Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛbɛba Daakye Ho Nokwasɛm

Nea Ɛbɛba Daakye Ho Nokwasɛm

Nea ebesi wɔ wiase daakye no, woadwen ho pɛn? Bible ma yehu sɛ nneɛma akɛse bi besisi nnansa yi ara, na ɛbɛka nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.

Yesu kyerɛɛ nea ɛbɛma ‘yɛahu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.’ (Luka 21:31) Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ nneɛma bi besisi. Ebi ne akodi akɛse, asasewosow akɛse, aduankɔm, ne ɔyaredɔm. Saa nneɛma yi ara na yɛahu sɛ ɛresisi nnɛ.​—Luka 21:10-17.

Bible san ka sɛ, nea ɛbɛma yɛahu sɛ aka kakraa bi ama nnipa aban afi hɔ ne sɛ, nnipa pii bra bɛsɛe koraa. Saa bere no ne “nna a edi akyiri” no, na wubetumi akenkan sɛnea nnipa bra bɛsɛe no ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:1-5. Sɛ wohwɛ suban ne nneyɛe a nkurɔfo reda no adi nnɛ a, akyinnye biara nni ho sɛ, wubegye atom sɛ saa Bible nkɔmhyɛ yi ne nea ɛrekɔ so nnɛ no hyia paa.

Dɛn na wei ma yehu? Ɛma yehu sɛ, ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ nneɛma akɛse a ɛbɛma asetena akɔ yiye wɔ asase so. (Luka 21:36) Bible mu no, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, ɔbɛyɛ nneɛma pa wɔ asase so, na ɔbɛma nneɛma akɔ yiye ama nnipa a wɔbɛtena so no. Nneɛma a ɔbɛma yɛanya no, emu kakraa bi ni.

ABAN PAPA

“Ɔno [Yesu] na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no sɛ aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa nsom no. Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea wɔrensɛe no da.”​DANIEL 7:14.

Nea wei kyerɛ: Onyankopɔn ahyehyɛ aban bi a ɛyɛ papa sen aban biara, na wayi ne Ba no sɛ onni so Hene. Aban no bedi wiase nyinaa so, na wubetumi anya asetena a anigye wom bere a saa aban no redi tumi no.

APƆWMUDEN

“Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”​YESAIA 33:24.

Nea wei kyerɛ: Worenyare da, na worenni dɛm nso; wubetumi atena ase daa.

ASOMDWOE A EDI MŨ

“Ɔma akodi gyae kosi asase ano.”​DWOM 46:9.

Nea wei kyerɛ: Yɛrensuro sɛ ɔko bi besi, na amanehunu a ɔko kɔfa ba no nso, yɛrenhu bio.

NNIPA PA NKO ARA NA WƆBƐTENA ASASE SO

“Ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio . . . Ahobrɛasefo benya asase no adi.”​DWOM 37:10, 11.

Nea wei kyerɛ: Abɔnefo nyinaa befi hɔ; nnipa a wɔpɛ paa sɛ wobetie Onyankopɔn asɛm nko ara na wɔbɛtena asase so.

ASASE NYINAA BƐDAN PARADISE

“Wobesisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.”​YESAIA 65:21, 22.

Nea wei kyerɛ: Asase nyinaa bɛyɛ fɛfɛɛfɛ. Mpae a yɛbɔ sɛ Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ wɔ “asase so” no, ɔbɛma abam.​—Mateo 6:10.