Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔahyɛ Gilead Adesuakuw A Ɛto So 108 Nkuran Sɛ Wɔmfa Ɔsom Kronn mma

Wɔahyɛ Gilead Adesuakuw A Ɛto So 108 Nkuran Sɛ Wɔmfa Ɔsom Kronn mma

Wɔahyɛ Gilead Adesuakuw A Ɛto So 108 Nkuran Sɛ Wɔmfa Ɔsom Kronn mma

WƆ Bible mu no, wɔtaa ka Onyankopɔn som ho asɛm sɛ “ɔsom kronn.” Efi Hela asɛm a wɔde ka ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn ho asɛm mu. (Romafo 9:4) Nnipa 5,562 a wotiee Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 108 adesua awiei dwumadi no tee afotu pa a ɛbɛboa adesuafo a wɔawie no ma wɔde ɔsom kronn a ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani ama a akasafo no de mae no. *

Theodore Jaracz a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no na ɔyɛɛ dwumadi no guamtrani. Wɔde dwom a ɛto so 52, “Yɛn Agya Din,” na efii dwumadi no ase. Saa dwom no fa a ɛto so abien no ka sɛ: ‘Yɛhwehwɛ sɛnea yɛn nso yɛbɛtew wo din a ebiara ne no nsɛ no ho.’ Dwom no daa adesuakuw no mu asuafo a wɔrewie (a wofi aman 10 mu) no komam asɛm a ɛne sɛ wɔde ntetee a wɔanya no bedi dwuma wɔ asɛmpatrɛw adwuma a wɔbɛyɛ wɔ aman horow 17 mu no adi.

Wɔ Onua Jaracz nnianim asɛm mu no, ɔtwee adwene sii asram anum Bible adesua a emu dɔ a wɔnam so asiesie wɔn ama amannɔne dwumadi no so. Eyi boaa wɔn maa ‘wɔsɔɔ ade nyinaa hwɛe,’ kyerɛ sɛ, wɔde Onyankopɔn Asɛm hwehwɛɛ nneɛma a wɔasua dedaw no mu, na ‘wɔaso nea eye no mu den.’ (1 Tesalonikafo 5:21) Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa nokware mmata Yehowa, N’asɛm, ne dwumadi a wɔatete wɔn sɛ wɔnkɔyɛ no ho. Dɛn na ɛbɛboa wɔn bere a wɔreyɛ eyi nyinaa no?

Afotu Pa a Ɛbɛma Wɔde Ɔsom Kronn Ama

Lon Schilling a ɔyɛ Betel Dwumadi Boayikuw muni no kasa faa asɛmti a ɛne “So Wubedi Nkonim Wɔ Ntease Ho Sɔhwɛ Mu?” no ho. Osii mfaso a ɛwɔ yɛ a yɛbɛyɛ nnipa a yɛwɔ ntease, a ɛne Onyankopɔn nyansa hyia no so dua. (Yakobo 3:17) Sɛ obi wɔ ntease a, ɛkyerɛ sɛ, ogyae nsɛm mu, ɔnyɛ nyiyim, ɔnyɛ ade ntra so, ɔwɔ tema, ne boasetɔ. Onua Schilling kae sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ntease kari pɛ wɔ wɔne afoforo nsɛnnii mu. Wɔnyɛ ade ntra so.” Dɛn na ebetumi aboa ɔsɛmpatrɛwfo ma wayɛ obi a ɔwɔ ntease? Sɛ́ ɔremmu ne ho dodo, ɔde hokwan ahorow betie afoforo na wasua biribi afi wɔn hɔ, na wanya ɔpɛ sɛ obesusuw afoforo adwenkyerɛ ho bere a ɔrennyae Onyankopɔn nnyinasosɛm mu nsiesie no.—1 Korintofo 9:19-23.

