Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sua Biribi Fi Nikodemo Hɔ

Sua Biribi Fi Nikodemo Hɔ

Sua Biribi Fi Nikodemo Hɔ

“SƐ OBI pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛndua daa, na onni m’akyi.” (Luka 9:23) Apofofo ahobrɛasefo ne towgyeni bi a wobu no animtiaa gyee ɔfrɛ yi so ntɛm. Wogyaw biribiara hɔ kodii Yesu akyi.—Mateo 4:18-22; Luka 5:27, 28.

Yesu da so ara to nsa frɛ nkurɔfo nnɛ, na nnipa pii agye ɔfrɛ yi so. Nanso, ebinom a wɔne Yehowa Adansefo yɛ Bible adesua no twentwɛn wɔn nan ase sɛ ‘wɔbɛpa wɔn ho akyi afa wɔn asɛndua.’ Wɔmpɛ sɛ wobegye asɛyɛde ne hokwan soronko a ɛwom sɛ wɔbɛba abɛyɛ Yesu asuafo no atom.

Adɛn nti na ebinom twetwe wɔn ho sɛ wobegye Yesu frɛ no so na wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa Nyankopɔn? Ɛyɛ ampa sɛ na ebegye bere kɛse ansa na wɔn a na wonnim Yudasom ne Kristosom nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn biako pɛ ho ho hwee no atumi agye adi sɛ Ɔbɔadeɛ pumpuni bi wɔ hɔ paa. Sɛ ebinom behu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa mpo a, ɛyɛ a wɔmpɛ sɛ wobedi Yesu anammɔn akyi. Ebia wosuro sɛ wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo benya wɔn ho adwemmɔne sɛ wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo. Ebinom nso nhu sɛ yɛwɔ bere a nneɛma gye ntɛmpɛ mu na wɔhwehwɛ anuonyam ne ahonyade. (Mateo 24:36-42; 1 Timoteo 6:9, 10) Sɛnea ebia ɛte biara no, ɛsɛ sɛ wɔn a wontumi nsi gyinae sɛ wɔbɛyɛ Yesu akyidifo no sua biribi fi Nikodemo a na ɔyɛ Yudani panyin a odi yiye wɔ Yesu bere so no asɛm no mu.

Onya Hokwan Nwonwaso

Bɛyɛ asram asia pɛ a Yesu fii n’asase so som adwuma no ase no, Nikodemo hu no sɛ ‘ɔkyerɛkyerɛfo a ofi Nyankopɔn nkyɛn.’ Esiane anwonwade a na Yesu ayɛ nnansa yi ara wɔ Yerusalem Twam Afahyɛ no ase wɔ 30 Y.B. no nti, Nikodemo ba ne nkyɛn anadwo bɛkyerɛ sɛ ogye Yesu di na osua pii fi ɔkyerɛkyerɛfo yi hɔ. Ɛno nti, Yesu kyerɛkyerɛ Nikodemo nokwasɛm kɛse bi a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ ‘wɔwo obi foforo’ ansa na wanya Onyankopɔn Ahenni no. Saa bere yi Yesu ka nso sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:1-16.

Anidaso kɛse bɛn na Nikodemo nya sɛɛ yi! Obetumi abɛyɛ Yesu yɔnko pa, na watumi de n’ani ahu nneɛma ahorow a Yesu yɛ wɔ asase so no. Esiane sɛ Nikodemo yɛ Yudani panyin ne ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Israel nti, ɔwɔ Nyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a edi mu. Ɔwɔ nhumu kɛse nso, esiane sɛ otumi hu sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa Yesu nti. Nikodemo ani ku honhom fam nneɛma ho, na ɔbrɛ ne ho ase paa. Hwɛ sɛnea ɛyɛ den paa sɛ obi a ɔyɛ Yudafo asɛnnibea kunini no muni begye duadwumfo papahwekwa bi ba atom sɛ obi a Onyankopɔn asoma no! Su ahorow yi nyinaa ho hia kɛse na obi atumi abɛyɛ Yesu suani.

Nikodemo ani da so ara gye ɔbarima a ofi Nasaret yi ho. Mfe abien ne fa akyi wɔ Asese Afahyɛ no ase no, Nikodemo ne Sanhedrin no mufo hyia. Saa bere yi Nikodemo da so ara yɛ “wɔn mu biako.” Asɔfo mpanyin ne Farisifo no soma asomfo sɛ wɔnkɔkyere Yesu. Asomfo no san ba bɛka sɛ: “Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.” Farisifo no fi ase bu wɔn animtiaa sɛ: “So wɔadaadaa mo nso? Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa? Na nkurɔfokuw yi a wonnim mmara no, wɔadome wɔn!” Nikodemo ntumi nhyɛ ne ho so bio. Ɔka sɛ: “Yɛn mmara ntiee onipa, nhuu nea ɔyɛe ansa a, ebu no atɛn?” Afei Farisifo afoforo fi ase ka n’anim sɛ: “Wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wɔ Galilea pɛn.”—Yohane 7:1, 10, 32, 45-52.

