Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Gaio Boaa Ne Nuanom

Sɛnea Gaio Boaa Ne Nuanom

GAIO ne Kristofo foforo a na wɔwɔ afeha a edi kan no awiei mu hɔ no hyiaa nsɛnnennen. Nnipa binom a na wɔrekyerɛkyerɛ atosɛm yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma asafo ahorow no ayɛ mmerɛw na wɔde mpaapaemu aba mu. (1 Yoh. 2:18, 19; 2 Yoh. 7) Ɔbarima bi a na wɔfrɛ no Diotrefe kekaa ɔsomafo Yohane ne anuanom foforo ho “nsɛmmɔne.” Ná ɔmpɛ sɛ ɔbɛda ahɔhoyɛ adi akyerɛ Kristofo a na wotutu akwan kɔboa asafo ahorow no. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma afoforo nso ayɛ saa ara. (3 Yoh. 9, 10) Wei na na ɛrekɔ so bere a Yohane kyerɛw Gaio no. Ɔsomafo no kyerɛw ne krataa no bɛyɛ afe 98 Y.B., na ɛka Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ho. Wɔato krataa no din “Yohane Nhoma a Ɛto so Abiɛsa.”

Nsɛnnennen a Gaio hyiae nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so de nokwaredi som Yehowa. Dɛn na ɔyɛe de kyerɛe sɛ odi Yehowa nokware? Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yesuasua Gaio nhwɛso no nnɛ? Ɔkwan bɛn so na krataa a Yohane kyerɛwee no betumi aboa yɛn ama yɛasuasua nea Gaio yɛe no?

KRATAA A OBI KYERƐW KƆMAA NE YƆNKO BERƐBO

Yohane Nhoma a Ɛto so Abiɛsa no kyerɛwfo no frɛɛ ne ho “ɔpanyin.” Ɛno nko ara mpo maa ɔsomafo Yohane honhom fam ba a ɔdɔ no, Gaio, hui sɛ ɔsomafo Yohane na ɔkyerɛw saa krataa no. Yohane de anigye frɛɛ Gaio sɛ ‘ɔdɔfo a medɔ no nokwarem.’ Afei Yohane kae sɛ, ogye di sɛ sɛnea Gaio ho yɛ den wɔ honam fam no, saa ara nso na ne ho yɛ den wɔ honhom fam, kyerɛ sɛ, ɔne Yehowa abusuabɔ yɛ den. Asɛm a ɛka koma ne nkamfo a ɛhyɛ nkuran bɛn ara ni!—3 Yoh. 1, 2, 4.

Ɛbɛyɛ sɛ na Gaio yɛ ɔhwɛfo wɔ asafo no mu, nanso krataa no nka no pɔtee. Yohane kamfoo Gaio sɛ ogyee anuanom a na onnim wɔn mpo som wɔn ahɔho. Yohane faa no sɛ anuanom a na Gaio gye wɔn ahɔho no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ahɔhoyɛ yɛ su a Onyankopɔn asomfo ada no adi bere nyinaa.—Gen. 18:1-8; 1 Tim. 3:2; 3 Yoh. 5.

Asɛm a Yohane kae de kyerɛe sɛ n’ani sɔ ahɔhoyɛ a Gaio daa no adi no ma yehu sɛ na Kristofo taa tutu akwan fi baabi a na ɔsomafo Yohane wɔ no kɔ asafo ahorow mu. Na ɛda adi sɛ, saa akwantufo no na wɔkaa nea wohui no ho asɛm kyerɛɛ Yohane. Ɛbɛyɛ sɛ saa akwantufo no ara na na wɔma Yohane te nea na ɛrekɔ so wɔ asafo ahorow no mu.

Ná Kristofo a wɔretu kwan ani begye ho paa sɛ wɔbɛtena wɔn mfɛfo gyidifo nkyɛn. Ná ahɔhodan ahorow agye dimmɔne, na wɔnhwɛ ahɔho yiye, na na ɔbrasɛe nso abu so wɔ hɔ. Enti baabi a ɛbɛyɛ yiye no, na akwantufo a wɔn ani da hɔ tena wɔn nnamfo nkyɛn. Saa ara na na Kristofo a wɔretu kwan nso tena Kristofo foforo nkyɛn.

“NE DIN NTI NA WƆKƆE”

Yohane hyɛɛ Gaio nkuran sɛ ɔnna ahɔhoyɛ adi bio. Nea ɛma yehu saa ne sɛ, ɔsomafo no ka kyerɛɛ Gaio sɛ ‘onnya akwantufo no kwan sɛnea ɛsɛ Onyankopɔn anim.’ Nea na Yohane reka ne sɛ, Gaio mma ahɔho no nea wobehia de atoa wɔn akwantu no so, na ɔmma wɔn biribiara a wobehia na ama wɔatumi akodu baabi a wɔrekɔ no. Ɛda adi sɛ, na Gaio ayɛ saa ama ahɔho binom a wɔbɛsoɛɛ no, efisɛ na saa ahɔho no de ɔdɔ ne gyidi a Gaio daa no adi ho amanneɛbɔ akɔma Yohane.—3 Yoh. 3, 6.