“Mma Wo Werɛ Mmfi sɛ Wubedidi!” ne asɛmti a ɛyɛ nwonwa a edii hɔ wɔ dwumadi no mu a Samuel Herd, a ɔyɛ Sodikuw no muni foforo, maa ho kasa. Osii mfaso a ɛwɔ honhom fam aduan pa a yebedi na ama yɛakɔ so anya ahoɔden na yɛnam so de ɔsom kronn ama no so dua. Onua Herd kae sɛ: “Sɛ mode mo ho hyɛ mo asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu pɛ a, ɛrenkyɛ na mo honhom fam dwumadi ayɛ kɛse. Enti, ɛho behia sɛ mudidi pii honhom fam na ama moakari pɛ na moanya ahoɔden.” Honhom fam aduan a yebedi wɔ ɔkwan a ɛfata so betumi aboa ɔsɛmpatrɛwfo ma wakwati honhom fam adwenemhaw ne anigyina. Ɛma obi nya abotɔyam na osi ne bo sɛ obekura ɔsom kronn a ɔde rema no mu.—Filipifo 4:13.

Gilead kyerɛkyerɛfo biako, Lawrence Bowen, hyɛɛ adesuafo a wɔrewie no nkuran sɛ “Monsan Nkɔ Mfiase no So.” Dɛn na na ɔkyerɛ? Ɔmaa atiefo no nyinaa buee Mmebusɛm 1:7, a ɛkenkan sɛ: “[Yehowa, NW] suro ne nimdeɛ mfiase” no. Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Biribiara a ebu ani gu nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa wɔ hɔ so no ntumi mfata da sɛ nokware nimdeɛ, na saa ara na ɛremfa ntease pa biara mma.” Onua Bowen de Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu nsɛm totoo aborɔme asinasin ho. Sɛ wɔde asinasin no sisi anim a, ɛma yenya mfonini bi. Dodow a wɔde asinasin no pii sisi anim no, dodow no ara na mfonini no yɛ kɛse na anim da hɔ yiye, na dodow no ara na onipa no anisɔ yɛ kɛse. Eyi betumi aboa obiara ma ɔde ɔsom kronn ama Onyankopɔn.

Wallace Liverance, Gilead Sukuu no ho kyerɛwtohɔ sohwɛfo, de kasa a ɛwɔ afã horow no baa awiei. Na n’asɛmti ne “Momfa Aseda Mma sɛ Afɔre a Mobɔ Ma Onyankopɔn.” Ɔtwee adwene sii akwatafo du a Yesu saa wɔn yare ho asɛm no so. (Luka 17:11-19) Wɔn mu biako pɛ na ɔsan n’akyi beyii Onyankopɔn ayɛ na ɔdaa Yesu ase. Onua Liverance kae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ na afoforo no ani agye sɛ wɔn ho afi. Wɔn ani gyee wɔn ho, nanso ɛte sɛ nea na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ ɔsɔfo no bɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔn ho atew.” Ɛsɛ sɛ honhom fam ahotew a wonya fi nokware no sua mu, ne anigye kanyan obi ma ɔda Onyankopɔn ase wɔ ne papayɛ ho. Wɔhyɛɛ Gilead adesuakuw a ɛto so 108 no mufo nkuran sɛ wonnwen Onyankopɔn nnwuma ne ne papayɛ nyinaa ho, na ama aseda a wɔde ma Onyankopɔn no ada adi wɔ wɔn som adwuma ne wɔn afɔrebɔ mu.—Dwom 50:14, 23; 116:12, 17.

Osuahu ne Nsɛm a Wobisabisa Fa Ɔkwan a Wɔfa so Yɛ no Ho

Mark Noumair, a ɔyɛ Gilead kyerɛkyerɛfo foforo, na ɔhwɛɛ dwumadi no fã a edi hɔ no so. Na ɛfa adesuakuw no asɛnka mu osuahu ahorow wɔ wɔn ntetee bere no mu ho. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a na adesuafo no de bɛyɛ mfirihyia 12 na ayɛ bere nyinaa som adwuma no ansa na wɔreba Gilead. Bere a wɔwɔ sukuu no, wɔne nnipa a wofi mmusuakuw ahorow mu na wɔn nsɛm tebea gu ahorow fii Bible adesua ase a ɛkyerɛ sɛ adesuafo no nim sɛnea ‘wɔbɛyɛ ade nyinaa ama nnipa nyinaa.’—1 Korintofo 9:22.

