Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Gyinapɛn na Wubetumi De Wo Ho Ato So?

Hena Gyinapɛn na Wubetumi De Wo Ho Ato So?

Hena Gyinapɛn na Wubetumi De Wo Ho Ato So?

Obi a afei na na waba Afrika foforo koraa no ho dwiriw no sɛ ohui sɛ ɔbarima bi gyina ntenten wɔ kwan ho. Ɔhyɛɛ no nsow sɛ simma kakra biara mu no, ɔbarima no twe ne nan ase dan ne ho kɔ ɔfã biako bere a ɔda so ara gyina ntenten no. Akyiri yi koraa na ɔhɔho no huu nea enti a na ɔbarima no dannan ne ho saa no. Nokwarem no, na ɔrebɔ mmɔden sɛ obegyina telefon dua bi nwini ase. Na dua no sunsum no rekɔ nkakrankakra bere a owia a ɛrebɔ no dan ne ho no.

TE SƐ dua no sunsum a owia no ma ɛba no, nnipa asetram nsɛm ne gyinapɛn ahorow kɔ so dannan ne ho sakra. Nanso nea ɛne eyi bɔ abira no, Yehowa Nyankopɔn, “hann agya” no nsakra. Osuani Yakobo kyerɛw ne ho asɛm sɛ “nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.” (Yakobo 1:17) Hebrini diyifo Malaki kyerɛw Onyankopɔn ankasa anom asɛm sɛ: “Me [Yehowa, NW], mensakra.” (Malaki 3:6) Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israel man no wɔ Yesaia bere so sɛ: “Na ekosi w’akorayɛ mu, mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn. Me na mayɛ.” (Yesaia 46:4) Enti bere a etwam no mma ahotoso a yebetumi anya wɔ Ade Nyinaa So Tumfoɔ no bɔhyɛ ahorow mu no nsakra.

Mmara no Mu Asuade Bi

Sɛnea Yehowa bɔhyɛ ahorow yɛ nokware na ɛnsakra no, saa ara na ne gyinapɛn ma adetrenee ne adebɔne no te. So wubegye oguadifo a ɔde nsenia abien na esusuw ade, nanso emu biako pɛ na ɛyɛ pɛ no adi? Dabida. Saa ara na “nsisi nsenia yɛ [Yehowa, NW] akyide, na abrammokwanmu yɛ no anisɔ.” (Mmebusɛm 11:1; 20:10) Yehowa de ahyɛde yi kaa Mmara a ɔde maa Israelfo no ho sɛ: “Munntwa atemmu mu nkontompo, adesusuw, adekari ne adehyɛ mu; nsɛnea tee, abrammo tee, efa tee ne susutoa tee na munkura: Mene [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so no.”—Leviticus 19:35, 36.

Saa ahyɛde no a Israelfo dii so no maa wonyaa Onyankopɔn anim dom ne ahonyade pii. Saa ara na Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛnsakra a ɔsomfo a ɔwɔ ne mu ahotoso bedi akyi wɔ adekari ne adesusuw mu ne afei nso asetra mu biribiara mu no ma onya nhyira. Onyankopɔn ka sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW], wo dimafo, Israel kronkronni no se ni: Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.”—Yesaia 48:17.

Dɛn Nti na Gyinapɛn Ahorow Reba Fam Nnɛ?

Bible no kyerɛ nea enti a gyinapɛn ahorow reba fam nnɛ no. Bible mu nhoma a etwa to, Adiyisɛm, ka ɔko bi a ɛbaa soro, a nea efii mu bae no aka adesamma nyinaa de besi nnɛ ho asɛm. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”—Adiyisɛm 12:7-9.

Dɛn na efii saa ɔko no mu bae ntɛm ara? Yohane toaa so sɛ: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:12.

‘Asɛm too asase’ bere a Wiase Ko I pae gui wɔ 1914 mu na ɛde gyinapɛn a ɛyɛ soronko koraa wɔ nea yehu nnɛ no ho baa awiei no. Abakɔsɛm kyerɛwfo Barbara Tuchman kae sɛ: “Ɔko Kɛse a esii 1914-18 mu no te sɛ asase bi a asɛe a ɛda saa bere no ne yɛn bere yi ntam. Bere a ekunkum nnipa pii a anka wobetumi ayɛ biribi wɔ ɔko no akyi, ɛsɛee gyidi horow, ɛsakraa nsusuwii horow, na egyaw abasamtu a wontumi nyɛ ho hwee no, ɛmaa adwenem nsonsonoe kɛse bɛdaa mmere abien no ntam.” Abakɔsɛm kyerɛwfo foforo, Eric Hobsbawm nso gye tom sɛ: “Efi 1914 no, gyinapɛn a na wogye tom wɔ aman a wodi yiye mu no aba fam . . . Ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛte sɛnea yɛde ahoɔhare resan akɔ nea anka yɛn nananom a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so dunkron no bebu no sɛ atirimɔden gyinapɛn ho no ase.”

