Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awerɛkyekye a Yɛde Bɛma Wɔn a Wɔn Yare Nni Sabea

Awerɛkyekye a Yɛde Bɛma Wɔn a Wɔn Yare Nni Sabea

Awerɛkyekye a Yɛde Bɛma Wɔn a Wɔn Yare Nni Sabea

“Bere a edi kan a metee sɛ Maame yare no nni sabea no, mannye anni. Me ho dwiriw me paa, na mannye anni sɛ me maame a medɔ no no rebewu.”—Grace, Canada.

SƐ NNURUYƐFO ka sɛ ɔdɔfo bi yare nni sabea a, ɛma abusuafo ne nnamfo nyinaa werɛ how paa, na ebia wɔrenhu nea wɔnyɛ. Ebinom fam no, ebia wɔrenhu sɛ wɔnka ne yare no ho nokwasɛm nyinaa nkyerɛ no anaa. Ebinom nso nnye nni sɛ wobetumi agyina sɛnea wɔn dɔfo no rehu amane ne sɛnea ebia yare no nti, ontumi nyɛ hwee no ano. Ɛhaw nnipa pii sɛ wɔrenhu nea wɔbɛka akyerɛ ɔyarefo no anaa nea wɔbɛyɛ bere a ɔreyɛ awu no.

Dɛn na ehia sɛ wuhu wɔ nea wobɛyɛ wɔ awerɛhosɛm a ɛte saa ho? Na wobɛyɛ dɛn ayɛ ‘adamfo pa’ akyekye ɔyarefo no werɛ, na woaboa no wɔ ahohia bere a ɛte saa mu?—Mmebusɛm 17:17.

Nea Yɛtaa Yɛ

Ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ yare a emu yɛ den bɔ yɛn dɔfo bi a, ɛbɛhaw yɛn. Ɛmfa ho sɛ nkurɔfo taa wu wɔ nnuruyɛfo nsam no, mpɛn pii no sɛ wohu sɛnea wɔn a wɔn yare nni sabea no rehu amane a, ɛhaw wɔn, na mpo ɛyɛ a wonhu nea wɔnyɛ.

Wo nso, sɛ wuhu sɛ wo dɔfo bi rehu amane a, ebia ɛbɛhaw wo paa. Hosa, ɔbea bi a ɔte Brazil a na ne nuabea yare nni sabea no ka sɛ, “Ɛyɛ den paa sɛ wubehu sɛ obi a wodɔ no paa hu amane bere nyinaa.” Bere a ɔnokwafo Mose hui sɛ kwata ayɛ ne nuabea no, ɔkae sɛ: “O Onyankopɔn ee, [mesrɛ wo], sa no yare ɛ!”—Numeri 12:12, 13.

Esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ yɛn Nyankopɔn, Yehowa, a ɔwɔ mmɔborohunu suban so nti, sɛ yɛn dɔfo bi yare a, etumi haw yɛn paa. (Genesis 1:27; Yesaia 63:9) Yehowa te nka dɛn wɔ amane a nnipa hu no ho? Susuw nea Yesu yɛe no ho hwɛ. Ɔdaa n’Agya su adi pɛpɛɛpɛ. (Yohane 14:9) Bere a Yesu huu nnipa a wɔyare no, ‘wɔyɛɛ no mmɔbɔ.’ (Mateo 20:29-34; Marko 1:40, 41) Sɛnea yɛaka ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim wɔ nsɛmma nhoma yi mu no, bere a Yesu adamfo Lasaro wui na ohuu sɛnea owu no aka n’abusuafo ne ne nnamfo no, ɛyɛɛ no yaw paa ma “nusu guu” no. (Yohane 11:32-35) Nokwarem no, Bible ka owu ho asɛm sɛ ɔtamfo, na ɛhyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ, yare ne owu nyinaa befi hɔ.—1 Korintofo 15:26; Adiyisɛm 21:3, 4.

