Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Dɛn nti na ehu kaa Pontio Pilato bere a ɔtee sɛ Yesu ‘ayɛ ne ho sɛ Onyankopɔn ba’ no?—Yohane 19:7.

Julius Caesar wu akyi no, Roma Mmarahyɛ Bagua no yɛɛ no onyame bi. Caesar faa Octavian sɛ ne ba, na ɔno na odii Caesar ade. Octavian dii ade akyi no, wɔfrɛɛ no divi filius, a ɛkyerɛ “Onyankopɔn Ba.” Saa Latin abodin no bɛyɛɛ din kronkron a na wɔde ma ahempɔn. Abodin yi a wɔakyerɛw no pii agu Roma afɔremuka, asɔrefie, ne ahoni ho, ne afei sika so no si so dua sɛ asɛm yi yɛ nokware. Bere a Yudafo no bɔɔ Yesu sobo sɛ ɔreyɛ ne ho sɛ “Onyankopɔn ba” no, na nea wɔrekyerɛ ne sɛ ɔde ahemfo abodin rema ne ho, na na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔfatwafo.

Bere a na wɔredi Yesu asɛm no, na Tiberio anya abodin divi filius, dedaw. Ná ɔhempɔn yi agye dimmɔne sɛ obi a okunkum obiara a obu no sɛ ne tamfo no. Enti bere a Yudafo no kae sɛ, sɛ Pilato ammu Yesu fɔ a na ɛkyerɛ sɛ wanni Kaesare nokware no, Roma amrado yi ‘suroe paa.’ Awiei koraa no, ɔmaa nkurɔfo no ho suro hyɛɛ no so, na ɔhyɛ ma wokum Yesu.—Yohane 19:8, 12-16.

Dɛn nti na Sakaria hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Tiro bere a na Babilonfo asɛe kurow no dedaadaw?

Ná Tiro yɛ tete nkurow abien bi a ɛda Mediterranea Mpoano. Ná biako yɛ asasetaw, na na biako nso yɛ supɔw.

Bere bi, na Tirofo yɛ Israelfo nnamfo. Nanso akyiri yi, Tirofo bɛyɛɛ adefo, na wofii ase buu Yehowa Nyankopɔn animtiaa, ma mpo wowiaa sika ne dwetɛ fii Yehowa nkurɔfo no hɔ, na wɔtɔn wɔn mu binom kɔɔ nkoasom mu. (Yoel 3:4-6) Eyi maa Yehowa de atemmu baa wɔn so. Yehowa nam n’adiyifo so hyɛɛ Tiro ho nkɔm sɛ, Babilonfo hene Nebukadnesar bɛsɛe kurow no. Bere a Nebukadnesar sɛee Yerusalem wiei wɔ afe 607 ansa na wɔrewo Yesu no, ɔne n’asraafo de wɔn ani kyerɛɛ Tiro.—Yesaia 23:13, 14; Yeremia 27:2-7; Hesekiel 28:1-19.

Bere a Tirofo hui sɛ wɔadi nkogu no, wɔsesaa wɔn nneɛma guan kɔɔ Tiro kurow a ɛwɔ supɔw so no. Babilonfo no sɛee Tiro kurow a ɛda asasetaw so no pasaa. Bɛyɛ mfe 100 akyi no, Yehowa maa ne diyifo Sakaria kaa N’atemmu a na ɔde bɛba Tiro so no ho asɛm sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, NW] bɛma wɔafa no adi, na wabɔ ne tumi ɛpo mu, na ɛno ankasa de, ogya bɛhyew no.”—Sakaria 9:3, 4.

Alexander Ɔkɛseɛ sɛee Tiro kurow a ɛda supɔw so no wɔ afe 332 ansa na wɔrewo Yesu mu, na eyi maa Sakaria nkɔmhyɛ no baa mu. Nea ɛbɛyɛ na Alexander atumi ayɛ eyi no, ɔfaa abo ne nnua fii kurow a adan amamfõ no so de yii kwan a ne tenten yɛ kwansin fã fii Tiro kurow a wɔasɛe no no so kɔɔ supɔw no so. Hesekiel hyɛɛ eyi nso ho nkɔm.—Hesekiel 26:4, 12.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

“Wotwaa tiro ho hyiae”

[Asɛm Fibea]

Drawing by Andre Castaigne (1898-1899)