Nhoma kyerɛwfo Jonathan Glover kae wɔ ne nhoma Humanity—A Moral History of the Twentieth Century mu sɛ: “Ade biako a ɛhyɛ yɛn bere yi agyirae ne abrabɔ fam mmara a ɛreyera no.” Ɛwom sɛ onnye abrabɔ fam mmara a efi baabi ba nni esiane nyamesom a aba fam wɔ Atɔe fam aman mu nti de, nanso ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛsɛ sɛ abrabɔ fam mmara a ɛreyera no haw yɛn a yennye nyamesom mu abrabɔ fam mmara nni no nso.”

Ɛnnɛyi ahotoso a ɛho aba asɛm—sɛ ebia wɔ aguadi, amammui, anaa nyamesom nhyehyɛe anaa ankorankoro ne mmusua mu nkitahodi mu—ne nneɛma bɔne a ɛde ba no yɛ Ɔbonsam akwammɔne a ɔnam so de ɔhaw aba nnipa a wɔte asase so so no fã. Satan asi ne bo sɛ ɔbɛko akosi awiei na ɔne wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi Onyankopɔn gyinapɛn ahorow so no nyinaa akɔ asɛe mu.—Adiyisɛm 12:17.

So ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so adi ahotoso a ɛho aba asɛm no ho dwuma? Ɔsomafo Petro bua sɛ: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Yebetumi de yɛn ho ato saa bɔhyɛ no so efisɛ ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn betumi adi n’atirimpɔw ho dwuma nko, na mmom wahyɛ ne mmamu no mu den. Ɛdefa ‘asɛm biara a efi Yehowa anom ba’ ho no, ɔka sɛ: “Ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.” Ɛyɛ bɔhyɛ a ahotoso wom ampa!—Yesaia 55:11; Adiyisɛm 21:4, 5.

Onyankopɔn Gyinapɛn a Yɛde Bɛtra Ase

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu abrabɔ gyinapɛn bedi dwuma wɔ wiase a emu gyinapɛn nnyina faako na ɛrekɔ fam bere nyinaa yi mu. Ne saa nti, wɔda nsow wɔ nnipa dodow no ara ho, na mpɛn pii no, eyi atwe afoforo adwene aba wɔn so—na ama wɔn ho ayɛ ahi.

Wɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi a wɔyɛɛ no London ase no, TV so dwumadi ho sɛnkyerɛwfo bi bisaa Yehowa Adansefo kasamafo bi sɛ wɔyɛ Kristofo ankasa. Obuae sɛ: “Yiw, ɛte saa pɛpɛɛpɛ efisɛ Yesu ne yɛn nhwɛsofo. Pɛsɛmenkominya abu so wɔ wiase no mu, na yɛde yɛn adwene si Yesu Kristo so sɛ ɔkwan, nokware, ne nkwa. Yegye di sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba, ɛnyɛ Baasakoro bi fã, enti nsonsonoe da sɛnea yɛte Bible no ase ne sɛnea nyamesom a agye din no te ase no ntam.”

Bere a wɔde nsɛm a wobisabisae no baa BBC television so no, sɛnkyerɛwfo no kaa eyi de wiee dwumadi no sɛ: “Mate nea enti a Yehowa Adansefo ba yɛn afie no ase yiye. Na minnye nni sɛ mahu nnipa 25,000 a wɔasiesie wɔn ho yiye na wɔbom da suban pa adi wɔ faako sɛɛ da.” Adanse pa a efi obi a ɔnyɛ Ɔdansefo a ɔhwɛ nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn gyinapɛn a ɛnsakra a wodi akyi mu hɔ bɛn ara ni!

Bere a ebinom bɛtwe asan wɔ adwene a ɛne sɛ wɔde gyinapɛn a obi ahyehyɛ bɛtra ase ho no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwɛ wo Bible no mu na sua sɛnea Onyankopɔn gyinapɛn ahorow te. Nanso ɛnsɛ sɛ woma nhwehwɛmu kakra a wobɛyɛ no ara dɔɔso ma wo. Di ɔsomafo Paulo afotu no akyi: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” (Romafo 12:2) Kɔ Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ no so na hwɛ sɛnea Adansefo a wɔwɔ hɔ no te. Wubehu sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde wɔn ho to Bible bɔhyɛ ahorow so na wɔda Onyankopɔn mu ahotoso adi denam mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔde ne gyinapɛn ahorow bɛtra ase so.

Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛyɛ nokware na ɛnsakra a wubedi akyi wɔ w’asetra mu no bɛma woanya nhyira ankasa. Tie Onyankopɔn ankasa frɛ yi: “Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:18.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Ɛnnɛ, ahotoso ho aba asɛm wɔ aguadi, amammui, nyamesom, ne mmusua mu nkitahodi mu