Sɛ wote awerɛhosɛm a ɛne sɛ wo dɔfo bi yare nni sabea a, ɛrenyɛ nwonwa sɛ ebia wo de ho asodi no bɛto obi so. Nanso oduruyɛfo Marta Ortiz a ɔkyerɛw sɛnea wɔhwɛ wɔn a wɔn yare nni sabea ho asɛm no de afotu yi ma: “Mfa tebea a ɔyarefo no wom ho asodi nto afoforo te sɛ ayaresabea adwumayɛfo, ayarehwɛfo, anaa w’ankasa so. Eyi bɛsɛe asɛm no koraa, na ɛbɛma obiara ayi n’adwene afi ade titiriw a ɛho hia sɛ wɔyɛ ma ɔyarefo a ne yare nni sabea no so.” Nneɛma a mfaso wɔ so bɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo dɔfo a ɔyare no ma wagyina ne yare ne owu a obewu no ano?

Dwen Onipa no Ho, na Ɛnyɛ Yare No

Nea edi kan no, ɛnsɛ sɛ wode w’adwene si sɛnea yare no betumi asɛe onipa no so, na mmom fa si ɔyarefo no ankasa so. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? Sarah a ɔyɛ ɔyarehwɛfo no ka sɛ: “Migye bere hwɛ mfonini ahorow a ɔyarefo no twae bere a na ɔwɔ ahoɔden no. Sɛ ɔka nneɛma a ɔyɛe bere a atwam no ho asɛm kyerɛ me a, metɔ me bo ase tie no. Eyi boa me ma mekae sɛnea na ɔte ne nneɛma a na ɔyɛ, na memfa m’adwene nsi tebea a ɔyarefo no wom seesei no nko so.”

Anne-Catherine, a ɔno nso yɛ ɔyarehwɛfo no ka sɛnea ɔmfa n’adwene nsi sɛnea yare no ayɛ ɔyarefo no so. Ɔka sɛ, “Mehwɛ ɔyarefo no anim, na mede m’adwene si nea metumi ayɛ de aboa ɔyarefo no so yiye.” Nhoma bi a ɛka wɔn a wɔrebewu ahiade ho asɛm no ka sɛ: “Sɛ wuhu sɛ yare anaa akwanhyia asɛe wo dɔfo bi a, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛbɛka wo paa ma woayɛ basaa. Ade a eye sen biara a wubetumi ayɛ wɔ tebea a ɛte saa mu ne sɛ wobɛhwɛ wo dɔfo no anim na woahu sɛnea ɔte ankasa.”—The Needs of the Dying—A Guide for Bringing Hope, Comfort, and Love to Life’s Final Chapter.

Ɛwom, egye ahosodi ne animia na woatumi ayɛ biribi a ɛte saa. Georges a ɔyɛ Kristofo asafo no mu panyin a ɔtaa kɔsrasra wɔn a wɔn yare nni sabea no ka no saa kwan yi so sɛ: “Ɛsɛ sɛ yenya ɔdɔ kɛse ma yɛn dɔfo a ɔyare no, na anyɛ den amma yɛn sɛ yɛbɛhwɛ no.” Sɛ woamfa w’adwene ansi yare no so, na mmom wode si onipa no so a, ɛboa wo ne wo dɔfo no nyinaa. Yvonne a wahwɛ mmofra a wɔanya kokoram no ka sɛ: “Sɛ wuhu sɛ wubetumi aboa ayarefo ma wɔate nka sɛ wudwen wɔn ho a, ɛboa wo ma wohwɛ wɔn yiye.”

Yɛ Otiefo Pa

Ebia ɛbɛyɛ den ama nkurɔfo sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ obi a ɔregye nna awu ɛmfa ho mpo sɛ wɔdɔ no paa no. Dɛn ntia? Ɛhaw wɔn sɛ wonhu nea wɔnka. Nanso, Anne-Catherine a nnansa yi ara ɔhwɛɛ n’adamfo bi a ne yare nni sabea no ka sɛ, kommyɛ wɔ ne bere. Ɔka sɛ: “Ɛnyɛ asɛm a yɛka nko na ebetumi akyekye obi werɛ, na mmom yɛn nneyɛe nso. Sɛ yɛtwe akongua tra so, yɛbɛn ɔyarefo no so ne nsam, na yesu bere a ɛfata a, ne nyinaa bɛkyerɛ sɛ yedwen ne ho.”

