Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Gye Wo Ho Ne W’atiefo Nkwa’

‘Gye Wo Ho Ne W’atiefo Nkwa’

‘Gye Wo Ho Ne W’atiefo Nkwa’

“Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so . . efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.”—1 TIMOTEO 4:16.

1, 2. Dɛn na ɛkanyan nokware Kristofo ma wɔkɔ so yɛ wɔn nkwagye adwuma no?

AWAREFO bi a wɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ akuraa bi a atew ne ho ase wɔ Thailand atifi fam bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka kasa foforo a wɔasua no akyerɛ abusuakuw bi a wɔte bepɔw so. Nnansa yi ara na awarefo no resua Lahu kasa no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa akyerɛ akuraa no asefo no.

2 Okunu no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛ den sɛ yebetumi akyerɛkyerɛ anigye ne abotɔyam a yɛanya wɔ adwuma a yɛyɛ wɔ nkurɔfo a wɔn ho yɛ anika yi mu no mu. Yɛte nka ankasa sɛ yɛrenya Adiyisɛm 14:6, 7 mmamu mu kyɛfa bere a yɛka asɛmpa no ‘kyerɛ aman ne mmusuakuw ne kasa nyinaa’ no. Mmeae kakraa bi pɛ na aka a yennya mfaa asɛmpa no nnui, na akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ emu biako. Ɛkame ayɛ sɛ yɛwɔ Bible adesua pii sen nea yebetumi ayɛ.” Ɛda adi pefee sɛ, awarefo yi nhwɛ kwan sɛ wobegye wɔn nkutoo ho, na mmom, wɔn a wotie wɔn no nso. Sɛ́ Kristofo no, so yɛn nyinaa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ saa?

‘Ma W’ani Mmra Wo Ho So’

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ na ama yɛatumi agye afoforo nkwa?

3 Ɔsomafo Paulo tuu Timoteo fo sɛ, ‘Ɔmma n’ani mmra ne ho ne ne nkyerɛkyerɛ so,’ na eyi fa Kristofo nyinaa ho. (1 Timoteo 4:16) Nokwarem no, sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔanya nkwagye a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani di kan ba yɛn ho so. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Ade biako ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ bere a yɛte mu yi ho. Yesu maa n’akyidifo no sɛnkyerɛnne bi a ɛwɔ afã pii a wɔde behu bere a “nneɛma nhyehyɛe no awiei” bɛba no. Nanso Yesu kae sɛ, yɛrenhu bere pɔtee a awiei no bɛba. (Mateo 24:3, 36, NW) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ saa nokwasɛm no ho?

4. (a) Su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ nhyehyɛe yi bere a aka no ho? (b) Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

4 Yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ, ‘So mede bere biara a aka ama saa nhyehyɛe yi regye me ho ne m’atiefo nkwa? Anaa misusuw sɛ, “Esiane sɛ yennim bere pɔtee a awiei no bɛba nti, meremfa nhaw me ho”?’ Su a edi akyiri no yɛ hu. Ɛne Yesu afotu yi nhyia koraa: “Munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.” (Mateo 24:44) Akyinnye biara nni ho sɛ nyɛ nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma anigye a yɛwɔ wɔ Yehowa som adwuma mu no sɛe, anaasɛ yɛhwehwɛ ahobammɔ ne abotɔyam wɔ wiase no mu.—Luka 21:34-36.

5. Nhwɛso horow bɛn na Yehowa adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba no yɛe?

5 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so ada no adi sɛ yɛrema yɛn ani aba yɛn ho so ne sɛ yɛde boasetɔ begyina mu sɛ Kristofo. Sɛ́ ebia na Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete no rehwehwɛ nkwagye ntɛm anaa ɛnte saa no, wɔkɔɔ so gyinaa mu. Bere a Paulo twee adwene sii adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba te sɛ Habel, Henok, Noa, Abraham, ne Sara, nhwɛso ahorow so wiei no, ɔkae sɛ: “Wɔn nsa anka bɔhyɛ no, na mmom wohui akyirikyiri nko gye dii yɛɛ no atuu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo asase so.” Wɔannyae wɔn ho mu amma akɔnnɔ biara a na ɛbɛma wɔahwehwɛ asetra a ɛyɛ ahogono, na saa ara na ɔbrasɛe a na atwa wɔn ho ahyia no anni wɔn so, na mmom wɔde anigye hwɛɛ ‘bɔhyɛ ahorow no mmamu’ kwan.—Hebrifo 11:13; 12:1.

