Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Nyansa Da Adi Wɔ Abɔde Mu

Onyankopɔn Nyansa Da Adi Wɔ Abɔde Mu

Onyankopɔn Nyansa Da Adi Wɔ Abɔde Mu

“Nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ sen asase so mmoa, na ɔkyerɛ yɛn nyansa sen ɔsoro nnomaa.”—HIOB 35:11.

NNOMAA tumi yɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa. Sɛnea wotu fa wim no yɛ wɔn a wɔyɛ wimhyɛn no nwonwa. Nnomaa no bi tumi twa akwansin mpempem pii wɔ po a ɔkwan biara nna so no so kodu baabi a wɔrekɔ a wɔnyera.

Ade foforo a nnomaa tumi yɛ a ɛyɛ nwonwa, na ɛsan da nyansa a wɔn Yɛfo no wɔ adi no ne sɛnea wɔnam wɔn sũ so di nkitaho no. Susuw nhwɛso bi ho hwɛ.

Sɛnea Nnomaa ne Wɔn Ho Di Nkitaho

Nnomaa no bi fi ase di nkitaho mpo ansa na wɔahuan wɔn. Sɛ nhwɛso no, akokɔhwerew a ɔyɛ ɔbere tumi to nkesua awotwe. Da biara ɔto biako. Sɛ da a ɔto nkesua no na ogyina so huan a, anka ɔde nnafua awotwe na ebehuan. Anka ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔbɛhwɛ wɔn a wadi kan ahuan wɔn bɛyɛ nnawɔtwe no, na wasan ada biako a aka no so kosi sɛ ebehuan. Mmom, ohuan ne mma awotwe no nyinaa wɔ nnɔnhwerew nsia ntam. Ɛyɛ dɛn na etumi ba saa? Ade titiriw a nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ etumi ma ɛba saa ne sɛ, nnomaa mma a wonnya nhuan wɔn no ne wɔn ho wɔn ho di nkitaho bere a wɔhyɛ nkesua no mu no, na wɔyɛ nhyehyɛe wɔ kwan bi so ma wɔn nyinaa huan wɔ bere koro mu.

Sɛ nnomaa nyin a, onini no na ɔtaa sũ. Ne titiriw no, sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ ɔforo a, ɔyɛ saa de kyerɛ baabi a ɔwɔ anaa ɔde frɛfrɛ ɔbere bi. Sɛ yɛbɛka a, nnomaa ahorow mpempem pii no mu biara wɔ wɔn kasa, na eyi boa abere no ma wohu anini a wɔne wɔn bɔ abusua koro.

Nnomaa taa sũ anɔpatutuutu ne bere a owia akɔtɔ, na ɛwɔ nea enti a wɔyɛ saa. Edu saa bere no a, mframa mmɔ kɛse na dede nni hɔ pii. Nhwehwɛmufo ahu sɛ, sɛ nnomaa sũ anɔpatutuutu ne anwummere a, ɛkɔ akyiri paa sen sɛ wobesu awiabere.

Ɛwom sɛ anini no na wɔtaa sũ de, nanso anini no ne abere no nyinaa sũ gu ahorow, anaa wosu ntiatiaa a ɛwɔ nea ebiara kyerɛ. Sɛ nhwɛso no, anomaa foforo bi a ɔte sɛ aserewa sũ gu ahorow akron. Sɛ wohu anomaa foforo bi a ɔyɛ wɔn tamfo sɛ ɔnam wim a, wɔwɔ sũ a wɔde bɔ ho kɔkɔ, ɛnna wɔwɔ sũ foforo a sɛ wohu wɔn tamfo wɔ asase so a, wɔde bɔ ɛno nso ho kɔkɔ.

Akyɛde a Ɛkyɛn So

Nyansa a Yehowa de bɔɔ nnomaa yɛ nwonwa ankasa. Nanso sɛnea nnipa di nkitaho no yɛ nwonwa koraa sen saa. Onyankopɔn ama nnipa “nyansa sen ɔsoro nnomaa,” sɛnea Hiob 35:11 ka no. Nea ɛma nnipa da nsow koraa ne sɛnea wotumi de wɔn nne kasa anaa wɔde wɔn nnipadua yɛ sɛnkyerɛnne de kyerɛkyerɛ nsɛm a ɛyɛ den mu no.

Ɛte sɛ nea wɔde biribi woo nkokoaa a etumi ma wosua kasa horow a ɛyɛ den a abɔde foforo biara ntumi nyɛ saa. Nsɛmma nhoma bi ka sɛ: “Sɛ awofo ne wɔn mma nkokoaa nkasa tẽẽ mpo a, nkokoaa no tumi sua kasa; sɛ wɔankyerɛ mmofra a wɔn aso asiw no mum kasa wɔ fie mpo a, wɔn ankasa tumi fa kwan bi so yɛ sɛnkyerɛnne de di nkitaho.”—American Scientist.

Sɛnea yetumi kasa anaa yɛyɛ sɛnkyerɛnne de da yɛn nsusuwii ne yɛn nkate adi no yɛ akyɛde a ɛyɛ nwonwa a efi Onyankopɔn hɔ ampa. Nanso akyɛde a ɛsen saa koraa mpo a Onyankopɔn de ama nnipa ne sɛnea yetumi ne Onyankopɔn di nkitaho wɔ mpaebɔ mu no. Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn to nsa frɛ yɛn sɛ yɛne no nni nkitaho. Onyankopɔn Asɛm, Bible ka sɛ: “Monnnwennwene biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Nyankopɔn anim ade nyinaa mu.”—Filipifo 4:6.

Sɛ ehia sɛ yesisi gyinae a ɛyɛ den a, Yehowa pɛ sɛ yɛde nsɛm pii a wama wɔakyerɛw wɔ Bible mu no yɛ adwuma. Ɔbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛde afotu a yenya wom no bɛyɛ adwuma nso. Bible kyerɛwfo Yakobo ka sɛ: “Sɛ ehia mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Nyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.”—Yakobo 1:5.

Ɛka Wo Dɛn?

Sɛ wote anomaa sũ a ɛyɛ dɛ anaa abofra bi a afei na ɔresua kasa nne a, ɛka wo dɛn? So wuhu Onyankopɔn nyansa wɔ nneɛma a wayɛ mu?

Bere a odwontofo Dawid dwennwenee sɛnea wɔyɛɛ no ho no, ɛkaa no ma ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.” (Dwom 139:14) Sɛ wode anisɔ hwehwɛ Onyankopɔn nyansa a ɛda adi wɔ abɔde mu no mu a, akyinnye biara nni ho sɛ gyidi a wowɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ obetumi ama wo akwankyerɛ pa no mu bɛyɛ den.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Sɛnea yetumi di nkitaho no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

© Dayton Wild/Visuals Unlimited