Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware a Wonni Ho Asuade

Nokware a Wonni Ho Asuade

Ti Dunwɔtwe

Nokware a Wonni Ho Asuade

Yesaia 22:1-25

1. Sɛ na wote tete kurow bi a wɔaka emufo ahyem mu a, na tebea no bɛyɛ dɛn?

SUSUW sɛnea na tebea no bɛyɛ sɛ wote tete kurow bi a wɔaka emufo ahyem no ho hwɛ. Atamfo no wɔ ɔfasu no akyi—wɔyɛ den na wɔn tirim yɛ den. Wunim sɛ nkurow foforo ahwe wɔn nsam dedaw. Afei wɔasi wɔn bo sɛ wobedi wo kurow no so nkonim afow mu nneɛma ato emufo mmonnaa akunkum wɔn. Atamfo asraafo no yɛ den araa ma wuntumi ne wɔn nni asi wɔ ɔko mu; w’anidaso ara ne sɛ kurow no fasu no mma wontumi mma mu. Bere a wufi fasu no so hwɛ abɔnten no, wutumi hu nneɛma akɛse a atamfo no de rebetua kurow no. Wɔwɔ nneɛma a ebetumi abubu abotan akɛse adwiriw mo fasu no agu. Wuhu nnwinnade akɛse a wɔde bubu fasu ne ntweri a wɔde foro afasu, wɔn bɛmmatofo ne nteaseɛnam, ne wɔn asraafo dɔm no. Ahude bɛn ara ni!

2. Bere bɛn na ntua a wɔka ho asɛm wɔ Yesaia 22 no ba?

2 Yɛkenkan ntua a ɛte saa—ntua a wɔde baa Yerusalem so no ho asɛm wɔ Yesaia ti 22. Bere bɛn na esi? Ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛ ntua bi a nneɛma a wɔaka ho asɛm no nyinaa wom. Ɛda adi sɛ, yɛte nkɔmhyɛ no ase yiye sɛ nkɔmhyɛ a ɛka ntua ahorow a ɛbɛba Yerusalem so ho asɛm, nneɛma a ɛreba so ho kɔkɔbɔ.

3. Yerusalemfo yɛ wɔn ade dɛn wɔ ntua a Yesaia ka ho asɛm no ho?

3 Yerusalemfo yɛ wɔn ade dɛn wɔ ntua a Yesaia ka ho asɛm no ho? Sɛ́ Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no, so wɔresu frɛ Yehowa sɛ onnye wɔn? Dabi, wɔreda su a nyansa nnim adi, nea ɛte sɛ su a yehu wɔ nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn nnɛ mu no.

Kurow a Ɛwɔ Ntua Ase

4. (a) Dɛn ne “adehu bon no,” na dɛn nti na enya saa din yi? (b) Yerusalemfo honhom fam tebea te dɛn?

4 Yesaia ti 21 no, wɔde asɛm “atemmusɛm” na efii atemmusɛm abiɛsa no mu biara ase. (Yesaia 21:1, 11, 13) Ti 22 no fi ase saa kwan no ara so: “Adehu bon no ho atemmusɛm: Ɛdɛn na ɛyɛ wo na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi?” (Yesaia 22:1) “Adehu bon no” gyina hɔ ma Yerusalem. Wɔfrɛ kurow no bon efisɛ, ɛwom sɛ ɛda soro de, nanso mmepɔw atenten atwa ho ahyia. Wɔde bata “adehu” ho efisɛ ɛhɔ na wɔde Onyankopɔn adehu ne adiyisɛm ahorow no pii ma. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ kurow no mufo tie Yehowa asɛm. Nanso, wɔapo no, na wɔde wɔn ho akɔhyɛ atoro som mu. Atamfo a wɔrebetua kurow no yɛ Onyankopɔn adwinnade a ɔnam so de atemmu reba ne nkurɔfo a wɔawae no so.—Deuteronomium 28:45, 49, 50, 52.

5. Ɛda adi sɛ, dɛn nti na nkurɔfo no foro kɔ wɔn adan atifi?