6. Ɔkwan bɛn so na sɛnea na afeha a edi kan Kristofo no bu nkwagye no nyaa wɔn asetra so nkɛntɛnso?

6 Afei nso, afeha a edi kan Kristofo no buu wɔn ho sɛ “amamfrafo” wɔ wiase yi mu. (1 Petro 2:11) Bere a wogyee nokware Kristofo no wɔ ɔsɛe a ɛbae wɔ afe 70 Y.B. mu no, wɔannyae asɛnka anaa wɔansan amfa wɔn ho ankɔhyɛ wiase abrabɔ mu. Na wonim sɛ wɔn a wɔbɛkɔ so adi nokware no benya nkwagye kɛse sɛ akatua. Nokwarem no, akyiri yi koraa, wɔ afe 98 Y.B. mu no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17, 28.

7. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo ada boasetɔ adi wɔ nnɛ mmere yi mu?

7 Ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo akɔ so ayɛ Kristofo adwuma no, ɛmfa ho mpo sɛ wohyia ɔtaa a emu yɛ den no. So wɔabrɛ agu? Dabida, efisɛ Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no,” sɛ́ ɛyɛ nhyehyɛe dedaw yi awiei anaa nkwa a obi wɔ mprempren no awiei. Owusɔre mu no, Yehowa bɛkae n’asomfo anokwafo a wɔawuwu no na wama wɔn nyinaa akatua.—Mateo 24:13; Hebrifo 6:10.

8. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛn ani sɔ tete Kristofo no boasetɔ no?

8 Afei nso, ɛyɛ yɛn anigye sɛ na tete Kristofo no nnwen wɔn nkutoo nkwagye ho. Nokwarem no, yɛn a yɛnam wɔn mmɔdenbɔ so asua Onyankopɔn Ahenni ho ade no ani sɔ sɛ wɔde boasetɔ dii Yesu ahyɛde yi so: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. . . . monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Bere tenten a hokwan da so wɔ hɔ no, yebetumi ada yɛn anisɔ adi denam asɛm no a yɛbɛka akyerɛ afoforo a wonnya ntee asɛmpa no so. Nanso, asɛnka yɛ anammɔn a edi kan kɛkɛ a yetu wɔ asuafoyɛ no mu.

‘Ma W’ani Mmra Wo NkyerɛKyerɛ So’

9. Ɔkwan bɛn so na adwempa a yebenya no betumi aboa yɛn ma yɛafi Bible adesua horow ase?

9 Yɛn adwuma no nyɛ asɛnka nko, na mmom, ɔkyerɛkyerɛ nso. Yesu maa yɛn ahyɛde sɛ yɛnkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ wonni nea wahyɛ wɔn nyinaa so. Nokwarem no, wɔ nsasesin bi mu no, ɛte sɛ nea nnipa kakraa bi pɛ na wɔpɛ sɛ wosua Yehowa ho ade. Nanso, sɛ yenya asasesin no ho adwene a ɛmfata a ebetumi asiw mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yebefi Bible adesua ahorow ase no kwan. Yvette, ɔkwampaefo bi a ɔte asasesin bi a na ebinom afrɛ no asase a ɛnsow aba mu no behui sɛ ahɔho a wɔba mpɔtam hɔ a wonni adwene a ɛmfata saa no fii ase yɛɛ ofie Bible adesua ahorow. Bere a Yvette yɛɛ n’adwene yiye no, ɔno nso nyaa nkurɔfo a na wɔpɛ sɛ wosua Bible no.

10. Sɛ́ Bible akyerɛkyerɛfo no, yɛn adwuma titiriw ne dɛn?

10 Kristofo binom betumi atwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔne anigyefo bɛhyehyɛ Bible adesua esiane sɛ wosusuw sɛ wontumi nyɛ nti. Ɛwom, yɛn nyinaa mmɔdenbɔ nyɛ pɛ. Nanso, enhia sɛ yɛn ho kokwaw boro so ansa na yɛatumi ayɛ Onyankopɔn Asɛm no akyerɛkyerɛfo pa. Ahoɔden wɔ Bible mu asɛm kronkron no mu, na Yesu kae sɛ sɛ wɔn a wɔte sɛ nguan no te Oguanhwɛfo nokwafo no nne a, wohu. Ɛnde, yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛka Oguanhwɛfo Pa, Yesu, asɛm no ma emu ada hɔ fann sɛnea yebetumi.—Yohane 10:4, 14.

11. Ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa Bible suani bi yiye paa?