Adesuafo no suahu ahorow akyi no, Charles Molohan ne William Samuelson bisabisaa Betelfo ne ahwɛfo akwantufo bi a wɔakɔ Gilead no nsɛm. Anuanom a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu biako ne, Robert Pevy, a ɔsomee wɔ Philippines bere a owiee Gilead adesuakuw a ɛto so 51 no. Ɔkaee adesuakuw no sɛ: “Bere biara a asɛm bi besi no, obiara de sɛnea wobesiesie asɛm no ho nyansahyɛ ahorow ma. Obi wɔ hɔ a ohu nsɛm ani so ntɛmntɛm sen wo bere nyinaa, obi a ɔde adwenkyerɛ a eye sen wo de bɛma wo. Nanso, sɛ wohwɛ Bible mu na wobɔ mmɔden sɛ wubehu Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho a, obiara nni hɔ a n’adwenkyerɛ bɛsen wo de. Ɛno na ɛbɛyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa.”

John Barr, a ɔyɛ Sodikuw no muni a ɔkasa faa asɛmti “Fa Ɔsom Kronn a Ɛfata Ma Yehowa” ho no na ɔde honhom fam dwumadi a ɛyɛ anigye no baa awiei. Ɔkyerɛɛ sɛnea yebetumi ada ɔsom kronn adi wɔ asɛnka adwuma mu ma aboa ankorankoro bi a wɔwɔ komapa ma wɔasom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛfata so. Bere a Onua Barr twee adwene sii Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 4:10 so no, ɔkae sɛ, “Sɛ yɛbɛsom Yehowa nkutoo a, ɛsɛ sɛ yɛkwati anifere kwan so abosonsom biara te sɛ anibere, sikanibere, ne ahantan. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebenya adwene sɛ yɛn asɛmpatrɛwfo a yɛanya wɔn fi afe 1940 mfiase no ayɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu! Na yegye tom sɛ mo Gilead adesuakuw a ɛto so 108 mufo bedi wɔn nhwɛso pa no akyi. Mode ɔsom kronn rekɔma Yehowa, a ɔno nkutoo na ɔfata no.”

Ná ɛno yɛ dwumadi a ɛhyɛ den no awiei a ɛhyɛ nkuran. Afei, ɛbere dui sɛ wotie nkyia ahorow a efi wɔn a wɔrema mo-ne-yɔ a wɔwɔ wiase nyinaa no hɔ, de adesua ho adansedi nkrataa ma wɔn, na adesuakuw no kenkan wɔn krataa a wɔde rekyerɛ anisɔ wɔ ntetee a wɔanya no ho no. Wotuu adesuakuw a wɔrewie no fo sɛ wɔnna su a ɛne sɛ wobekura wɔn dwumadi mu pintinn wɔ wɔn adwuma no mu ne ɔsom a wɔde ma Yehowa mu adi. Atiefo no nyinaa, a wɔn a wofi aman 25 mu bae ka ho, bɔɔ mu too dwom bɔɔ mpaebɔ de dwumadi no baa awiei.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔyɛɛ March 11, 2000 dwumadi no wɔ Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York, no.

[Adaka wɔ kratafa 23]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 10

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 17

Adesuafo no dodow: 46

Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 34

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 16

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyem: 12

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 108 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Amadori, E.; Cook, O.; Byrne, M.; Lee, A. (2) Newsome, D.; Pederzolli, A.; Bigras, H.; Kato, T.; Gatewood, D. (3) Eade, D.; Eade, J.; Wells, S.; Jamison, J.; Gonzales, M.; Gonzales, J. (4) Kato, T.; Lohn, D.; Niklaus, Y.; Preiss, S.; Foster, P.; Ibarra, J. (5) Amadori, M.; Manning, M.; James, M.; Boström, A.; Gatewood, B.; Newsome, D. (6) Foster, B.; Jamison, R.; Hifinger, A.; Koffel, C.; Koffel, T.; Byrne, G. (7) Hifinger, K.; Manning, C.; Cook, J.; Boström, J.; Lohn, E.; Pederzolli, A. (8) James, A.; Wells, L.; Preiss, D.; Niklaus, E.; Lee, M.; Ibarra, P.; Bigras, Y.