Ebia wo dɔfo no bɛpɛ sɛ ɔda sɛnea ɔte nka adi—sɛ́ ɔbɛka nea ɛhaw no pefee. Nanso mpɛn pii no, ɔyarefo no nim sɛ tebea a ɔwɔ mu no haw n’adɔfo, enti ɔmpɛ sɛ ɔka nea ɛhaw no paa ho asɛm. Ebia nnamfo ne abusuafo nso rempɛ sɛ wɔka nsɛm a ɛfa ɔyarefo no ho, na ebi mpo a wɔde ne yare no ho asɛm a ehia besuma no. Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ wɔde ɔyarefo no yare ho asɛm besuma no? Oduruyɛfo bi a ɔhwɛ wɔn a wɔn yare nni sabea no kyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ wɔanka nokwasɛm a ɛfa ɔyarefo no yare ho ankyerɛ no a, “ɔyarefo no rennye ne yare no ntom, na ɛremma afoforo nnya ahoɔden mfa mmoa no.” Enti sɛ ɔyarefo no pɛ a, ɛsɛ sɛ wɔma no kwan ma ofi ne komam ka ne tebea anaa owu a ɔrebewu no ho asɛm pefee.

Bere a Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete no hui sɛ wɔrebewu no, wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka sɛnea wɔte nka wɔ ho no akyerɛ Yehowa Nyankopɔn. Sɛ nhwɛso no, bere a Ɔhene Hesekia a na wadi mfe 39 no hui sɛ ɔrebewu no, ɔdaa sɛnea na ɛhaw no no adi. (Yesaia 38:9-12, 18-20) Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛma wɔn a wɔn yare nni sabea no kwan ma wɔda wɔn awerɛhow adi bere a wohu sɛ wɔrebewu no. Ebia nneɛma bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ a wontumi nyɛ, te sɛ akwantu, mmofra a wɔbɛwo, mmanana a wɔpɛ sɛ wonyin bɛto wɔn, anaa Onyankopɔn a wontumi nsom no sɛnea wɔpɛ no ma wɔyɛ basaa. Ebia wosuro sɛ nnamfo ne abusuafo bɛtwe wɔn ho afi wɔn ho efisɛ wonhu sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade. (Hiob 19:16-18) Amane a wosuro sɛ wobehu, wɔn nnipadua a wontumi mfa nni dwuma yiye, anaa suro a wosuro sɛ wɔn nkutoo bewu no nso betumi ahyɛ wɔn so.

Anne-Catherine ka sɛ: “Ɛho hia sɛ woma wo dɔfo no kwan ma ɔkasa a wuntwa n’ano, wonkasa ntia no, anaa wummu sɛnea ɔte nka no adewa. Ɛyɛ ɔkwan a eye sen biara a wubetumi afa so ahu sɛnea ɔte nka ankasa, na woate nea ɔpɛ, nea ɛhaw no, ne nea ɔhwɛ kwan no ase.”

Hu Nneɛma Titiriw a Ohia

Ayaresa a emu yɛ den a wɔde ma wo dɔfo no ne ɔhaw a afi mu aba a ebia asɛe tebea a wo dɔfo no wom no betumi ahaw wo araa ma anhwɛ a wo werɛ befi ade titiriw a ɛsɛ sɛ woyɛ ma ɔyarefo no. Ɛne sɛ wobɛma ɔyarefo no kwan ma n’ankasa atumi apaw nea ɔpɛ.