11 Ɔkwan bɛn so na wubetumi aka Yesu asɛm no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so? Nea yebedi kan aka ne sɛ, hu nea Bible ka fa asɛm a moresusuw ho no ho. Ɛsɛ sɛ w’ankasa wudi kan te asɛm bi ase ansa na woatumi de akyerɛkyerɛ afoforo. Afei nso, sɛ woreyɛ adesua no a, bɔ mmɔden ma ɛnyɛ nea nidi wom, na yɛ no adamfofa kwan so. Asuafo, a mmofra nkumaa ka ho, tumi sua ade yiye bere a ehu nni wɔn mu na ɔkyerɛkyerɛfo no da obu ne ayamye adi no.—Mmebusɛm 16:21.

12. Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ osuani no te nea worekyerɛkyerɛ no no ase?

12 Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo no, ɛnyɛ nokwasɛm kɛkɛ na wobɛma osuani no akyere agu ne tirim na watĩ mu aka kɛkɛ. Boa no ma ɔnte nea ɔresua no ase. Osuani no nhomasua, asetram suahu ne Bible mu nimdeɛ a ɔwɔ bɛboa no ma wate nea woka no ase. Enti, wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘So ɔte nea kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asisi so wɔ adesua no mu ka no ase?’ Wubetumi abisa no nsɛm a ne mmuae renyɛ yiw anaa dabi, na mmom, egye nkyerɛkyerɛmu. (Luka 9:18-20) Ɔkwan foforo so no, asuafo binom mmisa ɔkyerɛkyerɛfo no nsɛm. Ne saa nti, wobetumi adi adesua no akyi a wɔnte nea wɔrekyerɛkyerɛ wɔn no ase yiye. Hyɛ osuani no nkuran ma ommisa nsɛm, na ka kyerɛ no sɛ sɛ ɔnte biribi ase yiye a, ɔnka nkyerɛ wo.—Marko 4:10; 9:32, 33.

13. Ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa osuani no ma wabɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo?

13 Ade a ɛho hia wɔ Bible adesua yɛ mu ne sɛ yɛbɛboa osuani no ma wabɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo. (Galatifo 6:6) Ne saa nti, sɛ́ adesua no mu ntĩmu no, wubetumi ama no akyerɛkyerɛ asɛm bi mu akyerɛ wo wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so te sɛ nea ɔrekyerɛkyerɛ mu akyerɛ obi a ɔntee asɛm no da. Akyiri yi, sɛ ɔbɛfata sɛ ɔbɛyɛ ɔsom adwuma no bi a, wubetumi ne no akɔ asɛnka. Ɛda adi sɛ obenya abotɔyam bere a ɔne wo reyɛ adwuma no, na osuahu a obenya no bɛboa no ma wanya ahotoso akosi sɛ ɔno ankasa betumi akɔ asɛnka.

Boa Osuani no Ma Ɔmmɛyɛ Yehowa Adamfo

14. Dɛn ne wo botae titiriw sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, na dɛn na ebetumi ama woadu ho?

14 Kristoni kyerɛkyerɛfo biara botae titiriw ne sɛ ɔbɛboa osuani no ma ɔne Yehowa abenya adamfofa. Ɛnyɛ nsɛm a wode w’ano bɛka nkutoo na wode bedi eyi ho dwuma, na mmom, denam wo nhwɛso so nso. Nhwɛso a wɔde kyerɛkyerɛ tumi nya asuafo no koma so nkɛntɛnso kɛse. Nneyɛe tumi kasa pii sen nsɛm a wɔde ano ka, titiriw bere a wode abrabɔ pa ne nsiyɛ redua osuani no mu no. Sɛ ohu sɛ wo nsɛm ne wo nneyɛe fi abusuabɔ pa a wo ne Yehowa wɔ mu a, ebetumi akanyan no kɛse ma n’ankasa anya abusuabɔ a ɛte saa no bi.

15. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ osuani no nya Yehowa som ho adwene a ɛfata? (b) Wobɛyɛ dɛn atumi aboa osuani no ma wakɔ so anya honhom fam nkɔso?