5 Hyɛ no nsow sɛ Yerusalemfo no ‘nyinaa aforo kɔ wɔn dan atifi.’ Tete mmere mu no, na Israelfo afie atifi yɛ abrannaa, na na mmusua taa hyiam wɔ hɔ. Yesaia nka nea enti a wɔyɛ saa wɔ saa bere yi mu, nanso ne nsɛm no kyerɛ sɛ ɔmpene so. Ɛnde ɛda adi sɛ, wɔaforo kɔ adan atifi rekɔhwehwɛ wɔn atoro anyame hɔ mmoa. Eyi ne ade a na wɔtaa yɛ ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu.—Yeremia 19:13; Sefania 1:5.

6. (a) Tebea bɛn na ɛkɔ so wɔ Yerusalem? (b) Dɛn nti na ebinom di ahurusi, nanso dɛn na ɛreba?

6 Yesaia toa so sɛ: “Wo a huuyɛ ayɛ wo ma, hooyɛ kurow, ahosɛpɛw kurow, w’atɔfo antotɔ afoa ano, na wɔanwuwu ɔko mu.” (Yesaia 22:2) Nnipa asen yuu kɔ kurow no mu, na ɛwɔ ahokyere mu. Nnipa a wɔwɔ mmɔnten so reyɛ dede, na wɔabɔ hu. Nanso, ebinom redi ahurusi, ebia esiane sɛ wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ anaasɛ wogye di sɛ ɔhaw no reba awiei nti. * Nanso, nyansa nnim sɛ wobedi ahurusi saa bere yi. Kurow no mufo pii rebewu owu a ɛyɛ yaw sen nkrante ano wu. Kurow a ɛwɔ ntua mu no nnya aduan mfi baabi foforo biara. Nnuan a wɔakora so wɔ kurow no mu resa. Ɔkɔm a ɛde nnipa ne tebea a ayɛ basaa no de ɔyaredɔm ba. Enti ɔkɔm ne yaredɔm bekunkum Yerusalemfo pii. Eyi si wɔ 607 A.Y.B. ne 70 Y.B. mu.—2 Ahene 25:3; Kwadwom 4:9, 10. *

7. Dɛn na Yerusalem sodifo yɛ wɔ ntua no mu, na dɛn na ɛto wɔn?

7 Wɔ saa haw yi mu no, akanni bɛn na Yerusalem sodifo no de ma? Yesaia bua sɛ: “Wo mmapɔmma nyinaa abom aguanguan kɔ; ɛnyɛ ta na wɔde kyeree wɔn. Wo nnipa a wohuu wɔn no nyinaa, woguan kɔɔ akyirikyiri, nso wɔkyeree wɔn nyinaa.” (Yesaia 22:3) Mmapɔmma ne nnɔmmarima guan nanso wɔkyere wɔn! Ɛnyɛ ta na wɔde kyere wɔn, nanso wɔkyere wɔn de wɔn kɔ sɛ nneduafo. Eyi si wɔ 607 A.Y.B. mu. Bere a wobubu Yerusalem fasu no, Ɔhene Sedekia ne ne nnɔmmarima guan anadwo. Atamfo no hu, wotĩ wɔn, na wɔkyere wɔn wɔ Yeriko tataw so. Nnɔmmarima no bɔ hwete. Wɔkyere Sedekia, bobɔ n’aniwa, de nkɔnsɔnkɔnsɔn gu no de no kɔ Babilon. (2 Ahene 25:2-7) Asoɔden so akatua a ɛyɛ yaw bɛn ara ni!

Amanehunu mu Ahodwiriw

8. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia yɛ n’ade wɔ nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ amanehunu a ɛbɛba Yerusalem so no ho? (b) Tebea no bɛyɛ dɛn wɔ Yerusalem?

8 Nkɔmhyɛ yi ka Yesaia yiye. Ɔka sɛ: “Munyi mo ani mfi me so na minsu osu yawyaw. Monnhyɛ me sɛ mobɛkyekye me werɛ, me man babea no sɛe ho.” (Yesaia 22:4) Yesaia dii tebea a wɔahyɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba Moab ne Babilon so no ho awerɛhow. (Yesaia 16:11; 21:3) Mprempren n’ahodwiriw ne n’awerɛhodi no mu yɛ den kɛse bere a osusuw ɔhaw a ɛreba n’ankasa nkurɔfo so ho no. Wontumi nkyekye ne werɛ. Dɛn ntia? “Na ɛyɛ [Yehowa, “NW”] asafo [Yehowa, “NW”], anim hooyɛ ne ntiatiaso ne ahoyeraw da, adehu bon no mu: wodwiriw fasu no, wɔteɛm ma egyigye mmepɔw so.” (Yesaia 22:5) Hooyɛ kɛse besi Yerusalem. Ehu bɛma nnipa awɔ ntwɛtwɛdɛ, a wonni atirimpɔw biara. Bere a atamfo no fi ase hyɛn ɔfasu no mu no, “wɔteɛm ma egyigye mmepɔw so.” So eyi kyerɛ sɛ kurow no mufo bɛteɛm akyerɛ Onyankopɔn wɔ n’asɔrefie kronkron a esi Bepɔw Moria so no mu? Ebia. Nanso, esiane wɔn asoɔden nti, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ehu bɛma wɔn nteɛm no agyigye mmepɔw a atwa hɔ ahyia no mu.