Wɔ aman bi so no, ebia abusua bi bɛbɔ mmɔden sɛ wɔde nokwasɛm a ɛfa ɔyarefo no tebea ho besuma no de abɔ ne ho ban, na mpo wɔmma ɔyarefo no kwan ma ɔnkyerɛ n’adwene wɔ n’ayaresa ho. Wɔ aman foforo so no, ebia ɛsono ɔhaw a ɛbɛsɔre. Sɛ nhwɛso no, Jerry a ɔyɛ ɔyarehwɛfo no ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, wɔn a wɔbɛsra ɔyarefo no ka ɔyarefo no ho asɛm bere a wogyina ne nkyɛn pɛɛ te sɛ nea onni hɔ.” Wɔ emu biara mu no, su a ɛte saa kyerɛ sɛ wommu ɔyarefo no.

Anidaso yɛ ade foforo a ehia paa. Wɔ aman a wɔanya aduruyɛ mu nkɔanim mu no, anidaso wɔ hɔ sɛ ebia wobenya ayaresa a edi mũ. Michelle a waboa ne maame ma wako kokoram mprɛnsa no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ Maame pɛ sɛ ɔsɔ ayaresa foforo bi hwɛ anaa okohu oduruyɛfo foforo bi a, meboa no ma ɔyɛ nhwehwɛmu. Mabehu sɛ ɛnsɛ sɛ mehwɛ kwan sɛ obenya ayaresa ntɛm ara, nanso bere koro no ara ɛnsɛ sɛ meka nsɛm a ebebu n’abam.”

Nanso sɛ anidaso biara nni hɔ sɛ obenya ayaresa nso ɛ? Kae sɛ, ehia sɛ ɔyarefo a ne yare nni sabea no fi ne komam ka owu ho asɛm. Georges, Kristofo asafo mu panyin a yɛafa n’asɛm aka dedaw no ka sɛ: “Ɛho hia paa sɛ wɔmfa owu a ɔyarefo no rebewu no ho asɛm nsie no. Eyi ma ɔyarefo no kwan ma ɔyɛ nhyehyɛe pa na wasiesie ne ho ama ne wu.” Ahosiesie a ɛte saa betumi ama ɔyarefo no ayɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara ansa na wawu, na atew sɛnea ɛbɛhaw no sɛ ebia ɔbɛyɛ adesoa ama afoforo no so.

Nokwarem no, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛyɛ den sɛ yebesusuw nsɛm a ɛte saa ho. Nanso nsɛm a ɛte saa a wobɛka no penpen no ma wunya hokwan soronko da sɛnea wote nka ankasa adi. Ebia ɔyarefo a ɔrebewu no bɛpɛ sɛ osiesie nsɛm bi, ɔkyerɛ ahonu, anaa ɔsrɛ bɔne fafiri. Nkitahodi a ɛte saa betumi ama wo ne nea ɔrebɛwu no ntam abusuabɔ mu ayɛ den asen kan no.

Awerɛkyekye a Wode Bɛma Bere a Obi Regye Nna Awu

Wobɛyɛ dɛn akyekye obi a ɔregye nna awu no werɛ? Oduruyɛfo Ortiz a yɛafa n’asɛm aka dedaw no ka sɛ: “Ma ɔyarefo no mmisa nea ohia ansa na wawu. Tie no yiye. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bɔ mmɔden yɛ nea ɔpɛ ma no. Sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobɛyɛ nea ɔpɛ no ama no a, ka nokware kyerɛ no.”

Saa bere yi paa na ebia nea ɔrebewu no bɛte nka sɛ ehia sɛ ɔne wɔn a wɔn ho hia no paa wɔ asetram no kasa. Georges ka sɛ: “Sɛ nkɔmmɔ no bɛyɛ tiaa mpo esiane ahoɔden a ɔyarefo no nni nti a, boa no ma ɔne wɔn nkasa.” Sɛ telefon so mpo na obetumi ayɛ saa a, eyi bɛma wɔahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran, na wɔabom abɔ mpae nso. Ɔbea bi a ofi Canada a wɔfrɛ no Christina a owu faa n’adɔfo baasa ntoatoaso no ka sɛ: “Mpɛn dodow a wɔrebɛn owu no, dodow no ara na wɔn nuanom Kristofo mpaebɔ hyɛɛ wɔn den.”

