Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɔkwan a Yɛfa so Som Onyankopɔn No Ho Hia?

So Ɔkwan a Yɛfa so Som Onyankopɔn No Ho Hia?

So Ɔkwan a Yɛfa so Som Onyankopɔn No Ho Hia?

ƆBENFO Alister Hardy kae wɔ nhoma bi mu sɛ, “Nyamesom agye ntini wɔ adesamma asetra mu.” (The Spiritual Nature of Man) Ɛte sɛ nea nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi foa asɛm yi so. Wohui sɛ wiase nyinaa mu nnipa bɛyɛ ɔha mu nkyekyɛm 86 kyerɛ sɛ wɔwɔ ɔsom bi mu.

Nhwehwɛmu no nso daa no adi sɛ, agyidifo no wɔ ɔsom atitiriw 19 mu, na nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no wɔ asɔre ahorow 37,000 mu. Ebia eyi bɛma woabisa sɛ, so Onyankopɔn pene akwan horow yi nyinaa a wɔnam so som no no so anaa? So ɔkwan a yɛfa so som no no ho hia?

Wɔ asɛm a ɛho hia yi mu no, yɛrentumi mfa yɛn adwene nkyerɛ nea eye kɛkɛ. Ɛfata sɛ yɛhwehwɛ nea Onyankopɔn ankasa ka wɔ asɛm no ho mu. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu no, ɛsɛ sɛ yɛdan kɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible so. Dɛn ntia? Efisɛ Yesu Kristo ankasa kae wɔ mpaebɔ mu kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Na ɔsomafo nokwafo Paulo nso kae sɛ: “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.”—2 Timoteo 3:16.

Bible kyerɛ sɛ, ɛnyɛ ɔsom nyinaa na Onyankopɔn gye tom. Yɛwɔ ɔsom a tete no Onyankopɔn penee so ne nea wampene so ho nhwɛso wɔ hɔ. Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase yɛ nhwɛso a ɛte saa mu nhwehwɛmu a, yebetumi ahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn som asɔ Onyankopɔn ani.

Tete Nhwɛso Bi

Yehowa Nyankopɔn nam odiyifo Mose so de sɛnea Israelfo bɛsom Onyankopɔn ma asɔ n’ani ho mmara maa wɔn. Bere a ɔman no yɛɛ nea mmara a na wɔtaa frɛ no Mose Mmara no hwehwɛ no, Onyankopɔn gyee wɔn toom sɛ ne man, na ohyiraa wɔn. (Exodus 19:5, 6) Ɛmfa ho sɛ Onyankopɔn hyiraa Israel man no, wɔpoo ɔsom a na Onyankopɔn pene so no. Mpɛn pii no, wogyaw Yehowa som hɔ kodii aman a na wɔatwa wɔn ho ahyia no ɔsom mu amanne ahorow akyi.

Wɔ adiyifo Hesekiel ne Yeremia bere so wɔ afeha a ɛto so ason ansa na wɔrewo Yesu mu no, Israelfo pii anni Onyankopɔn Mmara so, na wɔne aman a na atwa wɔn ho ahyia no bɔe denneennen. Aman yi amammerɛ ne wɔn afahyɛ ahorow a Israelfo dii akyi no ma wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔsom afrafra mu. Nea na Israelfo pii reka ne sɛ: “Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ asase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔbo.” (Hesekiel 20:32; Yeremia 2:28) Ná wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa Nyankopɔn, nanso bere koro no ara na wɔsom “abosonhuhuw,” na mpo wɔde wɔn mma bɔɔ afɔre maa wɔn.—Hesekiel 23:37-39; Yeremia 19:3-5.

Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no frɛ ɔsom a Israelfo de wɔn ho hyɛɛ mu no ɔsom afrafra; wɔsom anyame ahorow wɔ bere koro mu. Ɛnnɛ, nnipa pii susuw sɛ esiane sɛ yɛte wiase bi a ahyehyɛde ahorow wom mu, na ɛsono nea obiara gye di nti, ɛsɛ sɛ yegye biribiara tom, a nyamesom nso ka ho. Enti wosusuw sɛ, mfomso biara nni ɔkwan biara a wɔbɛfa so asom Onyankopɔn no mu. So ɛte saa ankasa? So nea ehia ara ne sɛ yebegye obiara som atom kɛkɛ? Susuw ɔsom ahorow a na agye din a Israelfo a wɔanni nokware no de wɔn ho hyɛɛ mu, ne nea ɛkowiee wɔn no ho hwɛ.

Sɛnea Israelfo de Wɔn ho Hyɛɛ Ɔsom Afrafra Mu

Israelfo de wɔn ho hyɛɛ ɔsom afrafra mu wɔ “sorɔnsorɔnmmea” anaa abosomfie, baabi a na afɔremuka, beae a wɔhyew nnuhuam, abo adum, ne Asera nnua a na ɛda adi sɛ ɛyɛ Kanaanfo abawo nyamewa, Aser, honi a wɔde dua asen wɔ no. Ná mmeae a ɛtete saa pii wɔ Yuda. Wɔ 2 Ahenne 23:5, 8 no, wɔka “Yuda nkurow mu ne Yerusalem ho sorɔnsorɔnmmea, . . . fi Geba [a ɛwɔ atifi fam] kosi Beer-Seba [a ɛwɔ anafo fam]” no ho asɛm.

Ná Israelfo no hyew “nnuhuam ma Baal ne owia ne ɔsram ne owia atrae nsoromma ne ɔsoro asafo no nyinaa” wɔ saa mmeae yi. Wosisii “nguamannan a ɛwɔ [Yehowa, NW] fi,” na wɔde wɔn mma ‘faa ogya mu maa Molek.’—2 Ahene 23:4-10.

Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu ahoni pii a wɔde dɔte ayɛ wɔ Yerusalem ne Yuda, na wohuu eyi titiriw wɔ nkurɔfo afie a asɛe mu. Ná mfonini yi dodow no ara yɛ mmea a wɔdeda adagyaw a wɔn nufu yɛ akɛseakɛse paa. Nhomanimfo kyerɛ sɛ, saa ahoni yi yɛ abawo nyamewa Astarot ne Aser. Ná wogye di sɛ “tumi bi wɔ ahoni yi mu a ɛboa mmea ma wonyinsɛn na wɔwo mma.”

Ná Israelfo bu mmeae a wɔsom anyame horow yi dɛn? Ɔbenfo Ephraim Stern a ɔwɔ Hebri Sukuupɔn mu no kae sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na “wɔahyira” sorɔnsorɔmmea no mu pii “so ama Yahwe [Yehowa].” Ɛte sɛ nea nkyerɛwee a wɔahu wɔ mmeae a wɔatutu no foa asɛm yi so. Sɛ nhwɛso no, emu biako ka sɛ: “Yahwe a ɔwɔ Samaria ne Aser nhyira wo,” na foforo nso ka sɛ: “Yahwe a ɔwɔ Tema ne Aser nhyira wo!”

Nhwɛso ahorow yi ma yehu sɛnea Israelfo de abosonsom a ɛyɛ aniwu frafraa Yehowa Nyankopɔn som mu. Nea efii mu bae ne sɛ, wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu na woguu wɔn som ho fĩ. Onyankopɔn buu ɔsom ahorow a wɔde frafraa wɔn som mu no dɛn?

Nea Onyankopɔn Yɛe wɔ Ɔsom Afrafra Ho

Onyankopɔn nam ne diyifo Hesekiel so ma Israelfo huu sɛnea ne bo afuw wɔn, na ɔkasa tiaa wɔn abosonsom no. Ɔkae sɛ: “Mo trabea nyinaa nkurow bɛdan amanfõ, na sorɔnsorɔmmea bɛdan ahodwiriwde, sɛnea ɛbɛyɛ na mo afɔremuka adan afõ ne ahodwiriwde, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo wia adum, na wɔagu mo nneyɛe no.” (Hesekiel 6:6) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa buu ɔsom a ɛte saa sɛ ɛmfata koraa na wannye antom.