Bɛyɛ asram asia akyi wɔ Twam Afahyɛ a wɔyɛe wɔ afe 33 Y.B. no, Nikodemo hu sɛ woyi Yesu amu fi asɛndua so. Ɔne Yosef a ofi Arimatea, a ɔyɛ Sanhedrin no muni foforo, hyɛ Yesu amu aduru. Eyi nti, Nikodemo de “kurobow ne pɛprɛ mfrafrae” bɛyɛ sɛ Romafo nkaribo 100 a ɛte sɛ Engiresi nkaribo 72, ba. Ɛyɛ sika kɛse ankasa. Afei nso egye akokoduru na watumi adi Yesu a ne mfɛfo Farisifo frɛ no “ɔdaadaafo no,” akyi. Nnipa baanu yi yɛ ntɛm siesie Yesu amu a wɔrekosie no, na wɔde to ɔboda foforo bi a ɛbɛn hɔ mu. Nanso, saa bere yi mpo no, Nikodemo nna ne ho adi sɛ Yesu suani!—Yohane 19:38-42; Mateo 27:63; Marko 15:43.

Nea Enti a Ɔtwentwɛnee Ne Nan Ase

Yohane anka nea enti a Nikodemo ampɛ sɛ ‘ɔbɛfa n’asɛndua’ na wadi Yesu akyi no ho asɛm wɔ ne kyerɛwtohɔ no mu. Nanso, ɔkyerɛɛ nneɛma bi a ebia ɛno na ɛmaa Farisini yi twentwɛnee ne nan ase no.

Nea edi kan no, Yohane kae sɛ Yudani panyin no baa ‘Yesu nkyɛn anadwo.’ (Yohane 3:2) Bible ho ɔbenfo bi ka sɛ: “Nikodemo kɔɔ anadwo a ɛnyɛ sɛ na osuro nti, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi abisa Yesu nsɛm bere a nnipadɔm biara ntwitware n’ananmu.” Nanso, adwene a Yohane de kae sɛ Nikodemo baa “Yesu nkyɛn anadwo” no ara bi na ɔde kaa Yosef a ofi Arimatea ho asɛm sɛ na ɔyɛ “Yesu suani nanso, Yudafo ho hu nti ɔyɛ no kokoam no.” (Yohane 19:38, 39) Enti, ɛda adi pefee sɛ “Yudafo no ho hu” nti na Nikodemo kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no, sɛnea na ebinom a wɔwɔ ne bere so no suro sɛ wɔne Yesu benya nkitahodi no.—Yohane 7:13.

Wo nso, esiane nea ebia w’abusuafo, wo nnamfo, anaa wo mfɛfo, bɛka nti wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛba abɛyɛ Yesu suani? Abebusɛm bi se: “Onipa ho suro sum afiri.” Wobɛyɛ dɛn adi saa suro no ho dwuma? Abebusɛm no toa so sɛ: “Na nea ɔde ne ho to [Yehowa, NW] so no ho bɛyɛ sonn.” (Mmebusɛm 29:25) Sɛ wubetumi anya Yehowa mu ahotoso a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wuhu ampa sɛ Onyankopɔn bɛwowaw wo bere a wunhu nea wonyɛ no. Bɔ Yehowa mpae, na bisa no sɛ ɔmma wunnya akokoduru mfa nsi nneɛma nketenkete a ɛfa wo som ho ho gyinae. Wo gyidi ne ahotoso a wowɔ wɔ Yehowa mu no de nkakrankakra bɛyɛ den na ama woatumi asisi nsɛm akɛse a ɛfa wo som ho ho gyinae ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia.

Ebetumi aba sɛ gyinabea a na Nikodemo wɔ sɛ asɛnni boayikuw a na ɛwɔ hɔ saa bere no muni no na amma no ansi gyinae a na ɛho hia, ampa ne ho akyi no. Ebetumi aba sɛ saa bere no na n’ani gye ne dibea a ɔwɔ sɛ Sanhedrin no muni no ho kɛse. Wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛba abɛyɛ Kristo suani esiane sɛ ebia wubetumi ahwere dibea a ɛsom bo wɔ asetram anaa ebia wode biribi a ɛbɛma woanya nkɔso bɛbɔ afɔre nti anaa? Eyinom biara nni hɔ a wubetumi de atoto nidi a wubenya sɛ wobɛsom Amansan Tumfoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde nea wubisa ma ɛne n’apɛde hyia bɛma wo no ho.—Dwom 10:17; 83:18; 145:18.