Ebetumi aba sɛ, na ahɔho no yɛ asɛmpatrɛwfo, nnipa a na Yohane asoma wɔn, anaa ahwɛfo akwantufo. Sɛnea ɛte biara no, asɛmpa no nti na na wotutu akwan no. Yohane kae sɛ: “Ne din nti na wɔkɔe.” (3 Yoh. 7) Ansa na Yohane rebɛka saa asɛm no, na wadi kan aka Onyankopɔn ho asɛm (hwɛ 3 Yoh. 6). Ɛno ma yehu sɛ, bere a Yohane kae sɛ “ne din nti” no, ɛbɛyɛ sɛ Yehowa din ho asɛm na na ɔreka. Enti, na saa anuanom no wɔ Kristofo asafo no mu. Ɛno nti, na ɛfata sɛ ogye wɔn fɛw so. Sɛnea Yohane kyerɛwee no: “Ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yegye saa nnipa no fɛw so na yɛayɛ nokware no ho adwumayɛfo bi.”—3 Yoh. 8.

KRATAA NO BOAA GAIO MA ODII ƆHAW KƐSE BI HO DWUMA

Krataa a Yohane kyerɛw Gaio no, na ɛnyɛ n’atirimpɔw ne sɛ ɔde reda Gaio ase kɛkɛ. Mmom no, na Yohane pɛ sɛ ɔboa Gaio ma odi ɔhaw kɛse bi ho dwuma nso. Biribi nti, na asafo no muni bi a wɔfrɛ no Diotrefe mpɛ sɛ ɔbɛda ahɔhoyɛ adi akyerɛ Kristofo a wotutu akwan no. Ɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ obesiw afoforo kwan sɛ ɔremma wɔnna ahɔhoyɛ adi.—3 Yoh. 9, 10.

Sɛ na Diotrefe pɛ sɛ ogye ahɔho mpo a, akyinnye biara nni ho sɛ, na Kristofo anokwafo ani rennye ho sɛ wɔbɛkɔ akɔsoɛ no. Ná Diotrefe pɛ sɛ odi kan wɔ asafo no mu, na na onnye biribiara mfi Yohane hɔ obu so. Afei nso, na ɔrekeka ɔsomafo no ne afoforo ho nsɛmmɔne. Ɛwom sɛ Yohane amfrɛ Diotrefe ɔkyerɛkyerɛfo ɔtorofo de, nanso na Diotrefe resɔre tia tumi a ɔsomafo no wɔ. Edin a na Diotrefe pɛ sɛ ogye ne ne subammɔne no ma ɛbɛdaa adi sɛ ɔnyɛ ɔnokwafo. Diotrefe asɛm no ma yehu sɛnea nnipa a wɔpɛ anuonyam na wɔyɛ ahantan tumi de mpaapaemu ba asafo no mu. Enti Yohane kaa asɛm bi kyerɛɛ Gaio, na saa asɛm no fa yɛn nso ho. Ɔkae sɛ: “Nhwɛ bɔne nsua.”—3 Yoh. 11.

ADE TITIRIW NTI A ƐSƐ SƐ YƐYƐ PAPA

Yohane kaa Kristoni bi a na ɔnte sɛ Diotrefe ho asɛm sɛ ɔyɛ nhwɛso pa. Ná wɔfrɛ no Demetrio. Yohane kyerɛwee sɛ: “Demetrio de, wɔn nyinaa . . . adi ne ho adanse. Nokwasɛm ni, yɛn nso yedi adanse, na wunim sɛ adanse a yedi no yɛ nokware.” (3 Yoh. 12) Ɛbɛyɛ sɛ na Demetrio hia Gaio mmoa. Na ebetumi aba sɛ Yohane Nhoma a Ɛto so Abiɛsa no na ɔsomafo no de kaa Gaio ho asɛm kyerɛɛ Demetrio na ɔde kamfoo Gaio kyerɛɛ Demetrio. Ebia Demetrio ankasa mpo na ɔsomafo no de krataa no maa no sɛ ɔmfa nkɔma Gaio. Esiane sɛ na Demetrio ka wɔn a Yohane soma wɔn no ho anaasɛ ebia na ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa asɛm bi de hyɛɛ nea na Yohane akyerɛw no mu den.