Yehowa Nyankopɔn kaa sɛnea ɔsɛe no bɛba ho asɛm. “Hwɛ, meresoma . . . m’akoa, Babel hene Nebukadnesar, na mede wɔn maba asase yi ne ɛsotefo so, ne amanaman yi a wɔatwa ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasaa . . . Na asase yi nyinaa bɛdan amamfõ.” (Yeremia 25:9-11) Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, wɔ afe 607 ansa na wɔrewo Yesu no, Babilonfo bɛto hyɛɛ Yerusalem so, na wɔsɛe kurow no ne n’asɔrefie pasaa.

Ɛdefa Yerusalem sɛe ho no, Ɔbenfo Stern a yɛafa n’asɛm aka no kyerɛ sɛ nneɛma a wɔatutu fam ahu no “ma Bible mu nsɛm (2 Ahene 25:8; 2 Beresosɛm 36:18-19) a ɛka sɛnea wɔsɛee kurow no, sɛnea wɔhyew kurow no, ne sɛnea wobubuu afie ne aban no da adi pefee.” Ɔka toaa so sɛ: “Yebetumi de nea wotutuu fam hui wɔ nea esii Yerusalem . . . no aka nneɛma a ɛyɛ hu paa a wohui wɔ mmeae a Bible ka ho asɛm no ho.”

Asuade Bɛn na Ɛwom Ma Yɛn?

Asuade titiriw a ɛwom ma yɛn ne sɛ, Onyankopɔn mpene ɔsom foforo nkyerɛkyerɛ, wɔn amammerɛ anaa wɔn nneyɛe a yɛde bɛfrafra Bible nkyerɛkyerɛ mu no so. Ɛda adi pefee sɛ, ɔsomafo Paulo tee asɛm yi ase, na ɔde dii dwuma. Wɔtetee no sɛ Yudani Farisini, na wɔde ɔsom no mmara kyerɛkyerɛɛ no. Bere a akyiri yi obehui sɛ Yesu Kristo ne Mesia a wɔahyɛ no ho bɔ na ogyee no toom no, dɛn na ɔyɛe? Ɔkae sɛ: “Nanso nneɛma a na ɛyɛ mfaso ma me no, mabu no sɛ adehwere esiane Kristo nti.” Ɔsesaa ne som na ogyaee ne kan abrabɔ, na otuu ne ho mae sɛ Kristo kyidini.—Filipifo 3:5-7.

Sɛ́ ɔsɛmpatrɛwfo a otutu akwan no, na Paulo nim ɔsom ahorow mu nneyɛe ne nyansapɛ a na nnipa ahorow kura no. Enti ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Korinto no sɛ: “Ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Afei nso abusuabɔ bɛn na Kristo ne Belial wɔ? Anaasɛ kyɛfa bɛn na gyidini ne nea onnye nni wɔ? Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? . . . ‘Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho,’ Yehowa na ose, ‘na mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew’; ‘na megye mo.’”—2 Korintofo 6:14-17.

Esiane sɛ yɛahu sɛ ɔkwan a yɛfa so som Onyankopɔn no ho hia nti, ebia yebebisa yɛn ho sɛ: ‘Ɔsom bɛn na Onyankopɔn gye tom? Mɛyɛ dɛn abɛn Onyankopɔn? Na dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na masom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɔpene so so?’

Yehowa Adansefo ani gye sɛ wɔbɛboa wo ma woanya nsɛm yi ne Bible ho nsɛmmisa afoforo ho mmuae. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ Adansefo no wɔ wɔn Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so, anaa kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi ma wɔne wo mmɛyɛ Bible adesua wɔ bere ne beae a eye ma wo.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Tete dan bi a wɔsom abosom wom, Tel Arad, Israel

[Asɛm Fibea]

Garo Nalbandian

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Astarot Ahoni a efi tete Yudafo afie mu

[Asɛm Fibea]

Photograph © Israel Museum, Jerusalem; courtesy of Israel Antiquities Authority