9. Ka asraafo a wɔrehunahuna Yerusalem no ho asɛm.

9 Ɔtamfo bɛn na ɔrehunahuna Yerusalem no? Yesaia ka kyerɛ yɛn sɛ: “Elam aso agyan kotoku mu de nteaseɛnam ne nnipa ne apɔnkɔfo reba, na Kir nso ayi kyɛm adi.” (Yesaia 22:6) Atamfo no aboaboa wɔn ho yiye. Wɔwɔ bɛmmatofo a mmɛmma ayeyɛ wɔn boha amaama. Akofo no reyɛ wɔn akyɛm krado ama ɔko no. Nteaseɛnam ne apɔnkɔ a wɔatete wɔn ama ɔko wɔ hɔ. Wɔn a wɔka asraafo dɔm no ho ne asraafo a wofi Elam, a ɛda baabi a wonim no mprempren sɛ Persia Faka no kusuu fam, na ebi nso fi Kir, a akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛn Elam no. Saa nsase no a wɔbɔ din no kyerɛ sɛ ntuafo no fi akyirikyiri na ɛreba. Ɛkyerɛ nso sɛ ebia Elam bɛmmatofo ka asraafo a wɔrehunahuna Yerusalem wɔ Hesekia bere so no ho.

Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wɔbɛbɔ Wɔn Ho Ban

10. Nneɛma bɛn na ɛma ehu ka kurow no mufo?

10 Yesaia ka tebea a ɛreba no ho asɛm sɛ: “Nteaseɛnam bɛyeyɛ wo abon a ɛyɛ fɛ no amaama, na apɔnkɔfo nso agyinagyina kurow no pon ano. Na obeyi Yuda so nkataho.” (Yesaia 22:7, 8a) Nteaseɛnam ne apɔnkɔ ayɛ Yerusalem kurow no akyi tataw so amaama, na wɔyɛ krado sɛ wɔbɛtow ahyɛ kurow no apon so. Dɛn ne ‘Yuda nkataho’ a woyi no? Ɛda adi sɛ, ɛyɛ kurow no pon na sɛ wodi so a, ɛbɛyɛ hu ama wɔn a wɔrebɔ kurow no ho ban no. * Sɛ woyiyi nkataho a ɛbɔ kurow no ho ban yi a, ntuafo no benya kwan ahyɛn mu.

11, 12. Dɛn na Yerusalemfo yɛ de bɔ ho ban?

11 Afei Yesaia de adwene si mmɔden a nkurɔfo no bɔ sɛ wɔbɛko abɔ wɔn ho ban no so. Wɔn nsusuwii a edi kan—akode! “Ɛda no, wode w’ani bɛto kwae fi no mu akode so, na Dawid kurow no mu mpaapae no, mubehu sɛ ayɛ bebree, na moaboa ase tare no mu nsu ano.” (Yesaia 22:8b, 9) Wɔakora akode so wɔ kwae dan bi mu. Salomo na osii saa dan yi. Esiane sɛ wɔde Lebanon nkyeneduru na esii nti, wɔbɛfrɛɛ no “Lebanon kwae dan.” (1 Ahene 7:2-5) Wɔhwehwɛ mpaapae a ɛwɔ ɔfasu no mu no. Wɔboaboa nsu ano—ade titiriw a ɛbɛboa ma wɔabɔ wɔn ho ban. Nkurɔfo no hia nsu na ama wɔatra ase. Sɛ nsu nni kurow bi mu a, entumi nnyina. Nanso, hyɛ no nsow sɛ wɔnka biribiara mfa ogye a wɔbɛhwehwɛ afi Yehowa hɔ ho. Mmom no, wɔde wɔn ho to wɔn ankasa nneɛma a wɔayɛ so. Mommma yɛnnyɛ mfomso a ɛte saa da!—Dwom 127:1.

