mpae anaa nkenkan Bible?’ Sɛ yehu sɛ yɛn ani abegye ahonyade ho kɛse asen ɔdɔ a yɛwɔ ma Kristo a, ɛsɛ sɛ yesusuw asɛm a Yesu kae yi ho. Ɔkae sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho.” (Luka 12:15) Adɛn nti na Yesu de kɔkɔbɔ a emu yɛ den saa mae?

16 Yesu kae sɛ, “obiara ntumi nsom awuranom baanu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.” Nea enti a ɛte saa ne sɛ, “awuranom” baanu no mu biara hwehwɛ sɛ yenya bere pii ma no. Yesu kae sɛ, ‘sɛ yɛantan obiako na yɛannɔ ɔfoforo no a, yɛbɛbata obiako ho na yɛabu ɔfoforo no animtiaa.’ (Mat. 6:24) Esiane sɛ yɛn nyinaa yɛ nnipa a yɛtɔ sin nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ko tia “honam akɔnnɔ,” na ahonyade akyi a yebedi nso ka ho.—Efe. 2:3.

17. (a) Ɛyɛ den ma nnipa a wokura honam adwene sɛ wobenya ahonyade ho adwene a ɛfata. Adɛn ntia? (b) Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛko tia ahonyade akyi a yebedi?

17 Ɛyɛ den ma nnipa a wokura honam adwene sɛ wobenya ahonyade ho adwene a ɛfata. Adɛn ntia? Efisɛ wɔnte Onyankopɔn asɛm ase yiye. (Kenkan 1 Korintofo 2:14.) Esiane sɛ wɔnte Onyankopɔn asɛm ase yiye nti, ɛyɛ den ma wɔn paa sɛ wobehu papa ne bɔne mu nsonsonoe. (Heb. 5:11-14) Ɛno nti, ebinom ba benya ahonyade ho anigye ma ɛtra so. Na ahonyade dodow a wonya biara nsɔ wɔn ani. (Ɔsɛnk. 5:10) Nanso anigyesɛm ne sɛ, sɛ obi nya ahonyade ho anigye ma ɛtra so a, ano aduru wɔ hɔ. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ obi a ɔte saa no kenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no da biara. (1 Pet. 2:2) Bere a Yesu dwinnwen Onyankopɔn asɛm ho no, ɛhyɛɛ no den ma otumi gyinaa sɔhwɛ ano. Enti yɛn nso, sɛ yɛde nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn na yɛanni ahonyade akyi. (Mat. 4:8-10) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛma Yesu hu sɛ yɛdɔ no sen ahonyade biara.

Nneɛma bɛn na wode di kan wɔ w’asetena mu? (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

18 Bere a Yesu bisaa Petro sɛ: “Wodɔ me sen eyinom anaa?” no, na ɔrekae Petro sɛ ɛsɛ sɛ ɔde Onyankopɔn som di kan wɔ n’asetena mu. Petro din no kyerɛ “Ɔbotan,” na nokwasɛm ne sɛ, sɛnea ɔbɔɔ ne bra no ma ɛdaa adi sɛ ne din no fata no. Yebetumi de suban pa a Petro daa no adi no atoto ɔbo ho. (Aso. 4:5-20) Ɛnnɛ, yɛn nso yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so adɔ Kristo. Yɛremma honam fam adwuma, anigyede, ne ahonyade nyɛ ade a yɛde di kan wɔ yɛn asetena mu. Momma gyinae a yesisi wɔ yɛn asetena mu no nna no adi sɛ yɛne Petro yɛ adwene wɔ asɛm a ɔka kyerɛɛ Yesu no ho. Petro kae sɛ: “Awurade, wunim sɛ mepɛ w’asɛm.”

^ nky. 14 Hwɛ asɛm a wɔato din “So Mfaso Wɔ Nea Wode Gye W’ani So?” wɔ October 15, 2011, Ɔwɛn-Aban kr. 9-12, nky. 6-15.