Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Mmere Mu​—Okuafo

Bible Mmere Mu​—Okuafo

Bible Mmere Mu​—Okuafo

“[Yesu ka] kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Yiw, otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.’”​—MATEO 9:37, 38.

SƐ Yesu rekyerɛkyerɛ nneɛma a ɛho hia mu a, na ɔtaa de kuayɛ ne nnwinnade a wɔde yɛ adwuma wɔ afum yɛ mfatoho. (Mateo 11:28-30; Marko 4:3-9; Luka 13:6-9) Adɛn ntia? Efisɛ na ɔte akuafo mu. Nnipa a wotiee no no, na pii yɛ kuadwuma sɛnea wɔn nananom yɛe no. Esiane sɛ nneɛma a ɔkaa ho asɛm no yɛ nneɛma a na wɔyɛ daa nti, wɔtee ase. Ná ɔno nso te wɔn ase, na nea ɔkyerɛɛ wɔn no kaa wɔn koma.—Mateo 7:28.

Ade biako a ɛbɛboa yɛn ama yɛate Yesu mfatoho ahorow ne Bible mu nsɛm foforo ase yiye ne sɛ yebehu sɛnea na kuayɛ te wɔ Yesu bere so. Nnɔbae bɛn na woduae, nnwinnade bɛn na wɔde yɛɛ adwuma, na ɔhaw bɛn na wohyiae?

Ma yɛnhwɛ sɛnea na okuafo adwuma te. Kenkan kyerɛw nsɛm a ɛwowɔ ha yi na hwɛ nea wubetumi asua afi mu.

Bere a Wogu Aba

Twa ho mfonini hwɛ sɛ okuafo no gyina ne fie kwan ano rehwɛ owia a ɛrepue, na ɔte sɛ mframa no mu ayɛ nwini. Osu atɔ ama fam ayɛ mmerɛw. Bere adu sɛ wofuntum asase. Ɔde dua a wɔde funtum asase no to ne kɔn ho, na ɔde n’ani kyerɛ n’afuw mu.

Odu afum hɔ a, ɔde n’anantwi begyinagyina hɔ na ɔde dua to wɔn kɔn mu ka wɔn ma wɔkɔyɛ adwuma. Dade a ɛhyɛ nea wɔde funtum asase no ano no tutu asase no ani; entu nkɔ fam, na mmom eyiyi nkofi (1). Okuafo no yere ne ho paa sɛ ɔbɛma dua a wɔde funtum asase no akɔ tee. Ɔnhwɛ n’akyi, anyɛ saa a, nea ɔreyɛ no bɛkyea. (Luka 9:62) Ɛnsɛ sɛ ɔtra ne hye; ɛsɛ sɛ ɔhwɛ de n’asase no di dwuma yiye.

Afei wayiyi nkofi wɔ asase no nyinaa so, enti obetumi agu aba no. Okuafo no de atoko gu kotoku mu de ne nsa biako so mu, na ohim ne nsa a aka no kɔ benkum ne nifa de pete aba no (2). N’asase no fa bi yɛ anammɔnkwan a ɛso yɛ den, enti ɔtɔ ne bo ase pete aba no na ama akogu “asase pa mu.”—Luka 8:5, 8.

Sɛ okuafo no gu aba no wie a, onunu asase no mu. Ɔkwan a ɔfa so yɛ saa ne sɛ, ɔde nsɔe sã n’anantwi no ma wɔtwe fa asase no so. Nnomaa ba bɛsosɔ aba no bi ansa na dɔte akata so. Akyiri yi okuafo no de ɔsosɔw (3) yiyi asase no mu, na otutu mu wura, anyɛ saa a, ebemia aba no na annyin.—Mateo 13:7.

Otwa Bere

Asram pii twam. Osu tɔ. Owia bɔ ma atoko no bere na afuw no nyinaa hoa.—Yohane 4:35.

Sɛ edu otwa bere a, okuafo no ne n’abusuafo nni adagyew koraa. Otwafo no de ne nsa benkum moa atoko no dodow bi, na ɔde kantankrankyi twa (4). Ebinom nso boaboa atoko no ano (5), na wɔhyehyɛ gu afurum so anaa wɔde gu biribi te sɛ teaseɛnam mu (6) de kɔ kurow no awiporowbea.

Ewim atew kama, na owia no gyina so denneennen. Abusua no kogye wɔn ahome kakra wɔ borɔdɔma dua bi ase. Wɔbɔ nkɔmmɔ serew, na wɔde biribi kakra ka wɔn ano. Wodi paanoo, nkyewe, ngodua aba, borɔdɔma aba, ne bobe, na wɔnom ɔtare mu nsu gu so.—Deuteronomium 8:7.

Ebinom sesaw nnɔbae ase wɔ afuw a ɛbɛn hɔ no mu (7). Wɔn de, wɔyɛ ahiafo nti wonni asase.—Deuteronomium 24:19-21.

Akyiri yi, okuafo no de atoko afiafi no gu kurow no awiporowbea hɔ baabi a ɛwɔ soro kakra a ɛhɔ yɛ den. Anantwi twe awiporow ade di akɔneaba wɔ atoko no so (8). (Deuteronomium 25:4) Abo ne nnade a ɛhyehyɛ awiporow ade no ase no twitwa atoko nnua no mu.

Okuafo no twɛn kosi anwummere a mframa rebɔ no. (Rut 3:2) Anwummere a owia rekɔtɔ no, ɔde dua adinam anaa “nhuwso apaawa” (9), saw atoko a wɔaporow no tow kɔ wim. (Mateo 3:12) Aba no mu yɛ duru nti egu fam na mframa de ntɛtɛwa no kɔ. Ɔyɛ no saa nkakrankakra kosi sɛ obehuw awi no nyinaa so awie.

Ade kye a, okuafo no ne ne yere fi ase huhuw aba no so (10). Wɔde aba ne abo a adi afra no gu sɔnee mu wosow no. Atoko no fifi gu nkɛntɛn mu na nwura no de, ehuw gu nkyɛn. Wɔatwa nnɔbae bebree. Adwumayɛfo no de aba no bi gu nhina mu (11). Wotu amoa de nea aka no sie mu.

Afei okuafo a wayɛ adwuma abrɛ no pagyaw ne mu wɔ awiporowbea hɔ, na ɔtwe ne mu toto n’ani hwɛ mfuw a ɛbemmɛn hɔ no. Ɔde anigye hwɛ asase a ɛso awo a aka atoko nnua wɔ so no hu sɛ wɔayɛ adwumaden wɔ hɔ. Ɔto n’ani a ohu sɛ adwumayɛfo bi reyɛ bobe, ngodua, granate akutu ne borɔdɔma ho adwuma. Obi a n’afuw bɛn no a ɔreyɛ n’afuw mu adwuma pagyaw ne nsa kyia no. Ɔno de, odua ɛfere, asɛdua, adua, nnuadewa, asɛ nketenkete ne gyeene. Okuafo no gyina hɔ ma ne ti so hwɛ soro fi ne komam bɔ mpae da Onyankopɔn ase sɛ ɔma akyɛde pa.—Dwom 65:9-11.

[Kratafa 28 mfonini]

(Hwɛ nhoma no mu)