12 Dɛn na wobetumi ayɛ wɔ mpaapae a ɛwɔ kurow no fasu mu no ho? “Mobɛkan Yerusalem adan, na moaburuw adan no, sɛ mode rewowaw fasu no.” (Yesaia 22:10) Wɔkan adan de hu adan a wobetumi aburuw de anya nneɛma asiesie mpaapae no. Eyi yɛ mmɔden a wɔrebɔ de asiw atamfo no kwan na wɔannya fasu no so tumi koraa.

Nnipa a Wonni Gyidi

13. Ɔkwan bɛn so na nnipa no bɔ mmɔden sɛ wobenya nsu, nanso hena na wɔn werɛ fi no?

13 “Mubetwa ɛkɔ wɔ afasu abien no ntam ama ɔtare dedaw no mu nsu no, nanso morenhwɛ nea ɔyɛɛ ade no, na nea teteete no ɔhyehyɛe no, moremmu no.” (Yesaia 22:11) Mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛboaboa nsu ano, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ ha ne nkyekyem 9 no, kae yɛn ade a Ɔhene Hesekia yɛe sɛ ɔde bɛbɔ kurow no ho ban bere a Asiriafo betuaa wɔn no. (2 Beresosɛm 32:2-5) Nanso, nnipa a wɔwɔ kurow a ɛwɔ Yesaia nkɔmhyɛ yi mu no mu yɛ nnipa a wonni gyidi koraa. Bere a wodi kurow no ahobammɔ ho dwuma no, wonsusuw Ɔbɔadeɛ no ho sɛ nea Hesekia yɛ no.

14. Ɛmfa ho Yehowa kɔkɔbɔ no, su a nyansa nnim bɛn na nnipa no nya?

14 Yesaia toa so sɛ: “Ɛda no, [Yehowa, “NW”], asafo [Yehowa, “NW”], bɛfrɛ nnipa aba osu ne adwotwa ne tikwawbɔ ne atweaatamfura mu. Na hwɛ, ahosɛpɛw ne anigye, anantwi menetwa ne nguan kum, namdi ne nsanom ni: Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (Yesaia 22:12, 13) Yerusalemfo no nkyerɛ Yehowa so atua a wɔatew no ho ahonu biara. Wonsu mmɔ tikwaw, na womfura atweaatam mfa nkyerɛ sɛ wɔanu wɔn ho. Sɛ na wɔreyɛ saa a, anka ɛda adi sɛ Yehowa bɛma ahude a ɛreba no apare wɔn. Mmom no, wogyae wɔn ho mu ma honam fam anigyede. Su koro yi ara na nnipa pii a wɔnkyerɛ Onyankopɔn mu gyidi no da no adi nnɛ. Esiane sɛ wonni anidaso biara—sɛ́ ɛyɛ owusɔre anaa asase so Paradise a ɛbɛba daakye mu asetra de—nti, wɔde wɔn ho hyɛ anigyede mu fee, na wɔka sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (1 Korintofo 15:32) Hwɛ sɛnea wonsusuw ade ho nkɔ akyiri! Sɛ wobenya Yehowa mu ahotoso a, anka wobenya anidaso a enni awiei!—Dwom 4:6-8; Mmebusɛm 1:33.

15. (a) Yehowa atemmusɛm bɛn na etia Yerusalem, na hena na odi ho dwuma? (b) Dɛn nti na Kristoman behyia tebea a ɛte sɛ Yerusalem de no?

15 Nnipa a wɔaka wɔn ahyem wɔ Yerusalem no rennya ahobammɔ. Yesaia ka sɛ: “Asafo [Yehowa, “NW”] ayi me asitiw sɛ: Wɔremfa amumɔyɛ yi mfiri mo kosi bere a mubewuwu: [Yehowa, “NW”] asafo [Yehowa, “NW”], na ose.” (Yesaia 22:14) Esiane nnipa no komaden nti, wɔremfa mfiri wɔn. Wobewuwu ɔkwan biara so. Eyi yɛ ade a ɛbɛbam ankasa. Amansan Hene, asafo Yehowa, na waka. Nea ɛbɛyɛ na Yesaia nkɔmhyɛ asɛm no anya ne mmamu no, amanehunu ba Yerusalem a ankyerɛ gyidi no so mprenu. Babilon asraafo sɛe no, na Roma asraafo nso sɛe no akyiri yi. Saa ara nso na amanehunu bɛba Kristoman mufo a wonni gyidi a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso nokwarem no, wɔde wɔn nnwuma pa no no so. (Tito 1:16) Kristoman ne wiase mu ɔsom afoforo a wɔpo Onyankopɔn trenee kwan no bɔne ‘atoatoa akodu soro.’ Te sɛ Yerusalem a ɛwaee no bɔne no, wɔn bɔne sõ araa ma wɔpata a ɛnyɛ yiye.—Adiyisɛm 18:5, 8, 21.