15 Wopɛ sɛ osuani no fi ɔdɔ mu som Yehowa, na ɛnyɛ sɛ ɔmpɛ sɛ wɔsɛe no wɔ Harmagedon kɛkɛ nti. Sɛ woboa no ma onya adwene a ɛfata saa a, na wode nneɛma a ogya ntumi nhyew a ebetumi agyina gyidi ho sɔhwɛ ano rehyɛ no den. (1 Korintofo 3:10-15) Adwene a ɛmfata te sɛ ɔpɛ a emu yɛ den a ɔwɔ sɛ obesuasua wo anaa onipa foforo no, remma onnya ahoɔden a ɔde bɛko atia nkɛntɛnso bɔne anaasɛ akokoduru a ɔde bɛyɛ nea ɛteɛ. Kae sɛ, worenyɛ ne kyerɛkyerɛfo nkosi daa. Bere a wowɔ hokwan no, wubetumi ahyɛ no nkuran ma wabɛn Yehowa yiye denam Onyankopɔn Asɛm a ɔbɛkenkan no daa asusuw ho so. Wɔ saa kwan yi so no, ɔbɛkɔ so aso Bible ne Bible ho nhoma mu “nsɛmpa a eye” no mu bere a wo ne no asua ade awie akyi bere tenten no.—2 Timoteo 1:13.

16. Wobɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ osuani ma wafi komam abɔ mpae?

16 Wubetumi aboa osuani no ma wabɛn Yehowa kɛse denam kyerɛ a wobɛkyerɛkyerɛ no ma wafi komam abɔ mpae so. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Ebia wubetumi atwe n’adwene asi Yesu mpaebɔ nhwɛso ne mpaebɔ pii a efi komam a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu, te sɛ nea ɛwɔ nnwom mu no so. (Dwom 17, 86, 143; Mateo 6:9, 10) Afei nso, sɛ wo suani no tie sɛnea wode mpaebɔ fi adesua ase na wode wie no a, obehu sɛnea wote nka wɔ Yehowa ho no. Enti, ɛsɛ sɛ wo mpaebɔ yɛ nea nokwaredi wom na emu da hɔ fann, na ɛkari pɛ wɔ honhom fam ne nkate fam bere nyinaa.

Adwuma a Wobɛyɛ De Agye Wo Mma Nkwa

17. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔanantew nkwagye kwan no so?

17 Nokwarem no, yɛn abusuafo ka nkurɔfo a yɛpɛ sɛ yegye wɔn nkwa no ho. Mmofra a wɔn awofo yɛ Kristofo pii yɛ nokwaredifo, na wɔn ‘gyidi yɛ den.’ Nanso, ebia nokware no nnyee ntini yiye wɔ afoforo koma mu. (1 Petro 5:9; Efesofo 3:17; Kolosefo 2:7) Sɛ saa mmofra yi mu pii rebɛn wɔn mpanyin afe so anaasɛ wɔyɛ mpanyimfo a, wɔpo Kristofo asetra kwan no. Sɛ woyɛ ɔwofo a, dɛn na wubetumi ayɛ na biribi a ɛte saa ansi? Nea edi kan no, wubetumi ayɛ nhyehyɛe ma abusua no mu nsɛm tebea ayɛ nea ɛfata. Abusua asetra a ɛyɛ papa ma wonya obu a ɛfata ma tumidi, wonya anisɔ a ɛfata ma gyinapɛn ahorow, na ɛma wɔne afoforo nya abusuabɔ a anigye wom. (Hebrifo 12:9) Enti, abusuabɔ a emu yɛ den a ɛwɔ abusua no mu no betumi aboa ma abofra no ne Yehowa ntam adamfofa mu atumi ayɛ den. (Dwom 22:10) Mmusua a ɛyɛ den bom sɛ kuw yɛ nneɛma—sɛ ɛsɛ sɛ awofo de wɔn bere a wobetumi de ahwehwɛ wɔn ankasa mfaso bɔ afɔre mpo a. Saa kwan yi so no, wonam wo nhwɛso so betumi akyerɛkyerɛ wo mma ma wɔasisi gyinae ahorow a ɛfata wɔ asetra mu. Awofo, ade a mo mma hia sen biara ne mo,—mo bere, mo ahoɔden, ne mo dɔ—ɛnyɛ honam fam nneɛma. So mode saa nneɛma yi rema mo mma?

18. Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ awofo boa wɔn mma ma wonya ho mmuae?

18 Ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo fa no sɛ wɔn mma benyin abɛyɛ Kristofo ɔkwan biara so. Daniel, ɔpanyin bi a ɔyɛ agya na ɔwɔ mma baanum, ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ awofo gye bere de yi adwenem naayɛ a wɔn mma nya wɔ sukuu mu ne mmeae foforo no fi hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔde boasetɔ boa wɔn mma ma wotumi nya nsɛmmisa te sɛ eyinom ho mmuae: ‘So yɛte awiei bere mu ampa? So nokware som biako pɛ na ɛwɔ hɔ ampa? Dɛn nti na yɔnko sukuuni bi a ɛte sɛ nea oye no nyɛ adamfo pa? So ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim nye bere nyinaa?’” Awofo, mubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira mo mmɔdenbɔ so, efisɛ mo mma yiyedi ho hia ɔno nso.

