Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MONKƆ SO NWƐN!

Nsɔrensɔre No De Wɔn Ho Agye Ɔko a Ɛrekɔ So Wɔ Ukraine No Mu—Dɛn Na Bible Ka?

Nsɔrensɔre No De Wɔn Ho Agye Ɔko a Ɛrekɔ So Wɔ Ukraine No Mu—Dɛn Na Bible Ka?

 Hwɛ nsɛm a edidi so yi. Ɛfa nea asɔfo mpanyimfo a wɔagye din ayɛ wɔ ɔko a ɛrekɔ so wɔ Ukraine no ho:

  •   “Tow a Russia atow ahyɛ Ukraine so no, Ɔsɔfopɔn Kirill a ɔda Russia Ortodɔks Asɔre no ano no nkaa ho hwee. . . . Asɔre a ɔda ano no ahyɛ da aka Ukraine ho atosɛm pii, na Putin de saa nsɛm no ayɛ nnyinaso ama ɔko a ɔreko no.”—EUobserver, March 7, 2022.

  •   “Ɔsɔfopɔn Kirill . . . aka biribi a ɛkyerɛ sɛ, ɔko a ne man de akɔfoforo Ukraine no, ohu sɛ ɛyɛ ne kwan so paa. Ɔkaa sɛ, ko a ne man ne Ukraine reko no, wɔde reko atia bɔne.”—AP News, March 8, 2022.

  •   “Dwoda a etwaam yi, Ɔsɔfo Panyin Epiphanius I a ɔda Ukraine Ortodɔks Asɔre no ano wɔ Kyiv no hyiraa ne nkurɔfo sɛ ‘wɔne Russia asogyafo a wɔabɔ awura wɔn man mu no mfa nkosi ani’ . . . [Ɔka] kaa ho sɛ, sɛ obi kum Russia asogyafo no bi a, ɔnyɛɛ bɔne.”—Jerusalem Post, March 16, 2022.

  •   “Yɛn a yɛdɔm [Ukraine Nsɔrensɔre Nkabom Kuw (Ukrainian Council of Churches and Religious Organizations (UCCRO))] no, yɛtaa Ukraine asogyafo ne obi biara a ɔreko ma yɛn no akyi. Ko a wɔrekɔko abɔ Ukraine ho ban yi, yɛde yɛn nhyira taa wɔn akyi, na yɛbɔ mpae ma wɔn.”—Krataa a UCCRO a De Too Gua, February 24, 2022.

 Wudwen ho sɛn? Nsɔrensɔre a wɔkyerɛ sɛ wodi Yesu Kristo akyi no, ɛyɛ ne kwan so sɛ wɔka kyerɛ wɔn asɔremma sɛ wɔnkɔ ɔko anaa? Dɛn na Bible ka?

Efi tete na nsɔrensɔre de wɔn ho agye ɔko mu

 Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, nsɔrensɔre no ayɛ wɔn ho anomaa kokonekone. Wɔkɔ atifi kɔhono nsuo a, na wɔaba anaafo abebisa sɛ hwan na ɔhonoo nsuo no. Mpɛn pii no sɛ ɔko si a, wobɛhwɛ no, na wɔtɛw akyi regyigye takrawogyam soso gya gu mu. Wowie a, na wɔatwa wɔn ho ayɛ sɛ nea wɔn mmom na wɔrepɛ asomdwoe. Saa nyaatwom no, Yehowa Adansefo apa ho ntoma mfe pii ni. Wohwɛ yɛn nhoma mu a, wubehu bi. Ebi na edidi so yi.

Sɛ ɔko si a, ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho gye mu anaa?

 Nea Yesu kyerɛkyerɛe: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39) “Monkɔ so nnɔ mo atamfo.”—Mateo 5:44-47.

 Dwen ho hwɛ: Sɛ asɔre bi ka kyerɛ n’asɔremma sɛ wɔnkɔ ɔko na wonkokunkum nkurɔfo a, wohwɛ a, wobetumi aka paa sɛ, Yesu ahyɛde a ɛfa ɔdɔ ho no, wɔredi so anaa? Wopɛ ho mmuae a, kenkan nsɛm a yɛato din, “Nokware Kristofo ne Akodi” ne “Is It Possible to Love One’s Enemies?” (Wubetumi Adɔ W’atamfo Ama Ayɛ Yiye?)

 Nea Yesu kae: “M’Ahenni mfi wiase. Sɛ m’Ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me amma Yudafo no.” (Yohane 18:36) “Wɔn a wɔtwe sekan nyinaa bewu sekan ano.”—Mateo 26:47-52.

 Dwen ho hwɛ: Sɛ Yesu mpo, na enni kwan sɛ Kristofo ko bɔ ne ho ban a, ɛnde dɛn paa na Kristoni bi betumi agyina so aka sɛ ɔrefa akode akɔko? Kenkan asɛm a yɛato din “Is War Compatible With Christianity?” (Obi Yɛ Kristoni a, Obetumi Akɔ Ɔko Anaa?) Ɛbɛma woahu sɛnea tete Kristofo no dii Yesu anammɔn akyi na wɔde ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ adwuma.

Nsɔrensɔre a wɔhyɛ ɔko ho nkuran no, ebewie wɔn sɛn?

 Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɔsom ahorow a wɔkyerɛ sɛ wodi Yesu akyi nanso wɔmfa ne nkyerɛkyerɛ nyɛ adwuma no, Onyankopɔn apo wɔn.—Mateo 7:21-23; Tito 1:16.

  •   Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ, Onyankopɔn ani so no, saa ɔsom ahorow no di “wɔn a wɔakunkum wɔn asaase so no nyinaa” mogya ho fɔ. (Adiyisɛm 18:21, 24) Wopɛ sɛ wuhu nea enti a ɛte saa a, kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn Ne Babilon Kɛse?

  •   Yesu kaa sɛ, nsɔrensɔre a Onyankopɔn apo wɔn no te sɛ dua bɔne. Dua bɔne a ɛsow aba bɔne no, “wotwa na wɔde gu ogya mu.” Saa ara na nsɔrensɔre a wɔyɛ nnwuma bɔne no nso, Onyankopɔn bɛsɛe wɔn nyinaa. (Mateo 7:15-20) Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea saa asɛm no bɛbam a, kenkan asɛm a yɛato din “Atoro Som Awiei Abɛn!

Baabi a Yenyaa Mfoni Ahorow No: efi benkum kɔ nifa: Photo by Sefa Karacan/Anadolu Agency/Getty Images; Maxym Marusenko/NurPhoto via Getty Images

a Nsɔrensɔre 15 na ɛdɔm UCCRO, anaa Ukrainian Council of Churches and Religious Organizations (Ukraine Nsɔrensɔre Nkabom Kuw) no. Ebi yɛ Ortodɔks nsɔre, Greek Katolek nsɔre, Roman Katolek nsɔre, Protestant nsɔre, ne Evangelikal nsɔre. Yudasom mufo ne Nkramofo nso ka ho bi.