Ofie Panyin Difudepɛfo Bi

16, 17. (a) Hena na ne nsa ka kɔkɔbɔ fi Yehowa hɔ seesei, na dɛn ntia? (b) Esiane Sebna pɛsɛmenkominya nti, dɛn na ɛbɛto no?

16 Odiyifo no dan n’adwene fi nnipa a wɔnkyerɛ gyidi so de kɔ obi a ɔnkyerɛ gyidi so afei. Yesaia kyerɛw sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”], asafo [Yehowa, “NW”], se ni: kɔ ofie panyin Sebna yi a odi ofi no so no nkyɛn sɛ: Ɛdɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? na ɛhena na wowɔ no ha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ nea ɛkorɔn, ɔreyɛ ne trabea wɔ ɔbotan mu.”—Yesaia 22:15, 16.

17 Sebna yɛ ‘ofie hɔ panyin,’ ebetumi aba sɛ Ɔhene Hesekia fie. Ne saa nti, ɔwɔ gyinabea a ɛkorɔn, sɛ ɔhene nni hɔ a ɔno na ɔwɔ hɔ. N’adwuma so. (1 Korintofo 4:2) Nanso, sɛ anka Sebna bɛma ɔman no ho nsɛm ahia no kɛse no, ɔhwehwɛ anuonyam. Ɔwɔ ɔboda fɛfɛ bi—a ɛte sɛ ɔhene de—a otwa fae wɔ ɔbotan bi so. Yehowa, a ohu eyi no, de honhom ka Yesaia ma ɔbɔ ofie panyin a onni nokware no kɔkɔ sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, “NW”] bɛtow wo ɔbran tow akyene, obeso wo mu dennen, na wahwim wo atow wo sɛ okowa akyene asase a ɛtrɛw so, ɛhɔ na wobɛkɔ akowu, na ɛhɔ na w’anuonyam nteaseɛnam bɛkɔ, wo a woyɛ wo wura fi ahohora. Na mesum wo afi wo sibea, na wɔadwiriw wo afi wo gyinabea.” (Yesaia 22:17-19) Esiane Sebna ahopɛ nti, ɔrennya ɔdamoa a mpapahwekwa mpo nya wɔ Yerusalem. Mmom no, wɔbɛtow no sɛ bɔɔl ma wakowu wɔ akyirikyiri asase bi so. Kɔkɔbɔ bi wɔ eyi mu ma wɔn a wɔde tumi ahyɛ wɔn nsa wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nyinaa. Sɛ wodi wɔn koko so asɛm a, ɛbɛma wɔahwere saa tumidi no, na ebia wɔagye wɔn dibea afi wɔn nsam.

18. Hena na obesi Sebna ananmu, na dɛn na Sebna batakari ne Dawid fie safe a saa onipa yi benya no kyerɛ?

18 Nanso, ɔkwan bɛn so na wobegye Sebna dibea afi ne nsam? Yehowa nam Yesaia so kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛbɛba da no sɛ mɛfrɛ m’akoa Hilkia ba Eliakim maba, na mede wo batakari mahyɛ no, na mede w’abɔso mabɔ no so, na mede wo panyinni mahyɛ ne nsa, na wayɛ agya ama Yerusalemfo ne Yuda fi. Na mede Dawid fi safe mato ne mmati, na wahiɛ, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhiɛ.” (Yesaia 22:20-22) Sɛ wɔde Eliakim si Sebna ananmu a, wɔde ofie panyin no batakari ne Dawid fie safe bɛma no. Bible de asɛm “safe” di dwuma de kyerɛ tumi, nniso, anaa ahoɔden. (Fa toto Mateo 16:19 ho.) Tete no, na ɔhene no fotufo a wɔde nsafe ahyɛ ne nsa no na ɔhwɛ ahemfie hɔ adan nyinaa so, na na ɔno mpo na ɔpaw nkurɔfo ma wɔsom ɔhene no. (Fa toto Adiyisɛm 3:7, 8 ho.) Enti, ofie panyin adwuma yɛ adwuma titiriw, na obiara a okura saa dibea no adwuma so. (Luka 12:48) Ɛbɛyɛ sɛ na Sebna tumi di n’asɛyɛde ho dwuma, nanso esiane nokware a onni nti, Yehowa de obi besi n’ananmu.