19. Dɛn nti na eye koraa sɛ awofo ankasa ne wɔn mma besua ade?

19 Awofo binom te nka sɛ wontumi ne wɔn ankasa mma nsua ade. Nanso, ɛnsɛ sɛ wote nka saa, efisɛ obiara nni hɔ a ɔfata a obetumi akyerɛkyerɛ wo mma asen wo. (Efesofo 6:4) Sɛ wo ne wo mma sua ade a ɛbɛma woahu nea ɛwɔ wɔn koma ne wɔn adwene mu ankasa. So nsɛm a wɔka no fi komam anaasɛ ɛyɛ biara biara? So wogye nea wɔresua no di ankasa? So wobu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa? Sɛ w’ankasa ne wo mma sua ade a, na wubetumi anya saa nsɛmmisa yi ne afoforo a ɛho hia ho mmuae.—2 Timoteo 1:5.

20. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ama abusua adesua ayɛ anigye ne nea mfaso wɔ so?

20 Sɛ wufi w’abusua adesua ase a, ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ nhyehyɛe ma atoa so? Joseph, ɔpanyin bi a ɔyɛ agya na ɔwɔ ɔbabarima ne ɔbabea, ka sɛ: “Te sɛ Bible adesua nyinaa no, ɛsɛ sɛ abusua adesua yɛ anigye, biribi a obiara hwɛ kwan. Sɛ yebetumi ayɛ saa wɔ yɛn abusua mu a, yentumi nyɛ katee wɔ bere a yɛde yɛ no ho. Yɛn adesua betumi adi dɔnhwerew biako, nanso sɛ edu bere bi na sɛ simma du pɛ mpo na yɛwɔ a, yesua ade. Ade biako a ɛma yɛn adesua no yɛ dapɛn no mu ade titiriw ma mmofra no ne sɛ, yɛde Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no mu nsɛm no yɛ ɔyɛkyerɛ. * Nkɛntɛnso kɛse a enya wɔ yɛn so ne sɛnea yɛte ase no hia koraa sen nkyekyem dodow bi a yɛbɛkenkan.”

21. Bere bɛn na awofo betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma?

21 Nokwarem no, ɛnyɛ mmere a mode tra ase sua ade no nkutoo na ɛsɛ sɛ mode kyerɛkyerɛ mo mma. (Deuteronomium 6:5-7) Ɔdansefo a ɔwɔ Thailand a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ka sɛ: “Mekae sɛnea na Paapa taa de me tra sakre so kɔ asɛnka wɔ yɛn asafo no asasesin mu wɔ akyirikyiri no paa. Nokwarem no, ɛyɛ yɛn awofo nhwɛso pa ne kyerɛ a wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn wɔ tebea horow nyinaa mu no na ɛboaa yɛn ma yesii gyinae de yɛn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Na nneɛma a wɔkyerɛɛ yɛn no kaa yɛn adwenem. Meda so ara reyɛ asasesin no afã a ɛwɔ akyirikyiri no mu adwuma!”

22. Sɛ ‘woma w’ani ba wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so’ a, dɛn na ebefi mu aba?

22 Ɛrenkyɛ, da koro, wɔ bere a ɛsɛ mu no, Yesu de Onyankopɔn atemmu bɛba nhyehyɛe yi so. Saa asɛnkɛse no bɛba abɛyɛ amansan yi mu abakɔsɛm, nanso Yehowa asomfo anokwafo bɛkɔ so asom no a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa. So wohwɛ kwan sɛ wo ne wo mma ne wo Bible asuafo bɛka wɔn ho? Ɛnde kae: “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.”—1 Timoteo 4:16.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Esiane sɛ yennim bere pɔtee a Onyankopɔn atemmu no bɛba nti, su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama ‘yɛn ani aba yɛn nkyerɛkyerɛ so’?

• Ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa osuani ma wabɛyɛ Yehowa adamfo?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ awofo gye bere kyerɛkyerɛ wɔn mma?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛ yɛyɛ adesua wɔ nidi mu wɔ adamfofa kwan so a, etu mpɔn

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛ yɛyɛ Bible mu nsɛm te sɛ Salomo a ɔrebu nguaman baanu atɛn ho ɔyɛkyerɛ a, ɛma abusua adesua yɛ anigye