Hosea 4:1-19
4 O Israelfo, muntie Yehowa asɛm,Na Yehowa ne asaase no sofo anya asɛm,+Efisɛ nokware ne ɔdɔ a enni huammɔ ne Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asaase no so.+
2 Ntam hunu ne atorodi+ ne awudi+Ne korɔnbɔ ne awaresɛe+ adɔɔso,Mogyahwiegu di mogyahwiegu akyi.+
3 Ɛno nti, asaase no bedi awerɛhow,+Na wɔn a wɔtete so nyinaa bɛsɛe;Wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa bewuwu,Na ɛpo mu mpataa mpo bewuwu.
4 “Nanso, mma obi ne obi nnni asi, na mma obi nnka obi anim,+Efisɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfo di asi.+
5 Enti wubehintiw awia ketee,Na odiyifo ne wo nyinaa behintiw te sɛ nea obi hintiw anadwo.
Na mɛma wo maame aka n’ano atom.*
6 Me man bɛka wɔn ano atom,* efisɛ nimdeɛ abɔ wɔn.
Esiane sɛ woapo nimdeɛ nti,+Me nso meremma wonyɛ me sɔfo bio;Na esiane sɛ wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara* nti,+Me nso, me werɛ befi wo mma.
7 Bere a wɔredɔɔso no, na bɔne a wɔyɛ tia me nso redɔɔso.+
Mɛma wɔn anuonyam adan animguase.*
8 Wodidi bɔne a me man yɛ ho,Na wɔn yam a, anka me man yɛ bɔne daa.*
9 Nea ɛbɛto ɔman no, ɛno ara na ɛbɛto ɔsɔfo;Mɛma wɔabu wɔn abrabɔ* ho akontaa,Na mɛma wɔatwa wɔn nneyɛe so aba.+
10 Wobedidi nanso wɔremmee.+
Wɔbɛbobɔ aguaman, nanso wɔn ase rentrɛw,+Efisɛ wɔmfa Yehowa nyɛ hwee.
11 Aguamammɔ* ne nsã* ne bobesa foforoYi nea ɛma obi yɛ adepa fi hɔ.*+
12 Me man kɔ abisa wɔ wɔn abosom a wɔde dua ayɛ nkyɛn,Nea wɔn poma* ka kyerɛ wɔn no, ɛno na wɔyɛ;Efisɛ aguaman* honhom ama wɔayera,Na wɔn aguamammɔ* nti, wɔmpɛ sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama wɔn Nyankopɔn.
13 Wɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw atifi,+Na wɔhyew afɔrebɔde ma epuw wusiw wɔnkoko so,
Wɔyɛ saa wɔ odum ne duafufu* ne odupɔn* biara ase,+Efisɛ ne nyinaa nwini ye.
Ɛno nti na mo mma mmea bɔ aguaman*Na mo nsenom sɛe aware no.
14 Meremmu mo mma mmea atɛn wɔ wɔn aguamammɔ* ho,Na meremmu mo nsenom atɛn wɔ wɔn awaresɛe ho,
Efisɛ mmarima no ne tuutuufo kɔhyɛ baabi,Na wɔne asɔrefi tuutuufo na ɛbɔ afɔre;Ɔman a wɔte saa a wonni ntease no,+ wɔbɛsɛe wɔn.
15 O Israel, sɛ worebɔ w’aguaman* a,+Hwɛ na woamma Yuda anni fɔ.+
Monnkɔ Gilgal+ anaa Bet-Awen,+Na monnka ntam sɛ, ‘Sɛ Yehowa te ase yi!’+
16 Efisɛ Israel aso ayɛ den te sɛ nantwi a wasorow.+
Afei na Yehowa rebɛyɛn wɔn te sɛ odwennini kumaa wɔ sare* so anaa?
17 Efraim ne abosom na ɛbɔ.+
Enti munnyaa no!
18 Sɛ wɔn nsã* sa a,Na ato wɔn ne aguamammɔ.
N’ahemfo* pɛ animguase paa.+
19 Mframa de ne ntaban bɛbɔ no akɔ,Na wɔn ani bewu wɔn afɔre ho.”
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “mɛsɛe wo maame.”
^ Anaa “Wɔbɛsɛe me man.”
^ Anaa “akwankyerɛ.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔde me ara m’anuonyam asesa animguase.”
^ Anaa “wɔn bɔne yɛ wɔn kra akɔnnɔ.” Kyerɛ sɛ, wodidi bɔne ho afɔre a ɔman no bɔ no ho. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Ɔkra/Kra.”
^ Anaa “wɔn akwan.”
^ Nt., “Eyi koma fi hɔ.”
^ Anaa “bobesa.”
^ Anaa “Ɔbrabɔne.”
^ Anaa “Nea wɔn a nkurɔfo kɔ wɔn nkyɛn abisa poma.”
^ Anaa “Ɔbrabɔne.”
^ Anaa “brabɔne.”
^ Ɛyɛ dua bi a ɛpae nhwiren fitaa.
^ Anaa “dua kɛse.”
^ Anaa “bu brabɔne.”
^ Anaa “wɔn brabɔne.”
^ Anaa “worebu wo brabɔne.”
^ Anaa “beae a ɛtrɛw.”
^ Anaa “nsã a wɔde hwiit ayɛ.”
^ Nt., “N’akyɛm.”