Sɛnkyerɛnne Kwan so Bofunnua Abien

19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na Eliakim bɛyɛ nhyira ama ne nkurɔfo? (b) Dɛn na ɛbɛto wɔn a wɔkɔ so de wɔn ho to Sebna so no?

19 Awiei koraa no, Yehowa ka Sebna tumi a obegye ama Eliakim no ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Ɔka sɛ: “Mɛyɛ no sɛ bofunnua mabɔ nea ɛhɔ yɛ den, na wayɛ anuonyam agua ama n’agya fi; na wɔde n’agya fi anuonyam nyinaa bɛma no, n’asefo ne mmanana nyinaa, nneɛma nketenkete nyinaa, efi nyowa so kosi nhina nyinaa so. Ɛda no, asafo [Yehowa, “NW”] na ose, bofunnua [Sebna] a wɔde abɔ nea ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛn so no asɛe, efisɛ [Yehowa, “NW”] na waka.”—Yesaia 22:23-25.

20 Wɔ saa nkyekyem ahorow yi mu no, bofunnua a edi kan ne Eliakim. Ɔbɛyɛ “anuonyam agua” ama n’agya, Hilkia, fie. Nea ɛnte sɛ Sebna no, ɔrengu n’agya fie anim ase, anaasɛ ɔrensɛe fie no din. Eliakim bɛyɛ daa odum ama ofie hɔ nneɛma nketenkete, kyerɛ sɛ, afoforo a wɔyɛ adwuma ma ɔhene no. (2 Timoteo 2:20, 21) Nanso, bofunnua a ɛto so abien no gyina hɔ ma Sebna. Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea ɔyɛ den de, nanso wobeyi no hɔ. Obiara a ɔkɔ so de ne ho to no so no bɛhwe ase.

21. Te sɛ Sebna no, hena na wɔde obi asi n’ananmu wɔ nnɛ mmere yi mu, dɛn ntia, na hena na wɔde no asi n’ananmu?

21 Sebna asɛm no kae yɛn sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn mu no, ɛsɛ sɛ wɔn a wogye ɔsom hokwan tom no de som afoforo na ɛde ayeyi brɛ Yehowa. Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn dibea di dwuma ɔkwammɔne so de nya wɔn ho anaasɛ wɔpɛ din. Sɛ nhwɛso no, Kristoman fi bere tenten aka sɛ ɔno ne ofie panyin a wɔapaw no, Yesu Kristo asase so nanmusifo no. Nanso, sɛnea Sebna nam n’ankasa anuonyam a ɔhwehwɛe so guu n’agya anim ase no, saa ara na Kristoman akannifo agu Ɔbɔadeɛ no anim ase denam ahonyade ne tumi a wodi akyi so. Enti, bere dui sɛ atemmu “fi ase Onyankopɔn fi” wɔ 1918 mu no, Yehowa yii Kristoman fii hɔ. Wɔdaa ofie panyin foforo adi—“ofiepanyin nokwafo ne ɔbadwemma”—na wɔde no dii Yesu asase so fie no so. (1 Petro 4:17; Luka 12:42-44) Saa kuw yi a ɛwɔ afã ahorow no ada ne ho adi sɛ ɔfata sɛ wɔde Dawid adehye fie “safe” no ma no. Te sɛ “bofunnua” a wotumi de ho to so no, ada ne ho adi sɛ odum a wotumi de ho to so ama “nneɛma nketenkete” nyinaa na Kristofo a wɔasra wɔn a asɛyɛde ahorow hyehyɛ wɔn nsa no hwehwɛ honhom fam aduan fi ne hɔ. Te sɛ ‘ahɔho a na wɔwɔ’ tete Yerusalem ‘apon mu’ no, “nguan foforo” no de wɔn ho to saa “bofunnua” yi, nnɛyi Eliakim, no so.—Yohane 10:16; Deuteronomium 5:14.

22. (a) Dɛn nti na obi a wɔde no sii Sebna ananmu sɛ ofiepanyin no fata? (b) Nnɛ mmere mu no, dɛn nti na “ofiepanyin nokwafo ne ɔbadwemma” no a wɔpaw no no fata?

22 Eliakim sii Sebna ananmu bere a na Sanaherib ne ne dɔm rehunahuna Yerusalem no. Saa ara na wɔapaw “ofiepanyin nokwafo ne ɔbadwemma” no, sɛ ɔnsom awiei bere yi a ebedu ne mpɔmpɔn so bere a Satan ne ne dɔm de ntua a etwa to ba “Nyankopɔn Israel” ne wɔn mfɛfo nguan foforo so no. (Galatifo 6:16) Sɛnea ɛyɛe wɔ Hesekia bere so no, ntua no bɛba awiei bere a wɔsɛe wɔn a wɔtan adetrenee no. Wɔn a wɔde wɔn ho to ‘bofunnua a esi baabi a ɛyɛ den,’ ofiepanyin nokwafo no, so no befi mu aka, sɛnea anokwafo a na wɔwɔ Yerusalem fii mu kae wɔ Asiria ntua a ɔde baa Yuda so mu no. Ɛnde, hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛremmata “bofunnua” a n’anim agu ase, a ɛne Kristoman no ho!

23. Dɛn na ɛto Sebna awiei koraa, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?

23 Dɛn na ɛto Sebna? Yenni sɛnea ne ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 22:18 no nyaa mmamu ho kyerɛwtohɔ biara. Bere a ɔma ne ho so na afei wogu n’anim ase no, na ɔte sɛ Kristoman, nanso ɛte sɛ nea osua biribi fi asotwe no mu. Wɔ eyi mu no, ɔyɛ soronko wɔ Kristoman ho koraa. Bere a Asiriani Rabsake hyɛ sɛ wɔntow nhyɛ Yerusalem so no, Hesekia fiepanyin foforo, Eliakim, na odi ananmusifo a wokohyia no no anim. Nanso, Sebna ka ne ho sɛ ɔhene kyerɛwfo. Ɛda adi sɛ, Sebna da so ara yɛ adwuma ma ɔhene no. (Yesaia 36:2, 22) Asuade a ɛfata ma wɔn a wɔhwere ɔsom mu gyinabea wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu bɛn ara ni! Sɛ́ anka wobedi yaw na wɔn bo afuw no, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔbɛkɔ so asom Yehowa wɔ gyinabea biara a ɔma wonya no mu. (Hebrifo 12:6) Wɔnam saayɛ so bɛkwati asiane a ɛbɛba Kristoman so no. Mmom no, wobenya Onyankopɔn anim dom ne ne nhyira daa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Wɔ 66 Y.B. no, Yudafo pii dii ahurusi bere a Roma asraafo a wɔrebetua Yerusalem no san wɔn akyi no.

^ nky. 6 Sɛnea afeha a edi kan mu abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, wɔ 70 Y.B. no, na ɔkɔm a asi Yerusalem no mu yɛ den araa ma nnipa wee mmoa nhoma, sare, ne nwura. Sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ ɛna bi totoo n’ankasa ba wee.

^ nky. 10 Ɔkwan foforo so no, ‘Yuda nkataho’ no betumi akyerɛ biribi foforo a ɛbɔ kurow no ho ban, te sɛ abannennen a wɔkora akode wɔ hɔ na asraafo te no.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 231]

Bere a Sedekia guan no, wɔkyere no, bobɔ n’ani

[Mfonini wɔ kratafa 232, 233]

Yudafo a wɔaka wɔn ahyem wɔ Yerusalem no nni anidaso biara

[Mfonini wɔ kratafa 239]

Hesekia de Eliakim yɛ ‘bofunnua a ɛwɔ baabi a ɛyɛ den’

[Mfonini wɔ kratafa 241]

Te sɛ Sebna no, Kristoman akannifo pii agu Ɔbɔadeɛ no anim ase denam ahonyade pii a wɔhwehwɛ so

[Mfonini wɔ kratafa 242]

Nnɛ no, wɔapaw ofiepanyin nokwafo kuw bi sɛ onni Yesu fie so