Adɛn nti na Yohane ka kyerɛɛ Gaio sɛ ɔnkɔ so nna ahɔhoyɛ adi bere mpo a na ɔreyɛ saa dedaw? So Yohane hui sɛ ehia sɛ ɔboa Gaio ma onya akokoduru kɛse anaa? Ná Diotrefe rebɔ mmɔden sɛ obetu Kristofo a na wɔda ahɔhoyɛ adi no afi asafo no mu. Enti yemmisa sɛ, na ɛno ama ɔsomafo no suro sɛ anhwɛ a na Gaio atwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛda ahɔhoyɛ adi anaa? Sɛnea na ɛte biara no, Yohane kaa Gaio koma too ne yam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea ɔyɛ papa no fi Onyankopɔn.” (3 Yoh. 11) Wei yɛ ade titiriw paa a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ papa, na yɛkɔ so yɛ saa bere nyinaa.

Yemmisa sɛ, krataa a Yohane kyerɛwee no hyɛɛ Gaio nkuran ma ɔkɔɔ so daa ahɔhoyɛ adi anaa? Esiane sɛ wɔde Yohane Nhoma a Ɛto so Abiɛsa no kaa Bible mu nhoma ahorow no ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ afoforo nkuran ama ‘wɔasua papayɛ’ nti, yebetumi aka sɛ ɛhyɛɛ Gaio nkuran.

ASUADE AHOROW A ƐWƆ YOHANE NHOMA A ƐTO SO ABIƐSA MU

Yennim yɛn nua dɔfo Gaio a ɔtenaa ase tete no ho nsɛm foforo biara ka nea yɛaka yi ho. Nanso, n’asetena mu nsɛm kakra a yɛahu no betumi ama yɛanya asuade bi.

Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ‘ani gye ahɔhoyɛ ho’?

Nea edi kan, anokwafo bi a na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetwa kwan akɔkyerɛkyerɛ nokware no na wɔboaa yɛn mu dodow no ara ma yenyaa nokware no ho nimdeɛ. Ɛwom, ɛnyɛ Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no mufo nyinaa na wotwa kwantenten kɔka asɛmpa no. Nanso, sɛnea Gaio yɛe no, yɛn nso yebetumi apɛ kwan bi a yɛbɛfa so aboa wɔn a wotutu akwan te sɛ ɔmansin sohwɛfo ne ne yere, na yɛahyɛ wɔn nkuran. Anaa yebetumi aboa anuanom mmarima ne mmea a wotu kɔtena mmeae a wohia Ahenni adawurubɔfo pii wɔ yɛn man mu, anaa amannɔne no mpo. Enti, momma yɛn “ani nnye ahɔhoyɛ ho.”—Rom. 12:13; 1 Tim. 5:9, 10.

Nea ɛto so mmienu, sɛ ɛwom ara na obi sɔre tia wɔn a wɔwɔ tumi wɔ asafo ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ mu no a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Ebinom annye tumi a na Yohane wɔ no antom. Saa ara nso na ebinom annye tumi a na ɔsomafo Paulo wɔ antom. (2 Kor. 10:7-12; 12:11-13) Ɛnde, yemmisa sɛ, sɛ yehyia nsɛnnennen bi a ɛte saa fi asafo no mufo binom hɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, otumi kyerɛkyerɛ, ɔhyɛ ne ho so wɔ bɔne ho, ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔtew atua.” Sɛ afoforo hyɛ yɛn abufuw mpo na yɛkɔ so da odwo adi a, ebetumi ama wɔn a wɔkasa tia yɛn no bi de nkakrankakra asesa wɔn suban. Sɛ wɔyɛ saa a, ebia Yehowa “bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware no ho nimdeɛ a edi mũ mu.”—2 Tim. 2:24, 25.

Nea ɛto so mmiɛnsa, yɛn mfɛfo Kristofo a wɔde nokwaredi resom Yehowa ɛmfa ho ɔsɔretia a wɔrehyia nyinaa no, ɛsɛ sɛ yegye wɔn tom na yɛkamfo wɔn wɔ nokware a wɔredi no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔsomafo Yohane hyɛɛ Gaio nkuran, na ɔma onyaa awerɛhyem sɛ ɔreyɛ nea ɛteɛ. Ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo suasua Yohane nhwɛso no, na wɔhyɛ wɔn nuanom mmarima ne mmea nkuran na ‘wɔammotow.’—Yes. 40:31; 1 Tes. 5:11.

Wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, nsɛmfua 219 pɛ na ɛwɔ krataa a ɔsomafo Yohane kyerɛw kɔmaa Gaio no mu. Ɛno ne Bible mu nhoma a ɛyɛ tia koraa. Nanso, ɛso wɔ mfaso paa ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ.