Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɛfata sɛ Wubehu Biribiara Mu?

So Ɛfata sɛ Wubehu Biribiara Mu?

So Ɛfata sɛ Wubehu Biribiara Mu?

“Nnipa yɛ abɔde a wɔpɛ nsɛmmisa. Yefi yɛn mmofraase bisa nsɛm . . . Yebetumi aka mpo sɛ yɛn abakɔsɛm nyinaa gyina nsɛm a yɛabisa ne ɛho mmuae a yɛanya so.”—Octavio Paz, Mexico anwensɛm kyerɛwfo.

DƐN na ɛma oduannoafo yɛ aduan foforo a obiara nnii bi da? Dɛn na ɛka ɔbɔrehufo ma otu kwan kɔ akyirikyiri? Dɛn na ɛma mmofra bisa nsɛm pii? Mpɛn pii no, ɛyɛ biribi a wɔrepɛ ahu ntia.

Na wo nso ɛ? So nsusuwii foforo anaa nsɛmmisa a ɛkyere adwene ka wo ma wunya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ nhwehwɛmu? Sɛ nhwɛso no, Ɛhe na nkwa fi bae? Dɛn nti na yɛwɔ ha? So Onyankopɔn wɔ hɔ? Asɛmpɛ nti, yɛn mu dodow no ara fi yɛn mmofraase abisa nsɛm a ɛte sɛɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nea enti a nneɛma te saa. Sɛ yɛn ani gye biribi ho a, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yebehu nea etua mu nyinaa. Ne saa nti, nneɛma pa betumi afi ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebehu biribi mu no mu aba. Nanso ebetumi asan de yɛn akɔ ɔhaw anaa asiane mu mpo.

Ahwɛyiye ho Hia

Nnipa pii ate asɛm a nkurɔfo taa ka yi pɛn: “Asɛmpɛ dodow yɛ mmusu.” Yiw, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebehu biribi mu no anni yɛn awu. Sɛ nhwɛso no, asɛmpɛ nti, abofra betumi de ne nsa akɔka ogya ma ahyehyew no. Sɛ yɛrepɛ biribi mu ahu nso a, ebetumi akanyan yɛn ma yɛasua ade pii de ahwehwɛ yɛn nsɛmmisa ho mmuae. Nanso, esiane sɛ yɛrepɛ biribi ahu nti, so nyansa wom sɛ yɛfeefee biribiara mu?

Ɛda adi sɛ, nimdeɛ bi wɔ hɔ a, enye, efisɛ ebetumi adi yɛn awu. Nguamansɛm, ahonhonsɛmdi, anaa sum ase kuw bi nkyerɛkyerɛ a asɛmpɛ nti yɛbɛhwehwɛ mu no betumi apira yɛn. Wɔ eyinom nyinaa ne nsɛm afoforo mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ yesuasua Hebri dwontofo a ɔbɔɔ mpae yi: “Ma m’ani ntwa adehunu hwɛ ho.”—Dwom 119:37.

Afei nimdeɛ bi nso wɔ hɔ a empira ankasa, nanso mfaso biara nni so, na ɛho nhia. Sɛ nhwɛso no, mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ wubehu sini mu akunini anaa nnipa a wɔagye din asetra mu nsɛm nyinaa, sɛ́ wubehu agumadi kuw biara ne agumadifo no ho nsɛm nyinaa, anaa wubehu mfiri ahorow anaa kar a aba so foforo ho biribiara? Nnipa pii fam no, sɛ́ wobehu eyinom ho nsɛm yiye no remfa wɔn nsi baabiara.

Nhwɛso a Ɛhyɛ Nkuran

Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na asɛmpɛ nye. Susuw Alexander von Humboldt, Germanni ɔbɔrehufo a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 19 mu a wɔde Humboldt Current a ɛwɔ Amerika Anafo fam atɔe too no no ho hwɛ.

Humboldt kae bere bi sɛ: “Mifi me mmofraase tɔnn na minyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ metu kwan akɔ asase so mmeae a ɛwɔ akyirikyiri a ɛkame ayɛ sɛ Europafo nkɔɔ hɔ da so.” Ɔtoaa so sɛ: “M’adwene na ɛkaa me ma minyaa ɔpɛ a emu yɛ den saa.” Bere a odii mfe 29 no, otuu kwan kɔɔ Amerika Mfinimfini ne Anafo fam, na ɔde mfe anum kɔyɛɛ nhwehwɛmu. Ɔde n’akwantu no ho nsɛm a ɔboaboaa ano no kyerɛw nhoma ahorow 30.

Humboldt ammu n’ani angu biribiara a ohui so—ɛpo no so hyew, emu mpataa, ne afifide ahorow a ohui wɔ n’akwantu no mu. Ɔforoo mmepɔw, ɔhwehwɛɛ asubɔnten ahorow, na ɔfaa po so. Ɛnnɛyi nyansahufo gyina nhwehwɛmu a Humboldt yɛe no so na ɛyɛ wɔn nhwehwɛmu ahorow. Eyi nyinaa fi ɔpɛ a emu yɛ den a na ɔwɔ sɛ obehu biribi mu no, na ɔde ne nkwa nna nyinaa hwehwɛɛ nimdeɛ. Amerikani nhomakyerɛwfo, Ralph Waldo Emerson kae sɛ: “Humboldt ka nnipa a wɔn ho yɛ nwonwa . . . a ɛwom wom a wɔba nnipa asetra mu te sɛ nea wɔrebɛkyerɛ yɛn nneɛma horow a onipa adwene betumi ayɛ no ho.”

Nimdeɛ a Ɛfata sɛ Yɛhwehwɛ Mu

Ɛwom, yɛn mu kakraa bi pɛ na yebenya hokwan abɛyɛ abɔrehufo a wɔagye din wɔ wiase anaa yebetumi aboa ma wɔayɛ nyansahu mu nhwehwɛmu. Nanso nimdeɛ bi wɔ hɔ a, yebetumi asusuw ho na yɛanya so mfaso asen biribi foforo biara a yebesua. Yesu Kristo kaa nimdeɛ a ɛte saa ho asɛm kyerɛɛ ne soro Agya wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.”—Yohane 17:3.

Yebetumi anya nokware Nyankopɔn, a ne din de Yehowa, ne ne Ba, Yesu Kristo, ho nimdeɛ a yɛbɛhwehwɛ mu no so mfaso asen biribi foforo biara. Susuw asetra ho nsɛmmisa a yɛadi kan aka ho asɛm no ho hwɛ. Nsɛmmisa foforo a ehia a yebetumi abisa bio ne sɛ: Dɛn nti na amanehunu ahyɛ wiase yi mu ma saa? So nnipa na ɛbɛsɛe asase? Na dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ na asiane a ɛte saa anto nnipa? Nsɛmmisa yi ho mmuae a yebenya no so bɛba yɛn mfaso asen nimdeɛ a yebenya ara kwa. Sɛnea Yesu kae no, ‘eyi kyerɛ daa nkwa.’ Dɛn nti na yebetumi agye adi?

Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no. Kristoni ɔsomafo Paulo kaa Bible no ho asɛm sɛ: “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso, na Onyankopɔn nipa afata koraa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara.”—2 Timoteo 3:16, 17.

Wo de susuw ho hwɛ—ɔsomafo no kae sɛ, Bible ma yenya nimdeɛ a ebetumi ama yɛafata anaa yɛayɛ nnwuma pa. Ebetumi aboa yɛn ma yɛde Onyankopɔn adwene asusuw nsɛm ho. Na yenim sɛ Onyankopɔn nimdeɛ ne ne nyansa boro obiara de so koraa. Onyankopɔn maa odiyifo Yesaia kyerɛw nsɛm a emu dɔ yi: “Ɛnyɛ́ m’adwene ne mo adwene, na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, [Yehowa, NW] asɛm ni; na sɛ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene nso sen mo adwene.”—Yesaia 55:8, 9.

So wopɛ sɛ wuhu Onyankopɔn akwan ne n’adwene a ɛkorɔn no? So biribi a worepɛ ahu ka wo ma wohwehwɛ nea Onyankopɔn Asɛm, Bible, ka wɔ Onyankopɔn akwan ne n’adwene ho? W’ani gye ho paa sɛ wubehu nea Onyankopɔn bɛyɛ de ama amanehunu to atwa, ne nneɛma pa a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma asoɔmmerɛwfo no? Bible hyɛ wo nkuran sɛ: ‘Ka hwɛ na hu sɛ Yehowa ye, nhyira ne onipa a oguan toa no.’—Dwom 34:8.

Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm a tumi wom no betumi anya onipa koma so tumi sɛnea hann betumi anya onifuraefo a ohu ade bere a edi kan koraa no so tumi no ara pɛ. Ɛkaa ɔsomafo Paulo ma ɔkae sɛ: “O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa! Hwɛ sɛnea wontumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu, na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!” (Romafo 11:33) Nokwasɛm ne sɛ, yɛrentumi nte Onyankopɔn nimdeɛ ne ne nyansa a emu dɔ no ase nwie da. Nea yɛrehwɛ kwan ne sɛ, daakye asetra renyɛ mfonoe da, na yebesua nneɛma foforo ho ade daa.

Nnyae sɛ Wobɛpɛ Biribi mu Ahu!

Ɛwom, yɛn mu dodow no ara remmɛyɛ abɔrehufo a wɔagye din da. Na ebia yɛrentumi mfa yɛn nkwa nna nte biribiara a yɛpɛ sɛ yehu ase nwie nso da. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya ɔpɛ sɛ yɛbɛhwehwɛ biribi mu. Nnyae ɔpɛ a emu yɛ den a Onyankopɔn de adua yɛn mu no akyidi da.

Fa akyɛde soronko a Onyankopɔn de adua yɛn mu yi di dwuma yiye na nya Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu ntease a edi mũ. Sɛ woyɛ saa a, wubehu nea enti a wote nkwa mu nnɛ, na wubetumi ahwɛ kwan sɛ wobɛtra ase daa a worenwu da. Bible ka sɛ: “Wayɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde bere a enni awiei ahyɛ wɔn komam, sɛnea ɛbɛyɛ a adesamma renhu nneɛma a nokware Nyankopɔn ayɛ no mu fi mfiase kosi awiei.”—Ɔsɛnkafo 3:11, NW.

[Adaka/Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

So Wunim Sɛ ...

• Mfehaha pii ansa na Columbus ne Magellan rekyerɛ sɛnea asase te no, na Bible aka sɛ asase nyɛ tratra na mmom ɛyɛ kontonkron?Yesaia 40:22.

• Mfe pii ansa na ahunmu akwantufo rebehu sɛ asase no nsi biribiara so no, na Bible no aka sɛ asase sɛn nea biribi nni?Hiob 26:7.

• Anyɛ yiye koraa no, mfe 2,500 ansa na Britaniani oduruyɛfo, William Harvey, rehu sɛ mogya di aforosian wɔ nipadua mu no, na Bible aka sɛ koma no mu na nkwa nsuti wɔ?Mmebusɛm 4:23, NW.

• Bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni no, Bible kyerɛkyerɛɛ sɛnea nsu di kyinhyia ma nkwa tumi tra asase so no mu wɔ ɔkwan a ɛnyɛ den koraa so?Ɔsɛnkafo 1:7.

So ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible kaa nyansahu mu nokwasɛm yi nyinaa ho asɛm bere tenten ansa na nnipa rebehu eyinom ate ase? Nokwarem no, nsɛm a ɛsom bo na ɛho hia ma nkwa wɔ Bible mu a ɛretwɛn wo sɛ wobɛbɔre ahwehwɛ.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Alexander von Humboldt