Ebia Nikodemo ahode nso ka ho bi na ɛmaa ɔtwentwɛnee ne nan ase. Sɛ Farisini no, ebetumi aba sɛ na Farisifo afoforo a “wɔyɛ sikapɛfo” no betumi anya ne so nkɛntɛnso. (Luka 16:14) Kurobow ne pɛprɛ mfrafrae a ne bo yɛ den a ɔde mae no kyerɛ sɛ na ɔwɔ ahode. Ɛnnɛ, ebinom twetwe wɔn ho sɛ wɔde Kristosom mu asɛyɛde no bɛto wɔn ho so efisɛ honam fam nneɛma a wɔwɔ no ho hia wɔn dodo. Nanso, Yesu tuu n’akyidifo no fo sɛ: “Munnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. . . . Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”—Mateo 6:25-33.

Ɔhweree Ade Kɛse

Anwonwasɛm ne sɛ, Nikodemo ho asɛm a epue wɔ Yohane Asɛmpa no nkutoo mu no, nkyerɛ sɛ ebia ɔbɛyɛɛ Yesu akyidini anaasɛ wammɛyɛ. Atetesɛm bi kyerɛ sɛ Nikodemo gyee Yesu dii, bɔɔ asu, Yudafo no taa no, gyee ne dwumadi fii ne nsa, na ne korakora no, wɔpam no fii Yerusalem. Sɛnea asɛm no te biara no, nokwasɛm no ne sɛ: Ɔhweree ade kɛse bi sɛ ɔtwentwɛnee ne nan ase bere a na Yesu wɔ asase so no.

Sɛ Nikodemo dii Yesu akyi bere a odii kan huu Awurade no a, anka obetumi abɛyɛ suani a Yesu pɛ n’asɛm. Esiane sɛ na Nikodemo wɔ nimdeɛ, nhumu, ahobrɛase, ne honhom fam nneɛma ho anigye nti, na anka obetumi abɛyɛ osuani a ɔda nsow. Ampa, anka obetumi atie Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kasa ahorow, asua ade kɛse afi ne mfatoho ahorow mu, ahu anwonwade akɛse a Yesu yɛe, na watumi anya denhyɛ afi Yesu afotu a etwa to a ɔde maa n’asomafo no mu. Nanso, eyinom nyinaa bɔɔ no.

Gyinae a Nikodemo antumi ansi no maa no hweree ade kɛse bi. Nea na ɛka nneɛma a ɔhweree ho ne asɛm a ɛyɛ anigye a Yesu de too nsa frɛɛ nkurɔfo no: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:28-30) Nikodemo nsa antumi anka ɔhome a ɛte saa a Yesu ankasa de mae no!

Wo Nso Ɛ?

Efi 1914 no, wɔde Yesu Kristo ayɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene wɔ soro. Bere a ɔreka nneɛma a ebesisi wɔ ne ba mu ho asɛm no ɔkae nso sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa asɛnka adwuma no wɔ wiase nyinaa ansa na awiei no aba. Ɛyɛ Yesu Kristo fɛ sɛ ɔbɛma nnipa a wɔnyɛ pɛ ayɛ adwuma yi bi. Wo nso wubetumi ayɛ bi.

Nikodemo gye toom sɛ Yesu fi Onyankopɔn nkyɛn. (Yohane 3:2) Esiane Bible no a woasua nti, ebia wo nso wugye tom saa ara. Ebia woayɛ nsakrae wɔ asetram redi Bible mmara so. Ebia wokɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow na ama woanya Bible mu nimdeɛ pii. Wofata nkamfo sɛ wobɔ mmɔden a ɛte saa. Nanso, na ehia sɛ Nikodemo yɛ pii sen sɛ obegye atom sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa Yesu ara kɛkɛ. Na ehia sɛ ‘ɔpa ne ho akyi na ɔfa n’asɛndua daa, na odi Yesu akyi.’—Luka 9:23.

Kae asɛm a ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn yi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn dom no kwa, na ɔka sɛ: Bere a ɛsɛ mu na matie wo, na nkwagye da na maboa wo; hwɛ, afei ne ɔdom bere, hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da.”—2 Korintofo 6:1, 2.

Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wunya gyidi a ebetumi ama woasi gyinae. Ne saa nti, dwennwen nea woresua wɔ Bible mu no ho. Bɔ Yehowa mpae na bisa no ma ɔmmoa wo mma wunnya gyidi a ɛte saa. Bere a wunya ne mmoa no, anisɔ ne ɔdɔ a wowɔ ma no no bɛka wo ma ‘woapa wo ho akyi afa w’asɛndua adi Yesu Kristo akyi daa.’ Wobɛyɛ saa seesei ara?

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Mfiase no, Nikodemo fi akokoduru mu gyinaa Yesu akyi

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Wɔ ɔsɔretia nyinaa akyi no, Nikodemo boa ma wosiesiee Yesu amu

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Kokoam adesua ne mpaebɔ betumi ahyɛ wo den ma woasi gyinae

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Wubegye hokwan kɛse a ɛwom sɛ wobɛyɛ adwuma wɔ Yesu Kristo akanni ase no atom?