So ɛsɛ sɛ wofɛre sɛ wubesu wɔ wo dɔfo no anim? Dabi. Sɛ wusu a, nokwarem no, na worema wo dɔfo a ɔrebewu no anya hokwan akyekye wo werɛ. Nhoma bi a ɛka wɔn a wɔrebewu ho asɛm no ka sɛ: “Ɛka koma paa sɛ wubenya hokwan ama wo dɔfo a ɔrebewu no akyekye wo werɛ, na ebetumi aboa nea ɔrebewu no paa sɛ ɔreyɛ saa.” (The Needs of the Dying) Sɛ nea ɔrebewu no kyekye afoforo werɛ a, ɛma ɔno nso hu sɛ ɔyɛ adamfo pa, agya pa, anaa ɛna pa.

Biribi nti, ebia bere a wo dɔfo no begu ahome a etwa no, na wunni hɔ. Nanso sɛ ɛba sɛ wobɛn w’adamfo no wɔ ayaresabea anaa fie a, bɔ mmɔden sɛ wubeso ne nsam ara kosi sɛ obewu. Saa bere a etwa to yi bɛma woanya hokwan aka nsɛm a ebia woannya hokwan anka. Sɛ wo dɔfo a ɔrewu no ntumi nkasa mpo a, mma ɛno nsiw wo kwan sɛ wo ne no bedi nkra, na woada ɔdɔ a wowɔ adi ne anidaso a wowɔ sɛ wubehu no wɔ owusɔre mu no akyerɛ no.—Hiob 14:14, 15; Asomafo Nnwuma 24:15.

Sɛ woyɛ nea wubetumi biara wɔ ɔyarefo no nna a etwa to yi mu a, ebia akyiri yi worennu wo ho. Nokwasɛm ni, nkate a emu yɛ den a ɛte saa a wɔda no adi no betumi ayɛ ade a wubedwennwen ho ma akyekye wo werɛ daakye. Sɛ woyɛ saa a, wobɛda wo ho adi sɛ adamfo pa ‘ma hiada.’—Mmebusɛm 17:17.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

Sɛ woamfa w’adwene ansi ɔyare no so, na mmom wode si onipa no so a, ɛbɛboa wo ne wo dɔfo no nyinaa

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 29]

Ɔkwan a Wɔfa so Di Obi a Ɔyare Ni

Wɔ aman pii so no, wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi ɔyarefo a ne yare nni sabea no asɛm so na ama wawu wɔ asomdwoe ne nidi mu. Nsɛm a ayarefo adi kan akyerɛw ato hɔ boa ma wodi nea wɔpɛ so, na wɔma wɔn kwan ma wowu wɔ fie anaa ayaresabea.

Nsɛm a wɔadi kan akyerɛw ato hɔ betumi aboa wɔ akwan a edidi so yi so:

• Ɛbɛma wo ne nnuruyɛfo ne w’abusuafo adi nkitaho

• Ɛremma ayaresa ho gyinaesi mmɛda w’abusuafo so

• Ɛbɛtew ayaresa a ebia ɛho nhia, mfaso biara nni so, ɛyɛ yaw, anaa ne bo yɛ den so

Sɛ nsɛm a wɔadi kan akyerɛw ato hɔ bedi mu a, ɛsɛ sɛ nea edidi so yi ba so:

• Onipa a ɔbɛyɛ w’ayaresa ho nsɛm kasamafo no din

• Sɛ ɛba sɛ wo tebea no ntumi nyɛ yiye a, ayaresa kõ a wopɛ ne nea wompɛ

• Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, oduruyɛfo a onim nea wopɛ no din

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Fa w’adwene si sɛnea na onipa no te ne nneɛma a na ɔyɛ so, na mfa w’adwene nsi tebea a ɔwom seesei no nko so