Hiob 26:1-14
26 Ɛnna Hiob kae sɛ:
2 “Aa! Woaboa nea onni ahoɔden ampa!
Aa! Woagye nea ne nsam agow ampa!+
3 Afotu paa de, wode bi ama nea onnim nyansa!+
Nyansa nso de, woama nkurɔfo anya bi!
4 Hena na worekasa akyerɛ no?Na hena na wapiapia wo ama worekeka saa nsɛm yi?*
5 Awufo a wontumi nyɛ hwee no ho popo;Wɔwɔ fam mpo sen ɛpo ne nea ɛwom.
6 Ɔdamoa* so abue wɔ Onyankopɔn anim,*+Na ɔsɛe amoa* ho da hɔ.
7 Watrɛw wim a ɛwɔ atifi fam* no mu wɔ baabi a hwee nni,*+Na ɔde asaase asɛn hɔ a biribiara nkura mu;
8 Ɔkyekyere nsu wɔ ne mununkum mu,+Sɛnea ɛbɛyɛ a nsu no mu duru remma omununkum no mpaapae;
9 Wakata n’ahengua no anim,Na watrɛw ne mununkum mu akata so.+
10 Watwa nsu ani kanko;*+Watwa ɔhye ato hann ne sum ntam.
11 Ɔsoro nnyinaso mpo hinhim;N’animka ma wɔn ho dwiriw wɔn.
12 Ɔde ne tumi hwanyan ɛpo,+Na ɔde ne ntease bubu ɛpo mu aboa kɛse no* pasaa.+
13 Ɔde n’ahome* ma wim tew nwann;Ɔwɔ a ɔde ne ho sie* no, ɔde ne nsa wɔ ne mu.
14 Hwɛ! Ne nnwuma a wayɛ no, emu nketewa ni;+Ne ho asɛm kakraa bi na atwa yɛn asom!
Enti hena na obetumi ate n’aprannaa kɛse no ase?”+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Nt., “Na hena ahome (honhom) na efi wo mu aba yi?”
^ Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Nt., “n’anim.”
^ Anaa “Na Abadon.”
^ Nt., “atifi fam.”
^ Anaa “ahunmu.”
^ Anaa “Wayɛ baabi a ayɛ sɛ nea wim ne po reyɛ abom no.”
^ Nt., “Rahab.”
^ Anaa “ne mframa.”
^ Anaa “Ɔwɔ a ne ho yɛ hare.”