Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Noa Nsuyiri No Baa Wiase Nyinaa Ampa?

So Noa Nsuyiri No Baa Wiase Nyinaa Ampa?

Nsɛm a Akenkanfo Bisa

So Noa Nsuyiri No Baa Wiase Nyinaa Ampa?

Bɛboro mfe 4,000 ni na Noa Nsuyiri no bae. Enti obiara nni hɔ a ɔte ase nnɛ a ɔde n’ani huu nea esii a ɔbɛka ho asɛm akyerɛ yɛn. Nanso, yɛwɔ saa atoyerɛnkyɛm a esii no ho kyerɛwtohɔ, na ɛka sɛ nsu no yiri kataa bepɔw tenten paa a na ɛwɔ hɔ saa bere no so.

Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Nsuyiri no baa asase so adaduanan . . . Na nsu no boroo so ara wɔ asase so, na ɛkataa mmepɔw atenten a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa so. Nsu no boroo so kɔɔ soro basafa dunnum [bɛyɛ anammɔn 22] kataa mmepɔw so.”—Genesis 7:17-20.

Ebia ebinom bebu nsu a eyiri faa wiase nyinaa no sɛ anansesɛm anaa nsɛm a wɔagugu mu dodo. Ɛnte saa koraa! Nokwarem no, sɛ yɛbɛka a, asase no fã kɛse no ara da so ara hyɛ nsu ase. Ɛpo akata asase no ɔha mu nkyem 71 so. Enti sɛ yɛbɛka paa a, nsuyiri no da so ara wɔ asase so. Sɛ nsukyenee a ɛwɔ mmepɔw atifi, ne nea ɛwɔ asase atifi ne anafo no nyinaa renan a, anka ɛpo beyiri afa nkurow bi te sɛ New York ne Tokyo.

Abotan ho animdefo a wɔrehwehwɛ sɛnea asase a ɛda United States atifi atɔe fam te no kyerɛ sɛ bere tenten a atwam ni no, nsuyiri akɛse bɛyɛ 100 asisi wɔ hɔ. Wɔkyerɛ sɛ nsuyiri a ɛte saa no biako yiri kɔɔ soro bɛyɛ anammɔn 2,000, na dɔnhwerew biara na etwa akwansin 65. Nhwehwɛmu foforo a ɛte saa nso ama nyansahufo afoforo agye adi sɛ nsuyiri a ɛbaa wiase nyinaa no yɛ ade a ebetumi asi.

Nanso wɔn a wogye di sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm no de, wonim sɛ wiase nyinaa nsuyiri nyɛ ade a ebetumi asi kɛkɛ na mmom ɛbae ankasa. Yesu ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ “wogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Timoteo 2:3, 4) Sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ anansesɛm a, anka ɛbɛyɛ dɛn na Paulo de Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nokwasɛm akyerɛkyerɛ Yesu akyidifo?

Ɛnyɛ sɛ Yesu gye dii sɛ Nsuyiri no bae nko, na mmom ogye dii nso sɛ ɛbaa wiase nyinaa. Wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa ne mmae ne wiase a ɛwɔ hɔ yi awiei ho no, ɔde nsɛm a na ebesisi no totoo Noa bere no ho. (Mateo 24:37-39) Ɔsomafo Petro nso kyerɛw nsuyiri a ɛbaa Noa bere so no ho asɛm sɛ: “Ɛnam so na nsu yiri sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ saa bere no.”—2 Petro 3:6.

Sɛ na Noa yɛ anansesɛm mu onipa biara kɛkɛ a, ɛnde na nsuyiri no nso amma, ma enti mfaso biara nni Petro ne Yesu kɔkɔbɔ a wɔde maa wɔn a wɔte ase wɔ nna a edi akyiri yi mu no so. Sɛ nsuyiri no yɛ anansesɛm a, anka ɛrennyɛ kɔkɔbɔ. Mmom no, anka ɛbɛma nkurɔfo adwene atu afra na ayɛ den ama wɔn sɛ wobetwa ahohiahia kɛse a ɛsen Noa Nsuyiri no.—2 Petro 3:1-7.

Bere a Onyankopɔn reka mmɔborohunu a ɔkɔ so da no adi kyerɛ ne nkurɔfo ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Sɛnea mekaa ntam sɛ Noa nsu no mmfa asase so bio no, saa ara nso na maka ntam sɛ me bo renhuru wo na merenteɛteɛ wo bio.” Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛnea Noa Nsuyiri no kataa asase so nyinaa no, saa ara na Onyankopɔn de n’adɔe bedi ama wɔn a wɔde wɔn ho to no so no.—Yesaia 54:9.