Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Mmosã

Mmosã

So ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛnom mmosã?

“Nsa a ɛma yɛn ani gye, srade a ɛma yɛn anim tew, ne aboodoo a ɛma yɛn ahoɔden.”Dwom 104:15, “Good News Translation.”

NEA NKURƆFO KA

Wɔ afie pii mu no, mmosã yɛ ade titiriw a ɛka wɔn aduan ho. Wɔ afie afoforo nso mu no, wokyi mmosã koraa. Dɛn nti na ɛsono adwene a obiara kura wɔ mmosã ho? Nneɛma te sɛ amammerɛ, akwahosan ho nsɛm, ne ɔsom nya nkurɔfo so nkɛntɛnso.

NEA BIBLE KA

Bible no kasa tia nsanom bebrebe ne asabow, nanso ɛnkasa ntia nsã kakra a obi bɛnom. (1 Korintofo 6:9, 10) Nokwarem no, efi bere tenten ni a mmarima ne mmea a wɔsom Onyankopɔn anom nsã. Wɔde nsã adi dwuma bɛboro mpɛn ahanu wɔ Bible mu. (Genesis 27:25) Ɔsɛnkafo 9:7 ka sɛ, “Fa anigye kodi w’aduan, na fa koma pa nom wo nsã.” Esiane sɛ nsã ma obi ani gye nti, wɔtaa de ba apontow te sɛ ayeforohyia ase. Apontow bi saa ase na Yesu yɛɛ n’anwonwade a edi kan—ɔmaa nsu dan “nsã pa” no. (Yohane 2:1-11) Wɔde nsã nso dii dwuma sɛ aduru.Luka 10:34; 1 Timoteo 5:23.

 So Bible no kyerɛ nsã dodow a ɛsɛ sɛ obi nom?

‘Mma nsã mmfa wo nnyɛ akoa.’Tito 2:3.

DƐN NTI NA ƐSƐ SƐ ƐHO HIA WO?

Afe biara, mmusua pii hu amane esiane sɛ agya ne ɛna nyinaa anaa wɔn mu biako we nsã nti. Asanom bebrebe de ahwease ne asiane ahorow te sɛ kar akwanhyia ba. Awiei koraa no, asadweamyɛ betumi ama obi anya adwenemhaw, koma yare, berɛbo mu yare ne yafunu yare.

NEA BIBLE NO KA

Ɛyɛ Onyankopɔn ahwehwɛde titiriw sɛ yɛrennom na yennidi ntra so. (Mmebusɛm 23:20; 1 Timoteo 3:2, 3, 8) Sɛ yɛannya ahosodi wɔ eyinom mu a, yɛbɛhwere n’anim dom. Bible no ka sɛ: “Nsã yɛ ɔfɛwdifo, mmosã yɛ otutupɛfo; obiara a ɛde no yɛ akoa no nnim nyansa.”Mmebusɛm 20:1.

Ɔkwan biako a mmosã betumi de obi ayɛ akoa ne sɛ ɛbɛsɛe n’abrabɔ. Hosea 4:11 ka sɛ: “Nsã dɔkɔdɔkɔ sɛe adwempa.” Ɔbarima bi a wɔfrɛ no John faa saa tebea bɔne yi mu. * Bere a ɔne ne yere nyaa akasakasa akyi no, ɔkɔɔ asanombea kɔbow nsã, na ɔsɛe aware—akyiri yi onuu ne ho wɔ nea ɔyɛe yi ho na osuaee sɛ ɔrenyɛ saa bio. Asanom bebrebe betumi asɛe yɛn nipadua, yɛn abrabɔ, na asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Bible ka sɛ asabofo rennya daa nkwa.1 Korintofo 6:9, 10.

Bere bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛnom nsã?

“Anyansafo behu sɛ esiane reba na wɔatwe wɔn ho, nanso onipa a onni adwene bɛfa mu na wannu ne ho akyiri yi.”Mmebusɛm 22:3, “Good News Translation.”

DƐN NTI NA ƐSƐ SƐ ƐHO HIA WO?

Nhoma bi ka sɛ: “Nsã yɛ aduru a ano yɛ den.” (World Book Encyclopedia) Enti tebea ahorow bi wɔ hɔ a, ɛremfata sɛ obi bɛnom nsã ketewaa bi mpo.

NEA BIBLE NO KA

Mpɛn pii no, nkurɔfo de wɔn ho ‘to asiane mu’ esiane sɛ wɔnom nsa wɔ bere a ɛmfata mu nti. Bible ka sɛ, “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ,” na saa ara nso na bere a ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã nso wɔ hɔ. (Ɔsɛnkafo 3:1) Sɛ nhwɛso no, ebia mmara remma kwan sɛ obi a onyinii bɛnom nsã. Anaa ebia na onii no yɛ ɔsadweam a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wagyae asanom. Anaa ebia ɔyɛ obi a ɔda aduru bi so a ɛrenyɛ papa sɛ ɔnom nsã. Na nnipa pii fam no, “bere” a ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã ne bere a wɔrekɔ adwuma anaa ne titiriw no, bere a wɔde afiri bi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye wɔ ho reyɛ adwuma. Nokwarem no, nnipa a wɔn ani da hɔ bu nkwa ne akwahosan pa sɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Onyankopɔn hɔ. (Dwom 36:9) Sɛ yɛma Bible nnyinasosɛm kyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde nsã di dwuma a, na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ obu ma saa akyɛde no.

^ nky. 11 Wɔasesa din no.